Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛayɛ Biako Resisi Adan De Reyi Onyankopɔn Ayɛ

Yɛayɛ Biako Resisi Adan De Reyi Onyankopɔn Ayɛ

Yɛayɛ Biako Resisi Adan De Reyi Onyankopɔn Ayɛ

NKURƆFO a wɔte Solomon Islands nsupɔw no biako so hui sɛ Yehowa Adansefo resi Ahenni Asa foforo. Ɔbea bi kae sɛ: “Wɔ yɛn asɔre mu no, yɛwɔ akwan pii a yɛfa so gyigye sika ma asɔre no. Wɔma yɛn a yɛyɛ asɔremma no nso tua sika. Nanso, ne nyinaa akyi no yenni sika a yɛde besi asɔredan foforo. Mo Adansefo, moyɛ dɛn nya sika?” Ɔdansefo a ɔbea no ne no kasae no buae sɛ: “Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa som Yehowa sɛ abusua biako. Enti yɛn asafo no ne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa na woyii ntoboa ma yɛde sii Ahenni Asa foforo no. Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ biako wɔ ade nyinaa mu.”

Ɛno nti, Yehowa Adansefo de biakoyɛ na ɛyɛ wɔn nnwuma nyinaa a Ahenni Asa mpempem pii a wɔasisi no nso ka ho. Biakoyɛ a wɔde yɛ saa nnwuma yi no nyɛ ade foforo. Onyankopɔn nkurɔfo akɔ so ayɛ saa mfe mpempem pii. Yɛyɛ dɛn hu eyi?

Ntamadan ne Asɔrefie no Si

Bɛboro mfe 3,500 a atwam ni no, Yehowa maa Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Ma wɔnyɛ trabea kronkron mma me.” (Exodus 25:8) Yehowa de sɛnea na wobesi ntamadan no ho akwankyerɛ mae sɛ: “Sɛnea me ara merebɛkyerɛ wo trabea no tebea ne ɛho nneɛma nyinaa tebea no nyinaa no, saa ara na monyɛ no.” (Exodus 25:9) Afei, Yehowa kyerɛɛ sɛnea wonsi trabea no ne nneɛma pɔtee a wɔmfa nsiesie mu. (Exodus 25:10–27:19) Ná “ntamadan” yi bɛyɛ beae titiriw a Israelfo nyinaa behyiam de ɔsom kronn ama Onyankopɔn.

Yennim nnipa dodow a wɔyɛɛ adwuma no de, nanso wɔmaa Israelfo no nyinaa boae. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munyi somã afɔrebɔde wɔ mo mu mmrɛ [Yehowa, NW]; obiara a ne koma ka no.” (Exodus 35:4-9) Dɛn na Israelfo no yɛe? Exodus 36:3 ka sɛ: “Wogyee somã afɔrebɔde a Israelfo de bae sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamyi ayɛyɛde brɛɛ no daa anɔpa.”

Ankyɛ na nkurɔfo no de nneɛma pii bae, na wɔde bae ara ma ebuu so. Awiei koraa no, adwumfo a wɔreyɛ adwuma no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ɔman no ama nea wɔde ba no adɔɔso sen nea ɛbɛso adwuma a [Yehowa, NW] hyɛe sɛ wɔnyɛ no.” Enti Mose kae sɛ: “Ɔbarima oo, ɔbea oo, obiara mmfa biribi mmmɛyɛ kronkronbea no ho somã afɔrebɔde bio.” Dɛn na ɛbae? ‘Nea wonyae no dɔɔso sɛ wɔde bɛyɛ adwuma no ma ebi aka.’—Exodus 36:4-7.

Ayamye a Israelfo no daa no adi nti, wowiee ntamadan no si wɔ afe biako mu. (Exodus 19:1; 40:1, 2) Onyankopɔn nkurɔfo no nam nokware som a wɔboae so hyɛɛ Yehowa anuonyam. (Mmebusɛm 3:9) Akyiri yi, na wobesi ɔdan a ɛso sen saa koraa. Ɛno nso, na wɔn a wɔn koma ka wɔn nyinaa, wɔn a wonim ɔdan si ne wɔn a wonnim si nyinaa betumi aboa.

Israelfo no sii ntamadan no wiei bɛyɛ mfe ahanum akyi no, wofii ase sii asɔrefie no wɔ Yerusalem. (1 Ahene 6:1) Ná wɔde abo ne nnua na ebesi asɔrefie kɛse no. (1 Ahene 5:17, 18) Yehowa de sɛnea na wobesi asɔrefie no ho akwankyerɛ maa Dawid wɔ “honhom mu.” (1 Beresosɛm 28:11-19) Nanso, Yehowa paw Dawid ba Salomo sɛ ɔnhwɛ ɔdansi adwuma no so. (1 Beresosɛm 22:6-10) Dawid fi ne koma nyinaa mu boaa adwuma no. Ɔboaboaa abo, nnua ne adansi ho nneɛma afoforo ano, na ɔde ɔno ankasa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ pii boae. Ɔhyɛɛ ne mfɛfo Israelfo nso nkuran sɛ wonyi wɔn yam mmoa adwuma no, na obisaa wɔn sɛ: “Ɛhena na oyi ne yam de n’ayɛyɛde ma [Yehowa, NW] nnɛ?” Dɛn na nkurɔfo no yɛe?—1 Beresosɛm 29:1-5.

Bere a Salomo fii asɔrefie no si ase no, na waboaboa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ tɔn mpempem pii ano. Ná kɔbere ne dade a waboaboa ano no dɔɔso ara ma na wontumi nkari. (1 Beresosɛm 22:14-16) Esiane sɛ na Yehowa gyina ɔdansi no akyi na Israelfo no nyinaa boae nti, wowiee adwuma no wɔ mfe ason ne fã pɛ mu.—1 Ahene 6:1, 37, 38.

‘Nokware Nyankopɔn Fie’

Ná wɔfrɛ ntamadan no ne asɔrefie no nyinaa “Onyankopɔn fi.” (Atemmufo 18:31; 2 Beresosɛm 24:7) Yehowa nhiaa ɔdan a ɔbɛtra mu da. (Yesaia 66:1) Enti, Yehowa ma wosisii adan a ɛte saa sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa benya so mfaso. Nokwarem no, bere a Salomo rehyira asɔrefie no so no, obisae sɛ: “So ampa sɛ Onyankopɔn bɛtra asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi!”—1 Ahene 8:27.

Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi ama aman nyinaa.” (Yesaia 56:7) Afɔre ne mpae a wɔbɔɔ wɔ asɔrefie hɔ, ne afahyɛ ahorow a wodii wɔ hɔ no maa nnipa a wosuro Onyankopɔn, Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa bɛnee nokware Nyankopɔn no. Esiane sɛ wɔsom Yehowa wɔ ne fie hɔ nti wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn nnamfo, na ɔbɔɔ wɔn ho ban. Salomo mpae a ɔbɔe bere a wɔrehyira asɔrefie no so no si nokwasɛm yi so dua. Wubetumi akenkan nsɛm a ɛka koma a ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn no wɔ 1 Ahene 8:22-53 ne 2 Beresosɛm 6:12-42.

Wɔasɛe nokware Nyankopɔn fie a wosii no tete no dedaadaw, nanso Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ, bere bi bɛba a nnipa a wofi aman nyinaa mu bebom asom Yehowa wɔ honhom fam asɔrefie kɛse bi a ɛso sen kan de no koraa mu. (Yesaia 2:2) Afɔre biako a ɛyɛ pɛ a Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no bɔe a wɔde mmoa a na wɔde bɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ gyinaa hɔ mmae no na ɛbɛyɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akɔ Yehowa anim. (Yohane 14:6; Hebrifo 7:27; 9:12) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo resom Onyankopɔn wɔ saa kwan a ɛkorɔn no so, na wɔreboa nnipa pii ma wɔn nso ayɛ saa.

Adan a Wosisi no Nnɛ

Yehowa Adansefo som nokware Nyankopɔn no wɔ wiase nyinaa. Wɔyɛ “ɔman a ɛyɛ den” a wɔn dodow kɔ ara na ɛrekɔ anim. (Yesaia 60:22) Ahenni Asa so ne beae titiriw a Yehowa Adansefo hyiam som. * Wɔasisi saa adan yi mpempem pii awie, na wɔda so ara hia mpempem pii.

Yehowa Adansefo ‘yi wɔn yam’ sisi Ahenni Asa a wohia. (Dwom 110:3) Nanso, mpɛn pii no, Adansefo a wɔwɔ baabi a wohia Ahenni Asa no nyɛ nkurɔfo a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ, na wɔ aman bi a nnipa pii reba ɔsom no mu no, wodi hia buruburoo wɔ hɔ. Wɔ afe 1999 mu no, Yehowa Adansefo Sodikuw no yɛɛ Ahenni Asa si ho nhyehyɛe a wɔde bedi saa ɔhaw ahorow no ho dwuma. Wɔnam saa nhyehyɛe yi so ma Adansefo a wonim sɛnea wosi adan tutu akwan kɔ akyirikyiri aman so kɔtete wɔn nuanom mmarima ne mmea ma wosisi Ahenni Asa. Afei, wɔn a wɔanya ntetee no kɔ so sisi adan no wɔ ɔman no mu. Dɛn na afi saa nhyehyɛe titiriw yi mu aba?

Eduu February 2006 no, na wɔasisi Ahenni Asa foforo bɛboro 13,000 ama Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman a wodi hia wɔ hɔ no mu. Kenkan wɔn a wɔasisi Ahenni Asa foforo ama wɔn no nsɛm a wɔakeka no bi.

“Ansa na wɔresi Ahenni Asa foforo no, na nnipa a wɔba asafo nhyiam no dodow si 160. Bere a wosii Ahenni Asa foforo no wiei no, wɔ asafo nhyiam a edi kan a wɔyɛe no, nnipa no dodow kɔɔ anim koduu 200. Wɔ asram asia akyi no, seesei wonya atiefo 230. Yɛahu sɛ, Yehowa ahyira saa adan a ɛnyɛ konkurann nanso mfaso wɔ so yi so.”—Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Ecuador.

“Mfe bi a atwam no, na nkurɔfo taa bisa yɛn sɛ, ‘Da bɛn koraa na mubenya Ahenni Asa te sɛ nea yehu wɔ mo nhoma ahorow mu no bi?’ Yehowa adom nti, seesei yɛwɔ beae kama a yɛsom wɔ hɔ. Ná yehyiam wɔ onua bi sotɔɔ mu a na yɛn dodow si 30. Nanso, wosii Ahenni Asa foforo no wiei no, asafo nhyiam a edi kan a yɛyɛe no yenyaa nnipa 110.”—Asafo bi a ɛwɔ Uganda.

“Anuanom mmea akwampaefo baanu bi ka sɛ, efi bere a wosii Ahenni Asa no, asɛnkakɔ ayɛ dɛ paa wɔ ha. Sɛ yɛyɛ afie ne afie asɛnka ne bɔnnɔ so adansedi a, nkurɔfo tie yɛn yiye. Seesei, saa anuanom mmea yi yɛ Bible adesua 17, na wɔn Bible asuafo no mu pii ba asafo nhyiam ahorow.”—Solomon Islands baa dwumadibea.

“Ɔsɔfo bi a ɔte bɛn Ahenni Asa foforo no ka sɛ, Ahenni Asa no ama yɛn mpɔtam ha ayɛ fɛ paa, na wɔn a wɔte ha no de hoahoa wɔn ho. Nnipa pii a wotwam wɔ asa no ho ka ɔdan no fɛ ho asɛm, na eyi ma anuanom nya hokwan di adanse ma ɛyɛ anigye. Nnipa pii na wɔpɛ sɛ yɛka yɛn nuayɛ kuw a ɛwɔ wiase nyinaa no ho asɛm kyerɛ wɔn. Ahyɛ nnipa pii a na wɔagyae asafo nhyiam kɔ mfe pii no nkuran ama wɔasan reba asafo nhyiam daa.”—Myanmar baa dwumadibea.

“Onuawa bi frɛɛ owura bi ma ɔbaa baabi a na wɔresi Ahenni Asa wɔ mpɔtam hɔ no. Akyiri yi, owura no kae sɛ: ‘Ná misusuw sɛ adwumayɛfo no mma me mma hɔ. Nanso, Adansefo no kyiaa me fɛw so ma ɛyɛɛ me nwonwa. Ná mmarima ne mmea no reyɛ adwuma a adagyew nnim koraa. Ná wɔde anigye ne biakoyɛ na ɛreyɛ adwuma no.’ Owura no maa kwan ma wɔne no yɛɛ Bible adesua, na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow. Akyiri yi ɔkae sɛ, ‘Seesei a mahu Onyankopɔn no, meremfi ne nkyɛn da.’”—Colombia baa dwumadibea.

Ɛho Hia sɛ Yɛboa

Ahenni Asa a yesisi no yɛ ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa no fã titiriw. Sɛnea Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa de wɔn sika ne nneɛma foforo aboa adwuma no fata nkamfo ankasa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nneɛma afoforo a yɛyɛ wɔ ɔsom kronn mu no nso ho hia. Ɛtɔ mmere bi a, atoyerɛnkyɛm to Kristofo ma ɛho behia sɛ yɛboa wɔn. Bible ho nhoma a yetintim no nso boa kɛse ma yɛtrɛw ɔsom kronn mu. Yɛn mu dodow no ara ahu dwuma kɛse a Bible ho nhoma anaa nsɛmma nhoma a yɛde ma nkurɔfo a wɔfata no di. Afei nso, ɛho hia paa sɛ yɛboa asɛmpatrɛwfo ne wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no. Kristofo a wotu wɔn ho ma saa no di dwuma titiriw bi de boa ma wɔtrɛw asɛnka adwuma no mu wɔ nna a edi akyiri yi mu.

Wɔn a wɔboa ma wosii asɔrefie no ani gyei kɛse. (1 Beresosɛm 29:9) Ɛnnɛ, sɛ yeyi ntoboa de boa nokware som a, ɛma yɛn nso yɛn ani gye. (Asomafo Nnwuma 20:35) Sɛ yɛde yɛn ntoboa to adaka a wɔakyerɛw ho Ahenni Asa Foto mu, na yeyi ntoboa de boa wiase nyinaa adwuma no a, na yɛreboa Ahenni asɛmpaka adwuma no, na ɛno ma yenya anigye a ɛte saa. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ayɛ biako wɔ nokware som mu ama ayɛ anigye. Momma yɛn nyinaa mmoa nokware som, na ama yɛanya anigye a ɛte saa no bi!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛyɛe a wonyaa edin “Kingdom Hall” (Ahenni Asa) a, hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 319.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 20]

AKWAN A EBINOM FA SO YI NTOBOA

NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii yi sika to hɔ, anaa wɔyɛ nhyehyɛe de kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Ntoboa Ma Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn aman dwumadi so no. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi nso amena Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, Attention Treasurer’s Office, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa wode akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man dwumadi so no. Ɛsɛ sɛ wokyerɛw “Watch Tower” wɔ krataa a wɔde yi sika no so de kɔma address a ɛwɔ atifi hɔ no. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa bi a ɛkyerɛ sɛ saa ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so ma wɔde ayɛ adwuma wɔ wiase nyinaa. Nanso, sɛ ɛba sɛ onipa a ɔde mae no bisa a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne “Treasurer’s Office” no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm no so.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni som adwuma no. Ebi ne:

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma Ɔwɛn Aban Asafo no anya kyɛfa wɔ ne nsiakyibaa sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no mu.

Sika a Wɔde Sie Wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ato hɔ ama Ɔwɛn Aban Asafo no anaa sɛ owu a wɔatua ama Ɔwɛn Aban Asafo no, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma a ɔyɛ mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama sɛ akyɛde koraa anaa ɛdefa adan a wɔte mu ho no, wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte ase no. Ɛsɛ sɛ wo ne wo man mu baa dwumadibea di nkitaho ansa na wode adan anaa nsase bi ama.

Akyɛde a Wɔde Ma na Wodidi Ho: Akyɛde a wɔde ma na wodidi ho yɛ nhyehyɛe a obi yɛ de sika bi ma adwumakuw bi a Yehowa Adansefo de di dwuma. Nea ɔde ma no anaa obi a nea ɔde ma no bɛpaw no no didi ho denam sika pɔtee bi a wotua ma no afe biara kosi sɛ obewu no so. Wɔtew tow a nea ɔde akyɛde a wodidi ho ma no tua no so wɔ afe a wɔyɛ ho nhyehyɛe no mu.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Ɔwɛn Aban Asafo no. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi no so.

Sɛnea asɛm, “adɔe ho nhyehyɛe” kyerɛ no, saa ntoboa yi hwehwɛ ankasa sɛ nea ɔde ma no bɛyɛ nhyehyɛe wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe ho nhyehyɛe bi so no, wɔasiesie Engiresi ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no na wɔnam so de nkyerɛkyerɛmu a ɛfa akwan a wobetumi afa so de akyɛde ahorow ama mprempren anaasɛ bere a onipa no awu no ho ama. Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn ankasa mmaranimfo anaa towtua ho afotufo adi nkitaho no, wɔatumi aboa Yehowa Adansefo som adwuma ne adɔe a wɔyɛ nkurɔfo no wɔ wiase afanan nyinaa, na saa a wɔayɛ no ama wɔatew tow a wotua no so koraa. Wubetumi abisa Charitable Planning Office no tẽẽ ma wɔabrɛ wo nhomawa yi bi.

Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, wubetumi afa krataa-kyerɛw anaa telefon so de ase hɔ address no ne Charitable Planning Office no adi nkitaho. Saa ara na wubetumi ne Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no nso adi nkitaho.

Charitable Planning Office

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive

Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Mmoa a yɛn nyinaa de ma no ma wotumi sisi Ahenni Asa a ɛyɛ fɛ wɔ wiase nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ahenni Asa foforo wɔ Ghana