Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛabɔ Mmɔden Sɛ Yɛbɛkɔ So Ayɛ Den Wɔ Nokware Som Mu

Yɛabɔ Mmɔden Sɛ Yɛbɛkɔ So Ayɛ Den Wɔ Nokware Som Mu

Asetram Nsɛm

Yɛabɔ Mmɔden Sɛ Yɛbɛkɔ So Ayɛ Den Wɔ Nokware Som Mu

Sɛnea Rolf Brüggemeier Ka Kyerɛe

Wɔde me kɔtoo afiase no, m’adamfo bi na odii kan kyerɛw me. Wɔ ne krataa no mu no, ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔakyere me maame ne me nuabarimanom nkumaa, Peter, Jochen, ne Manfred nso. Enti afei na aka yɛn nuabeanom nkumaa baanu no nkutoo a wonni awofo anaa anuanom biara a wɔbɛhwɛ wɔn. Dɛn nti na East Germany aban taa yɛn abusua no? Dɛn na ɛboaa yɛn ma yɛkɔɔ so yɛɛ den wɔ nokware som mu?

WIASE KO II no sɛee asomdwoe a na yɛwɔ wɔ yɛn mmofraase no; yehuu atirimɔdensɛm a ɛkɔɔ so wɔ ɔko no mu. Paapa kɔdɔm German asraafo no, na wɔfaa no dommum wɔ ɔko no mu ma okowui. Ɛbaa saa no, na ɛsɛ sɛ Maame a ne din de Berta no hwɛ mmofra baasia a na wɔadi fi afe biako kosi mfe 16 no.

Asɔre a na Maame kɔ no maa n’ani fii nyamesom so koraa, ma enti na ɔmpɛ sɛ ɔte Onyankopɔn ho asɛm biara wɔ n’asom. Nanso, da koro bi, wɔ afe 1949 mu no, Ilse Fuchs, ɔbea korokorowa bi a ɔyɛ anifere baa yɛn fie bɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Ne nsɛmmisa ne sɛnea na osusuw nsɛm ho no maa Maame ani gyee ho sɛ obehu pii. Bible adesua no maa Maame nyaa anidaso.

Nanso, mfiase no, me ne me nuabarimanom no adwenem yɛɛ yɛn nãã. Ná Nasifo ne Komunisfo ahyehyɛ yɛn bɔ akɛse ma wɔadi yɛn huammɔ. Ɛwom sɛ na yɛn adwenem yɛ yɛn nãã de, nanso yɛn ani gyee asɛm no ho bere a yɛtee sɛ wɔde Adansefo bi a wɔampɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔko no mu akogu nneduaban ahorow mu no. Afe a edi hɔ no, wɔbɔɔ me ne Maame, ne Peter asu.

Wɔbɔɔ yɛn nuabarima kumaa Manfred nso asu, nanso ɛda adi sɛ na Bible mu nokware no nnyee ntini wɔ ne koma mu. Bere a Komunisfo no baraa yɛn adwuma no wɔ afe 1950 mu na esum ase polisifo a wɔn tirim yɛ den a wɔfrɛ wɔn Stasi no hyɛɛ no no, ɔkyerɛɛ wɔn baabi a na yɛyɛ yɛn asafo nhyiam ahorow no. Eyi na ɛma wɔkyeree me maame ne me nuabarimanom a wɔaka no.

Sɛnea Yɛyɛɛ Ɔsom Adwuma no Wɔ Bere a Wɔbaraa Yɛn No

Esiane sɛ na wɔabara yɛn nti, na ɛsɛ sɛ yɛde Bible ho nhoma fa sum ase kɔ East Germany. Ná meka wɔn a wɔkɔfa nhoma no ho, ná mekɔfa nhoma no fi Berlin atɔe fam, baabi a na wɔmmaraa yɛn nhoma no de twa ɛhye no. Mede nneɛma no faa polisifo no ho mpɛn dodow bi, nanso wɔkyeree me wɔ November 1950 mu.

Stasi polisifo no de me too afiase dan bi a ɛhyɛ asase ase a mpomma nni ho mu. Ná wɔmma me nna awia, na anadwo nso na wobisabisa me nsɛm, na ɛtɔ mmere bi a na wɔhwe me. Wɔamma me ne m’abusuafo anni nkitaho kosii March 1951, bere a na wɔredi m’asɛm na Maame, Peter, ne Jochen baa asɛnnibea hɔ no. Asɛnnibea no kae sɛ wɔmfa me nto afiase mfe asia.

Wodii m’asɛm no, nna asia akyi na wɔkyeree Peter, Jochen, ne Maame. Efi saa bere no rekɔ no, yɛn yɔnko gyidini bi na ɔhwɛɛ me nuabea Hannelore a na wadi mfe 11 no, na Maame nuabea bi nso faa Sabine a na wadi mfe 7 no. Stasi awɛmfo no yɛɛ Maame ne me nuabarimanom no basabasa te sɛ nea wɔyɛ nsɛmmɔnedifo a wɔn ho yɛ hu, ma enti nhama a na ɛhyehyɛ wɔn mpaboa mu mpo woyiyii. Wɔma wogyinaa ntenten kosii sɛ wobisabisaa wɔn nsɛm wiei. Wɔkae sɛ wɔmfa wɔn mu biara nso nto afiase mfe asia.

Wɔ afe 1953 mu no, wɔka kyerɛɛ me ne Adansefo bi a na wɔwɔ afiase hɔ sɛ yɛnkɔyɛ wimhyɛn gyinabea mma asraafo, na yɛkae sɛ yɛrenyɛ. Afiase ahwɛfo no twee yɛn aso yii yɛn nkutoo koguu baabi nnafua 21, na wɔamma yɛanyɛ adwuma biara, wɔamma yɛn nsa anka nkrataa a na wɔkyerɛw yɛn no, na wɔtew aduan a na wɔde ma yɛn no so koraa. Kristofo mmea bi wiaa wɔn ho de nnuan kakra a na wɔde ma wɔn no bi brɛɛ yɛn. Eyi na ɛma mihuu anuanom mmea no mu biako a wɔfrɛ no Anni, na yɛwaree bere a woyii ɔno fii afiase wɔ afe 1956 mu, na woyii me nso wɔ afe 1957 mu no. Yɛwaree no, afe na yɛwoo yɛn babea Ruth. Me nuanom Peter, Jochen, ne Hannelore nso waree saa bere no ara mu.

Woyii me fii afiase no, annu mfe abiɛsa na wɔsan kyeree me. Stasi polisini bi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma mayɛ obi a okotie nsɛm bɛka kyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Owura Brüggemeier, mesrɛ wo, mma w’asɛm nyɛ den. Wunim sɛnea afiasenna te, na yɛmpɛ sɛ wobɛsan akɔ hɔ bio. Wubetumi akɔ so ayɛ Ɔdansefo, asua wo Bible, na woakɔ so aka asɛm no akyerɛ nkurɔfo sɛnea wopɛ biara. Nea yɛpɛ ara ne sɛ wobɛma yɛate nea wo nkurɔfo no reyɛ. Wode susuw wo yere ne wo babea kumaa no ho hwɛ.” Asɛm a etwa to a ɔkae no haw me paa. Nanso, na minim sɛ sɛ mekɔ afiase a, Yehowa bɛhwɛ m’abusua no asen sɛnea sɛ mewɔ hɔ a anka mɛyɛ no, na ɔyɛɛ saa nso!

Aban mpanyimfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Anni ma ɔde ne bere nyinaa ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma nnipa foforo ahwɛ Ruth bere a ɔkɔ adwuma no. Anni ampene, na ɔyɛɛ adwuma anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahwɛ Ruth awiabere. Yɛn nuanom a yɛne wɔn som Onyankopɔn no susuw yɛn ho yiye, na wɔkyɛɛ me yere nneɛma pii ma ɔno nso tumi de bi kyekyɛɛ afoforo. Ɛkaa kakra ma anka midii mfe asia bio wɔ afiase.

Nea Yɛyɛe De Kuraa Yɛn Gyidi Mu Wɔ Afiase Hɔ

Wɔsan de me kɔtoo afiase no, Adansefo a na wɔne me da afiase dan biako mu no ho peree wɔn sɛ wobehu nhoma foforo a na asafo no atintim. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ na masua Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no yiye, akɔ asafo nhyiam daa, ma enti mitumi de Onyankopɔn asɛm hyɛɛ wɔn nkuran!

Bere a yɛka kyerɛɛ awɛmfo no sɛ wɔmma yɛn Bible no, wɔkae sɛ: “Sɛ yɛde Bible ma Yehowa Adansefo a ɛyɛ hu te sɛ nea yɛde nnwinnade rema ɔdeduani bi ma wabu apon ani aguan afi afiase.” Da biara, na anuanom a wodi anim no paw Bible mu asɛm bi ma yesusuw ho. Sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ yɛde simma aduasa nantenantew gye mframa teɛteɛ yɛn apɔw mu wɔ afiase no adiwo hɔ a, na mframa a yegye ne apɔwmuteɛteɛ no ho nhia yɛn kɛse sɛ ɛda no mu Bible mu asɛm a yesusuw ho no. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ntam tew mita 5, na na wɔmma yɛne yɛn ho yɛn ho mmɔ nkɔmmɔ de, nanso na yɛfa akwan bi so keka ɛda no mu asɛm kyerɛ yɛn ho yɛn ho. Sɛ yɛsan kɔ afiase dan no mu a, na obiara ka nea ɔtee, na afei yegyina so bɔ Bible mu nkɔmmɔ ɛda no.

Awiei koraa no, obi koyii yɛn mae, na ɛma wɔde me kɔtoo obiakofo afiase dan mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ me anigye paa sɛ saa bere no na masua kyerɛw nsɛm pii agu me tirim dedaw! Mitumi susuw Bible mu nsɛm ahorow ho wɔ saa bere a na menyɛ hwee no. Akyiri yi, woyii me kɔɔ nneduadan foforo mu, na ɛhɔ no, mekɔtoo me nuanom Adansefo baanu, na nea ɛmaa yɛn ani gyee mmoroso ne sɛ ɔwɛmfo a ɔwɔ hɔ no maa yɛn Bible. Bere a na me nkutoo mada afiase dan mu asram asia akyi no, afei m’ani gyei sɛ manya hokwan ne me mfɛfo gyidifo susuw Bible mu nsɛm ho bio.

Me nuabarima Peter kaa nea ɛboaa no ma otumi gyinaa ne mudi mu wɔ afiase foforo mu ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Meyɛɛ wiase foforo no ho mfonini wɔ m’adwenem, na mekɔɔ so dwennwen Bible mu nsɛm ho. Ɛwom sɛ na asetra yɛ den de, nanso yɛn a na yɛyɛ Adansefo no kɔɔ so bisabisaa yɛn ho Bible mu nsɛm anaasɛ yɛyɛɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ho sɔhwɛ de hyehyɛɛ yɛn ho yɛn ho den. Ɛtɔ mmere bi a na wɔde yɛn mu 11 gu ɔdan a ne kɛse bɛyɛ mita ahinanan 12 mu. Ɛhɔ na na yɛyɛ biribiara, yedidi, yɛda, yeguare, na mpo ɛhɔ ara na na yedwensɔ na yɛkɔ tiafi. Yɛfonfɔn kaa nnompe.”

Me nuabarimanom no mu biako, Jochen, kaa nea ɔno nso yɛe wɔ afiase foforo a wɔde no tɔtoe ho asɛm sɛ: “Metoo yɛn nnwom a mitumi kaakaee mu nsɛm no. Da biara na midwennwen kyerɛwsɛm bi a na m’akyere agu me tirim ho. Bere a woyii me fii afiase no, mekɔɔ so suaa Onyankopɔn asɛm no daa. Da biara, na me ne m’abusua yɛ daa asɛm. Ná yesua ade a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ahorow ase no nyinaa.”

Woyii Maame Fii Afiase

Bere a wɔde Maame too afiase bɛboro mfe abien no, woyii no. Woyii Maame no, ɔde hokwan a onyae no ne Hannelore ne Sabine suaa Bible, na ɔboaa wɔn maa wɔn gyidi yɛɛ den wɔ ɔsom no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nso ma wohuu sɛnea na wobegyina nsɛnnennen a na wohyia wɔ sukuu mu esiane Onyankopɔn mu gyidi a wɔwɔ nti no ano. Hannelore kae sɛ: “Ná nea ɛbɛba biara mfa yɛn ho efisɛ na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran wɔ fie. Esiane sɛ na ɔdɔ a emu yɛ den wɔ yɛn abusua no mu nti, yetumi gyinaa ɔhaw biara a yehyiae ano.”

Hannelore toaa so sɛ: “Yɛde honhom fam aduan kɔmaa yɛn nuanom mmarima a na wɔwɔ afiase no. Ná yɛde yɛn nsa kyerɛw Ɔwɛn-Aban mũ no nyinaa mu nsɛm nketenkete gu nkrataa so. Afei, na yɛde krataa bi a nsu ntumi mfɔw no kyekyere ho de sie nnuaba bi mu de ka nneɛma a yɛde kɔma wɔn ɔsram biara no ho. Hwɛ sɛnea na yɛn ani gye sɛ yebenya nkra afi wɔn hɔ sɛ na nnuaba no ‘yɛ dɛ paa,’ a na nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ wɔn ani agye Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm no ho yiye. Yɛyeree yɛn ho yɛɛ yɛn adwuma no araa ma nokwarem no, na yɛn ani gye saa bere no paa.”

Sɛnea Yɛyɛɛ Yɛn Ade Wɔ Bere a Wɔbaraa Yɛn No

Peter kyerɛkyerɛɛ sɛnea na asetra te wɔ mfe pii a wɔbaraa yɛn wɔ East Germany no mu sɛ: “Ná yehyiam sɛ akuw nketenkete wɔ anuanom afie mu, na na yemmom nkɔ, na saa ara nso na sɛ yɛpɔn a na yefi hɔ mmiako mmiako. Nhyiam biara ase na na yɛyɛ bere foforo a yɛbɛsan ahyiam ho nhyehyɛe. Nea ɛbɛyɛ na Stasi polisifo a na wɔtetɛw yɛn bere nyinaa no rente beae ne bere a yebehyiam nti, na yɛde yɛn nsa na ɛkyerɛ beae ne bere foforo a yebehyia, anaasɛ na wɔkyerɛw ma yɛn.”

Hannelore kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na yɛn nsa ka nhyiam dwumadi a wɔakyere agu kasɛt so. Na eyi ma yɛn nhyiam no yɛ anigye bere nyinaa. Ná yɛn kuw ketewa no hyiam de nnɔnhwerew pii tie Bible nkyerɛkyerɛ no. Ɛwom sɛ na yenhu akasafo no de, nanso na yetie ɔkasa no yiye yɛ ho kyerɛwtohɔ.”

Peter kae sɛ: “Yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ aman foforo so bɔɔ mmɔden maa yɛn nsa kaa Bible ho nhoma ahorow. Aka bɛyɛ mfe du anaa nea ɛte saa ama wɔabubu Berlin Ɔfasu no wɔ afe 1989 mu no, wɔyɛɛ nhoma nketewa soronko bi maa yɛn. Ebinom de wɔn ahofadi too asiane mu de honhom fam aduan brɛɛ yɛn wɔ East Germany, a na wonim sɛ sɛ wɔkyere wɔn a wobegye wɔn kar, wɔn ho sika nyinaa, na wɔde wɔn agu afiase mpo. Da koro anadwo, awarefo bi a na yɛretwɛn wɔn no ammedu. Sɛɛ na polisifo no ahu nhoma no ma wɔagye wɔn kar. Asiane yi nyinaa akyi no, yɛannyae adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ho bedwo yɛn.”

Manfred, me nuabarima kumaa a oyii yɛn mae wɔ afe 1950 mu no kaa nea ɛboaa no ma ɔsan nyaa gyidi na okuraa mu ho asɛm sɛ: “Bere a wɔde me too afiase asram kakra bi no, wogyaee me, na mitu kɔɔ West Germany, na migyaee Bible mu nokware no akyi di. Mesan baa East Germany wɔ afe 1954 mu, na mewaree afe a edi hɔ no mu. Ankyɛ na me yere gyee Bible mu nokware no toom, na wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1957 mu. Bere bi akyi no, m’ahonim fii ase haw me, na me yere boaa me ma mesan baa asafo no mu bio.

“Me nuanom Kristofo a na wonim me ansa na meregyae nokware som no gyee me ɔdɔ so te sɛ nea na asɛm biara nsii da. Ɛyɛ me anigye yiye sɛ wɔde serew kyiaa me na wɔyɛɛ me atuu. M’ani agye yiye sɛ masan ne Yehowa ne me nuanom anya abusuabɔ bio.”

Yɛda so Rebɔ Mmɔden sɛ Yɛbɛsom Onyankopɔn

Yɛn abusua no muni biara abɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛkɔ so atra nokware no mu. Me nuabarima Peter ka sɛ: “Ɛnnɛ ne bere paa a nneɛma a ɛtwetwe adwene ne ahonyade a ɛdaadaa nnipa atwa yɛn ho ahyia. Bere a na wɔabara yɛn no, na nea yɛwɔ biara sɔ yɛn ani. Sɛ nhwɛso no, yɛn mu biara anka sɛ biribi nti ɔpɛ sɛ ɔkɔ adesua kuw foforo mu, na obiara annwiinwii sɛ beae a yehyiam no ware dodo anaasɛ bere a yɛde yɛ nhyiam no wɔ akyiri dodo. Ná yɛn ani gye sɛ yɛahyiam, mpo sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ yɛn mu bi twɛn kosi anadwo 11:00 ansa na yɛafi beae a yɛyɛ nhyiam no a, na ɛnhaw yɛn.”

Wɔ afe 1959 mu no, Maame sii gyinae sɛ ɔne Sabine a na wadi mfe 16 no betu akɔ West Germany. Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔkɔsom wɔ baabi a na wohia Ahenni adawurubɔfo kɛse nti, baa dwumadibea no ma wɔkɔɔ Ellwangen, Baden-Württemberg. Ɛwom sɛ na Sabine nni apɔwmuden de, nanso nsi a na Maame de yɛ ɔsom adwuma no hyɛɛ no nkuran maa ɔno nso yɛɛ akwampae adwuma bere a odii mfe 18 no. Bere a Sabine waree a na Maame adi mfe 58 no, Maame suaa sɛnea wɔka kar sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ asɛnka adwuma no pii. Ɔkɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma yi kosii sɛ owui wɔ afe 1974 mu.

Me nso, bere a mitwaa bɛyɛ mfe asia wɔ m’afiasenna a ɛto so abien no mu no, wotwaa me asu kɔɔ West Germany wɔ afe 1965 mu a wɔammɔ m’abusuafo amanneɛ. Nanso, bere bi akyi no, me yere Anni ne Ruth bɛkaa me ho. Mibisaa hokwan fii baa dwumadibea sɛ wɔmma me nkɔsom wɔ baabi a adawurubɔfo ho hia kɛse, enti wɔma yɛkɔɔ Nördlingen, Bavaria. Ɛhɔ na yɛn babea Ruth ne ne nuabarima Johannes nyinii. Anni yɛɛ akwampae adwuma. Ne nhwɛso pa no kaa Ruth ma owiee sukuu no, ɔno nso yɛɛ akwampae adwuma no bi. Yɛn mma baanu no nyinaa waree akwampaefo. Seesei wɔn mu biara wɔ n’abusua, na yɛanya mmanananom baasia a wɔn ho yɛ anika.

Wɔ afe 1987 mu no, mekɔɔ pɛnhyen ntɛm na me bɛkaa Anni ho wɔ akwampae adwuma no mu. Mfe abiɛsa akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛboa mma wɔntrɛw baa dwumadibea a ɛwɔ Selters no mu. Yewiee no, yɛboa ma wosii Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a edi kan wɔ East Germany, wɔ Glauchau, na akyiri yi, wɔma yɛhwɛɛ hɔ. Yare nti yetu kɔɔ yɛn babea no nkyɛn wɔ Nördlingen Asafo mu, na yɛresom sɛ akwampaefo wɔ hɔ.

Ɛyɛ me anigye paa sɛ, me nuabarimanom ne me nuabeanom nyinaa ne yɛn abusuafo dodow no ara resom Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ne yam ye no. Mfe pii a atwam no, yɛahu sɛ bere dodow a yɛkɔ so yɛ den wɔ Onyankopɔn som mu no, yebehu sɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 126:3 no yɛ nokware. Ɛhɔ ka sɛ: “[Yehowa, NW] ayɛ ade kɛse ama yɛn, yɛn ani agye.”

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yɛn ayeforohyia da, 1957

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Me ne m’abusuafo wɔ afe 1948 mu: (anim, benkum kɔ nifa) Manfred, Berta, Sabine, Hannelore, Peter; (akyiri, benkum kɔ nifa) me ne Jochen

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Nhoma ketewa bi a na yɛde yɛ adwuma wɔ bere a na wɔabara yɛn no ne adwinnade a na “Stasi” polisifo de wia wɔn ho tie nsɛm a yɛka

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Forschungs- und Gedenkstätte NORMANNENSTRASSE

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Me ne me nuanom: (anim, benkum kɔ nifa) Hannelore ne Sabine; (akyiri, benkum kɔ nifa) me, Jochen, Peter, ne Manfred