Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Buronya—Ɛhe na Ani Kyerɛ?

Buronya—Ɛhe na Ani Kyerɛ?

Buronya—Ɛhe na Ani Kyerɛ?

BOSOME yi ne mfe 10 a Buronya ho asɛm bi puei wɔ Amerika nsɛmma nhoma bi mu. (U.S.News & World Report) Ná nsɛmma nhoma no resusuw ho sɛ ebia nyamesomfo de wɔn adwene resi Buronya so kɛse anaa. So saa na nneɛma rekɔ?

Nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ biribi a ɛte saa kwan no mu. Ɛkae sɛ: “Kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔhyɛɛ da dii Kristo awoda kosi sɛ Constantine . . . bɛyɛɛ Roma ɔhempɔn wɔ afeha a ɛto so anan mu.” Ɛno ma yehu sɛ “anyɛ yiye koraa no, adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na obiara nnim bere a wɔwoo Yesu.” Nsɛmma nhoma no kae sɛ “nsɛmpa no nka afe ko a wɔwoo Yesu na kampɛsɛ abɔ bosome anaa da pɔtee no mpo.” Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo bi a ɔwɔ Texas Sukuupɔn bi mu kyerɛ no, “ná tete Kristofo no ani nnye ho sɛ wobedi Yesu awoda.”

Wɔ Buronya ho asɛm a epuei wɔ nsɛmma nhoma no mu ase no, ɛkaa nea ɛyɛe a “asɔre no yii December 25 sii hɔ.” Ɛkae sɛ: “Nnipa dodow no ara nim sɛ wɔhyɛɛ da na wɔdan Saturnalia ne abosonsom afahyɛ afoforo yɛɛ no sɛ ‘Kristofo afahyɛ.’” “Buronya a asɔre akannifo no de hyɛɛ December awiei mu bere a na nnipa taa di afahyɛ ahorow no ma wotumi trɛw Agyenkwa no awodadi mu.” Wɔ bɛyɛ 1850 mfe no mu hɔ no, wɔdan adwene kɔɔ nneɛma totɔ ne nneɛma a wɔde kyekyɛ so. “Nneɛma a wɔtotɔ kyekyɛ yi a ɛbɛkaa Buronya ho no maa nkurɔfo nyaa wɔn ho, na ankyɛ koraa na aguadifo ne wɔn a wɔbɔ aguade ho dawuru fii ase dii ho gua.”

Enti biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsesa sɛnea wodi Buronya no. Ɛwom sɛ ɛnnɛ, Buronya abɛyɛ “aguadi kɛse” de, nanso nokwasɛm ne sɛ nokware Kristofo anhwɛ kwan da sɛ wobedi Yesu awoda. Mmom no, Bible si agyede a Kristo nam ne wu so de mae ne owusɔre a onya kɔɔ soro no so dua. (Mateo 20:28) Ɛno ne ade a ɛho bɛda so ahia de akosi daa.