Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sukuu a Wɔn a Wɔakɔ Bi no Boa Nnipa a Wɔwɔ Wiase Nyinaa

Sukuu a Wɔn a Wɔakɔ Bi no Boa Nnipa a Wɔwɔ Wiase Nyinaa

Sukuu a Wɔn a Wɔakɔ Bi no Boa Nnipa a Wɔwɔ Wiase Nyinaa

ONYANKOPƆN rekyerɛkyerɛ nnipa ahorow nyinaa wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 98,000 mu wɔ nsase bɛboro 200 so. Nhoma titiriw a wɔde di dwuma ne Bible no, na sukuu yi botae ne sɛ ɛbɛboa ankorankoro ma wɔn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu, na wɔahu nea Onyankopɔn pɛ ne sɛnea wɔde bɛbɔ wɔn bra. Wɔn a wogye nkyerɛkyerɛ yi tom no nya so mfaso paa. Sɛnea Yesu Kristo de akwankyerɛ mae sɛ yɛnyɛ asuafo no, wɔde nea wosua no boa afoforo nso.—Mateo 28:19, 20.

Nkyerɛkyerɛ a ɛrekɔ so wɔ asafo ahorow mu akyi no, Yehowa Adansefo ahyehyɛ sukuu ahorow bi a ɛde ntetee pɔtee ma. Eyi mu biako ne Asomfo Ntetee Sukuu no. Wofii ase October 1987 mu wɔ Pittsburgh, Pennsylvania, U.S.A. Nnipa 24 a wɔka Borɔfo kasa na wɔde wɔn fii adesuakuw a edi kan no ase. Efi saa bere no wɔayɛ sukuu no wɔ kasa horow 21 mu wɔ aman 43 mu. Ɛde besi saa bere yi, asafo mu mpanyimfo ne asomfo a wɔnwaree a wofi aman bɛboro 90 so na wɔakɔ sukuu no bi. Sɛ wowie sukuu a wɔde nnawɔtwe awotwe yɛ no a, wɔde wɔn a wɔawie no kɔ mmeae a mmoa ho hia kɛse wɔ wɔn ankasa man mu anaasɛ ɔman foforo so kɔsom wɔ hɔ. Ebeduu afe 2005 awiei no, na Yehowa Adansefo bɛboro 22,000 na wɔakɔ sukuu yi bi. Wɔanya nhyira pii afi mmɔden a wɔbɔ ne ahobrɛase a wɔde yɛ Ahenni adwuma de boa afoforo no mu.—Mmebusɛm 10:22; 1 Petro 5:5.

Ahoboa a Wɔyɛ Kɔ Sukuu No

Nea ɛbɛyɛ na anuanom pii atumi akɔ Asomfo Ntetee Sukuu no, ɛsɛ sɛ wɔsrɛ kwan fi wɔn adwumam. Eyi a wɔbɛyɛ no taa yɛ den. Wɔ Hawaii no, na ɛsɛ sɛ Kristofo mmarima baanu a wɔyɛ sukuu akyerɛkyerɛfo a wɔtoo nsa frɛ wɔn sɛ wɔnkɔ sukuu yi bi no srɛ kwan fi wɔn adwumam. Yehowa mu gyidi nti, wɔde wɔn adesrɛ kɔtoo wɔn adwumam mpanyimfo anim kyerɛkyerɛɛ wɔn nea enti a wɔpɛ sɛ wɔkɔ sukuu no ne mfaso a wobenya afi so mu. Wɔmaa wɔn baanu nyinaa kwan ma wɔkɔe.

Wɔ Adansefo no bi fam no, bere a wɔsrɛɛ kwan no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛkɔ bɛba no, na wɔn adwuma afi wɔn nsa. Ɛmfa ho sɛ na wɔn adwuma betumi afi wɔn nsa no, wɔpaw sɛ wɔbɛkɔ ama Yehowa ahyehyɛde no akyerɛkyerɛ wɔn. Saafo yi binom wiee sukuu no, akyiri yi, wɔn adwumawuranom frɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmɛyɛ wɔn nnwuma. Yebetumi aka wɔn adwene a wosi no pi sɛ wɔbɛkɔ sukuu no bi ho asɛm tiawa sɛ: Fa w’adesrɛ kɔ, bɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa, na gyae nea aka no ma no.—Dwom 37:5.

Yehowa Kyerɛkyerɛ Wɔn

Wosua Bible no kɔ akyiri wɔ nnawɔtwe awotwe a wɔde yɛ sukuu no mu. Adesuafo no sua sɛnea wɔahyehyɛ Yehowa nkurɔfo ma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde ne sɛnea wobetumi de Bible no adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu, wɔ asafo nhyiam, ne nhyiam akɛse ase.

Obi a wakɔ sukuu no bi ama n’ani agye ho kyerɛw obi a afei na ɔrebɛkɔ bi no krataa sɛ: “Nokwasɛm ni, worebɛkɔ sukuu a wonkɔɔ bi da. Wobɛte Kyerɛwnsɛm a ɛse ‘wo mma nyinaa bɛyɛ Yehowa asuafo’ anaa wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn no ase yiye. Sɛ wokɔ a, wubehu sɛ sukuu no bɛtete wo, na ebesiesie wo koma ne wo nipasu ma woasuasua Kristo Yesu yiye. Sɛ wuwie a, wubehu sɛ woakɔ sukuu ampa.”—Yesaia 54:13.

Wɔyɛ Asɛmpakafo, Ahwɛfo, ne Akyerɛkyerɛfo

Seesei wɔn a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu no resom wɔ nsase 117 so. Eyinom bi ne, nsupɔw a ɛwɔ Atlantic, Caribbean, Pacific mpɔtam ne aman dodow no ara a Yehowa Adansefo adwumayɛbea wɔ hɔ no. Adwumayɛbea ahorow yi ka sɛ, ntetee pa a adesuafo no nya no da adi wɔ sɛnea wɔyɛ asɛmpaka adwuma no, wɔhwɛ asafo no so, ne sɛnea wɔkyerɛkyerɛ no mu. Ntetee a wonya no siesie wɔn ma wotumi de Bible no di dwuma yiye wɔ asɛnka mu. (2 Timoteo 2:15) Sɛ nkurɔfo bisa wɔn nsɛm wɔ asɛnka mu a, wɔtaa twe adwene si Reasoning From the Scriptures * nhoma no so nso de bua wɔn nsɛm no, na wɔtete Ahenni adawurubɔfo ma wɔyɛ saa ara. Nsi a saafo yi de yɛ ade no ka afoforo, na wɔn nnwuma hyɛ asafo no den.

Asafo mu mpanyimfo anya hokwan sɛ ‘wɔhwɛ Nyankopɔn nguankuw’ no so, na wɔboa afoforo ma wɔsom Onyankopɔn yiye. (1 Petro 5:2, 3) Ɔpanyin baako kaa wɔn a wɔakɔ sukuu no bi a wɔma wɔkɔboa asafo ahorow no ho asɛm sɛ: “Yɛn ani sɔ sɛ Betel adwumayɛbea no de mmarima a wɔatete wɔn yiye aba sɛ wɔmmɛboa yɛn ma yɛnhwɛ Onyankopɔn nguankuw no so.” Adwumayɛbea biako a ɛwɔ Asia man bi so no kae sɛ: “Wɔn a wɔakɔ sukuu no bi no wɔ tema paa. Wɔyɛ adwumaden na asafo no mufo ani gye wɔn ho yiye. Ahobrɛase, ɔdɔ, ne nsi a wɔde yɛ ade no da adi yiye na anuanom ntoto wɔn ase koraa. Wofi wɔn pɛ mu tu wɔn ho ma na wɔde anigye kɔboa asafo ahorow a wohia ahwɛfo no.” (Filipifo 2:4) Mmarima a wɔte saa no hyɛ wɔn mfɛfo gyidifo den na wɔfata nkamfo.—1 Korintofo 16:18.

Bio nso, wɔn a wɔkyerɛ ade wɔ Asomfo Ntetee Sukuu mu no boa adesuafo no ma wɔbɛyɛ baguam akasafo pa. Sɛ wɔn a wɔakɔ sukuu no bi de nyansahyɛ ne afotu a wɔde ma wɔn no yɛ adwuma a, ɛnkyɛ koraa wotumi ma wɔn mu binom dwumadi wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase. Ɔmansin sohwɛfo bi kae sɛ saafo yi tumi ma “kasa a etu mpɔn na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu ma emu da hɔ yiye.”—1 Timoteo 4:13.

Bere a wɔyɛɛ Asomfo Ntetee Sukuu wɔ Afrika man bi so na wɔmaa wɔn a wɔawie no kɔɔ asafo ahorow bi mu no, nkyerɛkyerɛ a wonya wɔ asafo nhyiam ase no tuu mpɔn. Asafo mu mpanyimfo a wɔawie sukuu no boa wɔ asɛmpaka, ahwɛfo, ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu, na wɔnam so hyɛ asafo no den.—Efesofo 4:8, 11, 12.

Wɔboa ma Wɔhwɛ Asafo no so Yiye

Wohia asafo mu mpanyimfo ne asomfo wɔ mmeae pii. Asafo bi wɔ hɔ a, sɛ wɔamfa obi a wakɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi ankɔ hɔ a, anka ɔpanyin biara nni hɔ. Enti wɔde saafo yi mu dodow no ara kɔ mmeae a wohia mmoa a ɛte saa no.

Yehowa Adansefo adwumayɛbea pii bɔ amanneɛ sɛ, saa mmarima yi “nim sɛnea wɔtoto nneɛma yiye wɔ ahyehyɛde no mu,” “wɔntoto wɔn asɛyɛde ase,” “wɔboa afoforo ma wɔte Yehowa ahyehyɛde no ase na wɔkyerɛ ho anisɔ,” na “wɔboa ma asafo no mu yɛ hyew ma wɔsom yiye.” Nea enti a eyi te saa ne sɛ, wɔn a wɔakɔ sukuu no bi no mfa wɔn ho nto wɔn ankasa nhumu so anaa wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wɔde nea wɔakyerɛw wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no na ɛyɛ adwuma. (Mmebusɛm 3:5-7) Sɛ wɔde mmarima a wɔte saa no kɔ asafo ahorow mu a, asafo no nya wɔn so mfaso.

Wɔresom Wɔ Nsasesin a Atew ne Ho Mu

Wɔn a wɔawie sukuu yi bi a wɔapaw wɔn sɛ akwampaefo atitiriw no boa akuw a ɛwɔ nsasesin a atew ne ho mu no ma akuw no bɛyɛ asafo. Bere a asafo mu panyin bi a ɔwɔ baabi a atew ne ho wɔ Guatemala rekyerɛ wɔn mmoa ho anisɔ no, ɔkae sɛ: “Mfe 20 ni na madwen sɛnea yɛbɛyɛ asasesin kɛse yi mu adwuma ho. Ná metaa bɔ ho mpae. Wɔatete anuanom a wofi Asomfo Ntetee Sukuu mu ba no yiye wɔ sɛnea wɔma ɔkasa ne sɛnea wɔtoto nneɛma yiye wɔ asafo no mu, na m’ani agye sɛ seesei wɔreyɛ adwuma wɔ yɛn asasesin yi mu.”

Wɔn a wɔawie sukuu no ahu sɛnea wɔbɛka asɛm no yiye wɔ nkuraa a atew ne ho wɔ nsasesin a ɛsɛ sɛ wotwa kwantenten fa mmepɔw so kɔ hɔ no ase. Sɛ wɔkɔ a, ntɛm ara wɔhyehyɛ akuw wɔ hɔ, bere a afoforo a wodii kan kɔɔ hɔ antumi anyɛ saa no. Sɛ nhwɛso no, asafo mu panyin bi a ɔwɔ Niger srɛe sɛ wɔmfa wɔn a wɔakɔ sukuu no bi mmra hɔ efisɛ na osusuw sɛ wobetumi aboa ma wɔayɛ adwuma wɔ baabi a ɔte no. Ɛnyɛ den pii mma wɔn a wɔnwaree no sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo atitiriw anaa amansin so ahwɛfo wɔ mmeae a atew ne ho saa no mu. Ɛsɛ sɛ wogyina ‘asubɔnten so asiane mu, akwanmukafo mu asiane mu, wuram asiane mu,’ wɔn ankasa nipadua mu haw ahorow ne asafo a wowom no ho adwennwene ano sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no.—2 Korintofo 11:26-28.

Wɔreboa Mmabun

Kyerɛwnsɛm no hyɛ mmabun nkuran sɛ wɔnkae wɔn Bɔfo. (Ɔsɛnkafo 12:1) Wɔn a wɔakɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi a wɔyɛ nsi no yɛ Kristofo a mmabun betumi ahwɛ wɔn asua wɔn. Bere a saafo yi baanu kɔɔ asafo bi mu wɔ United States no, bere a anuanom de yɛ asɛnka adwuma no bu bɔɔ ho. Bio nso daa akwampaefo anaa bere nyinaa Ahenni adawurubɔfo dodow kɔɔ anim fi 2 kosii 11. Eyi rekɔ so wɔ asafo ahorow pii mu.

Wɔn a wɔakɔ sukuu yi bi no hyɛ mmerante nkuran sɛ wonsusuw Asomfo Ntetee Sukuu no ho na wɔnkɔ bi. Eyi ama wɔn a wonnya mmɛyɛɛ asafo mu asomfo no repere sɛ wobenya hokwan yi bi. Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Netherlands no ka wɔn a wɔakɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi no ho asɛm sɛ “wɔyɛ nhwɛso pa ma mmerantewa a wɔredwen nea wɔbɛyɛ daakye no ho.”

Wɔresom wɔ Asafo Ahorow a Wɔka Ɔman Foforo so Kasa Mu

Wɔ aman pii so no, mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn kurom kasa mu no renya nkɔso. Wɔn a wɔakɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi no taa sua ɔman foforo so kasa na wɔkɔsom wɔ nsasesin a ahɔho pii atu abɛtra hɔ mu. Sɛ nhwɛso no, wohia Ahenni asɛnkafo pii a wɔbɛka asɛm no akyerɛ Albaniafo, Persiafo, ne Russiafo wɔ Belgium.

Asafo ahorow ne akuw a wɔka ɔman foforo so kasa wɔ Britain, Germany, Italy, Mexico, United States ne nsase afoforo so no anya ahwɛfo akwantufo, asafo mu mpanyimfo ne asomfo a wɔakɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi so mfaso kɛse. Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Korea bɔ amanneɛ sɛ “nnipa bɛboro 200 a wɔakɔ sukuu no bi no reboa asafo ahorow ne akuw a wɔka ɔman foforo so kasa no yiye.”

Wofi Ahobrɛase Mu Yɛ Nnwuma Afoforo

Asafo a wɔka ɔman foforo so kasa a wɔn a wɔakɔ Asomfo Ntetee Sukuu yi bi kɔsom wom akyi no, wɔsan som sɛ asafo mu mpanyimfo, asomfo, ne ahwɛfo akwantufo. Ebinom kɔsom wɔ aman foforo so wɔ baabi a ebia wohia mmoa kɛse wɔ Betel Ɔsom Dwumadibea. Wɔn a wɔanya adansi ho nimdeɛ no tumi boa wɔ Ahenni Asa adansi adwuma no mu.

Sɛnea asafo ahorow ne amansin redɔɔso wɔ wiase nyinaa no ama ɛho abehia sɛ yenya amansin so ahwɛfo bere nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi eyi ho dwuma no, wɔpaw wɔn a wɔakɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi no de nnawɔtwe du tete wɔn wɔ akwantu adwuma no mu na wɔma wɔsom sɛ amansin so ahwɛfo anaasɛ wɔn aboafo. Wɔn mu bɛyɛ 1,300 na mprempren wɔsom sɛ ahwɛfo akwantufo wɔ aman 97 mu. Wɔ Afrika man bi mu no, ahwɛfo akwantufo mu 100 mu nkyem 55 akɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi. Wɔ Afrika man foforo nso mu no, wɔn a wɔakɔ bi no yɛ 100 mu nkyem 70.

Wɔde wɔn a wɔakɔ sukuu no bi wɔ Amerika, Asia, Australia, Europa, ne Canada no pii akɔ nsase a wohia mmoa pɔtee so. Wɔnam saa kwan yi so ama wɔanya sukuu yi so mfaso wɔ wiase nyinaa.

Yehowa nam ne Ba, Yesu Kristo so atete asɛmpakafo, ahwɛfo, akyerɛkyerɛfo ne afoforo a wɔboa ma Ahenni adwuma kɔ so wɔ nna a edi akyiri yi mu. Biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛkɔ so adɔɔso? Yiw! Enti ɛho hia paa sɛ mmarima a wɔahyira wɔn ho so no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfata ama ɔsom hokwan kɛse a ɛte saa. (Yesaia 60:22; 1 Timoteo 3:1, 13) Asomfo Ntetee Sukuu no siesie asafo mu mpanyimfo ne asomfo ma wonya hokwan trɛw wɔn som adwuma mu, na ɛboa wɔn ankasa ne afoforo wɔ wiase nyinaa asɛnka adwuma no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Asomfo Ntetee Sukuu no ama Ahenni adwuma no rekɔ so wɔ wiase nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 13]

So wopɛ sɛ wokɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi na wode boa afoforo?