Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔahu Nea Otia Kristo No

Wɔahu Nea Otia Kristo No

Wɔahu Nea Otia Kristo No

SƐ WUNIM sɛ nsanyare bɔne bi nenam mframa mu wɔ baabi a wote a, dɛn na wobɛyɛ de abɔ wo ho ban? Ɛda adi sɛ wobɛfa nnuru bi a ɛbɛma nkwammoaa a wɔwɔ wo mu a wɔko tia yare no ho ayɛ den de abɔ wo ho ban, na woatwe wo ho afi nkurɔfo a wobetumi de yare no asan wo no ho. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho ban wɔ Onyankopɔn som mu. Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ nea otia Kristo no “anya aba wiase.” (1 Yohane 4:3) Sɛ yɛmpɛ sɛ ‘yare no san’ yɛn a, ɛsɛ sɛ yehu wɔn a “ebi ayɛ wɔn” no na yɛtwe yɛn ho fi wɔn ho. Anigyesɛm ne sɛ, Bible ka nea otia Kristo no ho nsɛm pii kyerɛ yɛn.

Sɛ yɛbɛkyerɛ nea “otia Kristo” no mu akɔ akyiri a, ɛfa wɔn a wɔsɔre tia Kristo anaa wɔn a wodi atoro ka sɛ wɔyɛ n’ananmusifo no nyinaa ho. Yesu ankasa kae sɛ: “Nea onni m’afa no tia me [anaa otia Kristo], na nea ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.”—Luka 11:23.

Nokwasɛm ne sɛ, Yesu wui ma wonyan no ma ɔkɔɔ soro bɛboro mfe 60 akyi ansa na Yohane rekyerɛw nea otia Kristo no ho asɛm. Enti, nea ɛbɛma yɛahu onii a ɔne nea otia Kristo no ne nnwuma a ɔyɛ de tia Yesu akyidifo anokwafo a wɔwɔ asase so no.—Mateo 25:40, 45.

Nea Otia Kristo no Kõ Tia Kristo Akyidifo

Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ nnipa nyinaa bɛtan wɔn. Ɔkae sɛ: “Wobeyi mo ama ahohiahia na wɔakum mo, na me din nti aman nyinaa bɛtan mo. Na atoro adiyifo bebree bɛsɔre abɛdaadaa nnipa bebree.”—Mateo 24:9, 11.

“[Yesu] din nti” na wɔtaa Yesu asuafo no ma enti ɛda adi pefee sɛ wɔn a wɔtaa Yesu asuafo no tia Kristo. “Atoro adiyifo” a bere bi na anka wɔn mu binom yɛ Kristofo nso tia Kristo. (2 Yohane 7) Yohane kyerɛwee sɛ “wɔn a wotia Kristo bebree aba; . . . Wofi yɛn mu na ɛkɔe, nanso na wɔnka yɛn ho; sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn trae.”—1 Yohane 2:18, 19.

Nsɛm a Yesu ne Yohane nyinaa kae no kyerɛ sɛ nea otia Kristo no nyɛ onipa biako, na mmom nnipa pii na wɔbom yɛ nea otia Kristo no. Bio nso, esiane sɛ wɔyɛ atoro adiyifo nti, wɔn botae atitiriw no mu biako ne sɛ wɔnam nyamesom so bɛdaadaa nnipa. Wɔn nnaadaasɛm no bi ne dɛn?

Sɛnea Wɔtrɛw Nyamesom Mu Atosɛm Mu

Ɔsomafo Paulo bɔɔ ne yɔnko dwumayɛni Timoteo kɔkɔ wɔ awaefo te sɛ Himeneo ne Fileto a na wɔn asɛm “bɛtrɛw te sɛ yare bɔne” no nkyerɛkyerɛ ho. Paulo de kaa ho sɛ: “Saa mmarima yi aman afi nokware no ho, na wɔka sɛ owusɔre no aba dedaw; na wɔresɛe ebinom gyidi.” (2 Timoteo 2:16-18) Ɛda adi sɛ, Himeneo ne Fileto kyerɛkyerɛe sɛ owusɔre no nyɛ paa ara, na mmom Kristofo anya owusɔre dedaw wɔ Onyankopɔn som mu. Nokwarem no, Paulo ankasa kaa no pefee sɛ, sɛ obi bɛyɛ Yesu suani nokwafo a na waba nkwa mu wɔ Onyankopɔn ani so. (Efesofo 2:1-5) Nanso, Himeneo ne Fileto nam wɔn nkyerɛkyerɛ no so bɔɔ owusɔre ankasa a awufo benya wɔ Onyankopɔn Ahenni mu a Yesu kaa ho asɛm no gui.—Yohane 5:28, 29.

Akyiri yi, kuw bi a wɔfrɛ wɔn Nimdeɛ-som no bɛkyerɛkyerɛɛ owusɔre a wɔkyerɛ sɛ ɛnyɛ paa ara no mu. Esiane sɛ na Nimdeɛ-som no mufo gye di sɛ yebetumi anya nimdeɛ (gnoʹsis wɔ Hela mu) anwonwakwan so nti, wɔn nkyerɛkyerɛ bɛyɛɛ Kristosom a awae, Helafo nyansapɛ, ne Apuei famfo ahonhonsɛmdi a adi afra. Sɛ nhwɛso no, na wogye di sɛ honam fam nneɛma nyinaa yɛ bɔne ma enti wɔkyerɛe sɛ nnipa ani so na na ɛte sɛ nea Yesu baa honam mu, na mmom wamma honam mu ankasa. Sɛnea yɛahu no, saa nkyerɛkyerɛ yi ho na na ɔsomafo Yohane abɔ kɔkɔbɔ no.—1 Yohane 4:2, 3; 2 Yohane 7.

Atosɛm foforo a wɔbɔɔ wɔn tirim de bae wɔ mfehaha pii akyi ne nkyerɛkyerɛ a wɔfrɛ no Baasakoro kronkron a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn, na ɔsan yɛ Onyankopɔn Ba no. Ɔbenfo Alvan Lamson kae wɔ ne nhoma The Church of the First Three Centuries no mu sɛ: “Baasakoro nkyerɛkyerɛ no annya ne mfiase amfi Yudafo ne Kristofo Kyerɛwnsɛm no mu; na mmom Pilato asɔre mu Agyanom na wɔkɔfa fii baabi bɛhyɛɛ Kristosom mu.” Henanom ne “Pilato asɔre mu Agyanom no”? Ná wɔyɛ asɔfo awaefo a wɔn ani gye Hela nyansapɛfo Pilato nkyerɛkyerɛ ho yiye.

Nea otia Kristo no nam anifere kwan so ankasa na ɛkɔfaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no bɛhyɛɛ Kristosom mu, efisɛ saa nkyerɛkyerɛ yi maa Onyankopɔn bɛyɛɛ obi a wonnim sɛnea ɔte yiye, na ama wontumi nhu nsonsonoe a ɛda Onyankopɔn ne ne Ba no ntam nso. (Yohane 14:28; 15:10; Kolosefo 1:15) Wode susuw ho hwɛ, sɛ Onyankopɔn yɛ obi a yentumi nhu no yiye a, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ‘abɛn Onyankopɔn’ sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka sɛ yɛnyɛ no?—Yakobo 4:8.

Nea asɛe asɛm no koraa ne sɛ, ɛwom sɛ Bible nkyerɛasefo pii ayi Onyankopɔn din Yehowa no afi wɔn nkyerɛase ahorow mu de, nanso edin no pue wɔ mfitiase nkyerɛwee no mu bɛboro 7,000! Ɛda adi pefee sɛ, bu a wobu ade nyinaa so Tumfo no sɛ wonnim ne nipaban na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ne din ayera no yɛ animtiaa kɛse a wɔrebu yɛn Bɔfo no ne n’Asɛm a wɔnam ne honhom so akyerɛw no. (Adiyisɛm 22:18, 19) Bio nso, abodin te sɛ Awurade ne Onyankopɔn a wɔde asi Yehowa din ananmu no ne Yesu mpaebɔ nhwɛso a ne fã bi ka sɛ: “Wo din ho ntew [anaa wɔnyɛ no kronkron]” no nhyia.—Mateo 6:9.

Wɔn a Wotia Kristo no Nnye Onyankopɔn Ahenni Ntom

Wɔn a wotia Kristo no reyɛ adwuma denneennen titiriw wɔ “nna a edi akyiri,” bere a yɛte mu yi mu. (2 Timoteo 3:1) Saa nnaadaafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no botae titiriw ne sɛ wɔbɛdaadaa nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennye ntom sɛ Yesu na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni, ɔsoro nniso a ɛbɛba abedi asase nyinaa so nnansa yi ara no so Hene.—Daniel 7:13, 14; Adiyisɛm 11:15.

Sɛ nhwɛso no, nyamesom akannifo bi kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ tebea bi a ɛwɔ nnipa komam, nanso saa nkyerɛkyerɛ yi nni nnyinaso biara wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. (Daniel 2:44) Afoforo nso ka sɛ, Kristo nam nnipa ahenni ne ahyehyɛde ahorow so na ɛyɛ adwuma. Nanso, Yesu ka sɛ: “M’ahenni mfi wiase.” (Yohane 18:36) Nokwarem no, ɛyɛ Satan mmom na ɔyɛ “wiase sodifo” ne “wiase yi nyame,” na ɛnyɛ Kristo. (Yohane 14:30; 2 Korintofo 4:4) Eyi ma yehu nea enti a ɛrenkyɛ Yesu bɛsɛe nnipa ahenni nyinaa na ɔno ankasa abɛyɛ asase yi so Sodifo koro pɛ no. (Dwom 2:2, 6-9; Adiyisɛm 19:11-21) Saa na nkurɔfo hwehwɛ bere a wɔka Awurade Mpaebɔ no. Wɔsrɛ sɛ: “W’ahenni mmra. Nea wopɛ nyɛ asase so.”—Mateo 6:10, Akuapem Twi Bible.

Esiane sɛ ɔsom pii mu akannifo taa wiase amanyɔfo akyi nti, wɔsɔre tia wɔn a wɔka Onyankopɔn Ahenni ho nokwasɛm no, na wɔtaa wɔn mpo. Anwonwasɛm ne sɛ, Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no ka sɛnkyerɛnne kwan so aguaman, “Babilon Kɛse” a ‘akronkronfo mogya ne Yesu adansefo mogya abow no’ no ho asɛm. (Adiyisɛm 17:4-6) Ɔbɔ honhom fam aguaman nso denam mmoa a ɔde ma asase so “ahemfo” anaa amanyɔfo no so, na ɔnam so nya wɔn anim dom. Saa sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea yi nyɛ obiara sɛ atoro som ahorow a ɛwɔ wiase no. Babilon Kɛse no yɛ nea otia Kristo no fã titiriw.—Adiyisɛm 18:2, 3; Yakobo 4:4.

Nea Otia Kristo no ‘Nunu Asom’

Bible mu nokware a wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo pii po akyi no, wɔde Bible abrabɔ ho gyinapɛn ato nkyɛn akodi abrabɔ a nnipa pii ani gye ho akyi. Onyankopɔn Asɛm kaa eyi ho asɛm siei sɛ: “Na bere bi bɛba a [nkurɔfo a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn rentra] nkyerɛkyerɛ pa no mu, na mmom wɔbɛboaboa akyerɛkyerɛfo ano afa ma wɔanunu wɔn asom sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te.” (2 Timoteo 4:3) Wɔsan frɛ nyamesomfo atorofo yi sɛ “asomafo atorofo, adwumayɛfo nkontompofo a wɔyɛ wɔn ho sɛ Kristo asomafo.” Bible kɔ so ka sɛ: “Ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te.”—2 Korintofo 11:13-15.

Wɔn nnwuma no bi ne “ahohwibra,” na ɛno ne Onyankopɔn abrabɔ ho mmara a ɛkorɔn a wobu no animtiaa. (2 Petro 2:1-3, 12-14) So yenhu sɛ nyamesom akannifo ne wɔn akyidifo pii regye nneyɛe a ɛne Kristosom nhyia te sɛ mmarima a wɔne mmarima da ne aware akyi mpenatwe tom, anaasɛ anyɛ yiye koraa no, so yenhu sɛ wɔabu wɔn ani agu so a wɔnkasa ntia? Wode gye bere kakra, na fa saa adwene ne abrabɔ a nnipa pii ani gye ho no toto nea Bible ka wɔ Leviticus 18:22; Romafo 1:26, 27; 1 Korintofo 6:9, 10; Hebrifo 13:4; Yuda 7 no ho hwɛ.

“Monsɔ Honhom Mu Nsɛm no Nhwɛ”

Esiane nea yɛadi kan aka ho asɛm no nti, ɛsɛ sɛ yetie ɔsomafo Yohane asɛm no yiye, na ɛnsɛ sɛ yebu ɔsom mu gyidi a yɛwɔ no sɛ ade a ɛho nhia ahe biara. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munnnye honhom mu nsɛm nyinaa nnni, na mmom monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Nyankopɔn anaa, efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.”—1 Yohane 4:1.

Susuw nhwɛso pa a nnipa bi a na wɔwɔ “adwempa” a wɔtraa ase wɔ Beroia kurow mu wɔ afeha a edi kan no mu yɛe no ho hwɛ. “Wogyee asɛm no ntɛm so, na da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm [a Paulo ne Silas kae] no te saa anaa.” (Asomafo Nnwuma 17:10, 11) Ɛwom sɛ na Beroiafo no ani gye ho sɛ wobesua asɛm no de, nanso wɔhwɛe sɛ asɛm a wotiei na wogye dii no fi Kyerɛwnsɛm no mu ankasa anaa.

Ɛnnɛ nso, nokware Kristofo mma wɔn ani nnye nneɛma a aba so a nnipa pii ani gye ho no ho, na mmom wɔde Bible mu asɛm bɔ wɔn bra bere nyinaa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Eyi na mekɔ so bɔ ho mpae, sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so wɔ nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu.”Filipifo 1:9.

Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, fa yɛ wo botae sɛ wubesua nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa na ama woanya “nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa.” Wɔn a wotia Kristo no ntumi mfa wɔn “nnaadaasɛm” no nnaadaa wɔn a wosuasua Beroiafo no. (2 Petro 2:3) Mmom no, Nyankopɔn asɛm a Kristo no ankasa ne n’akyidifo anokwafo ka no ma wɔn a wɔyɛ wɔn ade te sɛ Beroiafo no de wɔn ho.—Yohane 8:32, 36.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]

NEA BIBLE KA FA NEA OTIA KRISTO NO HO

“Mmofra nkumaa, dɔn a edi akyiri ni, na sɛnea moate sɛ nea otia Kristo reba no, saa na seesei mpo wɔn a wotia Kristo bebree aba; na eyi na ɛma yehu sɛ dɔn a edi akyiri no ni.”—1 Yohane 2:18.

“Sɛ ɛnyɛ nea ɔpo Yesu sɛ [ɔne] Kristo no a, hena bio na ɔyɛ ɔtorofo? Oyi na otia Kristo no, nea ɔpo Agya no ne Ɔba no.” —1 Yohane 2:22.

“Honhom mu nsɛm biara a ɛmpae mu nka Yesu ho asɛm no mfi Nyankopɔn. Afei nso, eyi ne honhom mu nsɛm a efi nea otia Kristo no a moate sɛ ɛreba, na seesei anya aba wiase no.”—1 Yohane 4:3.

“Nnaadaafo bebree aba wiase, nnipa a wɔmpaem nka sɛ Yesu Kristo aba honam mu. Eyi ne ɔdaadaafo ne nea otia Kristo no.”—2 Yohane 7.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

NNAADAAFO A WOKURA DIN BIAKO

Asɛm nea “otia Kristo” no fa wɔn a wonnye nea Bible ka fa Yesu Kristo ho ntom, wɔn a wɔsɔre tia n’Ahenni ne wɔn a wɔyɛ n’akyidifo basabasa nyinaa ho. Wɔn a wɔka ho bi nso ne ankorankoro bi, ahyehyɛde ahorow, ne aman a wodi atoro frɛ wɔn ho Kristofo anaa wɔayɛ aniammɔnho afa adwuma a Mesia no bɛyɛ ato wɔn ho so ahyehyɛ bɔ a Kristo nkutoo na obetumi adi so a ɛno ne sɛ wɔde asomdwoe ne ahotɔ a edi mu bɛba no.

[Asɛm Fibea]

Augustine: ©SuperStock/age fotostock

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu daa’ te sɛ nea Beroiafo no yɛe no