Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So Yesu buu ne maame animtiaa anaasɛ ɔyɛɛ aniammɔnho wɔ ɔkwan a ɔfaa so ne no kasae wɔ Kana ayeforohyia ase no?—Yohane 2:4.

Yesu bɔɔ asu no, ankyɛ na wɔtoo nsa frɛɛ ɔne n’asuafo no kɔɔ ayeforohyia bi ase wɔ Kana. Ne maame nso kɔɔ hɔ bi. Bere a wɔn nsã no sae no, Maria ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Wonni nsã.” Yesu buaa ne maame sɛ: “Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnya nnui.”—Yohane 2:1-4.

Ɛnnɛ, sɛ obi frɛ ne maame sɛ “ɔbea,” na ɔka kyerɛɛ no sɛ “dɛn na me ne wo wɔ yɛ?” a, nkurɔfo bɛka sɛ ommu ade, na wadidi no atɛm mpo. Sɛ obi bu Yesu fɔ sɛ ommu ade anaa wadidi ne maame atɛm a, na onnim amammerɛ ne sɛnea na wɔkasa saa bere no. Sɛ yɛte sɛnea wɔn a wɔtraa ase wɔ bere a wɔkyerɛw Bible no de saa nsɛm no dii dwuma no ase a, ɛbɛboa yɛn.

Nsɛm asekyerɛ nhoma bi (Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words) ka asɛmfua “ɔbea” a wɔde di dwuma no ho asɛm sɛ: “Sɛ wɔde asɛmfua “ɔbea” frɛ obi a, ɛnkyerɛ sɛ wɔreka n’anim anaasɛ wɔreka asɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ no, na mmom ɛyɛ ɔdɔ ne obu na wɔreda no adi akyerɛ no.” Nhoma afoforo nso ka saa ara. Sɛ nhwɛso no, The Anchor Bible ka sɛ: “Ɛnkyerɛ nkaanim, anaa kasa a nidi nnim, na saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ onii no nnɔ nea ɔfrɛɛ no saa no . . . Ɛyɛ ɔkwan a nidi wom a na Yesu taa fa so kasa kyerɛ mmea.” The New International Dictionary of New Testament Theology kyerɛkyerɛ saa asɛm no mu sɛ, “wɔde saa asɛmfua no di dwuma a na ɛnkyerɛ biribi a nidi nnim da.” Na Gerhard Kittel Theological Dictionary of the New Testament no ka sɛ, sɛ wɔfrɛ obi ɔbea a “ɛnkyerɛ animtiaabu anaasɛ wɔregu n’anim ase ɔkwan biara so.” Enti, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ na Yesu reyɛ aniammɔnho, anaasɛ ɔnnɔ ne maame bere a ɔfrɛɛ no “ɔbea” no.—Mateo 15:28; Luka 13:12; Yohane 4:21; 19:26; 20:13, 15.

Na ka a ɔkae sɛ, “dɛn na me ne wo wɔ yɛ” no nso ɛ? Ɛda adi sɛ na eyi yɛ kasakoa a na Yudafo taa de di dwuma, na epue mpɛn pii wɔ Bible mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ 2 Samuel 16:10 no, yehu sɛ bere a na Dawid reka akyerɛ Abisai sɛ mma onnkum Simei no, ɔkae sɛ: “Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma ɔnnome ara, na [Yehowa, NW] ase no sɛ: Dome Dawid!” Saa ara na yɛkenkan wɔ 1 Ahene 17:18 sɛ, bere a okunafo a ɔwɔ Sarefat no hui sɛ ne babarima no awu no, ɔka kyerɛɛ Elia sɛ: “Wo Onyankopɔn nipa, dɛn na me ne wo yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!”

Yetumi hu fi Bible mu nhwɛso ahorow yi nyinaa mu sɛ, sɛ wɔde asɛm a ɛne “dɛn na me ne wo wɔ yɛ?” di dwuma a, ɛnkyerɛ sɛ onii a ɔkaa saa no rebu nea ɔrekasa akyerɛ no no animtiaa anaasɛ ɔreyɛ ahomaso, na mmom ɛtaa kyerɛ sɛ onii no mpɛ sɛ ɔyɛ biribi a wɔka kyerɛ no sɛ ɔnyɛ no anaasɛ ɔreka biribi de akyerɛ sɛ ɔne onii no nyɛ adwene wɔ nea ɔreka no ho. Ɛnde, dɛn na yebetumi aka afa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Maria no ho?

Bere a Maria ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wonni nsã” no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnyɛ sɛ ɔreka akyerɛ Yesu kɛkɛ sɛ wɔn nsã no asa, na mmom na Maria reka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ ho biribi. Ná Yesu de kasakoa a na wɔtaa de di dwuma saa bere no na na ɛreyɛ adwuma de abɔ Maria asɛm a ɔkaa no anifere kwan so no agu, na asɛm a Yesu ka kaa ho sɛ “Me dɔn nnya nnui” no boa yɛn ma yehu nea enti a ɔyɛɛ saa.

Efi bere a wɔbɔɔ Yesu asu na wɔsraa no wɔ afe 29 Y.B. no, na onim yiye sɛ ne bere adu sɛ ɔyɛ Yehowa apɛde sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ a ɛsɛ sɛ ɔkɔ so di nokware kosi sɛ obewu, na wasɔre afi awufo mu ma wɔahyɛ no anuonyam. Ɔkae sɛ: “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mateo 20:28) Aka kakra ama Yesu awu no, ɔmaa emu daa hɔ pefee, bere a ɔkae sɛ: “Ɛdɔn no adu” no. (Yohane 12:1, 23; 13:1) Enti, wɔ mpae a Yesu bɔe wɔ anadwo a ade rebɛkye ma wawu mu no, ɔkae sɛ: “Agya, dɔn no adu; hyɛ wo ba no anuonyam, na wo ba no nso ahyɛ wo anuonyam.” (Yohane 17:1) Na awiei koraa no, bere a basabasayɛfo baa Getsemane sɛ wɔrebɛkyere Yesu no, onyanee n’asuafo a na wɔadeda no, na ɔkae sɛ: “Ɛdɔn no adu! Hwɛ! Wɔayi onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.”—Marko 14:41.

Nanso, wɔ Kana ayeforohyia no ase no, na afei ara na Yesu afi ne som adwuma no ase sɛ Mesia, na na ne “dɔn” nnya nnui. Ná n’atirimpɔw titiriw ne sɛ ɔbɛyɛ n’Agya apɛde wɔ bere ne ɔkwan a n’Agya akyerɛ no no so, na na ɛnsɛ sɛ obiara yɛ biribi de twitware n’akwan mu. Bere a Yesu rema ne maame ahu eyi no, ɔkaa nokwasɛm a ɛwom no pefee kyerɛɛ no, nanso na eyi nkyerɛ sɛ ommu no anaasɛ ɔne no ankasa nidi mu. Na Maria nso ante nka sɛ ne ba no agu n’anim ase anaasɛ wadidi no atɛm. Nokwarem no, bere a Maria tee nea na Yesu reka no ase no, ɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔresom wɔ ayeforohyia no ase sɛ: “Nea ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.” Yesu ammu n’ani angu nea ne maame bisae no so, na mmom ɔyɛɛ n’anwonwade a edi kan sɛ Mesia, na ɔmaa nsu danee nsã pa. Ɔnam saa a ɔyɛe so karii pɛ wɔ n’Agya apɛde a ɔyɛe ne ne maame ahiade ho dwuma a odii mu.—Yohane 2:5-11.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yesu kaa nokwasɛm pefee kyerɛɛ ne maame, nanso ɔyɛɛ saa wɔ nidi mu