Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Hyiraa Ɔpɛ A Minyae Sɛ Mɛyɛ Ɔsɛmpatrɛwfo No So Kɛse

Yehowa Hyiraa Ɔpɛ A Minyae Sɛ Mɛyɛ Ɔsɛmpatrɛwfo No So Kɛse

Asetram Nsɛm

Yehowa Hyiraa Ɔpɛ A Minyae Sɛ Mɛyɛ Ɔsɛmpatrɛwfo No So Kɛse

Sɛnea Sheila Winfield Da Conceição Ka Kyerɛe

Bere bi, ɔsɛmpatrɛwfo bi a na ɔsom wɔ Afrika bɛsraa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, baabi a ɔwɔ no sɛ ɔkɔ asɛnka a, obiara a ɔbɛkɔ ne nkyɛn no gye no, na ɔyɛ aso tie Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Sɛ minyae a anka mereyɛ adwuma wɔ asasesin a ɛte saa mu!’ Saa bere no na madi mfe 13, na saa nkɔmmɔ a yɛbɔe no ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo.

NANSO, na yɛn abusua no afi ase resua Yehowa ho ade dedaadaw. Da koro anɔpa, wɔ afe 1939 mu no, mmerante baanu bi a na wɔasiesie wɔn ho kama bɛbɔɔ yɛn pon mu wɔ Hemel Hempstead a ɛbɛn Greater London wɔ England no. Ná wɔyɛ Yehowa Adansefo. Bere a Adansefo no baa yɛn fie no, na madi afe biako nti manhu nea ɛkɔɔ so no. Ná Maame pɛ sɛ ɔka biribi ma Adansefo no kɔ, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ebia Paapa na n’ani begye wɔn asɛm no ho, nanso gye sɛ efi anadwo 9:00 rekɔ na ɔbɛba fie. Ɛyɛɛ Maame nwonwa paa sɛ Adansefo no san bae saa da no anwummere! Bere a me papa Henry Winfield behui sɛ Adansefo no mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm ne ɔmampɛ mu no ɔmaa wɔn agua, na ɔne wɔn yɛɛ Bible adesua. Onyaa nkɔso ntɛmntɛm bɔɔ asu. Mfe bi akyi no, me maame Kathleen nso fii ase suaa Bible no. Na ɔbɔɔ asu wɔ afe 1946 mu.

Mifii ase kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no bi wɔ afe 1948 mu. Mihui sɛ ɛsɛ sɛ minya wɔɔkye na ama matumi abu m’asɛnka ho akontaa pɛpɛɛpɛ. Sɛ yɛn a yɛyɛ mmofra no anyɛ asoɔden wɔ dapɛn no mu a, na wɔma yɛn taku Memeneda biara. Meboaboaa taku a na wɔde ma me no ano bɛyɛ mfe abien ansa na meretumi atɔ wɔɔkye a ne bo yɛ fo koraa saa bere no. Nanso, bere nyinaa na Ray a ɔyɛ me nuabarimanom baanu no mu akumaa no ka kyerɛ Paapa sɛ ɔmma no sempoa abien, na ɔmpɛ taku a ɛbɔ mu. Da bi, ɔhyɛɛ Paapa araa sɛ ɔmma no sempoa abien maa Paapa bo fuwii. Ray fii ase sui, na ɔkae sɛ ohia sempoa abien no, efisɛ ɔne Yehowa ayɛ apam bi. Awiei koraa no, Ray kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me de sempoa no biako bɛto ntoboa adaka mu, na mafa biako.” Maame ani gyei araa ma osui, na ntɛm ara na Paapa kɔsesaa sika no. Na efi saa da no, mihuu hia a ehia sɛ miyi ntoboa de boa Ahenni adwuma no.

Saa bere yi mu na Paapa yɛɛ nhyehyɛe ma yetu kɔtraa baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo kɛse no. Paapa tɔn n’afuw ne asase a na otu so anhwea ne abo tɔn no wɔ afe 1949 mu fii ase yɛɛ akwampae adwuma, na ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo. Mebɔɔ asu wɔ September 24, 1950, de kyerɛe sɛ mahyira me ho so ama Yehowa. Efi saa bere no, sɛ na yɛma kwan a, na meyɛ akwamma akwampae adwuma (seesei wɔfrɛ no akwampaefo boafo) de nnɔnhwerew 100 kɔ asɛnka ɔsram no mu. Nanso, na eyi yɛ mfiase ara kwa. Ankyɛ koraa na minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ pii de boa ma nokware som nya nkɔso.

Nea Ɛma Minyaa Ɔpɛ sɛ Mɛyɛ Ɔsɛmpatrɛwfo

Woyii Paapa kɔɔ Bideford, North Devon wɔ afe 1951 mu. Yɛkɔɔ hɔ no, ankyɛ koraa na onuawa ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔresom wɔ Afrika a madi kan aka ne ho asɛm no bɛsraa yɛn asafo no. Ɛno akyi no, sɛ meresi gyinae biara a, na midi kan susuw ɔsɛmpatrɛwfo a mepɛ sɛ meyɛ no ho. Memaa akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ me sukuu mu nyinaa huu botae a na mede asi m’ani so no, na wɔbɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma masesa m’adwene akɔyɛ honam fam adwuma. Nanso, ɛda a edi akyiri koraa a merefi sukuu hɔ no, mekɔɔ akyerɛkyerɛfo no nkyɛn sɛ merekɔda wɔn ase na me ne wɔn adi nkra, na wɔn mu biako kae sɛ: “Ayekoo! Sukuu ha nyinaa no wo nkutoo na wunim nea wopɛ sɛ woyɛ wɔ w’asetra mu. Yɛbɔ mpae sɛ wubetumi ayɛ nea wode asi w’ani so no.”

Ankyɛ koraa na minyaa adwuma bi a mede nnɔnhwerew kakraa bi bɛyɛ. Na mebɛyɛɛ daa kwampaefo wɔ December 1, 1955. Ɛno akyi no, Maame ne me nuabarimanom nso bɛyɛɛ akwampaefo. Enti, abusua no mufo nyinaa bɛyɛɛ bere nyinaa asomfo mfe pii.

Mekɔɔ Ireland

Wɔ afe akyi no, wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔsom wɔ Ireland. Ná eyi bɛboa me ma madu me botae a ɛne sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no ho. Wɔ February 1957 mu no, me ne akwampaefo mmabaa baanu, June Napier ne Beryl Barker, koduu Cork a ɛwɔ Ireland anafo fam no.

Ná asɛnka adwuma no yɛ den wɔ Ireland. Ná Roma Katolek Asɔre no sɔre tia yɛn denneennen. Ofie biara a yɛbɛkɔ mu no, na yɛhwɛ sɛ ɔkwan bi da baabi a sɛ ɛba sɛ nkurɔfo bɛtow hyɛ yɛn so a, yɛbɛfa hɔ aguan. Na yɛtaa de yɛn baesekre sie akyirikyiri, nanso mpɛn pii no na obi hu, na odwo tae no anaasɛ otwitwa mu.

Bere bi a na me ne Beryl reka asɛm no wɔ afie akɛse bi mu no, mmofra bi teɛteɛɛm dii yɛn akyi yeyaw yɛn a na wɔretotow abo boro yɛn. Enti, yewuraa obi fie a ɔde ne fã bi ayɛ sotɔɔ a wɔtɔn nufusu wom mu. Nnipa a wɔreyɛ basabasa no bɛbɔɔ kyenku wɔ sotɔɔ no anim. Esiane sɛ na Beryl pɛ nufusu paa enti, ɔtɔɔ nkuruwa abien anaa abiɛsa tɔɔ ne bo ase nom no nkakrankakra a na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛnom awie no na basabasayɛfo no kɔ, nanso wɔankɔ. Yɛhyɛ hɔ no, ɔsɔfo aberante bi baa sotɔɔ hɔ. Ná osusuw sɛ yɛyɛ ahɔho, enti ɔkae sɛ ɔde yɛn bekyinkyin ofie hɔ akyerɛkyerɛ yɛn nneɛma a ɛwɔ hɔ. Nanso, nea edi kan no, ɔde yɛn kɔɔ ɔdan foforo bi a ɛwɔ fie hɔ mu, na bere a yɛte hɔ komm no, ɔbɔɔ mpae a edi akyiri maa akwakoraa bi a na ɔreyɛ awu. Afei yɛne ɔsɔfo no bɔɔ anan fii fie hɔ. Bere a basabasayɛfo no hui sɛ yɛne ɔsɔfo no rebɔ nkɔmmɔ no, wɔn mu biara pɛɛ baabi fae.

Mekɔɔ Gilead

Ná wɔrebɛyɛ Divine Will Amanaman Ntam Nhyiam wɔ New York wɔ afe 1958 mu. Ná Paapa bɛkɔ bi, na me nso mepɛ sɛ mekɔ bi, nanso na minni sika. Mpofirim ara na me nenabea wu gyaa me pɔn 100 (U.S. $280) Ná me kɔ ne me ba nyinaa besi pɔn 96, enti ntɛm ara na mekɔtɔɔ tekit.

Mekɔtɔɔ tekit no akyi bere tiaa bi no, Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Britain no nanmusifo bi bɛsraa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, akwampaefo atitiriw a wɔrekɔ nhyiam no bi nyinaa mmisa ho kwan na wɔnkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no bi. Ɛyɛɛ me nwonwa yiye! Nanso, bere a ɔmaa obiara akwammisa krataa no bi no, mede wamma me bi. Ná minnyinii koraa. Meka kyerɛɛ no sɛ ɔmma me bi, efisɛ na matu kwan afi me kurom, na ɛkame ayɛ sɛ na mereyɛ asɛmpatrɛw adwuma ara ne sa. Bere a ohui sɛnea m’ani abere no, ɔmaa me akwammisa krataa no bi. Mebɔɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔmma menkɔ sukuu no bi! Mmuae no baa ntɛm, na wɔma mekɔɔ Gilead sukuu no bi.

Wɔde me ne akwampaefo afoforo 81 a yefi aman 14 so din hyɛɛ Gilead adesuakuw a ɛto so 33 no mu maa m’ani gyei yiye. Asram anum a yɛde yɛɛ sukuu no twaam ntɛm. Yɛrebewie sukuu no, Onua Nathan H. Knorr maa nnɔnhwerew anan kasa bi a na ɛhyɛ nkuran yiye. Ɔhyɛɛ wɔn a na wobetumi akɔ so adi sigya no nkuran sɛ wɔnyɛ saa. (1 Korintofo 7:37, 38) Nanso, yɛn a na yɛpɛ sɛ yɛware daakye no de, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nneɛma a yɛbɛhwehwɛ wɔ aware mu ɔhokafo a ɔfata ho no ho kyerɛwtohɔ. Na sɛ obi ka sɛ ɔbɛware yɛn a, yɛde saa ahwehwɛde no atoto onii no ho ahwɛ sɛ ɔfata anaa.

Nneɛma a m’ankasa mekyerɛw faa okunu a mɛpɛ sɛ mɛware no ho mu bi na edidi so yi: Ɛsɛ sɛ ɔno nso yɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔdɔ Yehowa na onim Bible mu nokware no kyɛn me, ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔrenwo ba kosi sɛ Harmagedon bɛba na ama yɛatumi akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no, afei ɔka borɔfo yiye, na wanyin sen me. Obi a madi mfe 20 a na merekɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ akyirikyiri asase bi so no, mihui sɛ saa kyerɛwtohɔ hɔ yi boaa me paa.

Mekɔɔ Brazil

Yewiee sukuu no Kwasida, August 2, 1959, na wɔkaa baabi a yɛbɛkɔ akɔyɛ yɛn adwuma no kyerɛɛ yɛn. Wɔde me ne Vehanouch Yazedjian, Sarah Greco, Ray ne Inger Hatfield, Sonia Springate, ne Doreen Hines kɔɔ Brazil. Yɛn ani gyei yiye. Ná mehwɛ kwan sɛ mɛkɔ akohu kwae, awɔ, aman nnua, ne Indiafo. Nanso, yeduu hɔ no, me ho dwiriw me! Amazon kwaebirentuw a na merehwɛ kwan no bɛdanee Rio de Janeiro, kurow kɛse a owia bɔ wɔ mu a saa bere no na ɛyɛ ɔman no ahenkurow.

Ná Portugal kasa a yebesua no ne yɛn asɛyɛde a edi kan. Wɔ ɔsram a edi kan no mu no, yɛde nnɔnhwerew 11 suaa kasa no da biara da. Yɛyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Rio, na yɛtraa Yehowa Adansefo adwumayɛbea hɔ kakra no, wɔde me kɔɔ asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Piracicaba a ɛwɔ São Paulo Mantam mu no, na akyiri yi, wɔsan de me kɔɔ asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Porto Alegre a ɛwɔ Rio Grande do Sul Mantam mu no.

Afei, wɔ afe 1963 mfiase mu no, wɔfrɛɛ me sɛ menkɔyɛ adwuma wɔ Kasa Asekyerɛ Dwumadibea a ɛwɔ Betel no. Floriano Ignez da Conceição a ɔkyerɛɛ yɛn Portugal kasa bere a yɛbae no na na ɔhwɛ dwumadibea hɔ. Osuaa nokware no wɔ afe 1944 mu, bere a na Adansefo a wɔwɔ Brazil nyinaa dodow bɛyɛ 300 pɛ no, na na wakɔ Gilead sukuu adesuakuw a ɛto so 22. Mikoduu hɔ asram bi akyi no, da bi, Onua Conceição ka kyerɛɛ me sɛ minhu no ansa na makodidi awia, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔne me kasa. Mfiase no, meyɛɛ basaa. Mibisaa me ho sɛ, adɛn madi mfomso bi anaa? Bere a ɛdɔn no bɔe sɛ yɛnyɛ ahoboa nkodidi no, mibisaa no asɛm kõ a na ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ me no. Obuaa me sɛ: “Wobɛware me?” Na minhu nea menka. Enti, meka kyerɛɛ no sɛ ɔmma me bere kakra ma memfa nnwen ho. Na mituu mmirika kodidii.

Ná ɛnyɛ Floriano ne onuabarima a odi kan a ɔkae sɛ ɔbɛware me. Nanso, ɛde bedu saa bere no nyinaa no, na obiara nni hɔ a sɛ mede nneɛma a mehwehwɛ wɔ ɔbarima a mɛware no ho no toto no ho a na ɔfata. Migye di sɛ me kyerɛwtohɔ no boaa me ma mansi gyinae biara a ɛbɛma manu me ho. Saa bere yi de, na ɛyɛ soronko. Efisɛ na Floriano du m’ahwehwɛde no nyinaa ho! Enti, yɛwaree May 15, 1965.

Sɛnea Yɛrekõ Yare

Wɔ nsɛnnennen a yɛahyia nyinaa akyi no, me ne Floriano nyinaa anya anigye wɔ yɛn aware mu. Yare a Floriano yaree wɔ yɛn aware akyi bere tiaa bi no yɛ nsɛnnennen a yɛahyia no mu biako. Floriano aharawa a ɛwɔ ne benkum so sɛee mfe bi akyi ansa na yɛrebɛware, na afei na na afi ase rehaw no yiye. Ɛno nti, yefii Betel kɔyɛɛ akwampaefo atitiriw wɔ Teresópolis kurow a egu mmepɔw so wɔ Rio de Janeiro Mantam mu no. Ná yesusuw sɛ ɛhɔ wim tebea no bɛboa ma ne ho atɔ no.

Afei nso, wɔ December 1965 mu no, minyaa nkra sɛ me maame yare kokoram denneennen. Ná yɛtaa kyerɛw yɛn ho de, nanso na mfe ason atwam a na minhuu Maame. Enti, Maame brɛɛ yɛn sika de twaa tekit kɔɔ England kɔsraa no. Wɔyɛɛ Maame oprehyɛn, nanso nnuruyɛfo no antumi anyi kokoram no. Ɛwom sɛ na ɔyare denneennen a waka mpa mu de, nanso na ɔda so ara wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛka asɛm no bi. Na ɔwɔ akyerɛw afiri bi wɔ ne piam a na otumi ka ne nsɛm ma wɔde kyerɛw krataa ma no. Ná odi wɔn a wɔbɛsra no no nso adanse nkakrankakra. Owui wɔ November 27, 1966. Ɔsram a owui no ara mu no, ɔde nnɔnhwerew du na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no! Paapa kɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no kosii sɛ owui wɔ afe 1979 mu.

Maame wui akyi no, me ne Floriano san baa Brazil, na efi saa bere no, yɛasom wɔ Rio de Janeiro Mantam mu. Mfiase no, wɔma yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma wɔ ɔmantam no ahenkurow mu, nanso yɛn anigye no ankyɛ, efisɛ Floriano san bɛyaree denneennen. Enti, yɛsan kɔɔ Teresópolis kɔyɛɛ akwampaefo atitiriw.

Wɔ afe 1974 mu, bere a nnuruyɛfo ama Floriano nnuru a ne nom yɛ yaw mfe pii akyi no, awiei koraa no, woyii n’aharawa a ɛwɔ ne benkum so no kyenee. Saa bere no, wantumi ansom sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa ɔkwampaefo titiriw, nanso na otumi ne afoforo sua Bible wɔ bere a wɔama kwan ma nkurɔfo kɔhwɛ ayarefo no. Wɔn a ɔne wɔn suaa Bible no wɔ Borɔfo kasa mu no biako ne Bob, Amerikani bi a na waba pɛnhyen. Bob gyee nokware no, na akyiri yi ɔbɔɔ asu. Nkakrankakra, Floriano ho tɔɔ no, na efi saa bere no, wasom sɛ daa kwampaefo.

Yehowa Ahyira Me Som Adwuma no So

Mfe pii a atwam mu no, makɔ so asom sɛ ɔkwampaefo titiriw, na Yehowa ahyira me som adwuma no so. Bere a yɛwɔ Teresópolis no, minyaa hokwan boaa nnipa bɛboro 60 ma wohyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa. Wɔn mu biako ne ɔbea bi a wɔfrɛ no Jupira a mesan kyerɛɛ no akenkan no. Bere bi akyi no, me ne Jupira mma a wɔanyinyin no mu baawɔtwe suaa Bible no. Enti, ɛnnɛ Jupira ne n’abusuafo bɛboro 20 resom Yehowa denneennen. Wɔn mu biako yɛ asafo mu panyin, baasa yɛ asafo mu asomfo, na baanu yɛ akwampaefo.

Mibu obiara a mihyia no asɛnka mu no sɛ obetumi asua nokware no. Bere bi, na me ne ababaa bi a wɔfrɛ no Alzemira reyɛ Bible adesua, na ne kunu a wɔfrɛ no Antônio no kae sɛ, sɛ mamfi ofie hɔ ankɔ ntɛm ara a ɔbɛma akraman akɛse abien bi awe me. Ɛno akyi no, na mentaa nhu Alzemira kosii mfe ason akyi ansa na meretumi asrɛ kwan afi ne kunu hɔ ne no asua ade bio. Nanso, Antônio ka kyerɛɛ me sɛ ɔmpɛ sɛ mede Bible mu asɛm beguan ne ho. Nanso, da bi a na osu retɔ no, mefrɛɛ Antônio sɛ ɔmmɛtra adesua no mu bi. Ɛhɔ na mibehui sɛ na onnim akenkan, na sɛɛ na ɛno ne ne haw. Efi saa bere no, Floriano ne afoforo ne Antônio suaa Bible no, na wɔkyerɛɛ no akenkan. Ɛnnɛ, Alzemira ne Antônio nyinaa abɔ asu. Antônio reboa asafo a ɔwom no kɛse, na ɔne mmerante ne mmabaa pii kɔ asɛnka.

Eyinom yɛ osuahu bebree a yenyae wɔ mfe 20 a yɛde somee wɔ Teresópolis no mu kakraa bi pɛ. Wɔ afe 1988 mfiase no, wɔmaa yɛn dwumadi foforo wɔ Niterói kurow no mu, na yɛsomee mfe anum wɔ hɔ ansa na yɛretu akɔ Santo Aleixo. Ɛno akyi no, yetu kɔɔ Japuíba Asafo a ɛwɔ ɔmantam no mfinimfini no mu. Na yenyaa hokwan tew Ribeira Asafo a ɛwɔ hɔ no.

Mayɛ Me Ho Ɔwiɛmfoɔ, Nanso M’ani Gye

Mfe a atwam mu no, me ne Floriano anya hokwan aboa nnipa bɛboro 300 ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa. Seesei wɔn mu bi som wɔ Betel, ebinom yɛ akwampaefo, asafo mu mpanyimfo, ne asafo mu asomfo. Meda Onyankopɔn ase sɛ ɔnam ne honhom kronkron no so ama yɛaboa nnipa pii!—Marko 10:29, 30.

Nokwarem no, Floriano ako yare ahorow a emu yɛ den. Ne yare nyinaa akyi no, wakɔ so agyina pintinn, ɔwɔ anigye, na ɔwɔ Yehowa mu ahotoso nso. Ɔtaa ka sɛ: “Ɛnnɛ, ɛnyɛ sɛ obi nni ɔhaw a ɛnna n’ani gye. Na mmom, nea ɛma yɛn ani gye ankasa ne Yehowa mmoa a yenya de gyina yɛn haw ano no.”—Dwom 34:19.

Wɔ afe 2003 mu no, wohui sɛ kokoram aka m’ani benkum. Wɔyɛɛ me oprehyɛn, na wotu de aniwa a nnipa ayɛ hyɛɛ hɔ, na ɛsɛ sɛ mehohoro so mpɛn pii da biara. Eyi nyinaa akyi no, Yehowa ama me ahoɔden ma migu so resom no sɛ ɔkwampaefo titiriw.

Mayɛ me ho ɔwiɛmfoɔ, enti minni ahode pii. Nanso, Yehowa ahyira me wɔ me som adwuma mu, na wama manya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛnea onuawa ɔsɛmpatrɛwfo no kae sɛ nkurɔfo tie asɛm no wɔ Afrika no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ Brazil. Nokwarem no, Yehowa ahyira ɔpɛ a minyae sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no so kɛse!

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Me ne m’abusuafo, 1953

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Meredi adanse wɔ Ireland, 1957

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Me ne me mfɛfo asɛmpatrɛwfo wɔ Brazil, 1959. Benkum kɔ nifa: Me, Inger Hatfield, Doreen Hines, ne Sonia Springate

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Me ne me kunu