Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnwom mu Dwom no mu Nsɛntitiriw

Nnwom mu Dwom no mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nnwom mu Dwom no mu Nsɛntitiriw

“M’ADAMFOWAA wɔ mmabea mu sɛ nsɔe ntam sukooko.” “Me dɔfo wɔ mmabanin ntam sɛ akutu a ɛwɔ kwae mu nnua ntam.” “Ɛhena ne oyi a opue sɛ adekyee, ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsram, ne ho tew sɛ owia” yi? (Nnwom mu Dwom 2:2, 3; 6:10) Hwɛ sɛnea nsɛm a ɛwɔ Bible nhoma a ɛne Nnwom mu Dwom mu no kanyan anigye fa! Nhoma no mu nsɛm nyinaa yɛ anwensɛm a ɛtɔ asom na ɛyɛ dɛ ma enti wɔfrɛ no nnwom mu dwom.—Nnwom mu Dwom 1:1.

Ɔhene Salomo a ɔtraa ase tete Israel no na ɔhyehyɛɛ nnwom yi a ɛfa aberante guanhwɛfo bi ne Sulamit ababaa ohianiwaa bi ho wɔ bɛyɛ afe 1020 A.Y.B. wɔ mfe 40 a ɔde dii ade no mfiase mu. Wɔn a ɔkaa wɔn ho asɛm wɔ anwensɛm no mu bi ne ababaa no maame ne ne nuabarimanom, “Yerusalem mmabea,” ne “Sion mmabea.” (Nnwom mu Dwom 1:5; 3:11) Ɛyɛ den ma obi a ɔrekenkan Bible no sɛ obehu wɔn a wɔrekasa wɔ Nnwom mu Dwom no mu, nanso sɛ ɔhwɛ nsɛm a wɔreka ne nea afoforo ka kyerɛ wɔn no a, obetumi ahu.

Esiane sɛ nsɛm a ɛwɔ Nnwom mu Dwom mu no ka Onyankopɔn Asɛm ho nti, ɛsom bo wɔ nneɛma abien mu. (Hebrifo 4:12) Nea edi kan no, ɛma yehu sɛnea ɔdɔ kann a ɛda ɔbarima ne ɔbea ntam te. Nea ɛto so abien no, dwom no kyerɛkyerɛ ɔdɔ a ɛda Yesu Kristo ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no ntam mu.—2 Korintofo 11:2; Efesofo 5:25-31.

‘MONNHWANYAN ƆDƆ ME MU’

(Nnwom mu Dwom 1:1–3:5)

“Ma ɔmfa n’ano mfewano mfew m’ano, na wo dɔ ye sen bobesa.” (Nnwom mu Dwom 1:2) Ababaa ohianiwaa a wɔde no baa Salomo ahemfie yi nsɛm na ebue nkɔmmɔ a ɛwɔ Nnwom mu Dwom mu no ano. Ɛyɛɛ dɛn na okopuee hɔ?

Ababaa no ka sɛ: “Me nã mma bo fuw me, wɔde me yɛɛ bobe nturo wɛmfo.” Nea enti a ne nuabarimanom bo fuw no ne sɛ na aberante guanhwɛfo a ɔdɔ no no afrɛ no sɛ ɔne no nkotu mpase. Esiane sɛ na wɔmpɛ sɛ ɔkɔ nti, wɔmaa no kɔwɛn “sakraman nketewa a wɔsɛe bobe nturo no.” Adwuma a ɔkɔyɛe yi ma ɔbɛnee Salomo ahemfie. Bere a ababaa no fii hɔ kɔɔ “adwe turo mu” no, wohuu n’ahoɔfɛ na wɔde no baa ahemfie hɔ.—Nnwom mu Dwom 1:6; 2:10-15; 6:11.

Bere a ababaa no kaa sɛnea n’ani agyina ne dɔfo guanhwɛfo ho asɛm no, Yerusalem mmabea no ka kyerɛɛ no sɛ ‘omfi adi mfa nguan no anammɔn so’ nkɔhwehwɛ no. Nanso Salomo amma wankɔ. Bere a Salomo reka ababaa no ahoɔfɛ ho asɛm no, ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no “sika nnwinne kona . . . ne dwetɛ nkoropɛe a esisi so.” Nanso ababaa no ani annye ho. Aberante guanhwɛfo no baa Salomo ahemfie hɔ behuu no, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, m’adamfowaa, hwɛ, wo ho yɛ fɛ.” Ababaa no kaa Yerusalem mmabea no ntam sɛ: “Monnnyan na monnhwanyan ɔdɔ kosi sɛ ɔno ara pɛ.”—Nnwom mu Dwom 1:8-11, 15; 2:7; 3:5.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:2, 3—Dɛn nti na sɛ ababaa no kae ɔdɔ nsɛm a oguanhwɛfo no kae no a, ɛyɛ no sɛ bobesa na ne din te sɛ ngohuam? Sɛnea bobesa ma ɔdesani koma ani gye na ngo a wohwie gu obi ti so ma ne ho tɔ no no, saa ara na aberante no dɔ ne ne din a ababaa no kae no hyɛ no den na ɛkyekye no werɛ. (Dwom 23:5; 104:15) Saa ara nso na sɛ nokware Kristofo, titiriw wɔn a wɔasra wɔn no susuw ɔdɔ a Yesu Kristo ada no adi akyerɛ wɔn no ho a, ɛma wɔn denhyɛ ne nkuranhyɛ.

1:5—Dɛn nti na ababaa ohianiwaa no de ne tuntum totoo “Kedar ntamadan” ho? Ná wɔde abirekyi nhwi yɛ nneɛma bebree. (Numeri 31:20) Sɛ nhwɛso no, ‘mmirekyi nhwi ntama’ na wɔde yɛɛ “trabea no so ntamadan” no. (Exodus 26:7) Sɛnea wɔde abirekyi tuntum nhwi yɛ Bedouin ntamadan nnɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ sɛ na wɔde yɛ Kedar ntamadan.

1:15—Bere a aberante guanhwɛfo no kae sɛ: “W’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa” no, na ɔkyerɛ dɛn? Na oguanhwɛfo no rekyerɛ sɛ n’adamfowaa no aniwa yɛ fɛ paa sɛ mmorɔnoma aniwa.

2:7; 3:5—Dɛn nti na ababaa no de “atwewa ne petee mu aforotebere” kaa Yerusalem mmabea no ntam? Atwewa ne aforotebere yɛ mmoa a yenim sɛ wɔn ho yɛ fɛ yiye. Sɛ yɛbɛka a, na Sulamit ababaa no de biribiara a ɛyɛ fɛ na ɛho wɔ nyam reka Yerusalem mmabea no ntam sɛ mma wɔmmmɔ mmɔden sɛ wobenyan ne dɔ.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:2; 2:6. Sɛ nnipa baanu ayɛ aware nhyehyɛe a, wobetumi aka nsɛm anaa wɔayɛ nneɛma a ɛho tew de akyerɛ ɔdɔ. Nanso, ɛsɛ sɛ nnipa baanu no hwɛ yiye sɛ wɔn nsɛm anaa wɔn nneyɛe bɛda adi sɛ wɔdɔ wɔn ho ampa, na ɛnyɛ sɛ ɛbɛma wɔanya akɔnnɔ bɔne a ɛbɛkɔ akowie nna mu ɔbrasɛe mu.—Galatifo 5:19.

1:6; 2:10-15. Sulamit ababaa no nuabarimanom amma wɔn nuabea no kwan ma ɔne ne dɔfo no nkutoo ankɔ baabi a atew ne ho wɔ mmepɔw so. Na eyi nkyerɛ sɛ ababaa no bu brabɔne anaasɛ okura adwemmɔne. Mmom, adwene nti a wɔyɛɛ saa ne sɛ wɔde bɛbɔ ne ho ban na wankɔ sɔhwɛ mu. Nea ɛsɛ sɛ wɔn a wɔayɛ aware nhyehyɛe sua fi eyi mu ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn nkutoo kɔhyɛ baabi a obiara nhu wɔn.

2:1-3, 8, 9. Ɛwom sɛ na Sulamit ababaa no ho yɛ fɛ de, nanso obuu ne ho sɛ ‘Saron nhwiren a esi sare so.’ N’ahoɔfɛ ne nokware a na odi ma Yehowa nti, aberante guanhwɛfo no kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “abon mu sukooko.” Na dɛn na yebetumi aka afa aberante guanhwɛfo no ho? Esiane sɛ na ne ho yɛ fɛ nti, na ɔte sɛ “ɔtwe” wɔ ababaa no ani so. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔno nso suro Yehowa na ɔmfa ne som nni agoru. Ababaa no kae sɛ: “Me dɔfo wɔ mmabanin ntam sɛ akutu [a ɛma nwini na ɛsow] a ɛwɔ kwae mu nnua ntam.” So gyidi ne Onyankopɔn ho suro nyɛ su pa a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔ obi a yɛpɛ sɛ yɛware no no ho?

2:7; 3:5. Ababaa ohianiwaa no annya ɔdɔ biara amma Salomo. Afei nso, ɔkaa Yerusalem mmabea no ntam sɛ wɔmmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wanya ɔbarima foforo biara ho dɔ aka aberante guanhwɛfo no ho. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ obi benya ɔdɔ ama obiara kɛkɛ, na ɛmfata nso. Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔrepɛ obi aware no no hwɛ sɛ ɔbɛware Yehowa somfo a odi no nokware.—1 Korintofo 7:39.

“DƐN NA MOHWƐ WƆ SULAMIT HO?”

(Nnwom mu Dwom 3:6–8:4)

Biribi ‘foro fi sare so ba sɛ owusiw a ɛsɔre tẽe.’ (Nnwom mu Dwom 3:6) Bere a Sion mmabea no fii adi no, dɛn na wohui? Wohuu Salomo ne n’asomfo sɛ wɔresan aba kurow no mu. Ná Sulamit ababaa no ka ɔhene no ho.

Aberante guanhwɛfo no dii ababaa no akyi, na ankyɛ na ɔfaa kwan bi so huu no. Bere a aberante no maa ababaa no awerɛhyem sɛ ɔdɔ no no, ababaa no pɛe sɛ ofi kurow no mu, na ɔkae sɛ: “Mɛkɔ kurobow bepɔw ne ohuamfufu koko no so akosi sɛ onwini bedwo, na sunsuma bɛyera.” Ɔka kyerɛɛ oguanhwɛfo no sɛ “ma me dɔfo mmra ne turo mu, na onni mu nnuaba a ɛwɔ bo no.” Aberante no buae sɛ: “Maba me turo mu, me nua, ayeforo.” Sion mmabea no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnamfonom, munnidi, adɔfonom monnom na mommee.”—Nnwom mu Dwom 4:6, 16; 5:1.

Bere a Sulamit ababaa no kaa dae bi a ɔsoe kyerɛɛ Yerusalem mmabea no wiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Meyare ɔdɔ.” Wobisaa no sɛ: “Dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo bi?” Obuaa wɔn sɛ: “Me dɔfo hoa na ɔbere, ɔdɛnsow nnipa mpem mpem mu.” (Nnwom mu Dwom 5:2-10) Ababaa no buaa Salomo adɔkɔdɔkɔsɛm no sɛ: “Dɛn na mohwɛ wɔ Sulamit ho?” (Nnwom mu Dwom 6:4-13) Esiane sɛ na ɔhene no susuw sɛ obetumi de n’adɔkɔdɔkɔsɛm no anya ababaa no nti, ɔkɔɔ so kamfoo no pii. Nanso, ababaa no gyinaa pintinn na ɔkɔɔ so dɔɔ aberante guanhwɛfo no. Awiei koraa no Salomo maa ababaa no kɔɔ fie.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

4:1; 6:5—Dɛn nti na wɔde ababaa no nhwi toto “mmirekyikuw” ho? Ntotoho a wɔyɛe no kyerɛ sɛ ababaa no wɔ nhwi paa na ɛyɛ fɛ te sɛ mmirekyi tuntum nhwi.

4:11—Dɛn na ababaa no ‘ano a ɛsosɔ ɛwomono, ɛwo, ne nufusu wɔ ne tɛkrɛma ase’ no kyerɛ? Ɛwomono yɛ huam na ɛyɛ dɛ sen ɛwo a mframa afa so. Ntotoho yi ne adwene a ɛne sɛ na ɛwo ne nufusu wɔ ababaa no tɛkrɛma ase no si nsɛm a ɛyɛ dɛ a Sulamit no kae no so dua.

5:12—Yɛbɛte asɛm “n’aniwa te sɛ asuten ho mmorɔnoma a woguare nufusu” mu no ase dɛn? Ná ababaa no reka ne dɔfo no aniwa a ɛyɛ fɛ ho asɛm. Ebia na ɔnam anwensɛm kwan so de aniwa ahwehwɛ honam homa a ɛhyɛ ani kosua mu no retoto mmorɔnoma a wɔn ho yɛ nsonso a woguare nufusu mu no ho.

5:14, 15—Dɛn nti na wɔkaa oguanhwɛfo no nsa ne n’anan ho asɛm wɔ saa kwan yi so? Ɛda adi sɛ na ababaa no rekyerɛ sɛ oguanhwɛfo no nsateaa te sɛ sika nnwinne na ne mmɔwerɛw nso te sɛ sikabereɛbo. Ɔde n’asrɛ anaa n’anan totoo abohemmaa anaa “abofufu adum” ho efisɛ na ahoɔden wɔ mu na ɛyɛ fɛ.

6:4—Dɛn nti na wɔde ababaa no totoo “Tirsa” ho? Yosua ko faa Kanaanfo kurow yi, na Salomo nniso akyi no, ɛbɛyɛɛ Israel mmusuakuw du ahemman no ahenkurow a edi kan. (Yosua 12:7, 24; 1 Ahene 16:5, 6, 8, 15) Nhoma bi ka sɛ, “Ɛbɛyɛ sɛ na kurow yi yɛ fɛ paa nti na wɔbɔɔ din wɔ ha no.”

6:13—Dɛn ne “Mahanaim asaw no”? Ná saa kurow yi da Yordan Asubɔnten no apuei fam baabi a ɛbɛn Yabok asutwaree. (Genesis 32:2, 22; 2 Samuel 2:29) “Mahanaim asaw” no betumi akyerɛ asaw bi a na wɔsaw wɔ afahyɛ bere mu wɔ saa kurow no mu.

7:4—Dɛn nti na Salomo de Sulamit ababaa no kɔn totoo “asonse abantenten” ho? Ná wadi kan akamfo ababaa no sɛ: “Wo kɔn si so teateaa sɛ Dawid abantenten.” (Nnwom mu Dwom 4:4) Abantenten ware na ɛyɛ teaa, na asonse ho yɛ torontorom. Salomo ani gyee sɛnea na ababaa no kɔn yɛ fɛ no ho.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

4:1-7. Ɛwom sɛ na Sulamit ababaa no nyɛ pɛ de, nanso Salomo adɛfɛdɛfɛsɛm no a wamma annya no no kyerɛe sɛ na ɔwɔ suban pa. Enti ne suban pa no maa ne ho yɛɛ fɛ paa. Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo mmea nso yɛ.

4:12. Sulamit ababaa no dɔ a ɔde maa ɔbarima a na ɔrebɛware no no nkutoo no te sɛ turo fɛfɛ a wɔagye ho ban anaa wɔatwa ɔfasu afa ho a sɛ obi bɛkɔ mu a gye sɛ obue pon a ɛda ano no ansa. Nhwɛso pa a Kristofo mmea ne mmarima betumi ahwɛ so asua bɛn ara ni!

‘YAH GYAFRAMA’

(Nnwom mu Dwom 8:5-14)

Bere a Sulamit ababaa no nuabarimanom hui sɛ ɔreba fie no, wobisae sɛ: “Ɛhena ne ɔbea yi a ɔforo fi sare so reba a otweri ne dɔfo yi?” Bere bi a atwam no na wɔn mu baako aka sɛ: “Sɛ ɔyɛ ɔfasu a, yɛbɛto no so dwetɛ aban, na sɛ ɔyɛ ɔpon a, yɛde kyeneduru ntaaboo bɛbram ne ho.” Seesei a wɔasɔ Sulamit ababaa no dɔ ahwɛ ahu sɛ ɛyɛ ɔdɔ kann yi, ɔka sɛ: “Me de, meyɛ ɔfasu, na me nufu te sɛ aban atenten, ɛno na meyɛɛ n’ani so sɛ nea n’asom adwo no.”—Nnwom mu Dwom 8:5, 9, 10.

Ɔdɔ kann te sɛ ‘Yah gyaframa.’ Dɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ a ɛte saa no fi Yehowa. Ɔno na wama yetumi da ɔdɔ adi. Ɛyɛ gyaframa a ne gya nnum da. Nnwom mu Dwom no ma yehu sɛ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ betumi ‘ayɛ den sɛ owu.’—Nnwom mu Dwom 8:6.

Salomo nnwom mu dwom no ma yehu abusuabɔ a ɛda Yesu Kristo ne ‘n’ayeforo’ a ɔwɔ soro no mufo ntam nso. (Adiyisɛm 21:2, 9) Ɔdɔ a Yesu wɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no mu yɛ den sen ɔdɔ biara a ɛda ɔbarima ne ɔbea ntam. Ayeforo kuw no mufo ntoto wɔn som ase koraa. Yesu fi ɔdɔ mu de ne nkwa too hɔ maa “nguan foforo” no nso. (Yohane 10:16) Enti, nokware asomfo nyinaa betumi asuasua ɔdɔ kann a Sulamit ababaa no daa no adi ne sɛnea na osuro Onyankopɔn no.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Dɛn na Nnwom mu Dwom no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔ obi a yɛpɛ sɛ yɛware no no ho?