Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ma W’ani Nnye Ara”

“Ma W’ani Nnye Ara”

“Ma W’ani Nnye Ara”

“Di dapɔnna no ma [Yehowa, NW] . . . [na] ma w’ani nnye ara.”—DEUTERONOMIUM 16:15.

1. (a) Nsɛntitiriw bɛn na Satan ma ɛsɔree? (b) Bere a Adam ne Hawa tew atua akyi no, nkɔm bɛn na Yehowa hyɛe?

BERE a Satan maa Adam ne Hawa tew atua tiaa wɔn Bɔfo no, Satan maa nsɛntitiriw abien bi a ɛho hia sɔree. Nea edi kan no, ɔkae sɛ Yehowa nyɛ ɔnokwafo, na ɔkwan a ɔfa so di ne tumi no nso mfata. Nea ɛto so abien no, na Satan repɛ akyerɛ sɛ nea nnipa nya fi Onyankopɔn hɔ nti na wɔsom no, na ɔkaa saa asɛm no pen wɔ Hiob bere so. (Genesis 3:1-6; Hiob 1:9, 10; 2:4, 5) Nanso, Yehowa yɛɛ ntɛm siesiee asɛm no. Bere a na Adam ne Hawa da so ara wɔ Eden turom hɔ no na Yehowa hyɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so asiesie asɛm no ho nkɔm. Ɔkae sɛ ‘aseni’ bi bɛba, na bere a Satan aka aseni no nantin awie no, aseni no nso bɛbɔ Satan ti asɛe no koraa.—Genesis 3:15.

2. Nkyerɛkyerɛmu bɛn na Yehowa de mae wɔ sɛnea ɔbɛma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no abam no ho?

2 Bere bi akyi no, Yehowa kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ nkɔmhyɛ no mu, na ɔnam saa a ɔyɛe so ma ɛdaa adi sɛ nkɔmhyɛ no bɛbam ɔkwan biara so. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, n’asefo mu na ‘aseni’ no befi aba. (Genesis 22:15-18) Abraham banana Yakob na ɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuw 12 no agya. Bere a mmusuakuw no bɛyɛɛ ɔman wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa maa wɔn mmara a na afe afe afahyɛ ahorow nso ka ho. Ɔsomafo Paulo kae sɛ, na saa afahyɛ ahorow no yɛ ‘nneɛma a ɛreba no sunsuma.’ (Kolosefo 2:16, 17; Hebrifo 10:1) Ná afahyɛ ahorow no yɛ Yehowa atirimpɔw a Aseni no bɛma abam no ho mfonini. Saa afahyɛ ahorow no a Israelfo dii no maa wɔn ani gyei kɛse. Sɛ yesusuw afahyɛ ahorow no ho kakra a ɛbɛboa yɛn, na ɛbɛma gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛbam no mu ayɛ den.

Aseni no Bae

3. Ná hena ne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, na dɛn na wɔyɛe de kaa ne nantin?

3 Bere a Yehowa hyɛɛ nkɔm a edi kan no akyi bɛboro mfe 4,000 na Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bae. Ná aseni no ne Yesu. (Galatifo 3:16) Yesu a na ɔyɛ pɛ no dii nokware koduu owu mu, na ɔnam saa a ɔyɛe so daa no adi sɛ sobo ahorow a Satan bɔe no nyinaa yɛ atoro. Bio nso, esiane sɛ na bɔne biara nni Yesu ho nti, na ne wu no yɛ afɔrebɔ a ɛsom bo kɛse. Yesu nam n’afɔrebɔ no so gyee Adam ne Hawa asefo anokwafo fii bɔne ne owu mu. Dua so a wokum Yesu no ne Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no ‘nantin a wɔkae no.’—Hebrifo 9:11-14.

4. Dɛn na wɔde gyinaa hɔ maa Yesu afɔrebɔ no?

4 Yesu wui wɔ Nisan 14, 33 Y.B. * Wɔ Israel no, na Nisan 14 yɛ Twam afahyɛ no da titiriw a wɔde gye wɔn ani. Afe biara, sɛ saa da no du a, na Israelfo mmusua nyinaa hyiam didi, na na wɔde oguammaa a dɛm biara nni ne ho nam ka aduan a wodi no ho. Wɔyɛɛ saa de kaee sɛnea wɔde oguammaa mogya gyee Israelfo mmakan bere a ɔbɔfo no kunkum Misrifo mmakan wɔ Nisan 14, 1513 A.Y.B. mu no. (Exodus 12:1-14) Twam guammaa no gyina hɔ ma Yesu a Paulo kaa ne ho asɛm sɛ: “[Wɔde] yɛn twam guan Kristo no abɔ afɔre” no. (1 Korintofo 5:7) Yesu mogya a wohwie gui no gyee nnipa pii nkwa sɛnea Twam guammaa no gyee nnipa pii nkwa no.—Yohane 3:16, 36.

‘Awufo Mu Aba a Edi Kan’

5, 6. (a) Bere bɛn na wonyanee Yesu, na dɛn na ɛwɔ Mmara no mu a na ɛyɛ ne wusɔre no ho mfonini? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu wusɔre no bɛma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no abam?

5 Da a ɛto so abiɛsa no, wonyanee Yesu baa nkwa mu bio ma ɔde n’afɔrebɔ no bo kɔmaa n’Agya. (Hebrifo 9:24) Ná afahyɛ foforo bi wɔ hɔ a ɛno nso yɛ ne wusɔre no ho mfonini. Ná wodi Apiti Afahyɛ no Nisan 14 no adekyee a ɛyɛ Nisan 15 no. Da a edi hɔ a ɛyɛ Nisan 16 no, na Israelfo no twa wɔn atoko aba a edi kan. Ná ɛno ne otwa a edi kan koraa wɔ Israel, na na Israelfo no kyekyere atoko no bi afiafi de kɔma ɔsɔfo no ma ohim wɔ Yehowa anim. (Leviticus 23:6-14) Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wɔ afe 33 Y.B. mu wɔ Nisan 16 no, Yehowa maa mmɔden a Satan bɔe sɛ obeyi ne ‘dansefo nokwafo’ no afi hɔ koraa no yɛɛ ɔkwa! Wɔ Nisan 16 afe 33 Y.B. mu no, Yehowa nyanee Yesu fii awufo mu maa no honhom nipadua a owu nnim.—Adiyisɛm 3:14; 1 Petro 3:18.

6 Yesu bɛyɛɛ “wɔn a wɔawuwu mu aba a edi kan.” (1 Korintofo 15:20) Wɔn a wonyaa owusɔre ansa na Yesu rewu no san wuwui, nanso Yesu de wonyanee no no wanwu bio. Mmom no, ɔkɔtraa Yehowa nifa. Ná ɔbɛtwɛn wɔ hɔ akosi sɛ wɔde no besi Yehowa soro Ahenni no so Hene. (Dwom 110:1; Asomafo Nnwuma 2:32, 33; Hebrifo 10:12, 13) Esiane sɛ seesei wɔde Yesu adi Hene nti, obetumi abɔ ne tamfo kɛse Satan ti, na wasɛe ɔne n’asefo nyinaa afi hɔ koraa.—Adiyisɛm 11:15, 18; 20:1-3, 10.

Wɔde Afoforo Bɛkaa Abraham Aseni no Ho

7. Ná dɛn ne Adapɛn Afahyɛ no?

7 Yesu ne Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ wɔ Eden no, na ɔno so na na Yehowa nam ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.’ (1 Yohane 3:8) Nanso, bere a Yehowa ne Abraham kasae no, Yehowa maa Abraham hui sɛ ‘aseni’ no renyɛ onipa biako. Ná wɔn dodow bɛyɛ sɛ ‘ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea.’ (Genesis 22:17) Ná afahyɛ foforo bi a ɛyɛ anigye nso wɔ hɔ. Na na ɛno yɛ nnipa foforo a wɔde wɔn bɛba abɛka ‘aseni’ no ho ho mfonini. Ná Israelfo no di Adapɛn Afahyɛ no wɔ Nisan 16 akyi adaduonum. Mmara a wɔde mae wɔ afahyɛ yi ho ka sɛ: “Monkan adaduonum nkosi homeda a ɛto so ason no adekyee so ansa na momfa aduan afɔre foforo mmrɛ [Yehowa, NW]. Momfa ohim abodoo abien mfi mo trabea mmɛma; asikresiam abupɛn du mu abien mmɔkaw na wɔmfa ntõ, na ɛnyɛ aduankan mma [Yehowa, NW].” *Leviticus 23:16, 17, 20.

8. Asɛm a ɛyɛ anigye bɛn na esii wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu?

8 Bere a na Yesu wɔ asase so no, na wɔfrɛ Adapɛn Afahyɛ no Pentekoste (efi Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “adaduonum” mu). Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Ɔsɔfopɔn kɛse, Yesu Kristo a wɔanyan no no hwiee honhom kronkron guu nnipakuw ketewaa bi a wɔyɛ asuafo 120 a na wɔahyiam wɔ Yerusalem no so. Eyi maa saa asuafo no bɛyɛɛ Onyankopɔn mma a wɔasra wɔn ne Yesu Kristo nuanom. (Romafo 8:15-17) Wɔbɛyɛɛ ɔman foforo, “Nyankopɔn Israel no.” (Galatifo 6:16) Awiei koraa no, na kuw ketewa yi mufo dodow bɛba abɛyɛ 144,000.—Adiyisɛm 7:1-4.

9, 10. Dɛn na na wɔyɛ wɔ Pentekoste afahyɛ no ase a ɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no ho mfonini?

9 Abodoo abien a mmɔkaw wom a na wohim wɔ Yehowa anim wɔ Pentekoste biara no yɛ Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no ho mfonini. Mmɔkaw a na ɛwɔ abodoo no mu no kyerɛ sɛ bɔne a Kristofo a wɔasra wɔn no nya fii awo mu no da so ara wɔ wɔn ho. Nanso, na wobetumi agyina Yesu agyede afɔre no so akɔ Yehowa anim. (Romafo 5:1, 2) Dɛn nti na wɔde abodoo abien yɛɛ wɔn ho mfonini? Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn mma a wɔde honhom asra wɔn no a na awiei koraa no wɔbɛpaw wɔn afi akuw abien—nea edi kan no, honam fam Yudafo ne akyiri yi, Amanaman mufo—mu no nti na wɔde abodoo abien yɛɛ ho mfonini no.—Galatifo 3:26-29; Efesofo 2:13-18.

10 Wɔde awi a wodi kan twa na na ɛyɛ abodoo abien a wɔde bɔ afɔre wɔ Pentekoste afahyɛ no ase no. Enti ɛfata koraa sɛ, wɔfrɛ Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no ‘abɔde mu aba a edi kan.’ (Yakobo 1:18) Wɔn na wodii kan gyinaa Yesu mogya a wohwie gui so de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Na ɛno na ɛma ɛyɛɛ yiye sɛ wɔma wɔn nkwa a owu nnim wɔ soro, baabi a wɔne Yesu bedi ade wɔ n’Ahenni mu no. (1 Korintofo 15:53; Filipifo 3:20, 21; Adiyisɛm 20:6) Esiane dibea a wɔanya yi nti, ɛrenkyɛ koraa wɔde “dade poma bɛhwɛ [amanaman] no so” na ‘wɔbɛpɛkyɛ Satan wɔ wɔn nan ase.’ (Adiyisɛm 2:26, 27; Romafo 16:20) Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Eyinom na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ. Eyinom na wɔtɔɔ wɔn fii adesamma mu sɛ aba a edi kan maa Nyankopɔn ne Oguammaa no.”—Adiyisɛm 14:4.

Ɛda a Wosii Ogye so Dua

11, 12. (a) Dɛn na na wɔyɛ wɔ Mpata Da no? (b) Mfaso bɛn na Israelfo nya fii afɔre a na wɔde nantwinini ne mpapo bɔ no so?

11 Wɔ ɔsram Ethanim (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Tishri no), * da a ɛto so du no, na Israelfo di afahyɛ bi a na ɛyɛ ɔkwan a wɔbɛfa so de Yesu ogye afɔre no adi dwuma ho mfonini. Saa da no, na Israel man no nyinaa hyiam di Mpata Da no, na na wɔbɔ afɔre ma wɔn de pata wɔn bɔne.—Leviticus 16:29, 30.

12 Wɔ Mpata Da no, na ɔsɔfopɔn no kum nantwinini de ne mogya no bi kɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ de kɔpete Apam Adaka no so mpɛn ason a ɛkyerɛ sɛ, ɔde mogya no rema Yehowa. Ná wɔde saa afɔre no pata ma ɔsɔfopɔn no, “ne fi,” asɔfo nkumaa, ne Lewifo no. Afei, na ɔsɔfopɔn no fa mpapo abien kum biako de bɔ afɔre ma “ɔman no.” Ná ɔde ɔpapo no nso mogya kɔpete Apam Adaka no so wɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Ɛno akyi no, na ɔsɔfopɔn no de ne nsa gu ɔpapo a ɔto so abien no so ka Israelfo mfomso gu no so. Afei, na ɔma wokogyae ɔpapo no ma ɔsoa ɔman no bɔne kɔ sare so.—Leviticus 16:3-16, 21, 22.

13. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a wɔyɛe wɔ Mpata Da no yɛ dwuma a Yesu di ho mfonini?

13 Ɔsɔfopɔn Kɛse Yesu de ɔno ankasa ne mogya a ɛsom bo no pata maa yɛn bɔne sɛnea na nneɛma a wɔyɛ wɔ mpata da no yɛ ho mfonini no. Nea edi kan no, ɔde ne mogya no bo no pata ma “honhom mu fie” a Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ 144,000 na wɔwom no, na ɛno ma wotumi bu wɔn treneefo na wonya gyinabea pa wɔ Yehowa anim. (1 Petro 2:5; 1 Korintofo 6:11) Wɔde nantwinini a na wɔde no bɔ afɔre no na ɛyɛɛ eyi ho mfonini. Na ɛno na ebue kwan ma wɔn nsa ka wɔn agyapade a ɛwɔ soro no. Nea ɛto so abien no, wɔde Yesu mogya pata ma nnipa ɔpepem pii a wonya Kristo mu gyidi no, sɛnea ɔpapo a wɔde no bɔɔ afɔre no yɛɛ ho mfonini no. Saafo yi benya agyapade a Adam ne Hawa ma ɛyerae no, na wɔatra ase daa wɔ asase yi so. (Dwom 37:10, 11) Yesu nam ne mogya a ohwie gui no so soa adesamma bɔne kɔ te sɛ nea na ɔpapo a wogyae no animono no soa Israelfo bɔne kɔ sare so no ara pɛ.—Yesaia 53:4, 5.

Momma Mo Ani Nnye Wɔ Yehowa Anim

14, 15. Dɛn na na wɔyɛ wɔ bere a wodi Asese Afahyɛ no, na dɛn na ɛno maa Israelfo no kaee?

14 Ná Israelfo no di Asese Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo no afahyɛ a ɛyɛ anigye sen biara no wɔ Mpata Da no akyi. (Leviticus 23:34-43) Ná wodi asese afahyɛ no wɔ ɔsram Ethanim no da a ɛto so 15 kosi 21, na na wɔyɛ nhyiam kronkron wɔ ɔsram no da a ɛto so 22 de wie. Ɛno na na ɛde otwabere mu nnɔbae a wɔboaboa ano no ba awiei, na na wɔsan de saa bere no da Onyankopɔn ase wɔ ne papayɛ pii no ho. Ɛno nti, Yehowa hyɛɛ wɔn a na wɔhyɛ fa no sɛ: “[Yehowa, NW] wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnɔbae mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.” (Deuteronomium 16:15) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyee saa bere no!

15 Ná Israelfo no tra asese ase nnanson wɔ afahyɛ bere no mu, na na ɛno ma wɔkae sɛ bere bi a atwam no wɔtraa asese ase wɔ sare so. Afahyɛ no ma wonyaa bere de susuw Yehowa ho sɛ agya a odwen ne mma ho. (Deuteronomium 8:15, 16) Esiane sɛ na adefo ne ahiafo nyinaa tra asese koro ase nti, ɛno kaee Israelfo no sɛ obi nsen obi wɔ afahyɛ bere no mu.—Nehemia 8:14-16.

16. Ná Asese Afahyɛ no yɛ dɛn ho mfonini?

16 Ná Asese Afahyɛ no yɛ otwa afahyɛ, anigye bere a na wɔde boaboa nnɔbae ano, na ɛyɛɛ wɔn a wonya Yesu Kristo mu gyidi a wɔde anigye boaboa wɔn ano no ho mfonini. Anoboaboa adwuma no fii ase wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu, bere a wɔsraa Yesu asuafo 120 ma wɔbɛkaa “asɔfokuw kronkron” no ho no. Sɛnea Israelfo no traa asese ase nna kakra no, saa ara na wɔn a wɔasra wɔn no nim sɛ wɔyɛ “ahɔho” wɔ wiase bɔne yi mu. Wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra soro. (1 Petro 2:5, 11) Saa Kristofo a wɔasra wɔn no anoboaboa no adu n’awiei wɔ “nna a edi akyiri” yi mu, bere a wɔboaboa 144,000 mufo a wɔaka no ano koraa no.—2 Timoteo 3:1.

17, 18. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ afoforo bi benya Yesu afɔre no so mfaso aka Kristofo a wɔasra wɔn no ho? (b) Henanom na wɔrenya nea wɔde Asese Afahyɛ no yɛɛ ho mfonini no so mfaso nnɛ, na bere bɛn na saa afahyɛ a ɛyɛ anigye no bɛba n’awiei?

17 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, wɔ asese afahyɛ no mu no, na wɔde anantwinini 70 bɔ afɔre. (Numeri 29:12-34) Nɔma 70 kyerɛ 7 ahorow 10, akontaahyɛde a wɔ Bible mu no ɛkyerɛ ɔsoro ne asase so nneɛma a edi mu. Ɛno nti, nnipa anokwafo a wofi Noa asefo mmusua 70 mu no benya Yesu afɔrebɔ no so mfaso. (Genesis 10:1-29) Nea ɛne saa asɛm no hyia no, wɔ yɛn bere yi so nso, wɔatrɛw anoboaboa adwuma no mu ma wɔde ankorankoro bi a wofi aman nyinaa mu a wɔkyerɛ Yesu mu gyidi abɛka ho, na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra paradise asase so.

18 Ɔsomafo Yohane nyaa anoboaboa adwuma a ɛrekɔ so nnɛ yi ho anisoadehu. Nea edi kan no, ɔtee sɛ wɔreka sɛ wɔnsɔ 144,000 no mufo a wotwa to no ano koraa. Ɛno akyi no, ohuu “nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn” sɛ wogyinagyina Yehowa ne Yesu anim na “wokurakura berɛw.” Eyinom ‘fi ahohiahia kɛse no mu’ na wɔkɔ wiase foforo no mu. Seesei wɔn nso yɛ ahɔho wɔ wiase dedaw yi mu, na wɔde ahotoso hwɛ kwan sɛ “Oguammaa . . . no bɛhwɛ wɔn, na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa asuti ho.” “Nyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa” saa bere no. (Adiyisɛm 7:1-10, 14-17) Nea wɔde Asese Afahyɛ no yɛɛ ho mfonini no benya mmamu koraa, bere a nnipakuw kɛse no ne anokwafo a wobenyan wɔn afi awufo mu no benya daa nkwa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei no.—Adiyisɛm 20:5.

19. Sɛ yesusuw afahyɛ ahorow a na wodi wɔ Israel no ho a, mfaso bɛn na yenya?

19 Yɛn nso yebetumi ama yɛn ‘ani agye ara’ bere a yɛresusuw nea tete Yudafo no afahyɛ ahorow kyerɛ ho no. Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Yehowa adi kan ama yɛahu nneɛma bi a ɛma yehu sɛnea nkɔm a ɔhyɛe wɔ Eden turom hɔ no benya ne mmamu, na ɛyɛ anigye nso sɛ yehu sɛ nkɔmhyɛ no renya mmamu ankasa nkakrankakra. Ɛnnɛ, yenim sɛ saa Aseni no aba, na wɔaka ne nantin dedaw. Seesei ɔyɛ Ɔhene wɔ soro. Bio nso, 144,000 no mufo dodow no ara adi nokware akodu owu mu dedaw. Nkɔmhyɛ no fã bɛn na ennyaa ne mmamu? Bere tenten ahe na aka ma nkɔmhyɛ no anya ne mmamu koraa? Yebesusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Nisan ne March/April a ɛwɔ yɛn kalenda so nnɛ no na ehyia.

^ nky. 7 Wɔ abodoo abien a mmɔkaw wom a mpɛn pii na wohim de bɔ afɔre mu no, na ɔsɔfo no kura abodoo abien no wɔ ne nsam ma ne nsa so kɔ soro na ohim kɔ benkum ne nifa. Ná ɔsɔfo no him abodoo yi de kyerɛ sɛ ɔde nneɛma a wɔde abɛbɔ afɔre no rema Yehowa.—Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 528.

^ nky. 11 Ethanim, anaa Tishri ne September/October a ɛwɔ yɛn kalenda so nnɛ no na ehyia.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na na Twam guammaa no yɛ ho mfonini?

• Anoboaboa adwuma bɛn na wɔde Pentekoste Afahyɛ no yɛɛ ho mfonini?

• Dɛn na na wɔyɛ no Mpata Da no a ɛkyerɛ sɛnea wɔde Yesu agyede afɔre no bɛyɛ adwuma?

• Ɔkwan bɛn so na wɔde Asese Afahyɛ no yɛɛ Kristofo a wɔreboaboa wɔn ano no ho mfonini?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 22, 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Afahyɛ: Ɛho Mfonini:

Twam Nisan 14 Wokum Twam Yesu a wɔde

guammaa no bɔɔ afɔre

Apiti Afahyɛ Nisan 15 Homeda

(Nisan 15-21) Nisan 16 Atoko a wɔde Yesu a

bɔɔ afɔre wonyanee no

Nna 50

Adapɛn Afahyɛ Sivan 6 Abodoo abien a Yesu de ne nuanom

(“Pentekoste”) wɔde bɔɔ afɔre a wɔasra wɔn no

kɔɔ Yehowa anim

Mpata Da Tishri 10 Nantwinini ne Yesu de ne mogya

mpapo abien a bɔɔ afɔre maa

wɔde bɔɔ afɔre nnipa nyinaa

Asese Afahyɛ Tishri 15-21 Israelfo de anigye Wɔn a wɔasra

(Anoboaboa, traa asese ase, wɔn ne “nnipakuw

Ntamadan) na wɔde anigye kɛse” no

twaa wɔn aba, anoboaboa

de anantwinini

70 bɔɔ afɔre

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Yesu mogya a wohwie gui no gye nnipa nkwa te sɛ nea Twam guammaa no mogya yɛe no

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Ná atoko aba a edi kan a wotwa de bɔ afɔre wɔ Nisan 16 no yɛ Yesu wusɔre ho mfonini

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Abodoo abien a na wɔde bɔ afɔre wɔ Pentekoste no yɛ Kristofo a wɔasra wɔn no asafo no ho mfonini

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ná Asese Afahyɛ no yɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ne “nnipakuw kɛse” a wofi aman nyinaa mu a wɔde anigye boaboa wɔn ano no ho mfonini