Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Onyaa Akokoduru’ De Dii Adanse Fefeefe

‘Onyaa Akokoduru’ De Dii Adanse Fefeefe

“Ɛsɛ Sɛ Yetie Nyankopɔn Mmom Sen Nnipa”

‘Onyaa Akokoduru’ De Dii Adanse Fefeefe

NÁ BASABASAYƐFO bi ayɛ krado sɛ wɔbɛhwe Onyankopɔn somfo bi akum no. Nanso, saa bere no ara mu na Roma asraafo begyee no fii wɔn nsam de no kosiei. Eyi na efii nsɛm bi a esisii ntoatoaso bɛyɛ mfe anum no ase. Ɛnam so ma Roma atumfoɔ pii tee Yesu Kristo ho asɛm.

Ɔsomafo Paulo na saa asɛm yi too no. Wɔ bɛyɛ afe 34 Y.B. no, Yesu ka kyerɛɛ Paulo (Saulo) sɛ ɔde Ne din bɛkɔ “ahemfo” anim. (Asomafo Nnwuma 9:15) Ebeduu afe 56 Y.B. no, na biribi a ɛte saa nnya nsii. Nanso, bere a ɔsomafo no de n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa reba n’awiei no, nneɛma sakrae.

Wɔhwee no Nanso Wammɔ Hu

Bere a Paulo retoa n’akwantu so akɔ Yerusalem no, Kristofo binom ‘nam honhom no so’ ka kyerɛɛ no sɛ obehyia ɔtaa a emu yɛ den wɔ saa kurow no mu. Paulo de akokoduru kae sɛ: “Ɛnyɛ sɛ masiesie me ho sɛ wɔbɛkyekyere me nko na mmom sɛ mewu nso wɔ Yerusalem ama Awurade Yesu din.” (Asomafo Nnwuma 21:4-14) Bere a Paulo kɔɔ asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem hɔ ara pɛ na Yudafo a wofi Asia a na wonim sɛnea Paulo asɛmpaka adwuma no renya nkɔso wɔ hɔ no hwanyan nnipakuw bi sɛnea ɛbɛyɛ a wobekum no. Ntɛm ara na Roma asraafo no begyee no. (Asomafo Nnwuma 21:27-32) Gye a wogyee Paulo no ma onyaa hokwan soronko de kaa Kristo ho nokwasɛm kyerɛɛ atumfoɔ ne nnipa a wɔn ani nnye asɛm no ho.

Ɔkaa Asɛm no Kyerɛɛ Wɔn a Ɛyɛ Den sɛ Wobenya Wɔn

Wɔde Paulo faa Antonia Abantenten no * atrapoe so gyee no fii basabasayɛfo no nsam. Ɔsomafo no gyinaa atrapoe no so dii nyamesomfo a wɔyɛ basabasa no adanse a tumi wom. (Asomafo Nnwuma 21:33–22:21) Nanso bere a ɔkae sɛ wɔahyɛ no sɛ ɔnka asɛm nkyerɛ Amanaman mufo no pɛ, ɛhɔ yɛɛ gyegyeegye bio. Ɔsahene Lisia hyɛe sɛ wɔnka Paulo mpire mfa nhwehwɛ nea enti a Yudafo no abɔ no sobo no mu. Nanso bere a Paulo kae sɛ ɔyɛ Romani no, wɔanhwe no. Ade kyee no, Lisia de Paulo kɔɔ Sanhedrin no anim kɔhwehwɛɛ nea enti a Yudafo no abɔ no sobo no mu.—Asomafo Nnwuma 22:22-30.

Bere a na Paulo gyina asɛnnibea kɛse yi anim no, onyaa hokwan fɛfɛ a ɔde bedi ne mfɛfo Yudafo no adanse. Ɔsɛmpakafo kokodurufo yi kae sɛ ɔwɔ owusɔre no mu gyidi. (Asomafo Nnwuma 23:1-8) Ná Yudafo no da so ara pɛ sɛ wokum Paulo denneennen, enti asraafo faa no kɔɔ asraafo asoɛe hɔ. Anadwo a edi hɔ no, Awurade maa no awerɛhyem sɛ: “Nya akokoduru! Na sɛnea woadi me ho adanse akyerɛkyerɛ mu fann wɔ Yerusalem no, saa ara na ɛsɛ sɛ wudi adanse wɔ Roma nso.”—Asomafo Nnwuma 23:9-11.

Bere a wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum Paulo no, wɔde ɔsomafo yi faa sum ase ntɛm ara kɔɔ Kaesarea a ɛyɛ Romafo ahenkurow wɔ Yudea no ma enti wɔannya no. (Asomafo Nnwuma 23:12-24) Paulo wɔ Kaesarea no, onyaa hokwan foforo bio de dii “ahemfo” adanse. Nanso nea edi kan no, Paulo maa Amrado Felike hui sɛ Yudafo no nni biribiara a wogyina so bɔ no sobo. Akyiri yi, Paulo kaa Yesu, ahosodi, trenee, ne atemmu a ɛreba no ho asɛm kyerɛɛ Felike ne ne yere Drusila. Eyi nyinaa akyi no, Felike de Paulo too afiase mfe abien bere a na n’ani da so sɛ Paulo bɛma no sika, nanso amma da.—Asomafo Nnwuma 23:33–24:27.

Bere a Festo besii Felike ananmu no, Yudafo no san bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔabu Paulo kumfɔ. Wɔsan dii asɛm no wɔ Kaesarea, nanso nea ɛbɛyɛ na wɔmfa asɛm no nkɔ Yerusalem nkodi no, Paulo kae sɛ: “Migyina Kaesare atemmu agua anim . . . Mede asɛm no dan Kaesare!” (Asomafo Nnwuma 25:1-11, 20, 21) Nna bi akyi no, bere a ɔsomafo no kaa n’asɛm wɔ Ɔhene Herode Agripa II anim no, ɔhene no kae sɛ: “Aka bere tiaa bi sɛ woadan me ti ama mabɛyɛ Kristoni.” (Asomafo Nnwuma 26:1-28) Wɔ bɛyɛ afe 58 Y.B. no, wɔde Paulo kɔɔ Roma. Bere a ɔsomafo a ne ho akokwaw yi da afiase wɔ hɔ no, ɔde mfe abien kɔɔ so pɛɛ akwan a ɔbɛfa so aka Kristo ho asɛm. (Asomafo Nnwuma 28:16-31) Ɛte sɛ nea awiei koraa no, Paulo kogyinaa Ɔhempɔn Nero anim, na wogyaee no ma ɔfaa ne ho dii, na ɔsan fii n’asɛmpatrɛw adwuma no ase. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔsomafo foforo bi nyaa hokwan kaa asɛmpa no kyerɛɛ atumfo a wɔte saa.

Sɛnea yɛahu no, ɔsomafo Paulo de asɛntitiriw a ne mfɛfo Kristofo no kae wɔ Yudafo asɛnnibea no anim no bɔɔ ne bra. Wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo Nnwuma 5:29) Hwɛ nhwɛso pa ara a wayɛ ama yɛn! Ɛmfa ho sɛ nnipa bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw ɔsomafo no kwan no, otiee ahyɛde a ɛne sɛ onni adanse fefeefe no. Esiane osetie a Paulo yɛ maa Onyankopɔn nti, otumi yɛɛ n’adwuma sɛ “anwenne a wɔapaw” no sɛ ɔmfa Yesu din “nkɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma nkyɛn” no.—Asomafo Nnwuma 9:15.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Hwɛ 2006 Calendar of Jehovah’s Witnesses, November/December.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

SO NEA NA EHIA PAULO ARA NE SƐ OBENYA NE HO ATETEW?

Bere a nhomakyerɛwfo Ben Witherington III reka asɛmmisa yi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔ Paulo . . . fam no, na ɛnyɛ ade titiriw a ehia no ne sɛ obenya ne ho atetew, na mmom sɛ obedi asɛmpa no ho adanse akyerɛ atumfo a wɔyɛ Yudafo ne Amanaman mufo. . . . Sɛ yɛbɛka paa a, asɛmpa no na wɔde kogyinaa asɛnnibea.”