Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesaia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I

Yesaia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Yesaia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I

“HENA na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Bere a Yehowa Nyankopɔn bisaa saa asɛm yi no, Amos ba Yesaia gyee so sɛ: “Mini, soma me!” (Yesaia 1:1; 6:8) Saa bere no na wɔpaw no sɛ odiyifo. Wɔakyerɛw Yesaia nkɔmhyɛ ahorow no wɔ Bible mu nhoma a ne din da so no mu.

Odiyifo Yesaia ankasa na ɔde mfe 46 kyerɛw nhoma no. Ofii ase wɔ afe 778 A.Y.B. kosi afe 732 A.Y.B. mu akyi. Ɛwom sɛ atemmusɛm bi wɔ nhoma no mu a na etia Yuda, Israel, ne aman a ɛbemmɛn hɔ no de, nanso ɛnyɛ atemmusɛm titiriw na nhoma no ka ho asɛm. Mmom no, ɛka ‘Yehowa Nyankopɔn nkwagye’ ho asɛm. (Yesaia 25:9) Nokwarem no, nea Yesaia din kyerɛ ankasa ne “Yehowa Nkwagye.” Wɔbɛka Yesaia 1:1–35:10 mu nsɛntitiriw ho asɛm wɔ asɛm yi mu.

‘NKAEFO BI NA WƆBƐSAN ABA’

(Yesaia 1:1–12:6)

Sɛ́ ebia Yesaia dii kan hyɛɛ nkɔm a ɛwɔ ne nhoma no ti anum a edi kan no mu ansa na wɔrepaw no sɛ odiyifo anaa wɔ ɛno akyi de, Bible nka ho asɛm. (Yesaia 6:6-9) Nanso, nea ɛka ho asɛm pefee ne sɛ na Yuda ne Yerusalem nyinaa yare wɔ honhom fam fi wɔn ‘nan ase kosi wɔn atifi.’ (Yesaia 1:6) Ná abosonsom abu so. Ná wɔn mpanyimfo no abrabɔ asɛe. Ná wɔn mmea no abɛyɛ ahantan. Na na nkurɔfo nsom nokware Nyankopɔn no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Wɔsomaa Yesaia sɛ ‘ɔnkɔkasa’ nkyerɛ wɔn a wɔnte asɛm ase, anaa wɔmpɛ sɛ wonnya nhumu no mpɛn pii.

Israel ne Siria asraafo yɛɛ biako hunahunaa Yudafo no sɛ wɔne wɔn bɛko afa wɔn man no. Yehowa de Yesaia ne ne mma gyinaa hɔ sɛ “nsɛnkyerɛnne ne anwonwade” maa Yudafo no nyaa awerɛhyem sɛ, Siria ne Israel renni wɔn so nkonim. (Yesaia 8:18) Nanso, “Asomdwoe-hene” no nniso nkutoo na ɛde asomdwoe a ɛbɛtra hɔ daa bɛba. (Yesaia 9:6, 7) Ná Yehowa bebu Asiria, ɔman a ɔde wɔn yɛɛ ‘n’abufuw abaa’ no nso atɛn. Ná Yuda bɛkɔ nkoasom mu ɔkwan biara so, nanso na wɔn mu ‘nkaefo bi bɛsan aba.’ (Yesaia 10:5, 21, 22) Ná atɛntrenee ankasa bɛba wɔ nea wɔde “Yisai dunsin” gyinaa hɔ maa no no nniso ase.—Yesaia 11:1.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:8, 9—Ɔkwan bɛn so na na Sion babea bɛka te sɛ “bobeturom sese, sɛ fere turom homebea”? Eyi kyerɛ sɛ, sɛ na Asiria tow hyɛ Yuda so a, Yerusalem bɛyɛ sɛ nea enni ahobammɔ biara te sɛ ɔsese bi a esi bobeturom anaa apata bi a enni ahoɔden a esi fere turo mu. Nanso, na Yehowa bɛboa Yuda, na na ɔremma wɔnsɛe no te sɛ Sodom ne Gomora.

1:18—Dɛn na asɛm: “Mommra ma yenni ɛ” no kyerɛ? Eyi nkyerɛ sɛ wommehyiam na obiara mmɛka n’asɛm te sɛ nea obi ne ne tipɛn anya asɛm na wɔrebɔ wɔn nkuro wɔ ɔtemmufo bi anim. Mmom no, na kyerɛwsɛm no rekyerɛ sɛ Israelfo mmehyiam na Yehowa, Ɔtemmufo a obu atɛntrenee no mmoa wɔn mma wɔnsakra wɔn adwene na wɔnhohoro wɔn ho.

6:8a—Dɛn nti na wɔde edin nsiananmu ‘me’ ne “yɛn” dii dwuma wɔ ha? Edin nsiananmu ‘me’ no gyina hɔ ma Yehowa Nyankopɔn. Ɛnna edin nsiananmu a ɛwɔ dodow kabea mu “yɛn” no nso kyerɛ sɛ obi foforo ne Yehowa na ɛwɔ hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa onii no ne Onyankopɔn “Ba a ɔwoo no koro” no.—Yohane 1:14; 3:16.

6:11—Ná dɛn na Yesaia rekyerɛ bere obisae sɛ: “Oo [Yehowa, NW], enkosi da bɛn” no? Ná ɛnyɛ bere tenten a Yesaia de bɛka Yehowa asɛm akyerɛ asoɔdenfo no ho asɛm na na ɔrebisa. Mmom no, na ɔpɛ sɛ ohu bere tenten a nkurɔfo no bɛkɔ so ayare wɔ honhom fam na wɔakɔ so agu Onyankopɔn din ho fĩ.

7:3, 4—Dɛn nti na Yehowa gyee Ɔhene Ahas ɔbɔnefo no? Siria ne Israel ahemfo bɔɔ pɔw sɛ wobetu Yuda hene Ahas afi ade so, na wɔde wɔn ankasa nipa a ɔno ne Tabeel ba, ɔbarima bi a na omfi Dawid abusua mu no adi ade. Ná nsusuwii bɔne yi bɛsɛe Ahenni apam a na Yehowa ne Dawid ayɛ no. Enti, Yehowa gyee Ahas sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ abusua a na “Asomdwoe-hene” no befi mu aba no ho ban.—Yesaia 9:6.

7:8—Ɔkwan bɛn so na ‘wobubuu’ Efraim wɔ mfe 65 mu? Yesaia hyɛɛ nkɔm no akyi bere tiaa bi na wofii ase tuu mmusuakuw du ahemman no mufo fii wɔn asase so wɔ “Israel hene Peka bere so,” na wɔkɔfaa ananafo bɛtraa wɔn asase no so. (2 Ahene 15:29) Wɔkɔɔ so tuu wɔn ara kosii Asiria hene Esar-Hadon, a obedii n’agya Sanaherib ade no nniso akyi. (2 Ahene 17:6; Esra 4:1, 2; Yesaia 37:37, 38) Tu a Asiriafo kɔɔ so tuu nkurɔfo fii Samaria na wɔsan de nnipa foforo kɔtraa hɔ no kɔɔ so mfe 65 sɛnea wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia 7:8 no.

11:1, 10—Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ Yesu Kristo ne ‘duforo a efifi Yisai dunsin mu’ ne “Yisai ntini mu” no? (Romafo 15:12) Ná Yesu fi “Yisai dunsin” mu wɔ honam fam. Ɔnam Yisai ba Dawid so na ɔbɛyɛɛ Yisai aseni. (Mateo 1:1-6; Luka 3:23-32) Nanso, ahenni tumi a wɔde maa Yesu no sesaa abusuabɔ a Yesu ne n’agyanom wɔ no. Bere a wɔde ahenni ne tumi maa Yesu sɛ ɔmma adesamma asoɔmmerɛwfo nnya daa nkwa wɔ asase so no, ɔbɛyɛɛ “Daa-agya” maa n’agyanom. (Yesaia 9:6) Enti, ɔsan yɛ “ntini” ma n’agyanom a Yisai nso ka ho.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:3. Sɛ yɛammɔ yɛn bra sɛnea yɛn Bɔfo no hwehwɛ a, na nantwi ne afurum mpo wɔ nimdeɛ kyɛn yɛn. Nanso, sɛ yɛma yɛn ani sɔ nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa a, ɛremma yɛnyɛ yɛn ade sɛ nnipa a wonni ntease, na yɛrentwe yɛn ho mfi Yehowa ho.

1:11-13. Nyamesom mu guasodeyɛ a wɔyɛ no nyaatwom so ne mpae a emfi komam a wɔbɔ no afono Yehowa. Ɛsɛ sɛ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn ne mpae a yɛbɔ Onyankopɔn no fi yɛn koma mu.

1:25-27; 2:2; 4:2, 3. Ná Yudafo no nkoasom ne amamfoyɛ no bɛba awiei bere a nkaefo a wɔanu wɔn ho no san ba Yerusalem befi nokware som ase bio no. Yehowa hu abɔnefo a wɔanu wɔn ho no mmɔbɔ.

2:2-4. Sɛ yɛde nsi yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no a, yɛboa afoforo a wofi aman pii so ma wosua asomdwoe akwan, na wɔne wɔn ho wɔn ho tra asomdwoe mu.

4:4. Yehowa beyi ɔbrasɛe ne mogyahwiegu biara afi hɔ.

5:11-13. Sɛ obi yɛ ahwɛyiye wɔ nneɛma a ɔde gye n’ani ho ho a, na ɛkyerɛ sɛ ɔde nimdeɛ a ɔwɔ reyɛ adwuma.—Romafo 13:13.

5:21-23. Ɛnsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo, anaa ahwɛfo yɛ “wɔn ankasa ani so anyansafo.” Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye nso wɔ wɔn “asanom mu,” na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nyiyim nso.

11:3a. Yesu nkyerɛkyerɛ ne ne nhwɛso ma yehu sɛ, sɛ yesuro Yehowa a ɛma yɛn ani gye.

YEHOWA YAM BƐHYEHYE NO YAKOB HO’

(Yesaia 13:1–35:10)

Nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 13 kosi ti 23 no yɛ nsɛm a etia amanaman no. Nanso, na ‘Yehowa yam bɛhyehye no Yakob ho,’ na wama Israel mmusuakuw no nyinaa asan aba wɔn kurom. (Yesaia 14:1) Wɔde ba a na ɔman no bɛsan aba wɔn asase so ho asɛm kaa Yuda amamfoyɛ ho nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 24 kosi ti 27 no ho. Yehowa bo fuw “Efraim [Israel] asabofo” no sɛ wɔne Siria kɔyɛɛ apam ne Yuda “ɔsɔfo ne odiyifo” sɛ wɔn nso ne Asiria akɔyɛ apam. (Yesaia 28:1, 7) Wɔmaa “Ariel [Yerusalem]” due sɛ ‘wosiim kɔɔ Misraim’ kɔhwehwɛɛ ahobammɔ. (Yesaia 29:1; 30:1, 2) Nanso, wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ankorankoro bi a wobenya Yehowa mu gyidi no benya nkwa.

Yehowa bɛbɔ “Sion bepɔw” ho ban te sɛ nea ‘gyataforo sũ ne hanam so no.’ (Yesaia 31:4) Na ɔhyɛɛ bɔ nso sɛ: “Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene.” (Yesaia 32:1) Bere a Asiria ahunahuna no maa Yuda “asomdwoe bɔfo” no suu yayaayaw no, Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ ɔbɛsa wɔn yare, na “wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.” (Yesaia 33:7, 22-24) “[Yehowa, NW] abohuru bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyew aba wɔn dɔm nyinaa so.” (Yesaia 34:2) Ná Yuda renkɔ so nyɛ amamfo daa. “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

13:17—Ɔkwan bɛn so na na Mediafo mmu dwetɛ na wɔn ani nnye sika kɔkɔɔ nso ho? Ná Mediafo ne Persiafo ani gye nkonim a na wodi wɔ ɔko mu ho koraa sen nneɛma a na wonya wɔ ɔko mu no. Kores ma ɛdaa adi sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Efisɛ Kores de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinne a na Nebukadnesar akɔfa afi Yehowa asɔrefie hɔ no maa Yudafo a na wɔresan afi nkoasom mu akɔ wɔn kurom no.

14:1, 2—Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa nkurɔfo bɛfaa “wɔn nnommumfafo nnommum,” na ‘wɔhom wɔn ahoguanfo so’? Ɛbaa saa wɔ ankorankoro bi te sɛ Daniel a onyaa dibea a ɛkorɔn wɔ Babilon wɔ Media ne Persia nniso ase; Ester a ɔbɛyɛɛ Media hemmaa; ne Mordekai a wɔpaw no sɛ ɔman soafo panyin wɔ Persia Ahemman mu no.

20:2-5—So Yesaia bɔɔ adagyaw ankasa nantew mfe abiɛsa? Ebia Yesaia yii ne soro atade nkutoo ɛnna ɔde biribi sii n’asen nantewee.—1 Samuel 19:24.

21:1—Ɔmantam bɛn na wɔfrɛ no “mpoano sare” no? Ɛwom sɛ na Babilon mmɛn po ankasa koraa de, nanso wɔfrɛɛ no mpoano sare, efisɛ afe biara na Eufrate ne Tigris nsubɔnten no yiri bu fa so ma ɛhɔ dan ɔwora.

24:13-16—Ɔkwan bɛn so na Yudafo bɛyɛɛ “aman no mu, sɛ ngodua porow, sɛ bobe abatew akyi mpɛpɛwadi”? Sɛnea nnuaba bi ka wɔ dua so anaa bobe aba bi ka wɔ bobe so wɔ otwabere akyi no, saa ara na na Yudafo no mu kakraa bi na wobefi ɔsɛe a na ɛbɛba Yerusalem ne Yuda so no mu aka. Baabiara a na wɔde wɔn a wofii mu kae no bɛkɔ no, sɛ́ ɛyɛ “[Babilon a ɛwɔ] apuei” anaa “[Mediterranea] po mu nsupɔw” so no, na wobeyi Yehowa ayɛ.

24:21—Henanom ne “ɔsoro, ne fam ahene” no? ‘Ɔsoro ahene’ no betumi ayɛ ahonhommɔne. Ɛnna “fam ahene” no nso yɛ asase so ahemfo a adaemone no wɔ wɔn so tumi kɛse no.—1 Yohane 5:19.

25:7—Dɛn ne “ntama” a ɛkata nkurɔfo so ne “nkataso a ɛkata amanaman nyinaa so no”? Saa ntotoho yi twe adwene si adesamma atamfo akɛse abien, bɔne ne owu so.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

13:20-22; 14:22, 23; 21:1-9. Yehowa nkɔmhyɛ bam bere nyinaa, sɛnea ne nkɔmhyɛ a ɛfa Babilon ho baa mu no.

17:7, 8. Ɛwom sɛ Israelfo dodow no ara antie Yehowa de, nanso ankorankoro bi de wɔn ani too Yehowa so. Saa ara na Kristoman mufo bi tie Ahenni asɛm no.

28:1-6. Ná Asiria bedi Israel so nkonim de, nanso na Onyankopɔn bɛhwɛ ama anokwafo bi anya wɔn ti adidi mu. Yehowa atemmu nka treneefo.

28:23-29. Yehowa gyina nnipa anokwafo ahiade ne wɔn nsɛm tebea pɔtee so na ɛteɛ wɔn so.

30:15. Sɛ Yehowa begye yɛn nkwa a, ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ ‘brɛoo’ de da yɛn gyidi adi anaa ɛnsɛ sɛ yɛfa nnipa nhyehyɛe so hwehwɛ nkwagye. Sɛ yɛyɛ ‘komm’ anaasɛ yensuro a, yɛn nso yɛda no adi sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ obetumi abɔ yɛn ho ban.

30:20, 21. Yɛnam Yehowa Asɛm Bible ne nea “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ka a yetie so na ‘yehu’ na ‘yɛte’ Yehowa nkwagye nne.—Mateo 24:45.

Yesaia Nkɔmhyɛ no ma Yenya Onyankopɔn Asɛm mu Ahotoso Kɛse

Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi asɔ Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu no! Nkɔmhyɛ ahorow a anya ne mmamu dedaw no ma yenya ahotoso a emu yɛ den sɛ, ‘asɛm a efi Yehowa anom rensan mma ne nkyɛn gye sɛ ɛbam.’—Yesaia 55:11.

Na Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow te sɛ nea ɛwɔ Yesaia 9:7 ne 11:1-5, 10 no nso ɛ? So ɛmma gyidi a yɛwɔ wɔ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ama yɛn nkwagye no mu nyɛ den? Nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya ne mmamu akɛse wɔ yɛn bere yi so anaa nea ɛbɛba daakye nso wɔ nhoma no mu. (Yesaia 2:2-4; 11:6-9; 25:6-8; 32:1, 2) Nokwarem no, Yesaia nhoma no si so dua paa sɛ, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa.”!—Hebrifo 4:12.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ná Yesaia ne ne mma yɛ “nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Israel mu”

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ná Yerusalem bɛyɛ te sɛ “bobeturom sese”

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ɔkwan bɛn so na wɔreboa nnipa a wofi amanaman mu ma wɔde wɔn “nkrante abobɔ nsɔw”?