Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbarima a Ɔpɛ Nkwa na N’ani Gye Nnipa Ho

Ɔbarima a Ɔpɛ Nkwa na N’ani Gye Nnipa Ho

Ɔbarima a Ɔpɛ Nkwa na N’ani Gye Nnipa Ho

DANIEL SYDLIK a ɔde bere tenten asom sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no wiee n’asase so som adwuma wɔ Benada, April 18, 2006. Ná wadi mfe 87, na na ɔde mfe bɛyɛ 60 na asom sɛ Betel abusua no muni wɔ Brooklyn, New York.

Wɔn a na wɔbɛn no no frɛɛ no Onua Dan. Ofii ase yɛɛ adwuma wɔ Betel wɔ afe 1946 mu. Ansa na ɔreba Betel no, na wasom sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ California, na na wada afiase nso wɔ Wiase Ko II no mu esiane sɛ ɔyɛ Kristoni na wankɔ ɔko no bi nti. Wɔaka nea ɛtoo no saa bere no ho asɛm fann wɔ n’asetram nsɛm a ɛwɔ June 1, 1985, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no mu, wɔ asɛmti a ɛne “How Priceless Your Friendship, O God!” (O Onyankopɔn, W’adamfofa Som Bo Dɛn Ara!) no mu.

Wonim Onua Sydlik yiye sɛ ɔyɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase, na na obiara tumi bɛn no. Sɛ ɔhwɛ daa asɛm so wɔ Betel anɔpa a, na ɔtaa ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran ne sɛnea ɔpɛ nkwa no ho asɛm wɔ nsɛm a ɔka de fi ne kasa ase no mu. Ná ɔka sɛ: “Yɛn ani agye sɛ yɛte ase nnɛ na yɛresom nokware Nyankopɔn teasefo no.” Sɛ ɔrema baguam kasa a, na ɔhyɛ afoforo nkuran sɛ wonnya adwene a ɛte saa no bi. Wama ɔkasa ahorow a ebi asɛmti ne “Anigye Ne Nkurɔfo a Wɔn Nyankopɔn ne Yehowa,” “Da Anigye a Yehowa Wɔ no Bi Adi,” “Ma Onyankopɔn Honhom no Nna Adi wɔ W’asetra Mu,” ne “Yɛrehwɛ Nneɛma Pa Kwan.”

Onua Sydlik waree Marina Hodson a ofi England a ɔfrɛɛ no “Onyankopɔn akyɛde” no wɔ afe 1970 mu. Wɔn baanu no somee Yehowa sɛ awarefo bɛboro mfe 35.

Bere a na Onua Sydlik wɔ Betel no, ɔyɛɛ adwuma wɔ mmeae ahorow bi te sɛ baabi a wotintim nhoma ne Akyerɛwfo Dwumadibea. Ɔyɛɛ adwuma nso wɔ WBBR radio adwumayɛbea. Afei, wɔpaw no sɛ Sodikuw no muni wɔ November 1974, na awiei koraa no, ɔkɔkaa Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw ne Akyerɛw Boayikuw no mufo ho.

Onua Sydlik daa ɔdɔ a emu yɛ den a na ɔwɔ ma nnipa no adi wɔ bɛboro mfe 30 a ɔne Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw no yɛɛ adwuma no mu no. Ɔde ne kasa a emu yɛ hyew no hyɛɛ nnipa pii nkuran, na bere nyinaa na ɔka sɛnea yɛanya hokwan kɛse sɛ yɛresom Yehowa no ho asɛm. Ná osi so dua daa sɛ anigye ankasa a yebenya no fi abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ ne adwene a yɛwɔ wɔ nkwa ho no mu, na ɛnyɛ ahonyade mu.

Ɛwom sɛ Betel abusua no ani begyina Onua Sydlik paa de, nanso wɔn werɛ remfi sɛnea na ɔpɛ nkwa na n’ani gye nnipa ho no da. Yɛwɔ ahotoso sɛ ɔka nkurɔfo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 14:13 no ho. Ɛhɔ ka sɛ: “Anigye ne awufo a wowu wɔ Awurade mu fi saa bere yi rekɔ. Yiw, honhom no na ɛka, momma wɔnhome wɔn nnwuma ho, efisɛ nneɛma a wɔyɛe no di wɔn akyi.”