Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Christophe Plantin Ɔka Nnipa A Wodii Kan Tintim Bible No Ho

Christophe Plantin Ɔka Nnipa A Wodii Kan Tintim Bible No Ho

Christophe Plantin Ɔka Nnipa A Wodii Kan Tintim Bible No Ho

JOHANNES GUTENBERG a ɔtraa ase wɔ bɛyɛ afe 1397-1468 mu no agye din sɛ onipa a odii kan de afiri tintim Bible. Nanso nnipa pii nnim Christophe Plantin. Ɔka nnipa a wodii kan de mfiri tintim nhoma no ho, na ɔboae paa ma wotumi tintim nhoma ahorow ne Bible maa nnipa wɔ wiase nyinaa wɔ 1500 mfe no mu hɔ.

Wɔwoo Christophe Plantin wɔ bɛyɛ afe 1520 mu wɔ Saint-Avertin, France. Esiane sɛ na Plantin pɛ baabi a nnipa wɔ nyamesom ho adwempa ne baabi a n’adwuma bɛkɔ so yiye asen France nti, aka kakra ma wadi mfe 30 no, ɔkɔtraa Antwerp.

Plantin fii n’adwuma ase sɛ obi a ɔpam nhoma, na na ɔde aboa nhoma yɛ nneɛma. Ne nsa ano adwuma a na ɛyɛ fɛ nti, na adefo tɔ ne nneɛma paa. Nanso, asɛm bi sii wɔ afe 1555 mu a ɛmaa Plantin sesaa n’adwuma. Bere bi a Plantin de adaka ketewaa bi a ɔde aboa nhoma ayɛ rekɔma Spain hene Philip II a odi mpoano aman a ɛda Germany ne France ntam so no, nkurɔfo bi tow hyɛɛ no so wɔ Antwerp kwan bi so. Mmarima asabofo bi de sekan wɔɔ n’abati. Ɛwom sɛ sekan a wɔde wɔɔ Plantin no ankum no de, nanso wantumi anyɛ ahoɔden dwuma ma enti ɛma ogyaee n’adwuma no. Hendrik Niclaes, a ɔyɛ Anabaptistfo panyin no maa Plantin sika ma ɔde fii nhoma tintim adwuma ase.

“Adwumaden ne Animia”

Plantin frɛɛ n’adwuma no De Gulden Passer (Sika Kompase). Ná sika kompase ne asɛm bi a wɔakyerɛw wɔ Latin mu a ɛka sɛ “Labore et Constantia,” a ɛkyerɛ “Adwumaden ne Animia” na na ɛyɛ n’adwuma no ahyɛnsode. Ná ɛte sɛ nea ahyɛnsode yi fata ɔbarima mmɔdenbɔfo yi.

Esiane sɛ Plantin traa ase wɔ bere a na nyamesom ne amanyɔsɛm mu ntawntawdi rekɔ so wɔ Europa nti, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ ne ho aguaa. Ná nhoma tintim adwuma no hia no sen biribiara. Ɛwom sɛ na Plantin ne Protestantfo no yɛ adwene de, nanso nhomakyerɛwfo Maurits Sabbe kae sɛ na “n’adwene nsi no pi wɔ nyamesom ho.” Eyi nti, wɔkekaa Plantin ho nsɛm sɛ otintim nhoma a ɛkasa tia Katolek nkyerɛkyerɛ. Enti wɔ afe 1562 mu no, oguan kɔtraa Paris bɛboro afe.

Bere a Plantin san kɔɔ Antwerp wɔ afe 1563 mu no, ɔne aguadifo a wɔwɔ sika a na wɔn mu bi yɛ Calvin asɔre no mufo no kaa wɔn ti pam ho yɛɛ adwuma. Wɔ mfe anum a wɔde yɛɛ adwuma mu no, wɔde Plantin mfiri no tintim nhoma ahorow 260. Eyinom mu bi ne Bible a wɔde Hebri, Hela, ne Latin kyerɛwee ne Dutch Catholic Louvain Bible a na ɛyɛ fɛ paa no.

“Ade Kɛse a Ɔyɛe wɔ Nhoma Tintim Mu”

Wɔ afe 1567 mu, bere a na wɔretew atua atia Spaniafo nniso wɔ mpoano aman a ɛda Germany ne France ntam no, Spania hene Philip II de ɔdehye bi a ofi Alba kɔɔ hɔ ma ɔkɔyɛɛ amrado. Tumi a ɔdehye yi nya fii ɔhene no hɔ nti, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiw Protestantfo atuatew a na ɛrekɔ so no ano. Enti Plantin fii adwuma kɛse bi a na osusuw sɛ ɛbɛma wɔagyae ne ho asɛm ka ase. Ná n’ani gye ho paa sɛ obetintim Bible no wɔ kasa ankasa a wɔde kyerɛwee no mu. Plantin tumi nyaa Philip II ma ɔboaa no ma otintim Bible foforo yi. Ɔhene no hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no sika, na ɔsomaa Arias Montano a na wagye din no ma ɔkɔhwɛɛ adwuma no so.

Ná Montano wɔ kasa ho dom akyɛde, na na ɔde nnɔnhwerew 11 yɛ adwuma da biara. Spania, Belgium, ne Franse kasa ho animdefo boaa no. Ná wɔn botae ne sɛ wobetintim Complutensian Polyglot * a ɛsom bo no foforo. Wɔ Latin Vulgate, Hela Septuagint, ne mfitiase Hebri kyerɛwsɛm no akyi no, na Aramfo Targum ne Syriafo Peshitta no ne emu biara a wɔakyerɛ ase akɔ Latin mu tẽẽ no ka Polyglot Bible a Plantin ayɛ no foforo no ho.

Wofii ne tintim ase wɔ afe 1568 mu. Ebeduu afe 1572 no, na wɔawie adwuma kɛse yi. Ɛyɛ adwuma a wowie no ntɛm sen biara wɔ saa bere no mu. Montano kyerɛw wɔ krataa bi a ɔde kɔmaa Ɔhene Philip II no mu sɛ: “Yɛde ɔsram biako pɛ yɛɛ adwuma a anka yɛde afe bɛyɛ wɔ Roma no.” Plantin tintim Polyglot Bible a na ebiara hyɛ mu awotwe awotwe no dodow 1,213. Sɛ wubue kratafa a Bible no din wɔ a, wubehu sɛ wɔayɛ gyata, nantwi, pataku, ne oguan mfonini a wɔn nyinaa redidi adididaka biako mu wɔ hɔ. Eyi yɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia 65:25 no ho mfonini. Sɛ wɔmpam Bible yi a, na ne bo yɛ Netherlands sika guilder 70—na ɛnyɛ sika ketewa, efisɛ saa bere no na mmusua dodow no ara afe mũ akatua yɛ guilder 50. Wɔbɛfrɛɛ awotwe no nyinaa a ɛbom no sɛ Antwerp Polyglot. Ná wɔsan frɛ no Biblia Regia (Adehye Bible) efisɛ Ɔhene Philip II na oyii sika ma wɔde tintimii.

Ɛwom sɛ Pope Gregory XIII gyee Bible yi toom de, nanso amanfo kasa tiaa Arias Montano paa wɔ n’adwuma no ho. Ade biako nti ne sɛ, na Montano bu mfitiase Hebri kyerɛwsɛm no sɛ ɛyɛ papa sen Latin Vulgate no. Ná ne tamfo paa ne León de Castro, Spania nyamekyerɛfo a na obu Latin Vulgate no sɛ ɛno na eye sen biara no. De Castro bɔɔ Montano sobo sɛ ɔde nkyerɛkyerɛ a ɛne Baasakoro nkyerɛkyerɛ nhyia ahyehyem. Sɛ nhwɛso no, nea León de Castro kaa ho asɛm paa ne asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 5:7 a ɛyɛ atosɛm no. Ɛhɔ ka sɛ: “Agya, Asɛm no, ne Honhom Kronkron no na ɛwɔ soro: na baasa yi yɛ biako.” (King James Version) De Castro kyerɛe sɛ asɛm yi nni Syriafo Peshitta no mu. Nanso, Spaniafo Asɔre Asɛnnibea no bɔɔ nsɛm a wɔka too Montano so no nyinaa gui. Ebinom bu Antwerp Polyglot no sɛ “ade kɛse a nhomatintimfo biako tumi yɛe wɔ 1500 mfe no mu.”

Wɔanya so Mfaso Mfe Pii

Ná wɔn a wotintim nhoma saa bere no dodow no ara wɔ afiri abien anaa abiɛsa. Nanso, bere a na Plantin adwuma no gyina mu paa no, na ɔwɔ mfiri bɛboro 22 ne adwumayɛfo 160. Obegyee din wɔ mmeae a na wɔka Spania kasa saa bere no mu sɛ nhomatintimfo a ɔsen biara.

Saa bere no nyinaa na wogu so ara sɔre tia Spania nniso no denneennen wɔ mpoano aman a ɛda Germany ne France ntam no. Antwerpfo de wɔn ho kogyee ntawntawdi no mu. Wɔ afe 1576 mu no, Spania asraafo a na wontuaa wɔn ka no tew ɔmanfo no so atua sesaw wɔn nneɛma nyinaa. Wɔhyew adan bɛboro 600, na wokunkum Antwerp kurow no mu nnipa mpempem pii. Aguadifo guan fii kurow no mu. Eyi maa Plantin bɔɔ ka kɛse. Bio nso, tebea no ma otuaa sika kɛse maa asraafo no.

Wɔ afe 1583 mu no, Plantin tu kɔɔ Leiden, kurow a sɛ wufi Antwerp rekɔ hɔ a, ɛyɛ kwansin 60 wɔ atifi fam no. Ɔkɔyɛɛ nhomatintim adwuma no wɔ hɔ, na na otintim nhoma ma Leiden Sukuupɔn a na ɛyɛ Calvin Protestantfo de no. Sobo a wɔde bɔɔ no sɛ ɔsɔre tia Katolek Asɔre no sɔree bio. Enti bere a Antwerp san kɔhyɛɛ Spania nniso ase no, ankyɛ na Plantin san kɔɔ hɔ wɔ afe 1585 awiei mu. Saa bere no na ɔwɔ ne mfe 60 mu, na na n’adwuma no aba fam ma aka adwumayɛfo baanan pɛ a wɔde nhomatintim afiri biako pɛ na ɛyɛ adwuma. Plantin yɛe sɛ ɔbɛtrɛw n’adwuma no mu bio. Nanso, adwuma no ansan ansi ne dedaw mu, na Plantin wui July 1, 1589.

Christophe Plantin de mfe 34 tintim nhoma ahorow 1,863 a sɛ wɔkyem pɛpɛɛpɛ a, afe biara na otintim nhoma ahorow 55. Ɛnnɛ mpo, sɛ nhomatintimfo bi tumi yɛ eyi a, na ɛkyerɛ sɛ wayɛ ade paa! Ɛwom sɛ Plantin amfa ne ho annye nyamesom mu pii de, nanso n’adwuma no ma otintim nhoma ahorow, na ɛsan hyɛɛ Kyerɛwnsɛm a obi besua ho nkuran. (2 Timoteo 3:16) Nokwarem no, Plantin ne ne bere sofo a na wotintim nhoma no boae kɛse ma obiara nsa kaa Bible no bi.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Wotintim Bible yi a ɛwɔ kasa horow mu no wɔ afe 1517 mu. Ná Bible yi wɔ Hebri, Hela, ne Latin kasa mu, na na ne fã bi nso wɔ Aram kasa mu. Hwɛ “Complutensian Polyglot No—Ade Titiriw a Ɛboaa Kasa Asekyerɛ” a ɛwɔ April 15, 2004, Ɔwɛn-Aban no kratafa 28-31.

[Adaka wɔ kratafa 15]

PLANTIN-MORETUS TETE NNEƐMA AKORAE

Wɔde dan a Plantin ne n’abusuafo traa mu na wɔyɛɛ adwuma wom wɔ Antwerp no yɛɛ tete nneɛma akorae wɔ afe 1877 mu. Saa bere no so nhomatintimbea biara nni hɔ a ɛda so ara wɔ hɔ besi nnɛ. Mfiri anum a na wɔde tintim nhoma wɔ 1600 ne 1700 mfe no mu no wɔ hɔ. Mfiri afoforo abien a akyɛ paa wɔ wiase a ɛreyɛ akeka akɔ Plantin bere so nso wɔ hɔ. Sɛ obi kɔ tete nneɛma akorae hɔ a, obehu nhomatintim mfiri ho nneɛma pii. Nsaano nkyerɛwee 638 a efi afeha a ɛto so 9 kosi afeha a ɛto so 16 ne nhoma 154 a wotintimii ansa na afe 1501 reba no wɔ nhomakorabea a ɛwɔ akorae hɔ no. Nhoma yi bi ne Gutenberg Bible a ɔkyerɛwee ansa na afe 1461 reba ne Antwerp Polyglot Bible a agye din a Plantin tintimii no biako.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Arias Montano

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Hebri kyerɛwsɛm, Latin “Vulgate,” Hela “Septuagint,” Syriafo “Peshitta” ne Aramfo Targum no ne emu biara a wɔakyerɛ ase akɔ Latin mu no wɔ Antwerp Polyglot no mu

[Asɛm Fibea]

By courtesy of Museum Plantin-Moretus/Stedelijk Prentenkabinet Antwerpen

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Mfonini abien no: By courtesy of Museum Plantin-Moretus/Stedelijk Prentenkabinet Antwerpen