Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔreka Asɛmpa no wɔ Haiti a Ɛhɔ Yɛ Fɛ No

Wɔreka Asɛmpa no wɔ Haiti a Ɛhɔ Yɛ Fɛ No

Wɔreka Asɛmpa no wɔ Haiti a Ɛhɔ Yɛ Fɛ No

HAITI ne Dominican Republic nyinaa wɔ Hispaniola supɔw a ɛhɔ yɛ hyew no so. Mmepɔw atenten wɔ hɔ sen baabiara wɔ Caribbean mpɔtam hɔ. Mmepɔw no bi tenten boro anammɔn 8,000. Sɛ “awɔw” ba a, ntonsu ne nsukyenee ntrantraa tumi bɛtetɛw nsuwansuwa a ɛtaataa mmepɔw no so no ani.

Kwae kusuu wɔ mmepɔw ne abon a ɛwɔ Haiti anafo fam no. Wɔ mmeae afoforo no, esiane sɛ wɔabubu mmepɔw no so nnua nti, dodow no ara so yɛ kwabokwabo, na ɛso abotan ayiyi ne ho. Sɛ worefa atifi anaa anafo fam a, anka wubehu sɛ Haiti yɛ supɔw a ɛyɛ fɛ ankasa. Sɛ wonam mmepɔw no so akwan nketenkete a akontɔnkontɔn no so a, wubehu sɛnea asase ne po no yɛ fɛ fa. Wubehu nhwiren ahorow pii a ne kɔla gu ahorow wɔ baabiara.

Nnipa 8,300,000 a wɔwɔ supɔw a ɛyɛ fɛ yi so no dodow no ara tete nkuraase, na wɔn ase fi Afrika. Ɛwom sɛ wɔn mu dodow no ara yɛ ahiafo de, nanso wɔwɔ ayamye ne ahɔhoyɛ su. Yehowa Adansefo aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ wɔn bɛyɛ mfe 60 ni, na wɔagye wɔn fɛw so.—Mateo 24:14.

Wɔkaa Asɛmpa no wɔ Akuraa Bi Ase

Da a edi kan a ɔsɛmpatrɛwfo bi kɔɔ akuraa bi ase no, ohui sɛ ɛhɔ yɛ akuraa ampa. Ɔkyerɛwee sɛ:

“Da bi wɔ March 2003 mu no, yɛkɔkaa asɛm no wɔ Casale. Ɛyɛ kurow ketewa bi a efi Cabaret rekɔ hɔ no gye bɛyɛ simma aduasa. Seesei yɛwɔ Cabaret a ɛwɔ Port-au-Prince a ɛyɛ ɔman no ahenkurow no atifi fam reyɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Efi Cabaret rekɔ hɔ no yɛ akwansin 20. Afe 1999 ne bere a etwa to a Adansefo no kɔkaa asɛm no wɔ Casale, enti yɛde ahopere fii yɛn akwantu no ase anɔpa 7:00. Ɛkame ayɛ sɛ asafo mũ no nyinaa na yɛhyehyɛɛ yɛn ho wɔ kar abien mu kɔe. Ná yɛyɛ nnipa 22. Obiara de anigye kasa serewee bere a yɛnam mfutukwan a ɛda mmepɔw atenten so na yesian baa bon bi a nnua akɛse pii wom mu no. Asubɔnten bi da bon no mu a ɛkɔfa Casale kurow no mu.

“Bere a Poland asraafo binom baa Haiti wɔ 1800 mfe no mu sɛ wɔrebɛboa nkoa a wɔwɔ hɔ no ma wɔanya fahodi no na wofii ase tee kurow a emu dwo yi ho asɛm. Asraafo yi ne wɔn yerenom a wɔyɛ Haitifo bɛtraa kurow yi mu. Wɔwowoo nnipa a wɔn ho yɛ fɛ. Sɛ wohwɛ ɔman yi mu nnipa a wɔn ahosu, wɔn aniwa kɔla ne nea ɛkeka ho gu ahorow yi a, na ɛyɛ anika kɛkɛ.

“Onipa a yedii kan bɔɔ ne pon mu no ankyerɛ asɛm no ho anigye. Bere a yɛdan yɛn ho sɛ yɛrekɔ no, ɔbarima bi behyiae yɛn. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛ yegye di sɛ nsonsonoe wɔ Yesu ne Onyankopɔn ntam anaa. Yɛma ɔkɔfaa ne Bible, na Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ a yɛbɔe no ma ogye dii sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, na Yehowa ne ‘nokware Nyankopɔn koro pɛ no.’ (Yohane 17:3) Nnipa pii ma yɛtraa ase ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ. Ebinom bisae sɛ, ‘Bere bɛn na mobɛsan aba ne yɛn abesua Bible no?’

“Eduu awiabere no, yenyaa gyedua bi ase tra didii. Ná anuanom mmea baanu de mpataa ayɛ aduan pii. Ná ɛyɛ dɛ! Bere a yɛtraa hɔ kakra didii na yɛbɔɔ nkɔmmɔ no, yɛkaa asɛm no kyerɛɛ nnipa a na wɔretwam no nso. Yewiei no, yetwaa asubɔnten no kɔɔ kurow no fã foforo no. Yɛn ani gyei sɛ yɛne nnipa a wɔn anim tew a na wɔte nnua a ɛbɛn wɔn afie ase no bɔɔ nkɔmmɔ. Hwɛ anika ara a na ɛyɛ sɛ yehui sɛ mmofra redi agoru, mmea rehoro nneɛma wɔ asubɔnten no mu, na mmea mpanyimfo nso reyam kɔfe aba!

“Ankyɛ na nnɔnnan bɔe, na yɛn a yɛde anigye kɔe no san baa kar no ho bɛforo kɔɔ Cabaret. Da a edi kan yi a me ne me kunu kɔɔ Casale a na nnipa no anim tew na wogyee yɛn fɛw so no, yɛn ani gyei ankasa.”

Efi afe 1945 a Adansefo asɛmpatrɛwfo dii kan baa Haiti no, Ahenni adawurubɔfo dodow anya nkɔanim nkakrankakra wɔ ɔman yi mu ma enti seesei nnipa 14,000 na wɔreyɛ asɛnka adwuma no. Wɔreyɛ ofie Bible adesua bɛboro 22,000 nso. Asɛm no a wɔreka no aka nnipa 59,372 a wɔkɔɔ Nkaedi no bi wɔ March 2005 mu no koma, na wɔaka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ baabiara. Susuw sɛnea akwan pii a Yehowa Adansefo fa so yɛ wɔn adwuma no aka nnipa koma no ho hwɛ.

Wɔnam Adwinni so Ka Asɛmpa No

Haitifo dodow no ara ani gye kɔla ho. Eyi da adi wɔ wɔn ntade, wɔn adan a wɔaka ho, nhwiren ahorow a ɛwɔ wɔn nturo mu, ne wɔn adwinni mu. Sɛ wonam Port-au-Prince abɔnten so baabiara a, wubehu ntama a emu yɛ duru a wɔadi mu adwinni a wɔfrɛ no L’Art Haitien. Adetɔfo fi wiase mmeae pii ba hɔ.

Ɛnyɛ ntama a emu yɛ duru yi mu nko na wodi mu adwinni. Kar ahorow a ɔmanfo fa a ɛte sɛ trotro a wɔadi adwinni a ɛyɛ fɛ agu ho abu so wɔ Port-au-Prince abɔnten so. Wɔtaa hu mfonini ahorow a egyina Bible so wɔ adwinni a ɛte saa mu.

Sɛ wonam abɔnten a, wubehu mfonini a ɛte sɛ Adam ne Hawa a wɔwɔ Eden turo mu. Sɛ trotro bi retwam a, wubehu sɛ wɔadi adwinni yi wɔ akyi. Wɔtaa hu Bible mu nsɛm anaa nsɛm a Yehowa din wom wɔ trotro ahorow yi ho anaasɛ wɔde ka din a ɛda wɔn adwuma so ho.

Wɔreka Asɛmpa no wɔ Sukuu Mu

Adansefo mmofra a wɔwɔ Haiti no wɔ hokwan pii a wɔde bɛboa wɔn mfɛfo sukuufo ma wɔasua Bible no. Amanneɛbɔ a edi so yi a efi Ɔdansefo ababaa bi a wadi mfe 17 hɔ no yɛ ho nhwɛso.

“Da bi, me sukuuni bi bisaa me nea ‘aguamammɔ’ kyerɛ. Ná m’adwene yɛ me sɛ ɔpɛ me nti, mammua no. Nanso bere a obisaa sukuuni barima bi asɛm koro no ara no, na sukuufo no nyinaa pɛ sɛ wohu. Enti nnawɔtwe a edi hɔ no, meyɛɛ nhwehwɛmu wɔ asɛm no ho. Miwiei no, mekyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ sukuufo no nea enti a Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn ho atew wɔ abrabɔ fam, honhom fam ne honam fam.

“Sukuufo no bisaa nsɛm pii, na wogyee mmuae a mifi Bible mu de maa wɔn no toom. Ɔkyerɛkyerɛfo panyin no mpo a mfiase no na n’ani nnye ho no bisaa nsɛm pii, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ menkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ sukuufo afoforo nso. Mede Questions Young People Ask—Answers That Work * (Nsɛm a Mmofra Bisa—Mmuae a Ɛyɛ Adwuma) nhoma no kyerɛɛ wɔn, na wɔn mu pii ani gyee ho. Da a edi hɔ no, mede nhoma no 45 maa me mfɛfo sukuufo. Wɔn mu pii kenkan wiei ntɛm, na seesei ebinom ne Adansefo a wɔte bɛn wɔn no resua Bible no. Seesei sukuuni baako a me ne no te mpɔtam afi ase kɔ asafo nhyiam nyinaa.”

Wɔde Creole Kasa Reka Asɛm No

Asase no yɛ fɛ, na nnipa ahorow a wɔwɔ hɔ no nso ho yɛ anika. Saa ara nso na Haitifo kasa Creole, a Franse ne Afrika Atɔe famfo kasa adi afra wom no nso te. Eyi ne Haitifo kurom kasa a wonni ho agoru koraa. Kasa yi titiriw na Yehowa Adansefo de yɛ wɔn som adwuma no, na wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wobetintim Bible ho nhoma pii wɔ Haitifo kasa Creole mu.

Wɔkyerɛɛ Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa no ase kɔɔ Haitifo kasa Creole mu wɔ afe 1987 mu, ɛno akyi no, wɔkyerɛɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no ase ne afei Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no. Nhoma ahorow yi aboa Bible asuafo a wɔyɛ foforo a wɔpɛ sɛ wɔte Onyankopɔn Asɛm ase yiye no paa. Efi September 1, 2002 no, wɔatintim Ɔwɛn-Aban no wɔ Haitifo kasa Creole mu. Wɔda so ara de Franse kasa mu nhoma di dwuma, nanso nnipa pii ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan nhoma no wɔ wɔn kurom kasa mu.

Wɔreka Asɛmpa no Kyerɛ Wɔn a Wɔda Afiase

Nnansa yi, Yehowa Adansefo afi ase reka asɛmpa no kyerɛ mmarima ne mmea a wɔda Aban afiase no. Adansefo a wɔreyɛ eyi no ani gye ho sɛ wɔde awerɛkyekyesɛm rekɔma wɔn a wɔn tebea yɛ awerɛhow yi. Kristoni baako bɔ amanneɛ sɛ:

“Da a edi kan a yɛkɔɔ afiase bi mu no, wɔmaa wɔn a wɔda afiase hɔ no behyiaa yɛn wɔ ɔdan kɛse bi mu. Ná yennim nea wɔbɛyɛ. Bere a yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛaba hɔ rebɛboa wɔn ma wɔate Bible no ase no, nnipa 50 no nyinaa gyee yɛn fɛw so. Yɛde Sua Akenkan ne Akyerɛw ne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa a ɛwɔ Creole kasa mu no maa wɔn, na yɛne wɔn mu 26 fii Bible adesua ase. Ná wɔn mu 10 nnim akenkan ne akyerɛw, nanso bere a yɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔde mfonini ahorow a ɛwɔ nhomawa no mu bedi dwuma na aboa wɔn ma wɔate nsɛmfua no ase no, wɔn ani gyee ho.”

Bere a Adansefo no san bae no, ɔbarima baako kae sɛ: “Makenkan nhomawa no nyinaa asi asan akenkan bio. Midwen emu nsɛm no ho daa, na na mehwɛ kwan sɛ mobɛba.” Ɔbarima bi a na ɔyɛ ɔkorɔmfo werɛmfo a wɔkyeree no kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔsesa, na ɔsrɛe sɛ wɔmma obi ne ne yere nkosua Bible no. Agya bi a ɔwɔ mma baanu nso srɛe sɛ wɔne ne yere nkosua Bible ma onhu nsonsonoe a ɛwɔ nokware ne atoro nkyerɛkyerɛ mu. Protestantfo sɔfo bi a wadi n’asɔremma sika pii no kae sɛ, afei de wahu nokware no, na sɛ woyi no fi afiase a, ɔbɛkɔ akɔboa n’asɔrefo no ma wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo.

Onipa foforo a ɔda afiase hɔ a na onni Ahwehwɛde nhomawa no bi wɔ Creole kasa mu no hwɛɛ obi de so kyerɛw ne nyinaa, na ɔkyere guu ne tirim. Ɔbea bi a ɔda afiase hɔ fii ase kaa nea na ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ mmea afoforo akron a wɔn nso da afiase hɔ, na ɔne wɔn suaa ade mpo. Bere a ɔbarima bi a ɔda afiase hɔ suaa nhomawa no wiei no, ɔtoaa so suaa Nimdeɛ nhoma no, na ofii ase kaa asɛm no kyerɛɛ afoforo a wɔda afiase hɔ. Ankyɛ, ɔne nnipa baanan fii ase yɛɛ Bible adesua.

Mercony * a n’abusuafo binom yɛ Yehowa Adansefo no suaa Bible no bere bi a atwam. Ɔhyɛɛ afoforo a wɔda afiase hɔ no nkuran sɛ wɔnkenkan Bible ho nhoma a n’abusuafo no de brɛɛ no no. Ɔka sɛ: “Sɛ mede nhoma no ma wɔn a wɔda afiase hɔ no a, wɔfrɛ me Yehowa Dansefo. Ɛyɛ a meka kyerɛ wɔn sɛ menyɛ bi efisɛ minim nea Ɔdansefo a obi yɛ no kyerɛ. Seesei, mepɛ sɛ mefa Bible adesua aniberesɛm, na misua ade bɔ asu. Meyɛ abofra no, sɛ midii me nuanom mmarima nhwɛso akyi a, anka ɛnyɛ ɛne sɛ meda afiase yi.”

Obi a ɔda afiase hɔ a ogyee nhoma fii Mercony hɔ no ka kyerɛɛ Ɔdansefo a ɔbaa ne nkyɛn no sɛ: “Ansa na woreba Dwoda no, na mayɛ basaa, na anka merekokum me ho. Nanso bere a mekenkan nsɛmma nhoma no wiei no, mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmfa nsɛmmɔne a madi nyinaa nkyɛ me na ɔnsoma obi ma ɔmmɛkyerɛ me nokware kwan no. Ade kyee a wobae sɛ wo ne yɛn a yɛda afiase no rebesua Bible no, hwɛ sɛnea m’ani gye fae! Mepɛ sɛ wokyerɛ me sɛnea mɛsom Yehowa.”

Nyan! Ma Nnipa Pii Te Asɛmpa No

November 8, 2000, Nyan! no kaa ayarehwɛfo adwuma ho asɛm. Ɔbea bi gyee mfuamfua 2,000 na ɔkyekyɛ maa ayarehwɛfo a na wɔrekɔyɛ nhyiam bi wɔ Port-au-Prince. Wɔkyekyɛɛ July 8, 2002, Nyan! a ɛka polisifo ne wɔn adwuma ho asɛm no pii maa polisifo a wɔwɔ Port-au-Prince. Wɔn ani gyee nsɛmma nhoma yi ho, na ebesi saa bere yi mpo, sɛ ebinom hyia Adansefo no wɔ abɔnten so a, wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔpɛ saa nsɛmma nhoma no bi.

Nnansa yi, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no panyin bi a ɔyɛ ɔbea yɛɛ nhyehyɛe de kyerɛkyerɛɛ AIDS ho asɛm mu kyerɛɛ nkurɔfo. Wɔtoo nsa frɛɛ ɔbea yi ma ɔbaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea, na wɔde Nyan! a ɛka yare yi ho asɛm kyerɛɛ no. N’ani gyei sɛ ohuu sɛnea wɔde Bible no akyerɛkyerɛ ɔkwan pa a wobetumi afa so asiw AIDS ano ne sɛnea wɔbɛboa wɔn a ebi ayɛ wɔn ma wɔagyina wɔn tebea no ano wɔ nsɛmma nhoma no mu. Ɔkae sɛ, Nyan! na edi akoten wɔ AIDS ho asɛm a ɛte saa mu.

Nokwarem no, Yehowa Adansefo nam akwan pii so reka Ahenni no ho asɛmpa wɔ Haiti a ɛhɔ yɛ fɛ no, sɛnea wɔreyɛ wɔ nsase 234 afoforo a ɛwɔ wiase nyinaa so no. Nnipa pii retie anidaso asɛm yi, na wɔreboa wɔn ma wɔde wɔn adwene asi wiase foforo no so sen sɛ wɔde besi nsɛnnennen a ɛwɔ asetram no so. Wiase foforo yi mu ne baabi a wɔn a wɔsom nokware Nyankopɔn, Yehowa, no benya asetra a edi mũ koraa.—Adiyisɛm 21:4.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 20 Yehowa Adansefo na wontintim nhoma a wɔabobɔ din wɔ asɛm yi mu no.

^ nky. 29 Ɛnyɛ ne din no no.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Mfonini a ɛwɔ akyi: ©Adalberto Rios Szalay/photodisc/age fotostock