Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn ne nsɔano a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:3 no?

Adiyisɛm 7:1-3 ka sɛ: “Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase afanan kurakura asase so mframa anan no mu denneennen sɛnea ɛbɛyɛ na mframa biara remmɔ mfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so. Na mihuu ɔbɔfo foforo a ɔde Onyankopɔn teasefo no nsɔano fi owiapuei reforo kɔ soro; na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no sɛ: ‘Monnhaw asase anaa ɛpo anaa nnua no, kosi sɛ yɛbɛsɔ yɛn Nyankopɔn nkoa ano wɔ wɔn moma so.’”

Sɛ wogyae “mframa anan” no mu a, ɛnna “ahohiahia kɛse” a ɛde atoro som ne wiase bɔne yi nkae sɛe no bɛba no bɛba. (Adiyisɛm 7:14) “Yɛn Nyankopɔn nkoa” no ne Kristo nuanom a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no. (1 Petro 2:9, 16) Enti, saa nkɔmhyɛ yi kyerɛ sɛ bere a ahohiahia kɛse no bɛba no, na wɔasɔ Kristo nuanom ano awie dedaw. Nanso, Bible no afã bi kyerɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no nsɔano a edi kan bi wɔ hɔ. Enti, ɛtɔ mmere bi a yɛka nsɔano a edi kan ne nea etwa to ho asɛm. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nsɔano abien yi mu?

Ma yensusuw nea asɛmfua ‘nsɔano’ kyerɛ no ho nhwɛ. Tete no, na nsɔano yɛ adwinnade bi a wɔnam so de agyiraehyɛde bi si kyerɛwtohɔ bi so. Asɛmfua nsɔano betumi akyerɛ nsɛm a wɔde si kyerɛwtohɔ bi so nso. Saa bere no, na wɔtaa de nsɔano si kyerɛwtohɔ bi anaa nneɛma foforo so de kyerɛ sɛ edi mu anaasɛ wɔde kyerɛ onipa ko a ɔma wɔyɛɛ kyerɛwtohɔ no.—1 Ahene 21:8; Hiob 14:17.

Paulo de honhom kronkron totoo nsɔano ho bere a ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ne nea osi so dua sɛ mo ne yɛn Kristo dea, na ɔno na wasra yɛn. Afei nso wasɔ yɛn ano, na wama yɛn nea ɛbɛba no ho sɛnkyerɛnne, a ɛne honhom no, wɔ yɛn koma mu.” (2 Korintofo 1:21, 22) Enti, Yehowa de ne honhom kronkron sra saa Kristofo yi de kyerɛ sɛ wɔyɛ ne dea.

Nanso, wɔn a wɔasra wɔn no nsɔano no wɔ afã abien. Nsonsonoe wɔ nsɔano a edi kan no ne nea etwa no mu, (1) emu biara wɔ n’atirimpɔw ne (2) bere a wonya nsɔano no. Wɔde nsɔano a edi kan no na ɛpaw obi ka Kristofo a wɔasra wɔn no ho. Wɔde nsɔano a etwa to no si so dua sɛ onii a wɔapaw no na wanya nsɔano no no ada ne ho adi koraa sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Ɛyɛ nsɔano a etwa to no na wɔde hyɛ nea wɔasra no no “moma so” agyirae koraa de da no adi sɛ ɔyɛ ‘yɛn Nyankopɔn akoa’ nokwafo a wɔasɔ no ahwɛ koraa. Saa nsɔano a etwa to yi na wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 7 no.—Adiyisɛm 7:3.

Ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a wɔasra wɔn no kaa bere a edi kan a wɔsɔ wɔn ano no ho asɛm kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nso bere a motee nokware no, mo nkwagye ho asɛmpa no, munyaa ne mu anidaso. Ne mu ara nso na bere a mugye dii no, wɔsɔɔ mo ano denam honhom kronkron a wɔhyɛɛ ho bɔ no so.” (Efesofo 1:13, 14) Mpɛn pii no, Bible ka sɛ bere a afeha a edi kan no mu Kristofo tee asɛmpa no na wogyee Kristo dii akyi bere tiaa bi na wɔsɔɔ wɔn ano. (Asomafo Nnwuma 8:15-17; 10:44) Saa nsɔano no na ɛma ɛdaa adi sɛ Onyankopɔn agye wɔn atom. Nanso, na eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn agye wɔn atom koraa. Dɛn ntia?

Paulo kae sɛ ‘wɔasɔ’ Kristofo a wɔasra wɔn no ‘ano ama ogye da.’ (Efesofo 4:30) Eyi kyerɛ sɛ mfe bi da nsɔano a edi kan no ne nea etwa to no ntam, na ɛtaa yɛ mfe pii. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no kɔ so di nokware fi da a wɔde honhom kronkron no sɔ wɔn ano kosi ‘da a wobegye wɔn’ afi wɔn nipadua mu, kyerɛ sɛ, ɛda a wobewu no. (Romafo 8:23; Filipifo 1:23; 2 Petro 1:10) Enti, ɛyɛ bere a aka kakra ma Paulo awu no na otumi kae sɛ: “Mako ɔko pa no, matu mmirika no awie, maso gyidi no mu. Efi saa bere yi rekɔ no, nea ɛda hɔ retwɛn me ne trenee ahemmotiri.” (2 Timoteo 4:6-8) Bio nso, Yesu ka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no sɛ: “Di nokware kosi owu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.”—Adiyisɛm 2:10; 17:14.

Asɛmfua “ahemmotiri” no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛbere da nsɔano a edi kan no ne nea etwa to no ntam. Dɛn nti na yɛreka saa? Tete no, na wɔtaa de abotiri ma mmirikatufo a odi nkonim wɔ akansi bi mu. Ná ɛnyɛ mmirika no a obi tu bi kɛkɛ na ɛma onya abotiri no, na mmom na ɛsɛ sɛ otu mmirika no wie. Saa ara na gye sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no kɔ so yɛ wɔn som adwuma no nokwaredi mu kodu awiei—efi nsɔano a edi kan no so kosi nea etwa to no so—ansa na wɔde nkwa a owu nnim abotiri no ama wɔn wɔ soro.—Mateo 10:22; Yakobo 1:12.

Bere bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔanya nsɔano a edi kan no nya nsɔano a etwa to no? Wɔbɛsɔ wɔn a wɔda so wɔ asase so no ano anaa wɔbɛhyɛ wɔn agyirae “wɔ wɔn moma so” ansa na ahohiahia kɛse no aba. Ansa na wobegyae ahohiahia kɛse no mframa anan no mu no, na honhom fam Israelfo no nyinaa anya nsɔano a etwa to no, ɛwom sɛ na wɔn mu kakraa bi da so te ase a wonwiee wɔn asase so som adwuma no de.