Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɔ Onyankopɔn A Ɔdɔ Wo No

Dɔ Onyankopɔn A Ɔdɔ Wo No

Dɔ Onyankopɔn A Ɔdɔ Wo No

“Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—MATEO 22:37.

1, 2. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛma wobisaa mmara no mu nea ɛyɛ kɛse ho asɛm no?

MOSE Mmara a ne dodow boro 600 no mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse paa? Ɛda adi sɛ na Farisifo a wɔwɔ Yesu bere so no gye saa asɛmmisa yi ho akyinnye denneennen. So na ɛyɛ mmara a ɛfa afɔrebɔ ho no? Nokwarem no, na wɔbɔ afɔre de hwehwɛ bɔne fafiri, na na wɔde da Onyankopɔn ase nso. Anaasɛ, ebia na mmara a ɛyɛ kɛse no ne twetiatwa ho mmara no? Ná ɛno nso ho hia, efisɛ na twetiatwa no yɛ apam a Yehowa ne Abraham yɛe no ho sɛnkyerɛnne.—Genesis 17:9-13.

2 Nanso, ebia wɔn a na wokura tete adwene no kae sɛ esiane sɛ mmara biara a Onyankopɔn de mae ho hia nti, ɛbɛyɛ mfomso sɛ obi bɛka sɛ mmara no bi ho hia sen bi, ɛmfa ho sɛ na ɛte sɛ nea na ebi kyɛn bi no. Farisifo no sii gyinae sɛ wobebisa Yesu asɛm a na wɔtaa gye ho akyinnye no. Ebia na wɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛka biribi a ɛremma nkurɔfo nnya ne mu ahotoso bio. Enti, wɔn mu biako kobisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛyɛ kɛse?”—Mateo 22:34-36.

3. Mmara no mu nea ɛwɔ he na Yesu kae sɛ ɛyɛ kɛse?

3 Mmuae a Yesu de mae no so wɔ mfaso kɛse ma yɛn nnɛ. Wɔ mmuae no mu no, Yesu bɔɔ asɛm a na ɛho hia wɔ nokware som mu, na ɛho bɛkɔ so ahia nnɛ no mua. Yesu faa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:5 no kae sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen biara ne nea edi kan.” Ɛwom sɛ Farisini no bisaa mmara biako pɛ ho asɛm de, nanso Yesu de biako san kaa ho maa no. Yesu faa asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:18 kaa asɛm. Ɔkae sɛ: “Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’” Afei Yesu kyerɛe sɛ saa mmara abien yi na wogyina so som Onyankopɔn nokware mu. Nea ɛbɛyɛ na Farisini no nkɔ so mmisa Yesu sɛ nea ɛwɔ he na ɛto so abiɛsa, anan, ne nea ɛkeka ho no, Yesu kae sɛ: “Ahyɛde abien yi so na Mmara no nyinaa ne Adiyifo no sɛn.” (Mateo 22:37-40) Yebesusuw saa mmara abien yi mu nea ɛyɛ kɛse paa no ho wɔ adesua yi mu. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn? Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ no? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya saa ɔdɔ no? Ɛho hia sɛ yenya nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae efisɛ sɛ Yehowa ani bɛsɔ yɛn a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma, yɛn kra, ne yɛn adwene nyinaa mu dɔ no.

Sɛnea Ɔdɔ Ho Hia

4, 5. (a) Dɛn nti na mmuae a Yesu de maa Farisini no anyɛ no nwonwa? (b) Dɛn na ɛsɔ Onyankopɔn ani paa sen afɔrebɔ ahorow?

4 Ɛte sɛ nea mmuae a Yesu de mae no anhaw Farisini a okobisaa no asɛm no, na saa ara nso na anyɛ no nwonwa. Ɛwom sɛ nnipa pii nnɔ Onyankopɔn de, nanso na Farisini no nim sɛ Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no no yɛ ade a ɛho hia wɔ nokware som mu. Ná Yudafo no taa ka wɔn gyidi mpaebɔ bi a wɔfrɛ no Shema no mu nsɛm den, na na Deuteronomium 6:4-9 a Yesu faa mu asɛm kae no ka ho. Wɔ nea Marko nso kyerɛwee mu no, Farisini no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, nea woaka no yɛ nokware turodoo, ‘Ɔyɛ Koro, na obiara nni hɔ sɛ Ɔno’; na obi koma nyinaa ne n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa a ɔde bɛdɔ no, na wadɔ ne yɔnko sɛ ne ho no som bo koraa sen ɔhyew afɔre ne afɔrebɔ nyinaa.”—Marko 12:32, 33.

5 Nokwarem no, ɛwom sɛ na Mmara no hwehwɛ sɛ Onyankopɔn asomfo bɔ ɔhyew afɔre ne afɔre afoforo de, nanso na nea ehia Onyankopɔn ankasa ne sɛ obi befi ne komam de ɔdɔ ayɛ saa. Ná akasanoma a wofi ɔdɔ ne koma mu de bɔ afɔre no sɔ Onyankopɔn ani sen adwennini mpempem pii a wɔde bɔ afɔre a emfi koma pa mu no. (Mika 6:6-8) Kae okunafo hiani bi a Yesu huu no wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no. Ná nkaprɛ mma abien a ɔde guu sika anaa ntoboa adaka no mu ntumi ntɔ akasanoma biako mpo. Nanso, ɔdɔ ne koma pa nyinaa mu a ofi yii saa ntoboa no sɔɔ Yehowa ani sen adefo a wofi nea wɔanya ama aboro wɔn so mu de beguu mu no. (Marko 12:41-44) Ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea te biara no, hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yebehu sɛ Yehowa ani sɔ nea yɛn mu biara fi ɔdɔ mu yɛ ma no no paa!

6. Dɛn na Paulo kyerɛwee a ɛma yehu sɛ ɔdɔ ho hia?

6 Bere a ɔsomafo Paulo resi sɛnea ɔdɔ ho hia wɔ nokware som mu so dua no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ meka nnipa ne abɔfo kasa na minni dɔ a, mete sɛ yaawa a egyigye anaa nnade a ɛbobom. Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ akyɛde na minim ahintasɛm kronkron nyinaa, wɔ nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa a mitumi tutu mmepɔw, na sɛ minni dɔ a, mensɛ hwee. Na sɛ mede m’ahode nyinaa ma de hwɛ afoforo, na mede me nipadua ma de hoahoa me ho na sɛ minni dɔ a, minnya mfaso biara.” (1 Korintofo 13:1-3) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na ama yɛn som asɔ n’ani. Nanso, dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa?

Nea Yɛyɛ De Kyerɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa

7, 8. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa?

7 Nkurɔfo pii gye di sɛ ɔdɔ yɛ nkate a yentumi nyɛ ho hwee; yɛtaa te sɛ nkurɔfo ka sɛ wɔatɔ obi tɔ mu ntintan. Nanso, ɔdɔ kann nyɛ nkate bi a yenya kɛkɛ. Ɛyɛ nneyɛe na yɛde hu, na ɛnyɛ nkate. Bible ka sɛ ɔdɔ yɛ “ɔkwan a ɛkyɛn so,” na ɛyɛ biribi a ‘yɛhwehwɛ.’ (1 Korintofo 12:31; 14:1) Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ, wɔmmfa ‘ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom wɔnnɔ wɔ nneyɛe ne nokware mu.’—1 Yohane 3:18.

8 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ka yɛn ma yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani, na ɛma yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yegyina ne tumidi akyi na yegye tom. Ɛka yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi wiase no ne emu nneɛma bɔne no ho. (1 Yohane 2:15, 16) Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no kyi bɔne. (Dwom 97:10) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no hwehwɛ nso sɛ yɛdɔ yɛn mfɛfo nnipa, na yebesusuw ɛno ho wɔ adesua a edi hɔ no mu. Bio nso, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no hwehwɛ sɛ yɛyɛ osetie ma no. Bible ka sɛ: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.”—1 Yohane 5:3.

9. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ Onyankopɔn?

9 Yesu yɛɛ nea yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn no ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa yɛn. Ɔdɔ kaa no ma ofii soro bɛtraa asase so sɛ onipa. Ɔdɔ kaa no ma ɔde nneɛma a ɔyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ hyɛɛ n’Agya anuonyam. Ɔdɔ kaa no nso ma ‘ɔyɛɛ osetie kosii owu mu.’ (Filipifo 2:8) Saa osetie a ɔyɛ de daa ɔdɔ adi no buee kwan maa nnipa anokwafo nyaa Onyankopɔn anim dom. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea onipa baako [Adam] asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo no, saa ara na ɔbaakofo [Kristo Yesu] setie bɛma nnipa bebree ayɛ atreneefo.”—Romafo 5:19.

10. Dɛn nti na sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ yetie n’asɛm?

10 Yɛn nso yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn de kyerɛ sɛ yɛdɔ no sɛnea Yesu yɛe no. Ɔsomafo Yohane a na Yesu dɔ no no kyerɛwee sɛ: “Nea ɔdɔ kyerɛ ni, sɛ yɛbɛnantew sɛnea n’ahyɛde te. Eyi ne ahyɛde no, sɛnea moate fi mfiase no, sɛ monkɔ so nnantew mu.” (2 Yohane 6) Wɔn a wofi wɔn komam dɔ Yehowa no hwehwɛ n’akwankyerɛ. Esiane sɛ wonim sɛ wɔn ankasa ntumi nteɛ wɔn anammɔn nti, wɔde wɔn ho to nyansa a Onyankopɔn de ma no so na wodi akwankyerɛ a ofi ɔdɔ mu de ma no so. (Yeremia 10:23) Wɔyɛ wɔn ade te sɛ tete Beroiafo a na wɔwɔ adwempa a wogyee Onyankopɔn asɛm “ntɛm so,” na wonyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no. (Asomafo Nnwuma 17:11) Wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu kɔɔ akyiri yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nea Onyankopɔn pɛ paa, na ɛno boaa wɔn ma wofii ɔdɔ mu yɛɛ osetie maa Onyankopɔn wɔ nneɛma afoforo mu.

11. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yefi yɛn koma, yɛn adwene, yɛn kra, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu dɔ Onyankopɔn?

11 Sɛnea Yesu kae no, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma, yɛn adwene, yɛn kra, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu dɔ Onyankopɔn. (Marko 12:30) Ɔdɔ a ɛte saa no fi komam, kyerɛ sɛ, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, nea yɛn ani gye ho ne nneɛma a yesusuw ho wɔ yɛn komam, na ɛno kanyan yɛn ma yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa pɛ. Yɛde nneɛma a yedwen ho nso kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. Yɛnsom Onyankopɔn kɛkɛ; yɛabehu Yehowa su, ne gyinapɛn, ne n’atirimpɔw ahorow. Yɛde yɛn kra anaa yɛn nipadua nyinaa ne nkwa a yɛwɔ som Yehowa, na yeyi no ayɛ. Yɛde yɛn ahoɔden nso yɛ saa ara.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa

12. Dɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛdɔ no?

12 Ade biako nti a ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne sɛ ɔpɛ sɛ yɛda su a ɔwɔ no bi adi. Onyankopɔn ne dɔ, na ɔno na ɔyɛ ɔdɔ ho nhwɛso a ɛkyɛn so. Yehowa maa ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so; wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. Nokwarem no, Yehowa di ne tumi wɔ ɔdɔ mu. Wɔn a Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ ne nkoa yɛ nnipa a wɔsom no esiane sɛ wɔdɔ no na wɔn ani gye ne tumi a odi no trenee so no ho nti. Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ ho hia na ama asomdwoe ne biakoyɛ atra abɔde nyinaa mu.

13. (a) Dɛn nti na wɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: ‘Wɔnnɔ Yehowa wɔn Nyankopɔn’? (b) Dɛn nti na ɛfata paa sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛdɔ no?

13 Ade foforo nti a yɛdɔ Yehowa ne sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no. Kae sɛ, Yesu ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa wɔn Nyankopɔn.’ Ná ɛnyɛ onyame bi a onnwen wɔn ho anaa wonnim no na ɛsɛ sɛ wɔdɔ no. Ná ɛsɛ sɛ wɔdɔ Onii a ɔdɔ wɔn no. Yehowa na na ɔyɛ wɔn Nyankopɔn. Ɔno ne Obi a ogyee wɔn fii Misraim baa Bɔhyɛ Asase no so. Ɔno na ɔbɔɔ wɔn ho ban, wowaw wɔn, dɔɔ wɔn, na ɔteɛɛ wɔn so wɔ ɔdɔ mu. Ɛnnɛ nso, Yehowa ne yɛn Nyankopɔn, nea ɔde ne Ba maa yɛn sɛ agyede na ama yɛanya daa nkwa no. Enti, ɛfata paa sɛ Yehowa ka sɛ yɛn nso yɛnna ɔdɔ adi! Yehowa dɔ yɛn nti na yɛn nso yɛdɔ no; wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn no. Onii a “odii kan dɔɔ yɛn” no na ɛsɛ sɛ yɛdɔ no.—1 Yohane 4:19.

14. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a Yehowa wɔ no te sɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ de?

14 Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma nnipa no te sɛ ɔdɔ a ɔwofo bi a ɔwɔ ɔdɔ wɔ ma ne mma. Ɛwom sɛ awofo a wɔwɔ ɔdɔ nyɛ pɛ de, nanso wɔyɛ adwumaden mfe pii de hwɛ wɔn mma, na wɔbɔ ka kɛse de nneɛma foforo pii bɔ afɔre ansa na wɔatumi ahwɛ wɔn mma no. Esiane sɛ awofo pɛ sɛ wɔn mma nyin yiye na wɔn ani gye nti na wɔkyerɛkyerɛ wɔn, hyɛ wɔn nkuran, wɔhwɛ wɔn, na wɔteɛ wɔn so no. Dɛn na awofo hwehwɛ sɛ wɔn mma no nso bɛyɛ ama wɔn? Wɔpɛ sɛ wɔn mma no dɔ wɔn na wɔde wɔn afotu a wɔde ma wɔn no yɛ adwuma, na aboa wɔn. So ntease nnim sɛ yɛn soro Agya no hwɛ kwan sɛ yɛbɛdɔ no na yɛakyerɛ nea ɔyɛ ma yɛn no nyinaa ho anisɔ?

Sɛnea Yebenya Ɔdɔ Ama Onyankopɔn

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ na ama yɛadɔ Onyankopɔn?

15 Yenhuu Onyankopɔn da, na saa ara nso na yɛntee ne nne da. (Yohane 1:18) Nanso, ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛne no mmenya abusuabɔ a ɔdɔ wom. (Yakobo 4:8) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ade a edi kan a ɛma yɛdɔ obi ne sɛ yebehu no yiye; ɛyɛ den sɛ yebenya ɔdɔ a ɛkɔ akyiri ama obi a yennim no. Yehowa de n’Asɛm Bible ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahu sɛnea ɔte ankasa. Ɛno nti na Yehowa nam n’ahyehyɛde no so hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkenkan Bible daa no. Ɛyɛ Bible na ɛma yehu Onyankopɔn su ahorow, sɛnea ɔte, ne sɛnea ɔne nnipa dii nsɛm mfe mpempem pii a atwam no mu. Sɛ yesusuw nsɛm a ɛte saa a ɛwɔ Bible mu no ho a, yebehu Yehowa yiye, na ɔdɔ a yɛwɔ ma no no bɛyɛ kɛse.—Romafo 15:4.

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu som adwuma a yebesusuw ho no bɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ayɛ kɛse?

16 Ɔkwan titiriw a yebetumi afa so ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse ne sɛ yebesusuw Yesu asetra ne ne som adwuma ho. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu daa n’Agya su ahorow adi pɛpɛɛpɛ ma otumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yohane 14:9) So sɛnea Yesu yam hyehyee no maa okunafo bi ma enti onyanee ne babarima a odi no ba koro no nka wo koma? (Luka 7:11-15) So ɛnyɛ wo anigye sɛ wubehu sɛ Yesu, Onyankopɔn Ba a ɔno ne onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no brɛɛ ne ho ase hohoroo n’asuafo nan ho? (Yohane 13:3-5) So ɛnka wo koma sɛ wubehu sɛ ɛwom sɛ Yesu yɛ ɔkɛseɛ ne onyansafo sen onipa biara de, nanso na onipa biara a mmofra mpo ka ho tumi bɛn no? (Marko 10:13, 14) Sɛ yɛde anisɔ susuw saa nneɛma yi nyinaa ho a, yɛbɛyɛ te sɛ Kristofo a Petro kyerɛw wɔn ho asɛm no. Ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ moanhu [Yesu] da de, nanso modɔ no.” (1 Petro 1:8) Sɛ yenya ɔdɔ a emu yɛ den ma Yesu a, saa ara na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no nso mu bɛyɛ den.

17, 18. Nneɛma bɛn na Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ ama yɛn a sɛ yesusuw ho a ebetumi ama yɛadɔ no kɛse?

17 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so anya ɔdɔ kɛse ama Onyankopɔn ne sɛ yebesusuw nneɛma pii a ofi ɔdɔ mu ayɛ ama yɛn a ɛma yɛn ani gye wɔ asetram no ho. Ebi ne abɔde a ɛyɛ fɛ, nnuan ahorow pii a ɛyɛ dɛ a yedi, anigye kɛse a nnamfo pa ma yenya, ne nneɛma foforo pii a ɛma yenya anigye ne akomatɔyam no. (Asomafo Nnwuma 14:17) Dodow a yɛkɔ so sua Onyankopɔn ho ade no, dodow no ara na ɛma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ne papayɛ ne n’ayamye pii no ho anisɔ. W’ankasa susuw nneɛma a Yehowa ayɛ ama wo no nyinaa ho hwɛ. So wunhu sɛ ɛsɛ sɛ wodɔ no?

18 Akyɛde pii a Onyankopɔn de ama yɛn no bi ne hokwan a yɛwɔ sɛ yɛkɔ n’anim bere biara wɔ mpaebɔ mu no. Na yenim sɛ “mpaebɔ Tiefo” no tie yɛn. (Dwom 65:2) Yehowa de tumi ama ne Dɔba no sɛ onni hene na ommu atɛn. Nanso, ɔmfa nhyɛɛ obiara nsa sɛ ontie mpaebɔ mma no a ne Ba no mpo ka ho. Ɔno ankasa na otie yɛn mpaebɔ. Enti, ɔdɔ mu a Yehowa fi dwen yɛn ho no ma yɛbɛn no.

19. Nneɛma bɛn na Yehowa aka sɛ ɔbɛyɛ a ɛma yɛbɛn no?

19 Sɛ yesusuw nea Yehowa de bɛma adesamma daakye no ho a, ɛno nso ma yɛbɛn no. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obeyi yare, awerɛhow, ne owu afi hɔ. (Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛ nnipa ba pɛyɛ mu a, obiara nni hɔ a obenya adwenemhaw, n’abam bebu, anaasɛ asiane bi bɛto no. Ɔkɔm, ohia, ne ɔko nyinaa befi hɔ. (Dwom 46:9; 72:16) Asase nyinaa bɛdan paradise. (Luka 23:43) Ɛnyɛ obiara na ɔrehyɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ eyinom nyinaa mma yɛn, na mmom ɛyɛ ɔdɔ a ɔdɔ yɛn nti.

20. Dɛn na Mose kae a ɛkyerɛ sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛdɔ Yehowa?

20 Enti, yɛwɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yɛma saa ɔdɔ no yɛ kɛse. So wobɛkɔ so ama ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no mu ayɛ den, na woama wakyerɛ wo kwan? Ɛyɛ w’ankasa na ɛsɛ sɛ wusi eyi ho gyinae. Mose huu mfaso a na ɛwɔ ɔdɔ a ɔbɛkɔ so anya ama Yehowa no so. Mose ka kyerɛɛ Israelfo a wɔtraa ase tete no sɛ: “Fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow.”—Deuteronomium 30:19, 20.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛdɔ Yehowa?

• Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn?

• Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa?

• Yɛbɛyɛ dɛn anya ɔdɔ ama Onyankopɔn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Yehowa ani sɔ ɔdɔ a yɛn mu biara tumi da no adi kyerɛ no no paa

[Mfonini wɔ kratafa 23]

“Nea wahu me no ahu agya no nso.”—Yohane 14:9