Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yɛyɛ De Kyerɛ Sɛ Yɛdɔ Yɛn Yɔnko

Nea Yɛyɛ De Kyerɛ Sɛ Yɛdɔ Yɛn Yɔnko

Nea Yɛyɛ De Kyerɛ Sɛ Yɛdɔ Yɛn Yɔnko

“Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”—MATEO 22:39.

1. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn?

DƐN na Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ? Yesu de nsɛm ntiantiaa a tumi wom bɔɔ mmuae no mmua. Ɔkae sɛ, mmara no mu nea ɛso sen biara ne sɛ wode wo koma, wo kra, w’adwene, ne w’ahoɔden nyinaa bɛdɔ Yehowa. (Mateo 22:37; Marko 12:30) Sɛnea yehui wɔ adesua a edi eyi anim mu no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no hwehwɛ sɛ yetie no na yedi n’ahyɛde so de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ ɔdɔ a wada no adi akyerɛ yɛn no. Ɛnyɛ den mma wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde; na ɛma wɔn ani gye mpo.—Dwom 40:8; 1 Yohane 5:2, 3.

2, 3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw mmara a ɛka sɛ yɛnnɔ yɛn yɔnko no ho, na nsɛmmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?

2 Yesu kae sɛ, mmara no mu kɛse a ɛto so abien no te sɛ nea edi kan no ara: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Saa ahyɛde yi na yɛrebesusuw ho seesei, na mfaso wɔ so sɛ yɛbɛyɛ saa. Nnipa pii na wɔnna ɔdɔ pa adi wɔ wiase a yɛte mu yi mu. Bere a Onyankopɔn maa ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ nea ɛbɛma yɛahu sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu no, ɔkyerɛwee sɛ nnipa rennɔ wɔn ho wɔn ho, na mmom wɔbɛyɛ ahopɛ, sikanibere, na wɔadɔ anigyede. Nnipa pii bɛyɛ wɔn a ‘wonni tema,’ anaa sɛnea Bible nkyerɛase bi ka no no, wɔbɛyɛ wɔn a “wɔnnɔ wɔn abusuafo.” (2 Timoteo 3:1-4) Yesu ka too hɔ sɛ: ‘Nnipa bebree beyiyi wɔn ho ama atentan wɔn ho. Na nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.’—Mateo 24:10, 12.

3 Nanso, hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ obiara dɔ ano bedwo. Efisɛ, efi tete besi nnɛ nyinaa nnipa bi adɔ Yehowa wɔ ɔkwan a ɔhwehwɛ na ɛfata no no so, na ebinom bɛkɔ so ayɛ saa bere nyinaa. Wɔn a wɔdɔ Yehowa ankasa no bɔ mmɔden sɛ wobebu afoforo sɛnea Yehowa bu wɔn no. Ɛnde, hena ne yɛn yɔnko a ɛsɛ sɛ yɛdɔ no no? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko? Kyerɛwnsɛm no betumi aboa yɛn ma yɛanya saa nsɛmmisa a ɛho hia yi ho mmuae.

Hena Ne Me Yɔnko?

4. Sɛnea Leviticus ti 19 kyerɛ no, henanom na na ɛsɛ sɛ Yudafo no dɔ wɔn?

4 Bere a Yesu reka akyerɛ Farisini no sɛ mmara no mu kɛse a ɛto so abien ne dɔ wo yɔnko sɛ wo ho no, na ɔretwe adwene asi mmara pɔtee bi a wɔde maa Israelfo no so. Saa mmara no wɔ Leviticus 19:18. Wɔka kyerɛɛ Yudafo no wɔ Leviticus ti 19 sɛ, wɔ wɔn mfɛfo Yudafo akyi no, ɛsɛ sɛ wobu afoforo sɛ wɔyɛ wɔn yɔnkonom. Leviticus 19:34 ka sɛ: “Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho.” Ɛno nti, na ɛsɛ sɛ wɔdɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo, ne titiriw no, wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no.

5. Ná Yudafo te yɔnkodɔ ase dɛn?

5 Nanso, na Yudafo akannifo a wɔwɔ Yesu bere so no wɔ adwene foforo koraa wɔ saa asɛm yi ho. Yudafo akannifo no mu bi kyerɛkyerɛe sɛ asɛm “adamfo” ne “yɔnko” no fa Yudafo nkutoo ho. Ná Yudafo no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtan wɔn a wɔnyɛ Yudafo no papaapa. Saa akyerɛkyerɛfo no susuwii sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom Onyankopɔn no tan wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no. Nhoma bi ka sɛ, “Wɔ tebea a ɛte saa mu no, nkurɔfo tentan wɔn ho wɔn ho, na ɛmaa nneɛma a ɛde ɔtan ba buu so.”

6. Nneɛma abien bɛn na Yesu kaa ho asɛm bere a na ɔreka sɛ yɛnnɔ yɛn yɔnko no?

6 Yesu kyerɛkyerɛɛ onipa a ɛsɛ sɛ yɛdɔ no no mu wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Ɔkae sɛ: “Motee sɛ wɔkae sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko na kyi wo tamfo.’ Nanso, mise mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo, na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma, efisɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu atreneefo ne abɔnefo so.” (Mateo 5:43-45) Nneɛma abien na Yesu maa emu daa hɔ wɔ ha. Nea edi kan no, ɔma yehui sɛ Yehowa da ayamye adi kyerɛ nnipa papa ne nnipa bɔne nyinaa. Nea ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa nhwɛso no.

7. Dɛn na yesua fi mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborohunufo no ho no mu?

7 Bere bi, Yudani bi a onim Mmara no yiye bisaa Yesu sɛ: “Hena ne me yɔnko ankasa?” Yesu yɛɛ mfatoho bi a ɛfa Samariani bi a ɔkɔtoo Yudani bi a na akorɔmfo abobɔ no agye ne ho nneɛma ho de buaa n’asɛmmisa no. Ɛwom sɛ, na Yudafo dodow no ara tan Samariafo de, nanso Samariani no kyekyeree n’akuru no de no kɔɔ ahɔhofie, baabi a na wɔbɛhwɛ no ama ne ho atɔ no. Dɛn na yesua fi asɛm yi mu? Ɛnyɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua, wɔn a yɛne wɔn fi ɔman biako mu, anaa wɔn a yɛne wɔn wɔ ɔsom biako mu nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn, na mmom nnipa nyinaa.—Luka 10:25, 29, 30, 33-37.

Nea Yɛyɛ De Kyerɛ sɛ Yɛdɔ Yɛn Yɔnko

8. Dɛn na Leviticus ti 19 ka wɔ nea na ɛsɛ sɛ wɔyɛ de da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo no ho?

8 Ɔdɔ a ɛsɛ sɛ yenya ma yɛn yɔnko no te sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no. Ɛyɛ nneyɛe na yɛde da no adi; ɛnyɛ nkate bi kɛkɛ. Mfaso wɔ so sɛ yɛbɛkɔ so asusuw nea ɛma wɔkaa saa asɛm yi a ɛwɔ Leviticus ti 19 a ɛde afotu maa Onyankopɔn nkurɔfo sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnkonom sɛ wɔn ho no ho. Wɔaka wɔ hɔ sɛ, ná ɛsɛ sɛ wɔma ahiafo ne ahɔho kodi mpɛpɛw wɔ wɔn mfuw mu. Ná mmara mma kwan sɛ obi bewia ade, abɔ apoo, anaasɛ ɔbɛdaadaa nkurɔfo. Ná ɛnsɛ sɛ Israelfo no hwɛ nnipa anim wɔ asɛnni mu. Ɛwom sɛ na wotumi ka nnipa anim de, nanso wɔhyɛɛ da ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ntan wo nua wo koma mu.” Wɔbɔɔ mmara yi ne afoforo mua sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”—Leviticus 19:9-11, 15, 17, 18.

9. Dɛn nti na Yehowa bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi aman foforo mufo ho?

9 Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Israelfo no dɔ afoforo de, nanso na ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn a wɔsom abosom no bɔ fekuw. Yehowa bɔɔ Israelfo no kɔkɔ wɔ nea ebefi fekubɔne a na wɔbɛbɔ no mu aba no ho. Sɛ nhwɛso no, Yehowa bɔɔ Israelfo no kɔkɔ wɔ aman a na wobetu wɔn afi asase no so no ho sɛ: “Wo ne wɔn nnni ayeware, mfa wo babea mma ne ba, nso nnye ne babea mma wo ba aware. Efisɛ ɔbɛdan wo ba ani afi m’akyi, na wɔasom anyame foforo, na [Yehowa, NW] bo afuw mo, na wasɛe wo ntɛm.”—Deuteronomium 7:3, 4.

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho?

10 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ Kristofo ne wɔn a wobetumi asɛe wɔn gyidi no bɔ fekuw. (1 Korintofo 15:33) Wotu yɛn fo sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni”—wɔn a wonni Kristofo asafo no mu “nntwe kɔndua koro.” (2 Korintofo 6:14) Bio nso, wotu Kristofo fo sɛ wɔnware “Awurade mu nkutoo.” (1 Korintofo 7:39) Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu wɔn a wɔnyɛ Yehowa asomfo no animtiaa da. Kristo wu maa nnebɔneyɛfo, na nnipa pii a bere bi na anka wɔyɛ nneɛma bɔne no sesae bɛsom Onyankopɔn.—Romafo 5:8; 1 Korintofo 6:9-11.

11. Ɔkwan a eye sen biara bɛn na yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn a wɔnsom Yehowa no, na dɛn ntia?

11 Sɛ yɛpɛ sɛ yehu ɔkwan pa a yebetumi afa so ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no a, ɔkwan a eye paa a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ yebesuasua sɛnea Yehowa ankasa da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn no. Ɛwom sɛ Onyankopɔn ani nnye abɔnefosɛm ho de, nanso ɔda ayamye adi kyerɛ nnipa nyinaa denam nsa a ɔto frɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn na wommenya daa nkwa no so. (Hesekiel 18:23) Yehowa ‘pɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Petro 3:9) Ɛyɛ ne pɛ sɛ ‘ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.’ (1 Timoteo 2:4) Ɛno nti na Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo sɛ wɔnka asɛm no na wɔnkyerɛkyerɛ, na ‘wɔnyɛ aman nyinaa n’asuafo’ no. (Mateo 28:19, 20) Sɛ yɛyɛ adwuma yi bi a, na yɛreda ɔdɔ adi akyerɛ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa, a yɛn atamfo mpo ka ho!

Ɔdɔ a Yebenya Ama Yɛn Nuanom Kristofo

12. Dɛn na ɔsomafo Yohane kyerɛw faa ɔdɔ a yebenya ama yɛn nua no ho?

12 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔne yɛn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” (Galatifo 6:10) Sɛ́ Kristofo no, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛdɔ wɔn a yɛne wɔn wɔ gyidi no mu—yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn som Onyankopɔn no. Dɛn nti na saa ɔdɔ yi ho hia? Bere a ɔsomafo Yohane reka nea enti a ɛho hiaa paa sɛ yɛda saa ɔdɔ yi adi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ wudifo, . . . Sɛ obi ka sɛ: ‘Medɔ Nyankopɔn’ na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Efisɛ nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no ntumi nnɔ Nyankopɔn a onhu no.” (1 Yohane 3:15; 4:20) Asɛm a Yohane kae no yɛ aniberesɛm. Yesu Kristo frɛɛ Satan Ɔbonsam sɛ ‘owudifo’ ne “ɔtorofo.” (Yohane 8:44) Mommma wɔmmfrɛ yɛn mu biara sɛ owudifo anaa ɔtorofo da!

13. Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de ada ɔdɔ adi akyerɛ yɛn mfɛfo gyidifo?

13 “Onyankopɔn kyerɛkyerɛ” nokware Kristofo sɛ ‘wɔnnodɔ wɔn ho.’ (1 Tesalonikafo 4:9) Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ‘ano anaa yɛn tɛkrɛma dɔ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔ nneyɛe ne nokware mu.’ (1 Yohane 3:18) Ɛnsɛ sɛ yɛma “nyaatwom” fra yɛn dɔ mu. (Romafo 12:9) Ɔdɔ ka yɛn ma yɛda ayamye, tema, ne abodwokyɛre adi, na yɛde bɔne firi. Na yɛnyɛ ahoɔyaw, ahomaso, ahantan, anaa pɛsɛmenkominya. (1 Korintofo 13:4, 5; Efesofo 4:32) Ɔdɔ ka yɛn ma ‘yɛsom yɛn ho yɛn ho.’ (Galatifo 5:13) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no. (Yohane 13:34) Enti, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni wu ma ne mfɛfo gyidifo a, ɛsɛ sɛ otumi yɛ saa.

14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada ɔdɔ adi wɔ abusua mu?

14 Ɛsɛ sɛ Kristofo paa na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔ wɔn mmusua mu, na okunu ne ɔyere titiriw na ɛsɛ sɛ wohu saa ɔdɔ no wɔ wɔn ntam. Aware yɛ abusuabɔ a emu yɛ den paa ma enti Paulo kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho.” (Efesofo 5:28) Paulo san tĩĩ saa afotu yi mu wɔ Efesofo 5:33. Sɛ okunu dɔ ne yere a, ɔrensuasua Israelfo a wɔtraa ase wɔ Malaki bere so a wotwaa wɔn yerenom nkontompo no. (Malaki 2:14) Mmom no, obekura ne yere te sɛ kesua. Ɔbɛdɔ ne yere te sɛ nea Kristo dɔɔ asafo no. Ɔdɔ a ɛte saa a okunu da no adi kyerɛ ne yere no bɛka ɔyere no nso ma wabu ne kunu.—Efesofo 5:25, 29-33.

15. Nsɛm bɛn na ebinom kae bere a wohui sɛ Yehowa asomfo bi reda onuadɔ adi no, na ɛkaa wɔn ma wɔyɛɛ dɛn?

15 Ɛda adi pefee sɛ, saa ɔdɔ yi na ɛma wohu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho no twetwe nkurɔfo ba Onyankopɔn a yɛdɔ no na yegyina n’ananmu no nkyɛn. Sɛ nhwɛso no, abusua bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo wɔ Mozambique no bɔ amanneɛ sɛ: “Ná yenhuu biribi a ɛte saa da. Awia bi, mframa bi a ano yɛ den bɔe, na ɛno akyi no, osu kɛse ne asukɔtweaa tɔe. Mframa a ano yɛ den no bubuu yɛn mpopadan no, na etuu nkyɛnsee a ɛbɔ ɔdan no so kɔtoo baabi. Bere a yɛn nuanom a wɔwɔ asafo ahorow a ɛbemmɛn no mu no bɛboaa yɛn ma yɛsan sii yɛn fie no, yɛn afipamfo a na wɔn ho adwiriw wɔn no kae sɛ: ‘Mo som no ye paa. Yennyaa mmoa a ɛte saa mfii yɛn asɔre mu da.’ Yebuee Bible mu ne wɔn kenkanee Yohane 13:34, 35. Seesei, yɛn afipamfo no pii resua Bible no.”

Ɔdɔ a Yebenya Ama Ankorankoro

16. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ nnipakuw bi ne nea yɛda no adi kyerɛ ankorankoro no mu?

16 Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛdɔ yɛn afipamfo sɛ nnipakuw. Nanso, ɔdɔ a yebenya ama ankorankoro no betumi ayɛ den yiye. Sɛ nhwɛso no, nea ebinom yɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn yɔnkonom ara ne sɛ wɔde nneɛma bi bɛkyɛ adɔe kuw bi. Nokwarem no, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛde yɛn ano bɛka kɛkɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko sen sɛ yɛbɛdɔ obi a yɛne no yɛ adwuma a ɛte sɛ nea onnwen yɛn ho, ofipamfo bi a ne ho yɛ yɛn ahi, anaa adamfo bi a wadi yɛn huammɔ.

17, 18. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ ankorankoro, na adwene bɛn na ɔde yɛɛ saa?

17 Wɔ ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ ankorankoro mu no, yesua biribi fi Yesu a ɔdaa Onyankopɔn su ahorow adi pɛpɛɛpɛ no hɔ. Ɛwom sɛ Yesu baa asase so sɛ ɔrebeyi wiase no bɔne akɔ de, nanso oyii ɔdɔ adi kyerɛɛ ankorankoro bi te sɛ ɔbea bi a na ɔyare, ɔkwatani, ne abofra bi. (Mateo 9:20-22; Marko 1:40-42; 7:26, 29, 30; Yohane 1:29) Saa ara na sɛnea yɛne nnipa a yehyia wɔn da biara da di nsɛm no bɛkyerɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ yɛn yɔnko.

18 Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko a na yɛdɔ Onyankopɔn. Ɛwom sɛ Yesu boaa ahiafo, ɔsaa ayarefo yare, maa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan dii de, nanso adwene a ɔde yɛɛ eyinom nyinaa, ne nea enti a ɔkyerɛkyerɛɛ nnipakuw no ne sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔaba Yehowa nkyɛn. (2 Korintofo 5:19) Yesu yɛɛ biribiara de hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na wamma ne werɛ amfi da sɛ ogyina Onyankopɔn a ɔdɔ no no ananmu, na wamma ne werɛ amfi da sɛ nea ɔbɛyɛ biara no, papa oo bɔne oo, ɛbɛka n’Agya din. (1 Korintofo 10:31) Sɛ yesuasua Yesu nhwɛso no a, yebetumi ada ɔdɔ kann adi akyerɛ yɛn yɔnko, na bere koro no ara yɛakɔ so atwe yɛn ho afi abɔnefo a wɔwɔ wiase no ho.

Dɛn na Yɛyɛ a Ɛkyerɛ sɛ Yɛdɔ Yɛn Yɔnko sɛ Yɛn Ho?

19, 20. Yɛn yɔnko a yɛbɛdɔ no no kyerɛ dɛn?

19 Yesu kae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Ɛnyɛ bɔne sɛ yebedwen yɛn ankasa ho, na yɛanya obu bi a ɛfata ama yɛn ho. Sɛ ɛnte saa a, na anka ntease biara nni saa ahyɛde no mu. Ɛnsɛ sɛ yedi mfomso susuw sɛ ɔdɔ a ɛfata a yenya ma yɛn ho no ara ne ahopɛ a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:2 no. Na mmom, ɛyɛ obu a ɛfata a yenya ma yɛn ho. Bible ho ɔbenfo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “ɔdɔ a ɛfata a yebenya ama yɛn ho no nkyerɛ sɛ yebebu yɛn ho dodo anaasɛ yebebu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee.”

20 Afoforo a yɛbɛdɔ wɔn sɛ yɛn ho no kyerɛ sɛ yebebu wɔn sɛnea yɛpɛ sɛ wobu yɛn no, na yɛne wɔn di nsɛm sɛnea yɛbɛpɛ sɛ wɔne yɛn di no. Yesu kae sɛ: “Enti nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo biara no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Hyɛ no nsow sɛ, Yesu anka sɛ ɛsɛ sɛ yedwennwen nneɛma a afoforo ayɛ ama yɛn bere bi a atwam ho na yɛyɛ bi hyɛ wɔn ananmu. Mmom no, ɛsɛ sɛ yesusuw nea yɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma yɛn no ho na yɛyɛ wɔn saa ara. San hyɛ no nsow sɛ, asɛm a Yesu kae no mfa yɛn nnamfonom ne yɛn nuanom nkutoo ho. Ebia ɔde asɛmfua “nnipa” no yɛɛ adwuma de kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ nnipa nyinaa, onipa biara a yebehyia no.

21. Sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo a, na dɛn na yɛreda no adi?

21 Sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban, na ɛremma yɛnyɛ bɔne. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea wɔka sɛ: Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma w’ani mmmere! no, anaasɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔapatã abom ahyɛ asɛm yi mu sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne.” (Romafo 13:9, 10) Ɔdɔ bɛka yɛn ama yɛahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ afoforo papa. Sɛ yɛdɔ yɛn mfɛfo nnipa a, na yɛreda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ nnipa wɔ ne suban so no nso.—Genesis 1:26.

Wubebua Dɛn?

• Hena na ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ no, na dɛn ntia?

• Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn a wɔnsom Yehowa no?

• Ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛkyerɛ ɔdɔ a ɛsɛ sɛ yɛda no adi kyerɛ yɛn nuanom no mu?

• Yɛn yɔnko a yɛbɛdɔ no no kyerɛ dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

“Hena ne me yɔnko ankasa?”

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ ankorankoro