Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokwaredi So Wɔ Mfaso

Nokwaredi So Wɔ Mfaso

Nokwaredi So Wɔ Mfaso

ATORODI fii ase wɔ Eden turom tɔnn. Nanso, mmusua ne aman dodow no ara na wobu nokwaredi sɛ ade a mfaso wɔ so, na wɔn ani nnye atorodi ho na wobu no ade bɔne. Ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ afoforo bu yɛn sɛ yɛyɛ nnipa a wobetumi de wɔn ho ato yɛn so. Nanso, nnipa pii na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wodi atoro na ama wɔatumi atra ɛnnɛ wiase yi mu. Wudwen ho dɛn? So mfaso wɔ so sɛ yesua sɛ yebedi nokware? Dɛn na wugyina so bu nneyɛe bi sɛ ɛyɛ atorodi anaa nokwaredi?

Sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yedi nokware wɔ yɛn kasa ne yɛn abrabɔ mu. Ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.” (Efesofo 4:25) Paulo san kyerɛwee sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Hebrifo 13:18) Ɛnyɛ ayeyi a yebenya afi yɛn mfɛfo nnipa hɔ nti na ɛsɛ sɛ yedi nokware. Yedi nokware efisɛ yebu yɛn Bɔfo no, na yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani.

Nyɛ Nyaatwom

Wɔ aman pii mu no, nkurɔfo di atoro de hwehwɛ mfaso wɔ wɔn asetra mu. Wogye abodin nkrataa a wonni hokwan sɛ wonya, na wowia wɔn ho de kɔ ɔman bi mu anaasɛ wɔde pɛ adwuma anaa dibea bi a ɛnsɛ sɛ wonya. Awofo bi sesa da a wɔwoo wɔn mma ho nkrataa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mma no betumi atoa wɔn sukuu so.

Nanso, sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛnsɛ sɛ yetwa nkontompo. Bible ka sɛ Yehowa yɛ “nokware Nyankopɔn,” na ɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔne no wɔ abusuabɔ nyinaa bedi nokware. (Dwom 31:5) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so ne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den a, ɛnsɛ sɛ yesuasua “nnipa huhuw,” wɔn a wɔyɛ ‘nyaatwom’ no.—Dwom 26:4.

Sɛ nkurɔfo hu sɛ wɔbɛtwe wɔn so wɔ bɔne bi a wɔayɛ ho a, wɔtaa di atoro. Wɔ Kristofo asafo no mu mpo sɛ obi anhwɛ yiye a obetumi adi atoro. Sɛ nhwɛso no, wɔ asafo bi mu no, aberante bi ka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ wayɛ bɔne ahorow bi. Ɛwom sɛ na adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wabɔ korɔn de, nanso wanka nokware. Akyiri yi, ɛbɛdaa adi ma wotuu no fii asafo no mu. So na ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ ɔbɛka asɛm no mu nokware nyinaa na wɔaboa no ma ɔne Yehowa asan anya abusuabɔ a ɛsom bo? Nokwarem no, Bible ka sɛ: “Mmu Yehowa asotwe adewa, na sɛ ɔteɛ wo nso a, mpa abaw; na nea Yehowa dɔ no na ɔtwe n’aso.”—Hebrifo 12:5, 6.

Ɛtɔ mmere bi a, onua bi a ɔrepɛ ɔsom hokwan wɔ asafo no mu betumi de n’ankasa haw anaa ne kan abrabɔ bi a enye asie. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔrehyehyɛ akwammisa krataa a ɛbɛma wanya ɔsom hokwan titiriw bi a, ebia ɔremfa nsɛmmisa a ɛfa n’akwahosan ne n’abrabɔ ho mmuae nyinaa mma wɔ krataa no so, a nea enti a ɔyɛ saa ne sɛ sɛ ɔka nokware wɔ nsɛm a ɛte saa mu a ebia wɔremfa no. Obetumi aka sɛ, ‘M’anni atoro ankasa’ de, nanso so na ɔreka nokware turodoo akyerɛ afoforo? Susuw asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:32 no ho hwɛ: ‘Okontomponi yɛ Yehowa akyide, na tẽefo na ɔne wɔn di atirimsɛm.’

Nea edi kan no, sɛ yɛyɛ anokwafo a, ɛsɛ sɛ yedi yɛn ankasa ho nokware. Nneɛma a yɛpɛ sɛ yegye di no na yɛtaa gye di, sen sɛ yebegye nea ɛteɛ anaa nea ɛyɛ nokware adi. Hwɛ sɛnea ɛnyɛ den mma yɛn koraa sɛ yebepia yɛn mfomso ato obi foforo so! Sɛ nhwɛso no, Ɔhene Saul bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ afoforo sobo de abu ne ho bem wɔ asoɔden bi a ɔyɛe ho. Enti, Yehowa tuu no fii n’ahenni so. (1 Samuel 15:20-23) Hwɛ sɛnea ɛsono nea Ɔhene Dawid yɛe koraa. Ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa, NW]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.”—Dwom 32:5.

Nokwaredi so wɔ Akatua

Nokware a wudi anaa wunni na ɛma afoforo bu wo anaa wommu wo. Sɛ nkurɔfo hu sɛ woadaadaa wɔn pɛn koro mpo a, wɔrennya wo mu ahotoso na ɛbɛyɛ den sɛ wobegye wo adi bio. Saa ara na sɛ wudi nokware a wubenya din sɛ ɔnokwafo a afoforo tumi de wɔn ho to wo so. Yehowa Adansefo anya din pa a ɛte saa. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.

Adwuma bi mu panyin hui sɛ n’adwumayɛfo no pii rebɔ adwumakuw no korɔn ma enti ɔde asɛm no kɔmaa polisifo. Bere a ɔtee sɛ n’adwumayɛfo a na wɔakyere wɔn no mu biako yɛ Yehowa Dansefo no, okohuu polisifo no ma woyii Ɔdansefo no ntɛm ara. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Efisɛ na adwuma mu panyin no nim sɛ Ɔdansefo yi yɛ odwumayɛni a odi nokware na ne ho nni asɛm biara. Bere a woyii afoforo adi no, wɔanyi Ɔdansefo no adi. Ne mfɛfo Adansefo ani gyei efisɛ wohui sɛ n’abrabɔ no ahyɛ Yehowa din anuonyam.

Sɛ yɛbɔ ɔbra pa a, afoforo hu. Wɔ Afrika ɔman bi mu no, ɛho behiae sɛ wosiesie ɛtwene bi a ɛda suka kɛse bi so efisɛ na akorɔmfo akotutu ntaboo a wɔde ayɛ ɛtwene no bi. Kurow mu hɔfo yɛe sɛ wobegyigye sika de akɔtɔ ntaboo no bi, nanso na hena na wobetumi anya ne mu ahotoso ma wahwɛ sika no so? Wɔn nyinaa yɛɛ adwene sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma Yehowa Dansefo bi hwɛ so.

Ná Ɔdansefo bi yɛ adwuma sɛ sika sohwɛfo ma amanaman ntam adwumakuw bi wɔ Afrika man bi mu. Bere a amanyɔsɛm ne mmusua ntam basabasayɛ sɔree wɔ hɔ no, n’adwumakuw no yii no fii hɔ kɔɔ ɔman foforo so, efisɛ na ne nkwa da asiane mu. Adwumakuw no yɛɛ nhyehyɛe bɔɔ ne ho ka ma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ ɔman foforo so asram pii kosii sɛ asomdwoe baa ɔman no mu. Dɛn nti na adwumakuw no yɛɛ saa? Efisɛ bere bi a na atwam no, Ɔdansefo no ne nkurɔfo bi a na wɔrebɔ pɔw sɛ wɔbɛbɔ adwumakuw no korɔn no anyɛ adwene. Ná adwuma no mu mpanyimfo nim no sɛ ɔyɛ obi a odi nokware bere nyinaa. Sɛ na Ɔdansefo no nni nokware a, so anka adwumakuw no bɛboa no saa?

Mmebusɛm 20:7 ka sɛ: ‘Ɔtreneeni nam ne pɛyɛ mu.’ Onipa a odi nokware yɛ obi a ɔnantew pɛyɛ mu. Onsisi ne yɔnko nipa na saa ara nso na ɔnnaadaa obiara. So ɛnyɛ saa ara na wopɛ sɛ afoforo ne wo di nsɛm? Nokwaredi yɛ nokware som mu ade titiriw. Nokwaredi yɛ ɔkwan a yɛfa so da no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. Sɛ yedi nokware a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebedi abrabɔ ho akwankyerɛ a Yesu de mae no akyi sɛ: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12; 22:36-39.

Ɛwom sɛ, sɛ yedi nokware bere nyinaa a yɛn ho betumi akyerɛ yɛn de, nanso ahonim pa a saa a yɛbɛyɛ bɛma yɛanya no sen amane biara a yebehu no koraa. Awiei koraa no, nokware a yebedi ne ɔbra pa a yɛbɛbɔ no bɛma yɛanya mfaso a ɛsen biara. Nokwarem no, abusuabɔ pa a yɛne Yehowa benya no so mfaso yɛ nea enni ano. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wutwa nkontompo de kata w’aniwu so anaasɛ wopɛ mfaso bɔne bi de sɛe wo ne Yehowa ntam abusuabɔ no? Ɛmfa ho asɛnnennen biara a yebehyia no, yebetumi anya odwontofo no asɛm mu ahotoso sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔde n’ani ato [Yehowa, NW] so, na ɔnnan n’ani nkyerɛ ahantanfo ne wɔn a wɔman di atoro.”—Dwom 40:4.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Nokware Kristofo ntɔ nkrataa a wonni hokwan sɛ wonya mfa nni dwuma