Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyinae Pa A Yesisii Ama Yɛanya Nhyira Pii Wɔ Yɛn Asetra Mu

Gyinae Pa A Yesisii Ama Yɛanya Nhyira Pii Wɔ Yɛn Asetra Mu

Asetram Nsɛm

Gyinae Pa A Yesisii Ama Yɛanya Nhyira Pii Wɔ Yɛn Asetra Mu

Sɛnea Paul Kushnir ka kyerɛe

ME NANANOM fi Ukraine baa Canada na wɔtraa kurow bi a ɛbɛn Yorkton, Saskatchewan mu wɔ afe 1897 mu. Wɔde mma baanan na ɛbae, mmarimaa baasa, ne abeawa biako. Marinka a na ɔno ne abeawa no woo me wɔ afe 1923 mu; na me na meyɛ ne ba a ɔto so ason. Ná yenni nneɛma pii saa bere no de, nanso na yɛwɔ asomdwoe. Ná yedi aduan pa, hyɛ ntade a yɛde ko awɔw, na na aban no ma yɛn nneɛma nketenkete a yehia. Ná afipamfo a wɔwɔ hɔ no boa wɔn ho wɔn ho bere a wɔreyɛ nnwuma bi a ɛyɛ den no. Wɔ afe 1925 awɔw bere mu no, Bible Asuafo no mu biako, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no bɛsraa yɛn. Saa nsrahwɛ no kaa yɛn ma yesisii gyinae bi a m’ani gyee ho ara de besi nnɛ.

Wɔde Bible mu Nokware no Baa Yɛn Fie

Bible Asuafo no maa Maame nhomawa ahorow bi, na ankyɛ na ohuu nokware no. Onyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ Onyankopɔn som mu, na ɔbɔɔ asu wɔ afe 1926 mu. Bere a Maame bɛyɛɛ Bible Suani no, botae a na esi yɛn abusua no ani so wɔ asetra mu no sesae koraa. Ná yegye ahɔho ani wɔ yɛn fie paa. Ná ahwɛfo akwantufo a na wɔfrɛ wɔn ɔsom ho akwantufo ne Bible Asuafo afoforo taa bɛtra yɛn fie. Wɔ afe 1928 mu no, ɔhwɛfo kwantufo bi yii sini a wɔato din “Eureka Drama,” a na ɛyɛ “Photo-Drama of Creation” no a wɔatew so kyerɛɛ yɛn. Ná yɛn a yɛyɛ mmofra no wɔ apɔtorɔ bi a wɔde rɔba ayɛ a womia a esu. Ogyee saa apɔtorɔ no, na sɛ omia na esu a na ɛkyerɛ sɛ ɔresesa mfonini no. Yɛn a na yɛyɛ mmofra no ani gyei sɛ yɛde yɛn rɔba apɔtorɔ no maa no ma ɔde yii sini no!

Mpɛn pii na ɔhwɛfo kwantufo bi a ne din de Emil Zarysky de kar a ne fie si so bɛsraa yɛn. Ɛtɔ mmere bi a na ɔne ne babarima a wanyin na ɛba. Ne babarima no hyɛɛ yɛn a na yɛyɛ mmofra no nkuran sɛ yensusuw bere nyinaa som anaa akwampae adwuma no ho. Akwampaefo pii nso bɛtraa yɛn fie. Bere bi a ɔkwampaefo bi baa yɛn fie a na ne hyɛɛt atetew no, maame maa no bi hyɛe, na ɔpompam ɔkwampaefo no de no. Ɔkwampaefo no werɛ fii, na ɔde hyɛɛt a maame de maa no no kɔe. Ɛkyɛe paa ansa na ɔde remena. Na ɔkyerɛw krataa bɛpaa kyɛw wɔ nea enti a ɛkyɛe saa no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ná minnya sɛnt du a me de bɛtɔ stampo de asi so de amena.” Yɛn yam a, anka ɔfaa hyɛɛt no! Saa bere no minyaa adwene sɛ me yam a anka minyin a matumi asuasua akwampaefo a wɔde wɔn ho bɔ afɔre saa no. M’ani sɔ sɛnea na Maame pɛ ahɔhoyɛ no, na ɛno na ɛmaa yɛn asetra tuu mpɔn na yenyaa ɔdɔ maa anuanom nyinaa no.—1 Petro 4:8, 9.

Ɛwom sɛ Paapa ammɛyɛ Bible Suani de, nanso wansɔre antia yɛn. Wɔ afe 1930 mu no, ɔde apata kɛse bi a na wabɔ no mpo maa anuanom ma wɔyɛɛ da koro nhyiam wɔ ase. Ɛwom sɛ na madi mfe ason pɛ de, nanso anigye ne sɛnea biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ nhyiam no ase no kaa me koma yiye. Paapa wui wɔ afe 1933 mu. Maame a saa bere no na wabɛyɛ okunafo a ɔwɔ mma baawɔtwe no antoto ne bo a na wasi sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛatra nokware som mu no ase koraa. Ná ɔhwɛ sɛ me ne no bɛkɔ nhyiam ahorow nyinaa bi. Saa bere no, na ɛte sɛ nea yɛyɛ nhyiam a yɛmpɔn ntɛm, na me yam a na anka makɔka mmofra a na wɔma wodi agoru wɔ abɔnten no ho. Nanso, esiane sɛ na mibu me Maame nti na metra nhyiam no ase tie asɛm. Sɛ Maame renoa aduan a, na ɔtaa ka Bible mu asɛm na afei wabisa me sɛ ɛhe na ɛwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu? Wɔ afe 1933 mu no, yɛn afuw mu nnɔbae bae paa, na Maame nyaa sika pii ma enti ɔtɔɔ kar bi. Afipamfo bi kasa tiaa no sɛ ɔresɛe sika, nanso na maame nim sɛ kar no bɛboa yɛn wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu. Na ɛboaa yɛn nso ampa.

Afoforo Boaa Me Ma Misisii Gyinae Pa

Mmere bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔbabun sisi gyinae a ɛfa ne daakye ho. Bere a me nuabeanom mpanyimfo, Helen ne Kay duu saa bere no, wofii ase yɛɛ akwampae adwuma. John Jazewsky yɛ aberante ɔkwampaefo bi a na ɔwɔ suban pa, na na yɛtaa gyigye n’ani wɔ yɛn fie. Maame ka kyerɛɛ John sɛ ɔmmɛtra yɛn fie na ɔmmoa yɛn ma yɛnyɛ yɛn afuw. Akyiri yi, John waree Kay, na wɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ beae bi a ɛbɛn kurow a na yɛte mu no. Bere a midii mfe 12 no, sɛ sukuufo ma kwan a na Kay ne ne kunu ma mekɔ wɔn nkyɛn ne wɔn kɔyɛ asɛnka adwuma no. Eyi maa minyaa hokwan huu sɛnea akwampae adwuma no te.

Eduu bere bi no, na me ne me nua John nkutoo tumi hwɛ afuw no so. Na ɛno maa Maame tumi yɛɛ nea ɛnnɛ wɔfrɛ no akwampaefo boafo wɔ July ne August mu. Ná ɔtra teaseɛnam bi a ɛwɔ ntwahonan abien a ɔpɔnkɔ bi a wanyin twe mu. Paapa frɛɛ ɔpɔnkɔ a n’aso yɛ den yi Saul, nanso Maame de na obu no sɛ ɔyɛ aboa a ne ho dwo ma enti na otumi ka no. Ná me ne John ani gye afum adwuma ho paa, nanso bere biara a na Maame befi asɛnka aba fie na ɔbɛka osuahu a onyae wɔ asɛnka mu akyerɛ yɛn no, na ɛma yɛn ani begye akwampae adwuma no ho sen afum adwuma no. Wɔ afe 1938 mu no, meyeree me ho wɔ asɛnka adwuma no mu, na mebɔɔ asu wɔ February 9, 1940.

Bere bi akyi no, wɔpaw me sɛ asafo somfo. Mehwɛɛ asafo no kyerɛwtohɔ so na m’ani gyee nkɔso biara a ɛbae no ho. Wɔmaa me asasesin bi a na efi yɛn kurom rekɔ hɔ no bɛyɛ akwansin du. Menantew twaa kwan kɔɔ hɔ dapɛn biara wɔ awɔw bere no mu, na na meda hɔ da koro anaa nnanu wɔ abusua bi a wɔkyerɛɛ Bible no ho anigye fie wɔ ɔdan ketewaa bi a na esi wɔn dan atifi mu. Bere a me ne Lutheran sɛnkafo bi bɔɔ nkɔmmɔ a ɛte sɛ nea manyɛ anifere akyi no, ɔkae sɛ sɛ mɛkɔ n’asɔremma no nkyɛn bio a ɔbɛma polisifo akyere me. Saa asɛm a ɔkae no ma misii me bo denneennen sɛ mɛkɔ so aka asɛm no.

Wɔ afe 1942 mu no, me nuabea Kay ne ne kunu John yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ nhyiam wɔ Cleveland, Ohio, wɔ United States. M’ani gyei sɛ wɔkae sɛ wɔne me bɛkɔ. Saa nhyiam no yɛ nneɛma a ɛboaa me paa no mu biako. Ɛmaa m’adwene sii me pi wɔ nea na mepɛ sɛ meyɛ daakye no ho. Onua Nathan Knorr a saa bere no na odi ɔsom adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa anim no kaa asɛm bi a na ɛka koma paa. Ɔkae sɛ yehia akwampaefo 10,000, na ntɛm ara na misii gyinae sɛ mɛyɛ bi!

Henry a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo no bɛsraa yɛn asafo no wɔ January 1943 mu. Ɔmaa ɔkasa bi a ɛka koma a ɛmaa yɛn ani gyei kɛse. Ɔmaa ne kasa no na ade kyee no, na ewim ayɛ nwini paa, na mframa bi a ano yɛ den paa a ɛbɔ fii atifi fam atɔe no maa awɔw no mu yɛɛ den kɛse. Sɛ mframa a ano yɛ nwini saa bɔ a na yɛtaa hyɛ dan mu, nanso na Henry ho pere no sɛ ɔbɛkɔ asɛnka. Ɔne afoforo traa teaseɛnam bi a pɔnkɔ twe a etumi fa sukyerɛma so a wɔasɔ ogya asi mu so kɔɔ akuraa bi a efi baabi a yɛte kɔ hɔ yɛ kilomita 11 no. Me nkutoo mekɔsraa awarefo bi a wɔwɔ mmabarima baanum. Me ne wɔn suaa Bible no, na wɔbaa nokware no mu.

Asɛnka Adwuma a Yɛyɛe Bere a Wɔbaraa Yɛn No

Wɔ Wiase Ko II mu no, wɔbaraa Ahenni adwuma no wɔ Canada. Ná ɛsɛ sɛ yɛde yɛn Bible ho nhoma sie, na na yɛwɔ mmeae pii wɔ yɛn afuw mu a yɛde sie hɔ. Polisifo baa yɛn fie mpɛn pii, nanso wɔanhu yɛn nhoma no bi da. Ná yɛde Bible nkutoo na ɛkɔ asɛnka. Na yehyiam akuw nketenkete, na wɔpaw me ne me nua John sɛ yɛn na yɛmfa sum ase mfa nhoma nkɔma akuwakuw no.

Wɔ bere a na ɔko no rekɔ so no, yɛn asafo no kyekyɛɛ nhomawa bi a na wɔato din End of Nazism (Nasi Nniso no Awiei) a na wɔrekyekyɛ wɔ ɔman no nyinaa mu no bi. Ná yɛkyekyɛ no ɔdasu mu. Ná misuro paa bere a na yɛreyɛ nwaa akɔ ofie biara mu de nhomawa no bi akɔto wɔn apon ano no. Ɛno ne adwuma a ɛyɛ hu sen biara a mayɛ pɛn. Sɛ yɛde nhomawa a etwa to koraa kɔto ɔpon bi ano wie a, hwɛ sɛnea na me ho tɔ me! Na yɛyɛ ntɛm san kɔ baabi a yɛde yɛn kar no asi no hwɛ sɛ obiara aba ansa na yɛatu afa sum no mu akɔ.

Akwampae Adwuma, Afiasenna, ne Nhyiam Ahorow

Wɔ May 1, 1943 no, me ne Maame dii nkra. Bere a mifii fie sɛ merekɔyɛ akwampae adwuma nea edi kan no, na sika a ɛhyɛ me kotoku mu nyinaa yɛ dɔla 20 ne m’adaka ketewa bi a na mikura. Onua Tom Troop ne n’abusua a wɔwɔ ɔdɔ a wɔte Quill Lake, Saskatchewan no gyee me fɛw so. Afe a edi hɔ no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ asasesin bi a atew ne ho mu wɔ Weyburn, Saskatchewan. Wɔkyeree me bere a na mereyɛ asɛnka adwuma wɔ mmɔnten so wɔ December 24, 1944 no. Bere a medaa afiase kakra wɔ kurom hɔ no, woyii me kɔɔ adwumayɛban bi mu wɔ Jasper, Alberta. Ná me ne Adansefo afoforo na ɛwɔ hɔ, na na Yehowa abɔde a ɛyɛ fɛ, Canada Abotan no, atwa yɛn ho ahyia. Wɔ afe 1945 mfiase no, adwumayɛban no mu mpanyimfo maa yɛn kwan ma yɛkɔɔ nhyiam bi wɔ Edmonton, Alberta. Onua Knorr kaa nkɔso a ɛyɛ anigye a na aba wɔ wiase nyinaa adwuma no mu ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Yɛhwɛɛ ɛda a na wobeyi yɛn afi afiase ma yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no pii bio no kwan.

Bere a woyii me no, mifii akwampae adwuma no ase bio. Ɛno akyi bere tiawa bi no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔrebɛyɛ nhyiam bi a wɔtoo din “All Nations Expansion” (Amanaman Nyinaa Ntrɛwmu) Nhyiam wɔ Los Angeles, California. Onua bi a na ɔwɔ asasesin foforo a na mereyɛ akwampae adwuma wom no de benkyi sisii ne kar mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi afa nnipa 20. Wɔ August 1, 1947 no, yefii akwantu bi a na yɛn werɛ remfi da ase. Yetwaa kwan kilomita 7,200 faa sare ne anhweatam so, ne asasetam a ɛyɛ fɛ yiye a ebi ne Yellowstone ne Yosemite a ɛyɛ ɔman aturo no mu. Akwantu no nyinaa gyee yɛn nnafua 27—yɛn ani gyei paa!

Ná nhyiam no ankasa yɛ anigyesɛm a me werɛ remfi da. Nea ɛbɛyɛ na mayɛ nhyiam no ase adwuma nyinaa bi no, na mewɛn anadwo na ade kye a na migye ahɔho. Bere a mekɔɔ nhyiam a wɔyɛ maa wɔn a wɔn ani gye asɛmpatrɛw adwuma ho akyi no, mehyehyɛɛ akwammisa krataa, nanso na menhwɛ kwan sɛ wɔbɛfrɛ me. Ansa na merehyehyɛ akwammisa krataa no, na madi kan agye atom sɛ mɛkɔ akɔyɛ akwampae adwuma wɔ Canada mantam Quebec mu wɔ afe 1948 mu.—Yesaia 6:8.

Gilead ne Ɛno Akyi

M’ani gyei paa sɛ wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 14 a na wɔrebɛyɛ wɔ afe 1949 mu no bi. Saa ntetee a minyae no maa me gyidi yɛɛ den na ɛma mebɛnee Yehowa kɛse. Ná John ne Kay adi kan akɔ adesuakuw a ɛto so 11 no bi, na na wɔreyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Northern Rhodesia (seesei wɔfrɛ hɔ Zambia). Me nua John nso kɔɔ Gilead sukuu wɔ afe 1956 mu. Ɔne ne yere Frieda de mfe 32 somee wɔ Brazil kosii sɛ John wui.

Ɛda a miwiee Gilead wɔ February 1950 no, minyaa telegram abien, na biako fi Maame hɔ, ɛnna biako nso fi Troop abusua a wɔwɔ Quill Lake no hɔ, na eyi hyɛɛ me nkuran pii. Ná telegram a Troop abusua no de brɛɛ me no asɛmti ne “Afotu a Yɛde Ma Obi a Wawie Gilead.” Ná emu nsɛm no kenkan sɛ: “Ɛnnɛ yɛ da titiriw ma wo. Ɛda a wo werɛ remfi da; ensi wo yiye, na nya anigye wɔ w’asetra mu.”

Wɔkae sɛ menkɔsom wɔ Quebec kurow mu, nanso mekɔɔ so yɛɛ adwuma kakra wɔ Kingdom Farm a ɛwɔ New York State, baabi a na wɔyɛ Gilead sukuu no saa bere no. Da koro bi, Onua Knorr bisaa me sɛ m’ani gye ho sɛ mɛkɔ Belgium anaa? Nanso, nna bi akyi no, ɔka kyerɛɛ me sɛ m’ani begye ho sɛ mɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Netherlands anaa. Bere a wɔde dwumadi no ho krataa maa me no, na ɛwom sɛ “menkɔsom sɛ baa dwumadibea somfo.” Me ho dwiriw me paa.

Wɔ August 24, 1950 no, metraa po so hyɛn mu fii nnafua 11 akwantu a na me de rekɔ Netherlands no ase, na ɛma minyaa bere de kenkanee Kristofo Hela Kyerɛwsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase a na wɔayi no adi foforo no nyinaa. Miduu Rotterdam September 5, 1950, na Betel abusua no gyee me fɛw so. Ɛwom sɛ na Wiase Ko II no asɛe nneɛma wɔ hɔ de, nanso na anuanom no abɔ mmɔden reyɛ Kristofo som adwuma no bio. Bere a na meretie sɛnea wɔakura wɔn mudi mu wɔ ɔtaa a emu yɛ den mu no, minyaa adwene bi sɛ ebetumi ayɛ den ama saa anuanom yi sɛ wobegye akwankyerɛ afi baa dwumadibea somfo a ɔyɛ aberante a onni osuahu no hɔ. Nanso, ankyɛ koraa na mibehui sɛ biribiara nni hɔ a enti a ɛsɛ sɛ misuro.

Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ yedi nneɛma bi ho dwuma. Miduu hɔ no ankyɛ na wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam, na m’ani gyei sɛ mihui sɛ wɔmaa nhyiamfo mpempem pii dabere wɔ nhyiambea hɔ. Wɔ ɔmantam nhyiam a edi hɔ no, mekae sɛ wɔnhwehwɛ dabere mma nhyiamfo no wɔ ankorankoro afie mu. Anuanom hui sɛ ɛyɛ adwempa de, nanso wɔkae sɛ wɔ wɔn man no mu de ɛrenyɛ yiye saa. Nanso, bere a yesusuw ho akyi no, yesii gyinae sɛ yɛbɛma nhyiamfo no bi atra baabi a yɛbɛyɛ nhyiam no na yɛama wɔn a wɔaka no nso akɔtra wɔn a wɔnyɛ Adansefo afie mu wɔ kurow a yɛreyɛ nhyiam wom no mu. Onua Knorr baa nhyiam no, me de anigye kaa osuahu a yenya fii saa gyinae a yesii no mu kyerɛɛ no. Nanso, anigye biara a minyae no tu yerae bere a akyiri yi mekenkanee yɛn nhyiam no ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban mu no. Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Yesusuw sɛ bere foforo no ɛsɛ sɛ anuanom nya gyidi na wodi kan yɛ nhyehyɛe de pɛ dabere ma nhyiamfo no wɔ beae a ɛfata koraa a wobetumi adi adanse, a ɛno ne nkurɔfo afie mu.” Saa pɛpɛɛpɛ na yɛyɛe wɔ “nhyiam a edi hɔ no”!

Wɔ July 1961 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ nnipa baanu fii yɛn baa dwumadibea hɔ sɛ yɛnkɔka baa dwumadibea ananmusifo afoforo ho nkɔyɛ nhyiam bi wɔ London. Onua Knorr bɔɔ amanneɛ sɛ wɔrebɛkyerɛ New World Translation of the Holy Scriptures no ase akɔ kasa pii mu, na na Netherlands kasa nso ka ho. Hwɛ sɛnea ɛno maa yɛn ani gyei! Anigyesɛm ne sɛ na yennim sɛnea na adwuma no kɛse te. Mfe abien akyi wɔ afe 1963 mu no, m’ani gyei sɛ minyaa dwumadi wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ New York. Na saa nhyiam no ase na woyii Kristofo Hela Kyerɛwsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ Netherlands kasa mu.

Gyinae a Misisii ne Dwumadi Afoforo

Mewaree Leida Wamelink wɔ August 1961 mu. N’abusuafo nyinaa begyee nokware no wɔ afe 1942 mu bere a na Nasifo retaa Adansefo no. Leida fii ase yɛɛ akwampae adwuma wɔ afe 1950, na ɔbaa Betel wɔ afe 1953 mu. Sɛnea na ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ Betel ne asafo no mu no ma mihui sɛ ɔbɛyɛ ɔhokafo nokwafo a ɔbɛboa me wɔ ɔsom adwuma no mu.

Yɛwaree akyi bɛyɛ afe ne kakra no, wɔfrɛɛ me kɔɔ Brooklyn ma mikogyee ntetee foforo asram du. Saa bere no, na wɔnyɛ nhyehyɛe biara mma ɔyerenom nka wɔn kununom ho ntu kwan a ɛte saa. Ɛwom sɛ na Leida nte apɔw de, nanso ofi ɔdɔ mu penee so sɛ menkɔ. Akyiri yi, Leida yare no mu yɛɛ den. Ná yɛmpɛ sɛ yebefi Betel, nanso awiei koraa no yesii gyinae sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yebefi Betel akɔtoa yɛn bere nyinaa som adwuma no so wɔ baabi foforo. Enti yefii akwantu adwuma no ase. Ɛno akyi bere tiawa bi no, wɔyɛɛ me yere oprehyɛn kɛse bi. Yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea boaa yɛn ma yetumi gyinaa tebea no ano, na afe akyi no yetumi kɔyɛɛ ɔmantam adwuma mpo.

Yɛyɛɛ akwantu adwuma a ɛyɛ anigye no mfe ason. Afei, ɛho behiae sɛ yesi gyinae bi a anibere wom bere a wɔkae sɛ menkɔkyerɛ ade wɔ Ahenni Som Sukuu wɔ Betel no. Esiane sɛ na yɛn ani gye akwantu adwuma no ho nti, na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa nsakrae no, nanso yɛkɔe. Sukuu no adesuakuw 47 a emu biara gyee adapɛn abien no ma minyaa hokwan a ɛyɛ anigye ne asafo mu mpanyimfo kyɛɛ honhom fam aduan pii.

Saa bere no, na mereyɛ nhyehyɛe akɔsra me maame wɔ afe 1978 mu. Nanso mpofirim, wɔ April 29, 1977 no, yɛn nsa kaa telegram bi sɛ Maame dae a wansɔre. Bere a mibehui sɛ merente ne kasa a ɛhyɛ nkuran no bio anaa minnya hokwan nka sɛnea na m’ani sɔ nea wayɛ ama me nyinaa nkyerɛ no bio no, ɛmaa me werɛ howee paa.

Bere a yewiee Ahenni Som Sukuu no, wɔkae sɛ yɛmmɛyɛ adwuma wɔ Betel. Mfe a edi hɔ no, mesomee sɛ Baa Boayikuw nsɛm ho dwumadifo. Bere bi akyi no, Sodikuw no paw onipa foforo a na obetumi ayɛ adwuma no yiye de hyɛɛ no nsa. M’ani sɔ saa nsakrae no yiye.

Yɛreyɛ Nea Yɛn Ahoɔden Betumi

Seesei me ne Leida nyinaa adi mfe 83. M’ani agye sɛ me de mfe bɛboro 60 ayɛ bere nyinaa som adwuma no, na me ne me yere nokwafo Leida de mfe 45 a edi akyiri no asom. Leida afa mmoa a wayɛ me wɔ yɛn som adwuma nyinaa mu no sɛ ɛka ɔsom a ɔde ma Yehowa no ho. Seesei, yɛyɛ nea yɛn ahoɔden betumi wɔ Betel ne asafo no mu.—Yesaia 46:4.

Ɛyɛ a yɛkaakae nneɛma a ɛyɛ anigye a asisi wɔ yɛn asetra mu no. Yennuu yɛn ho wɔ nea yɛayɛ wɔ Yehowa som mu no ho da, na yegye di sɛ gyinae a yesisii wɔ yɛn mmofraase no ne nea eye sen biara. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛkɔ so asom Yehowa na yɛahyɛ no anuonyam.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Me ne me nuabarima panyin Bill, ne yɛn pɔnkɔ Saul

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yɛn ayeforohyia da, August 1961

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Me ne Leida nnɛ