Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Ho Sie Onyankopɔn Dɔ Mu!

Fa Wo Ho Sie Onyankopɔn Dɔ Mu!

Fa Wo Ho Sie Onyankopɔn Dɔ Mu!

‘Adɔfo, momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, bere a motwɛn daa nkwa no.’—YUDA 20, 21.

1, 2. Wobɛyɛ dɛn atumi de wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu?

YEHOWA dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na wɔn a wogye no di no anya daa nkwa. (Yohane 3:16) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wɔbɛda ɔdɔ a ɛte saa ara adi akyerɛ wo! Sɛ woyɛ Yehowa somfo a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye ho sɛ wɔbɛda ɔdɔ a ɛte saa adi akyerɛ wo daa.

2 Osuani Yuda kyerɛɛ nea wubetumi ayɛ de wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu. Yuda kyerɛwee sɛ: “Bere a morenyin wɔ mo gyidi kronkron mu, na mobɔ mpae wɔ honhom kronkron mu no, momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, bere a motwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu a ɛkɔ daa nkwa mu no.” (Yuda 20, 21) Onyankopɔn Asɛm a wubesua ne asɛmpa no a wobɛka no bɛboa wo ma woanyin wɔ “gyidi kronkron,” a ɛne Kristofo nkyerɛkyerɛ no mu. Sɛ wode wo ho besie Onyankopɔn dɔ mu a, ɛsɛ sɛ wobɔ mpae “wɔ honhom kronkron mu.” Nea ɛbɛyɛ na woanya daa nkwa no, ɛsɛ sɛ wunya Yesu Kristo ogye afɔre no mu gyidi nso.—1 Yohane 4:10.

3. Dɛn nti na ebinom nyɛ Yehowa Adansefo bio?

3 Ebinom a na anka wɔwɔ gyidi no amfa wɔn ho ansie Onyankopɔn dɔ mu. Esiane sɛ wɔfaa ɔkwammɔne so nti, wɔnyɛ Yehowa Adansefo bio. Dɛn na wobɛyɛ na biribi a ɛte saa anto wo? Nsɛm a edidi so yi a wubedwennwen ho no bɛboa wo ma woakwati bɔne na wode wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu.

Kyerɛ sɛ Wodɔ Onyankopɔn

4. Osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn ho hia dɛn?

4 Tie Onyankopɔn fa kyerɛ sɛ wodɔ no. (Mateo 22:37) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Sɛ wode yɛ wo su sɛ wubetie Onyankopɔn a, ebetumi ahyɛ wo den ma woako atia sɔhwɛ na ama w’ani agye. Odwontofo no kae sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, . . . na mmom [Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo.”—Dwom 1:1, 2

5. Dɛn na Yehowa ho dɔ bɛka wo ma woayɛ?

5 Sɛ wowɔ Yehowa ho dɔ a, ɛremma wonyɛ bɔne a anibere wom a ebegu ne din ho fĩ. Agur bɔɔ mpae sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni; na mammee mampa wo manka sɛ: Hena ne [Yehowa, NW]? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.” (Mmebusɛm 30:1, 8, 9) Mia w’ani sɛ ‘woremfom Onyankopɔn din’ mfa ngu ne ho fĩ. Mmom no, bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wobɛyɛ ade trenee a ɛbɛhyɛ no anuonyam.—Dwom 86:12.

6. Sɛ woboapa yɛ bɔne a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

6 Bɔ wo soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no mpae daa fa hwehwɛ mmoa a ɛbɛma woako atia bɔne. (Mateo 6:13; Romafo 12:12) Kɔ so tie Onyankopɔn afotu na wo mpaebɔ kwan ansiw. (1 Petro 3:7) Sɛ woboapa yɛ bɔne a, nea ebefi mu aba betumi ayɛ awerɛhow, efisɛ sɛnkyerɛnne kwan so no, Yehowa de mununkum kata ne ho na atuatewfo mpaebɔ amfa mu annu ne nkyɛn. (Kwadwom 3:42-44) Enti brɛ wo ho ase, na bɔ mpae sɛ worenyɛ biribi a ebesiw wo mpaebɔ kwan wɔ Onyankopɔn anim.—2 Korintofo 13:7.

Kyerɛ sɛ Wodɔ Onyankopɔn Ba No

7, 8. Ɔkwan bɛn so na Yesu afotu a obi betie no bɛboa no ma watwe ne ho afi bɔne ho?

7 Di Yesu mmara so fa kyerɛ sɛ wodɔ no, efisɛ eyi remma wonyɛ bɔne. “Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu sɛnea madi Agya no ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.” (Yohane 15:10) Ɔkwan bɛn so na Yesu asɛm yi a wode bedi dwuma no bɛboa wo ma wode wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu?

8 Yesu asɛm a wubetie no bɛboa wo ma woakɔ so abɔ bra pa. Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no kae sɛ: “Nsɛe aware.” (Exodus 20:14) Nanso Yesu maa nnyinasosɛm bi a ɛwɔ mmara no mu daa adi bere a ɔkae sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” (Mateo 5:27, 28) Ɔsomafo Petro kae sɛ na ebinom a wɔwɔ afeha a edi kan asafo no mu no wɔ “aniwa a awaresɛe ahyɛ no mã” na ‘wɔtoo akra a wɔn ase ntimii no brada.’ (2 Petro 2:14) Nanso wo de, sɛ wodɔ Onyankopɔn ne Kristo na wutie wɔn, na woyere wo ho sɛ worensɛe wo ne wɔn ntam abusuabɔ a, ebetumi aboa wo ma woatwe wo ho afi nna mu ɔbrasɛe ho.

Ma Yehowa Honhom Nkyerɛ Wo Kwan

9. Sɛ obi tra bɔne mu a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

9 Bɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ɛnkyerɛ wo kwan. (Luka 11:13; Galatifo 5:19-25) Sɛ wotra bɔne mu a, Onyankopɔn betumi ayi ne honhom afi wo so. Bere a Dawid ne Bat-Seba yɛɛ bɔne akyi no, Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ntow me mfi w’anim nkyene, na nyi wo honhom kronkron mfi me so.” (Dwom 51:11) Esiane sɛ Ɔhene Saul ankyerɛ ahonu wɔ ne bɔne ho nti, Onyankopɔn honhom fii ne so. Saul nam ɔhyew afɔre a ɔbɔe, nguan ne anantwi a wansɛe wɔn, ne Amalekfo hene a wankum no no so yɛɛ bɔne. Ɛno akyi no, Yehowa yii ne honhom fii Saul so.—1 Samuel 13:1-14; 15:1-35; 16:14-23.

10. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wunya adwene mpo sɛ wobɛyɛ bɔne?

10 Nnya adwene mpo sɛ wobɛyɛ bɔne. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ yenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ, na ɛno akyi no yɛboapa dan kɔ bɔne so a, bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio.” (Hebrifo 10:26-31) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ wobɛboapa ayɛ bɔne!

Da Ɔdɔ Kann Adi Kyerɛ Afoforo

11, 12. Akwan bɛn so na ɔdɔ ne obu remma obi mfa ne ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu?

11 Ɔdɔ a wowɔ ma wo yɔnko nnipa remma womfa wo ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. (Mateo 22:39) Ɔdɔ a ɛte saa bɛka wo ma woabɔ wo koma ho ban na wannya obi foforo aware mu hokafo ho dɔ. Anyɛ saa a, wobɛsɛe aware. (Mmebusɛm 4:23; Yeremia 4:14; 17:9, 10) Suasua ɔtreneeni Hiob a ne yere akyi no, wannya ɔbea foforo biara ho dɔ no.—Hiob 31:1.

12 Sɛ wubu aware sɛ ɛyɛ kronkron a, ɛremma wonyɛ bɔne a anibere wom. Nea enti a Onyankopɔn hyehyɛɛ aware ne nna mu nkitahodi ne sɛ wɔde bɛwo mma. (Genesis 1:26-28) Kae sɛ wɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea awode sɛ wɔmfa nnwo mma. Nnipa a wɔwo wɔn no nkwa yɛ kronkron. Aguamammɔfo ne awaresɛefo ntie Onyankopɔn, wogu nna mu nkitahodi ho fĩ, wommu aware sɛ ɛyɛ kronkron, na wɔyɛ wɔn ankasa nipadua bɔne. (1 Korintofo 6:18) Nanso ɔdɔ a obi wɔ ma Onyankopɔn ne ne yɔnko nipa ne osetie a ɔbɛyɛ ama Onyankopɔn no remma ɔmfa ne ho nhyɛ abrabɔ a ɛbɛma watu no afi Kristofo asafo no mu no mu.

13. Ɔkwan bɛn so na obi a obu brabɔne ‘sɛe ade’?

13 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so wɔ nsusuwii bɔne ho na yɛanhyɛ yɛn adɔfo awerɛhow. Mmebusɛm 29:3 ka sɛ: ‘Nea ɔne nguaman bɔ bɛsɛe ade.’ Ɔwaresɛefo a onnu ne ho no sɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ, na ɔtetew abusua ntam. Ne yere betumi agyina eyi so agyae aware. (Mateo 19:9) Sɛ́ ɛyɛ okunu anaa ɔyere na wayɛ bɔne no, sɛ awaregyae ba a, ebetumi ama ɔhokafo a ne ho nni asɛm, mmofra no, ne afoforo adi yaw kɛse. Esiane sɛ yenim sɛ ɔbrasɛe sɛe ade nti, wunnye ntom sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma biribi twetwe yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛ mu?

14. Dɛn na yebetumi asua afi bɔne a Mmebusɛm 6:30-35 ka ho asɛm no mu?

14 Esiane sɛ biribiara ntumi nsiesie ɔhaw a awaresɛe de ba no nti, ɛsɛ sɛ eyi ka obi na wamfa ne ho ankɔhyɛ ade bɔne a ɛte sɛɛ mu. Mmebusɛm 6:30-35 ma yehu sɛ nnipa betumi ahu ɔkorɔmfo a owia ade esiane ɔkɔm nti no mmɔbɔ, nanso ɔwaresɛefo adwemmɔne nti, wɔtan no. “Nea ɔsɛe ne kra [anaa nkwa] na ɔyɛ saa.” Sɛ ɛyɛ Mose Mmara no ase a, anka wobekum no. (Leviticus 20:10) Sɛ obi sɛe aware a, ɔde dwudwo n’akɔnnɔ ano kɛkɛ, na ɔma afoforo di yaw. Ɔwaresɛefo a onnu ne ho no ntumi mfa ne ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, enti wotu no fi Kristofo asafo a ɛho tew no mu.

Kura Ahonim Pa Mu

15. Ahonim a “ayɛ sɛ ahyehyekuru twã” no te dɛn?

15 Yɛrentumi nkum yɛn ahonim wɔ bɔne ho na yɛnkɔ so ntra Onyankopɔn dɔ mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ wiase no brasɛe no mu, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nneɛma bi te sɛ nnipa a yɛne wɔn bɔ, nneɛma a yɛkenkan ne anigyede ho. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Akyiri yi mmere mu no, ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho akodi nnaadaasɛm a efi honhom mu ne adaemone nkyerɛkyerɛ akyi, denam atorofo nyaatwom so ma wɔn ahonim ayɛ sɛ ahyehyekuru twã.” (1 Timoteo 4:1, 2) Ahonim a awu te sɛ “ahyehyekuru twã” a ɛnte yaw biara. Ahonim a ɛte saa no remmɔ yɛn kɔkɔ mma yɛntwe yɛn ho mfi awaefo ne tebea horow a ebetumi ama yɛawae afi gyidi no ho ho.

16. Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ yenya ahonim pa?

16 Yɛn nkwagye gyina ahonim pa a yebenya so. (1 Petro 3:21) Ɛdenam Yesu mogya a ohwie gui mu gyidi a yɛanya so no, wɔatew yɛn ahonim ho afi nnwuma funu ho “na ama yɛasom Onyankopɔn teasefo no.” (Hebrifo 9:13, 14) Sɛ yɛboapa yɛ bɔne a, yɛn ahonim ho begu fĩ na yɛrenkɔ so nyɛ nnipa a yɛn ho tew a yɛfata ma Onyankopɔn som. (Tito 1:15) Nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi anya ahonim pa.

Akwan Foforo a Yɛbɛfa so Akwati Bɔne

17. Sɛ ‘wudi Yehowa akyi’ a, mfaso bɛn na wubenya?

17 ‘Di Yehowa akyi,’ sɛnea tete Israelni Kaleb yɛe no. (Deuteronomium 1:34-36) Yɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ woyɛ no, na nnidi “adaemone pon so” da. (1 Korintofo 10:21) Hwɛ na woanyɛ ɔwaefo. Fa anisɔ di honhom fam aduan a ɛwɔ Yehowa pon so no nkutoo, na atoro akyerɛkyerɛfo anaa ahonhommɔne dɔm no rennya wo nnaadaa wo. (Efesofo 6:12; Yuda 3, 4) Fa w’ani si nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho te sɛ Bible a wubesua, asafo nhyiam, ne asɛnka a wobɛkɔ so. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wudi Yehowa akyi na woyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu a, w’ani begye.—1 Korintofo 15:58.

18. Yehowa ho suro bɛka w’abrabɔ dɛn?

18 Si wo bo sɛ ‘wobɛsom Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ wɔ nyamesuro ne ahopopo mu.’ (Hebrifo 12:28) Yehowa ho suro bɛka wo na woamfa ɔkwammɔne so. Ɛbɛboa wo ma wode asɛm a ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo a wɔasra wɔn no abɔ wo bra. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no, momfa osuro mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.”—1 Petro 1:17.

19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode nneɛma a woresua fi Onyankopɔn Asɛm mu no bɔ wo bra daa?

19 Fa nea woresua fi Onyankopɔn Asɛm mu no bɔ wo bra daa. Eyi bɛboa wo na woanyɛ bɔne a anibere wom efisɛ eyi bɛkyerɛ sɛ woka “wɔn a esiane sɛ wɔde wɔn adwene tumi di dwuma nti, wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe” no ho. (Hebrifo 5:14) Hwɛ wo kasa ne w’abrabɔ yiye, ma w’ani nna hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛbɔ wo bra sɛ onyansafo, na ‘tɔ bere a wubenya biara’ wɔ nna bɔne yi mu. ‘Kɔ so hu Yehowa apɛde’ na yɛ.—Efesofo 5:15-17; 2 Petro 3:17.

20. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere ade?

20 Mma w’ani mmere afoforo nneɛma. Mmara Nsɛm Du no mu biako ka sɛ: “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwi anaa n’afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.” (Exodus 20:17) Ná mmara yi bɔ obi fie, ne yere, n’afenaa, n’ayɛmmoa, ne ne nneɛma afoforo ho ban. Nanso nea ehia paa no, Yesu kae sɛ anibere anaa adifudepɛ gu onipa ho fĩ.—Marko 7:20-23.

21, 22. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye wɔ ho na amma wanyɛ bɔne?

21 Ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na akɔnnɔ amma woanyɛ bɔne. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na bɔne no nso nyin a, ɛwo owu.” (Yakobo 1:14, 15) Sɛ nhwɛso no, sɛ bere bi na obi nom nsa bebree a, ebia ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔrentɔ mmosa nkɔ ne fie. Nea ɛbɛyɛ na Kristoni nhyia nna ho sɔhwɛ no, obetumi asesa beae a ɔyɛ adwuma anaa obegyae adwuma no.—Mmebusɛm 6:23-28.

22 Nyɛ biribi a ɛbɛtwetwe wo akɔ bɔne mu. Sɛ ɔbarima anaa ɔbea de ne ho hyehyɛ ne yɔnko na ɔma nna ho nsusuwii gye n’adwene a, ebetumi ama wabɔ aguaman anaa wasɛe aware. Sɛ obi di atoro nketenkete a, ebetumi ama wadi atoro akɛse na anhwɛ a ɔbɛba abɛyɛ ɔtorofo. Korɔn nketenkete betumi akum obi ahonim na wafi ase abɔ korɔn akɛse. Sɛ obi ma n’ani gye awaefo nkyerɛkyerɛ ho kakraa bi mpo a, ebetumi ama wabɛyɛ ɔwaefo ankasa.—Mmebusɛm 11:9; Adiyisɛm 21:8.

Na sɛ Woayɛ Bɔne Nso Ɛ?

23, 24. Awerɛkyekyesɛm bɛn na yebetumi anya afi 2 Beresosɛm 6:29, 30 ne Mmebusɛm 28:13 mu?

23 Bɔne wɔ nnipa nyinaa ho. (Ɔsɛnkafo 7:20) Nanso sɛ woayɛ bɔne a anibere wom a, wubetumi anya awerɛkyekye afi Ɔhene Salomo mpae a ɔbɔe bere a na ɔrehyira Yehowa asɔrefie so no mu. Salomo bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Mpaebɔ biara, nkotɔsrɛ biara a onipa biara wɔ na wo man Israel nyinaa wɔ, na obiara nim ne haw ne ne yaw, na ɔbɛtrɛw ne nsam akyerɛ ofi yi no, wo ara tie ɔsoro, wo trabea hɔ, na fa firi, na ma onipa no sɛ n’akwan nyinaa te, sɛ wuhu ne koma no. Na wo ara wo nko na wunim nnipa mma koma mu.”—2 Beresosɛm 6:29, 30.

24 Nokwarem no, Onyankopɔn nim onipa komam na ɔde bɔne firi. Mmebusɛm 28:13 ka sɛ: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkyẽ ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.” Sɛ obi nu ne ho na ɔka ne bɔne na ogyae a, Onyankopɔn betumi ahu no mmɔbɔ. Na sɛ woayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu nso a, dɛn bio na ebetumi aboa wo ma wode wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu?

Wubebua Dɛn?

• Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ne Kristo ho dɔ boa yɛn na yɛanyɛ bɔne?

• Dɛn nti na ɔdɔ kann a yɛwɔ ma afoforo no remma yɛmfa yɛn ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu?

• Akwan foforo a yɛbɛfa so akwati bɔne no bi ne nea ɛwɔ he?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Yuda ma yehu sɛnea yɛde yɛn ho besie Onyankopɔn dɔ mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Awaregyae betumi ama ɔhokafo a ne ho nni asɛm ne mmofra no adi yaw kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Woasi wo bo sɛ ‘wubedi Yehowa akyi’ te sɛ Kaleb?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Bɔ mpae daa hwehwɛ mmoa a wode bɛko atia sɔhwɛ