Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mpo Yehowa Nteɛso Da

Mpo Yehowa Nteɛso Da

Mpo Yehowa Nteɛso Da

“Mpo [Yehowa, NW] nteɛso.”—MMEBUSƐM 3:11.

1. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpo Onyankopɔn nteɛso?

ƆHENE SALOMO a ɔtraa ase wɔ tete Israel no ma yɛn mu biara hu nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛpo Onyankopɔn nteɛso. Salomo ka sɛ: “Me ba, mpo [Yehowa, NW] nteɛso, na mma n’animka mmfono wo. Na nea [Yehowa, NW] dɔ no na ɔka n’anim, sɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no.” (Mmebusɛm 3:11, 12) Nokwarem no, wo soro Agya no dɔ wo, enti na ɔteɛ wo so no.

2. “Nteɛso” kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na wobetumi ateɛ obi so?

2 Nea “nteɛso” kyerɛ ne sɛ wɔbɛtwe obi aso, wɔbɛteɛteɛ no, wɔbɛma no akwankyerɛ ne ntetee. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Asotwe biara nni hɔ a seesei de ɛyɛ anigye, na mmom ɛyɛ awerɛhow, nanso akyiri yi ɛsow asomdwoe aba a ɛne trenee ma wɔn a atete wɔn no.” (Hebrifo 12:11) Onyankopɔn nteɛso a wubegye atom de ayɛ adwuma no betumi aboa wo ma woafa ɔkwantrenee so na ama woabɛn Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no kɛse. (Dwom 99:5) Wobetumi afa mfɛfo gyidifo, nneɛma a wusua wɔ Kristofo nhyiam ase, ne nea wusua fi Onyankopɔn Asɛm ne “fiehwɛfo nokwafo no” nhoma ahorow mu no so ateɛ wo so. (Luka 12:42-44) Sɛ wɔtwe w’adwene si biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ mu nsakrae so a, hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wokyerɛ ho anisɔ! Nanso sɛ obi yɛ bɔne a anibere wom a, nteɛso bɛn na ɛho behia sɛ wɔde ma no?

Nea Enti a Wotu Ebinom

3. Bere bɛn na wotu obi fi asafo no mu?

3 Onyankopɔn asomfo sua Bible ne Kristofo nhoma ahorow. Wosusuw Yehowa gyinapɛn ahorow ho wɔ wɔn nhyiam nketewa ne akɛse ase. Enti Kristofo nim nea Yehowa hwehwɛ fi wɔn hɔ. Sɛ obi yɛ bɔne a anibere wom na sɛ wannu ne ho nkutoo a, na wotu no fi asafo no mu.

4, 5. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a ɛfa ɔbarima bi a wotuu no fii asafo no mu ho bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ ha, na dɛn nti na wɔhyɛɛ asafo no nkuran sɛ wɔnsan nnye no?

4 Susuw Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a ɛfa ɔbarima bi a wotuu no fii asafo no mu ho hwɛ. Asafo a na ɛwɔ Korinto no hwɛ maa “aguamammɔ a enni amanaman mufo mpo mu, sɛ obi agye ne papa yere” kɔɔ so wɔ asafo no mu. Paulo hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ wɔmfa ‘onii no nhyɛ Satan nsa mma ɔhonam no nsɛe, na wɔagye honhom no nkwa.’ (1 Korintofo 5:1-5) Sɛ wotu ɔbɔnefo no fi asafo no mu dan no hyɛ Satan nsa a, ɔsan bɛyɛ Ɔbonsam wiase no fã. (1 Yohane 5:19) Tu a wotuu ɔbɔnefo no fii asafo no mu no ma woyii ade a anka ebenya asafo no so nkɛntɛnso bɔne no fii mu, na ɛmaa asafo no kɔɔ so daa Onyankopɔn su adi.—2 Timoteo 4:22; 1 Korintofo 5:11-13.

5 Ɛno akyi no, ankyɛ pii na Paulo hyɛɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no nkuran sɛ wɔnsan nnye ɔbɔnefo no. Dɛn ntia? Ɔsomafo no kae sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘Satan rennya wɔn ho kwan.’ Ɛda adi sɛ na ɔbɔnefo no anu ne ho asakra n’akwan. (2 Korintofo 2:8-11) Sɛ Korintofo no ansan annye ɔbarima a wanu ne ho no a, anka Satan benya wɔn ho kwan efisɛ na ɛbɛma wɔn tirim ayɛ den, na wɔremfa ɔbarima no bɔne mfiri no sɛnea na Ɔbonsam pɛ sɛ wɔyɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ ankyɛ na wɔde ‘firii’ ɔbarima a na wanu ne ho no ‘kyekyee ne werɛ.’—2 Korintofo 2:5-7.

6. Mfaso bɛn na ɛwɔ tu a wotu obi fi asafo no mu so?

6 Mfaso bɛn na ɛwɔ tu a wotu obi fi asafo no mu so? Ɛtew Yehowa din kronkron no ho na ɛbɔ din pa a ne nkurɔfo wɔ no ho ban. (1 Petro 1:14-16) Sɛ wotu ɔbɔnefo a onnu ne ho fi asafo no mu a, ɛma Onyankopɔn gyinapɛn da adi na ɛma asafo no ho tew wɔ Onyankopɔn ani so. Ebetumi nso ama ɔbɔnefo a wannu ne ho no ani aba ne ho so.

Ahonu na Ɛbɛma Wɔasan Agye Obi

7. Bere a Dawid anka ne bɔne no, ɛkaa no dɛn?

7 Nnipa dodow no ara a wɔyɛ bɔne a anibere wom no fi wɔn komam nu wɔn ho ma enti wonntu wɔn mfi asafo no mu. Nokwarem no, ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wobefi wɔn komam anu wɔn ho. Susuw Israel hene Dawid a ɔhyehyɛɛ Dwom 32 no ho hwɛ. Saa Dwom no ma yehu sɛ bere bi twaam ansa na Dawid reka bɔne a anibere wom a ɛbɛyɛ sɛ ɔne Bat-Seba yɛe no. Nea efi mu bae ne sɛ, apini a osii wɔ bɔne a ɔyɛe no ho no maa n’ahoɔden saee te sɛ nea ɔpɛ bere mu awia twe dua mu nsu no. Dawid huu amane paa, nanso bere a ɔkaa ‘ne mmarato kyerɛɛ Yehowa no, ɔde ne bɔne firii no.’ (Dwom 32:3-5) Afei Dawid too dwom sɛ: “Nhyira ne onipa a [Yehowa, NW] mmu n’amumɔyɛ ngu no so.” (Dwom 32:1, 2) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn huu no mmɔbɔ!

8, 9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi anu ne ho, na sɛ wɔbɛsan agye obi a watu no a, ahonu ho hia dɛn?

8 Ɛnde, ɛda adi sɛ sɛ wobehu ɔbɔnefo mmɔbɔ a, gye sɛ onu ne ho. Nanso, ɛnyɛ animguase anaa suro a osuro sɛ ne ho bɛda hɔ no na ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho. “Ahonu” kyerɛ sɛ “obi bɛsakra n’adwene” wɔ nneyɛe bɔne ho esiane ɛho yaw a odi nti. Obi a wanu ne ho no wɔ “koma a abubu na apɛtɛw,” na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔbɛpɛ sɛ ‘osiesie mfomso a odii’ no.—Dwom 51:17; 2 Korintofo 7:11.

9 Sɛ wɔbɛsan agye obi aba Kristofo asafo no mu a, ɛho hia paa sɛ onu ne ho. Sɛ wotu obi a, ɛnyɛ bere dodow a ebetwam no na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan gye no. Ansa na wobetumi asan agye no no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae kɛse. Ɛsɛ sɛ ohu aniberesɛm a ɛwɔ bɔne a ɔyɛe no mu ne sɛnea agu Yehowa din ne asafo no ho fĩ no. Ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo no nu ne ho, na ofi ne komam bɔ mpae srɛ bɔne fafiri, na ɔde Onyankopɔn gyinapɛn bɔ ne bra. Sɛ ɔpɛ sɛ wɔsan gye no ba asafo no mu a, ɛsɛ sɛ otumi kyerɛ sɛ wanu ne ho na ɔreyɛ “nnwuma a ɛkyerɛ adwensakra.”—Asomafo Nnwuma 26:20.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woka Wo Bɔne?

10, 11. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkata yɛn bɔne so?

10 Nnipa binom a wɔayɛ bɔne no betumi anya adwene sɛ: ‘Sɛ meka me bɔne kyerɛ obi a, anhwɛ a obebisa me nsɛm a ɛhyɛ aniwu, na ebia wobetu me. Nanso sɛ manka a, mɛfa me ho adi na obiara rente wɔ asafo no mu da.’ Nsusuwii a ɛte saa ma obi bu n’ani gu nsɛm bi a ɛho hia paa so. Ɛyɛ nsɛm bɛn?

11 Yehowa yɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi.” Nanso, ɔtwe ne nkurɔfo aso “atɛntrenee so.” (Exodus 34:6, 7; Yeremia 30:11) Sɛ woyɛ bɔne a anibere wom, na wobɔ mmɔden sɛ wobɛkata so a, ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahu wo mmɔbɔ? Yehowa nim, na ommu n’ani ngu bɔne so.—Mmebusɛm 15:3; Habakuk 1:13.

12, 13. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛkata wo bɔne so a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

12 Sɛ woayɛ bɔne a anibere wom a, ka a wobɛka no bɛboa wo ma woanya ahonim pa. (1 Timoteo 1:18-20) Nanso sɛ woanka a, ɛbɛsɛe w’ahonim na ebetumi ama woakɔ so ayɛ bɔne. Kae sɛ ɛnyɛ onipa foforo bi anaa asafo no nkutoo na woayɛ bɔne atia wɔn. Onyankopɔn na woafom no. Odwontofo no too dwom sɛ: ‘Yehowa ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua mu, n’anisuatɛtɛ sɔ nnipa mma hwɛ. Yehowa sɔ ɔtreneeni ne ɔbɔnefo hwɛ.’—Dwom 11:4, 5.

13 Yehowa renhyira obiara a ɔkata bɔne a anibere wom so na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtra Kristofo asafo a ɛho tew no mu no. (Yakobo 4:6) Enti sɛ woayɛ bɔne na wopɛ sɛ woyɛ adetrenee a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubefi wo komam aka wo bɔne no. Sɛ anyɛ saa a, w’ahonim bebu wo fɔ, ne titiriw no bere a wokenkan bɔne a ɛte saa ho asɛm anaasɛ wote ho afotusɛm no. Na sɛ ɛkɔba sɛ Yehowa yi ne honhom fi wo so te sɛ nea oyi fii Ɔhene Saul so no nso ɛ? (1 Samuel 16:14) Sɛ Onyankopɔn yi ne honhom fi wo so a, wubetumi ayɛ bɔne a anibere wom mpo asen saa.

Nya Wo Nuanom Mmarima Anokwafo no mu Ahotoso

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi a wayɛ bɔne no de afotu a ɛwɔ Yakobo 5:14, 15 no yɛ adwuma?

14 Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo a wanu ne ho yɛ? “Ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo na wɔmmɔ mpae mma no, na wɔnsra no ngo Yehowa din mu. Na gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den, na Yehowa bɛma no so.” (Yakobo 5:14, 15) Asafo mu mpanyimfo a obi bɛkɔ akohu wɔn no yɛ ɔkwan biako a obetumi afa so ‘asow aba a ɛkyerɛ adwensakra.’ (Mateo 3:8) Saa mmarima anokwafo a wɔwɔ ɔdɔ yi bɛbɔ ‘mpae ama onii no, na wɔasra no ngo Yehowa din mu.’ Sɛnea wɔde ngo sra obi ma ne ho tɔ no no, saa ara na Bible mu afotu a wɔde bɛma obi a wanu ne ho ankasa no bɛkyekye no werɛ.—Yeremia 8:22.

15, 16. Dɛn na Kristofo mpanyimfo yɛ de kyerɛ sɛ wɔresuasua Onyankopɔn nhwɛso a ɛwɔ Hesekiel 34:15, 16 no?

15 Hwɛ sɛnea yɛn Hwɛfo, Yehowa yɛɛ eyi ho nhwɛso pa bere a ogyee Yudafo no fii Babilon nkoasom mu wɔ afe 537 A.Y.B. ne bere a ogyee honhom fam Israel fii “Babilon Kɛse” no mu wɔ afe 1919 Y.B. no! (Adiyisɛm 17:3-5; Galatifo 6:16) Ɔnam saayɛ so dii ne bɔhyɛ yi so: “Me ara na mɛyɛn me nguan, na me ara mɛma wɔabutubutuw . . . Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den.”—Hesekiel 34:15, 16.

16 Yehowa hwɛɛ ne nkurɔfo a ɔde wɔn toto nguan ho no, ɔma wɔtraa ase asomdwoe mu, na ɔhwehwɛɛ wɔn a na wɔayera no. Saa ara na Kristofo ahwɛfo hwɛ sɛ wɔbɛma Onyankopɔn nkurɔfo adidi amee wɔ honhom mu na wɔn asom adwo wɔn. Asafo mu mpanyimfo no hwehwɛ nguan a wɔatwe wɔn ho afi asafo no ho no. Sɛnea Onyankopɔn ‘kyekyere nea wabubu no,’ ahwɛfo no nso ‘kyekyere’ Onyankopɔn asomfo a obi anom asɛm apira wɔn anaa wɔn ankasa bɔne haw wɔn no. Sɛnea Onyankopɔn ‘hyɛɛ nea ɔyare no den no,’ saa ara na mpanyimfo no nso boa wɔn a ebia bɔne a wɔayɛ nti, wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no.

Sɛnea Ahwɛfo de Mmoa Ma

17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛhwehwɛ asafo mu mpanyimfo no hɔ mmoa?

17 Mpanyimfo no fi wɔn pɛ mu di afotu yi so: “Monkɔ so nhu . . .  mmɔbɔ osuro mu.” (Yuda 23) Kristofo binom a wɔde wɔn ho ahyɛ nna mu ɔbrasɛe mu no ayɛ bɔne a anibere wom. Nanso sɛ wonu wɔn ho ankasa a, wobetumi anya ahotoso sɛ asafo mu mpanyimfo no ayɛ krado sɛ wɔne wɔn bedi no ɔdɔ so, na wɔahu wɔn mmɔbɔ aboa wɔn ma wɔasan agyina wɔn nan so wɔ Onyankopɔn som mu. Paulo kaa ɔne mmarima a wɔte saa no ho asɛm sɛ: “Yɛnyɛ mo wuranom mo gyidi so, na mmom yɛyɛ mfɛfo adwumayɛfo a yɛboa ma mo ani gye.” (2 Korintofo 1:24) Enti, sɛ woayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ wɔn hɔ mmoa.

18. Ɔkwan bɛn so na asafo mu mpanyimfo ne mfɛfo gyidifo a wɔayɛ bɔne no di?

18 Sɛ woayɛ bɔne a anibere wom a, dɛn nti na wubetumi anya asafo mu mpanyimfo no mu ahotoso? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔn adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛhwɛ Onyankopɔn nguan so. (1 Petro 5:1-4) Oguanhwɛfo pa biara nni hɔ a ɔbɛhwe oguammaa a wapira na ɔresu. Enti sɛ mpanyimfo no ne mfɛfo gyidifo a wɔayɛ bɔne redi nsɛm a, ɛnyɛ asotwe a wɔde bɛma wɔ bɔne no ho no na wɔde wɔn adwene si so, na mmom bɔne no a onipa no yɛe no ne ɔkwan a wɔbɛfa so ama ɔbɔnefo no agyina ne nan so bio na ehia wɔn. (Yakobo 5:13-20) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bu atɛn trenee mu na wɔyɛ “nguankuw no brɛbrɛ.” (Asomafo Nnwuma 20:29, 30; Yesaia 32:1, 2) Sɛnea wɔhwehwɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no de ‘adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase ne Nyankopɔn nantew.’ (Mika 6:8) Su a ɛte saa no ho hia bere a wɔresisi gyinae a ɛfa wɔn a wɔyɛ ‘Yehowa adidibea nguan’ no nkwa ne wɔn som ho no.—Dwom 100:3.

19. Sɛ Kristofo mpanyimfo reteɛ obi so a, su bɛn na wɔda no adi?

19 Honhom kronkron na ɛpaw Kristofo ahwɛfo, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma akyerɛ wɔn kwan. Sɛ “obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so a,” mmarima a wɔn ho akokwaw wɔ Kristofo asafo no mu no bɔ mmɔden sɛ ‘wobegye onipa a ɔte saa no asi yiye odwo honhom mu.’ (Galatifo 6:1; Asomafo Nnwuma 20:28) Sɛnea oduruyɛfo a ɔwɔ tema tɔ ne bo ase ka dompe a abu si anim nanso ɔmma nea wapira no nte yaw pii no, saa ara na mpanyimfo no ne onii a wayɛ bɔne no di nsɛm odwo so, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wanya adwempa bere a wɔntoto Onyankopɔn gyinapɛn ase. (Kolosefo 3:12) Esiane sɛ mpanyimfo no begyina mpaebɔ ne Kyerɛwnsɛm so na ebia wɔada mmɔborohunu adi nti, gyinae biara a wobesi no ne Onyankopɔn adwene hyia.—Mateo 18:18.

20. Bere bɛn na ebia ebehia sɛ wɔbɔ asafo no amanneɛ sɛ wɔaka obi anim?

20 Sɛ nnipa pii nim bɔne bi anaasɛ ɔkwan biara so ɛbɛda adi daakye a, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɔ asafo no amanneɛ de bɔ asafo no din ho ban. Sɛ ɛho hia sɛ wɔma asafo no aso te a, wɔbɛyɛ saa. Bere a onii a wɔadi n’asɛm aka n’anim resan agyina ne nan so wɔ Kristofo asafo no mu no, wobetumi de no atoto obi a wapira a ne ho retɔ no ma enti ɛnyɛ biribiara na otumi yɛ no ho. Wɔ saa bere no mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ onii a wanu ne ho no betie asɛm wɔ asafo nhyiam ahorow ase sen sɛ ɔbɛma mmuae. Mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe ma obi ne no ayɛ Bible adesua de ahyɛ no den wɔ baabi a ɔtɔ sin no, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asan ‘ayɛ den wɔ gyidi’ mu. (Tito 2:2) Wɔyɛ eyi nyinaa wɔ ɔdɔ mu, na ɛnyɛ adwene no ne sɛ wɔde retwe ɔbɔnefo no aso.

21. Dɛn na wobetumi ayɛ wɔ bɔne ahorow bi ho?

21 Asafo mu mpanyimfo betumi afa akwan horow so aboa obi wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ onuabarima bi a bere bi a atwam no na ɔnom nsa dodo no san nom nsa pii pɛnkoro anaa mprenu bere a ɔno nkutoo wɔ fie no. Anaasɛ obi a wagyae tawanom dedaadaw di ne mmerɛwyɛ akyi kɔhyɛ kokoam san nom tawa pɛnkoro anaa mprenu. Ɛwom sɛ wabɔ ho mpae na ogye di sɛ Onyankopɔn de afiri no de, nanso ɛsɛ sɛ ɔbɔ ɔpanyin bi amanneɛ ma ɔboa no sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne a ɛte saa no renka no hɔ. Asafo mu panyin baako anaa mpanyimfo baanu betumi adi tebea yi ho dwuma. Nanso ɛsɛ sɛ ɔpanyin no anaa mpanyimfo no bɔ ɔhwɛfo guamtrani no amanneɛ efisɛ ebia na nsɛm foforo bi wɔ hɔ.

Kɔ So Gye Onyankopɔn Nteɛso Tom

22, 23. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so gye Onyankopɔn nteɛso tom?

22 Sɛ Kristoni biara benya Onyankopɔn anim dom a, ɛsɛ sɛ ogye Yehowa nteɛso tom. (1 Timoteo 5:20) Enti sɛ wusua Kyerɛwnsɛm no anaa Kristofo nhoma ahorow a, ma emu nsɛm no nyɛ afotu mma wo. Saa ara nso na sɛ wɔde afotu ma wɔ nhyiam nketewa ne akɛse a Yehowa nkurɔfo yɛ ase a, fa yɛ adwuma. Ma w’ani nna hɔ wɔ Yehowa apɛde a wobɛyɛ ho. Sɛ woyɛ saa a, Onyankopɔn nteɛso bɛboa wo ma woayɛ den te sɛ ɔfasu wɔ ne som mu na woanyɛ bɔne.

23 Sɛ wugye Onyankopɔn nteɛso tom a, ɛbɛboa wo ma wode wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu. Ɛyɛ nokware sɛ wɔatu ebinom afi Kristofo asafo no mu, nanso sɛ ‘wokora wo koma’ so na ‘wonantew sɛ onyansafo’ a, biribi a ɛte saa rento wo. (Mmebusɛm 4:23; Efesofo 5:15) Sɛ seesei wɔatu wo a, dɛn nti na wommɔ wo ho mmɔden mma wɔnsan nnye wo? Onyankopɔn pɛ sɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama no nyinaa de “koma pa” som no nokware mu. (Deuteronomium 28:47) Sɛ wokɔ so gye Yehowa nteɛso tom a, wubetumi de koma pa asom no nokware mu daa.—Dwom 100:2.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na wotu ebinom fi Kristofo asafo no mu?

• Dɛn na nokware ahonu kyerɛ?

• Sɛ yɛyɛ bɔne a anibere wom a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka?

• Akwan bɛn so na Kristofo asafo mu mpanyimfo boa abɔnefo a wɔanu wɔn ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Dɛn nti na ɔsomafo Paulo de nkra kɔmaa Korinto asafo no sɛ wontu obi?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Kristofo asafo mu mpanyimfo ‘kyekyere’ Onyankopɔn nguan a wɔapira no te sɛ nea na tete nguanhwɛfo yɛ no