Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Owusɔre A Edi Kan No” Rekɔ So Nnɛ!

“Owusɔre A Edi Kan No” Rekɔ So Nnɛ!

“Owusɔre A Edi Kan No” Rekɔ So Nnɛ!

“Wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bedi kan asɔre.”—1 TESALONIKAFO 4:16.

1, 2. (a) Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu no? (b) Dɛn nti na wugye di sɛ wobenyan awufo? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

“ATEASEFO nim sɛ wobewuwu.” Efi bere a Adam yɛɛ bɔne no, nnipa abegye atom sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Nnipa asetra nyinaa mu no, obiara a wɔawo no nim sɛ ɛnyɛ dɛn ara a obewu. Na ama nnipa pii abisa sɛ: ‘Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ? Tebea bɛn na awufo wom?’ Bible bua sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara.”—Ɔsɛnkafo 9:5.

2 Sɛ ɛte saa a, so anidaso bi wɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu no? Yiw. Nokwarem no, sɛ atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ ma adesamma fi mfitiase no benya mmamu a, ɛsɛ sɛ wonyan wɔn a wɔawuwu no. Mfehaha pii a atwam no, Onyankopɔn asomfo anokwafo agye adi sɛ Yehowa bɔhyɛ a ɛfa Aseni a ɔbɛsɛe Satan na wayi ɔhaw a Satan de aba afi hɔ no bɛbam. (Genesis 3:15) Onyankopɔn asomfo anokwafo yi mu dodow no ara awuwu. Sɛ wobehu sɛnea saa bɔhyɛ no ne Yehowa bɔhyɛ afoforo bɛbam a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wonyan wɔn fi awufo mu. (Hebrifo 11:13) So owusɔre yi bɛba ampa? Yiw, ɛbɛba. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.” (Asomafo Nnwuma 24:15) Bere bi Paulo nyanee aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko fii awufo mu. Ná aberante no fi abansoro a ɛto so abiɛsa mfɛnsere mu ahwe fam, “na wɔmaa no so no na wawu.” Eyi ne owusɔre ahorow a akron a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no mu nea etwa to.—Asomafo Nnwuma 20:7-12. *

3. Awerɛkyekyesɛm bɛn na w’ankasa woanya afi Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 5:28, 29 no mu, na dɛn ntia?

3 Owusɔre akron no ma yenya Paulo asɛm no mu gyidi. Ɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ Yesu bɔhyɛ mu no mu yɛ den. Ɔkae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Asɛm a ɛka koma bɛn ara ni! Na hwɛ sɛnea ɛma nnipa ɔpepem pii a wɔn adɔfo adeda wɔ owu mu no nya awerɛkyekye!

4, 5. Owusɔre ahorow bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu, na emu nea ɛwɔ he na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Nnipa dodow no ara a wobenyan wɔn no bɛba abɛtra wiase a asomdwoe wom mu wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase. (Dwom 37:10, 11, 29; Yesaia 11:6-9; 35:5, 6; 65:21-23) Nanso, owusɔre afoforo bi bedi anim ansa na ɛno aba. Nea edi kan no, ná ɛsɛ sɛ wonyan Yesu Kristo na ɔde n’afɔrebɔ no bo kɔma Onyankopɔn ma yɛn. Yesu wui, na wonyanee no wɔ afe 33 Y.B.

5 Nea edi hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn, “Nyankopɔn Israel no” mufo kɔka Awurade Yesu Kristo ho wɔ ɔsoro anuonyam mu, na ɛhɔ na wɔne “Awurade bɛtra daa.” (Galatifo 6:16; 1 Tesalonikafo 4:17) Wɔfrɛ wɔn a wɔasra wɔn wusɔre no “owusɔre a edi anim” anaa “owusɔre a edi kan.” (Filipifo 3:10, 11; Adiyisɛm 20:6) Sɛ wonyan wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa wie a, na ɛbere aso sɛ wonyan nnipa ɔpepem pii a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa wɔ Paradise asase so no. Enti, sɛ́ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaasɛ yɛbɛtra asase so no, ɛho hia paa sɛ yehu nea “owusɔre a edi kan” no kyerɛ. Ɛyɛ owusɔre bɛn? Bere bɛn na ɛba?

“Nipadua Bɛn?”

6, 7. (a) Tebea bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no kɔ mu ansa na wɔatumi akɔ soro? (b) Sɛ wonyan wɔn a nipadua bɛn na wɔde bɛma wɔn?

6 Wɔ krataa a edi kan a Paulo kyerɛw Korintofo mu no, obisaa owusɔre a edi kan no ho asɛm sɛ: “Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so anyan awufo? Nipadua bɛn mpo na wɔde reba?” Afei, n’ankasa buae sɛ: “Nea wudua no nnya nkwa, gye sɛ awu ansa; . . . nanso Onyankopɔn ma no yɛ dua a ɔpɛ . . . ɔsoro abɔde anuonyam nko na asase so abɔde de nko.”—1 Korintofo 15:35-40.

7 Paulo asɛm no kyerɛ sɛ, gye sɛ Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn no wu ansa na wɔn nsa atumi aka wɔn akatua wɔ soro. Sɛ wowu a, ɔhonam nipadua a wɔwɔ no san kɔ dɔte mu. (Genesis 3:19) Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wonyan wɔn na wɔma wɔn nipadua a wobetumi de atra soro. (1 Yohane 3:2) Onyankopɔn san ma wɔn nkwa a owu nnim. Wɔamfa nkwa a owu nnim anwo wɔn. Paulo kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw.” Nkwa a owu nnim yi yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na wɔn a wobenya owusɔre a edi kan no na ‘wɔhyɛ.’—1 Korintofo 15:50, 53; Genesis 2:7; 2 Korintofo 5:1, 2, 8.

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn mpaw 144,000 no mufo mfi ɔsom ahorow mu?

8 Nnipa 144,000 no nkutoo na wobenya owusɔre a edi kan no. Yehowa fii ase paw wɔn wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu, bere a Yehowa nyan Yesu akyi bere tiaa bi no. “Wɔakyerɛw [Yesu] din ne N’agya din wɔ wɔn [nyinaa] moma so.” (Adiyisɛm 14:1, 3) Eyi kyerɛ sɛ wɔmpaw wɔn mfi ɔsom ahorow mu. Wɔn nyinaa yɛ Kristo akyidifo, na wɔn nyinaa te nka sɛ wɔadi wɔn ni sɛ wɔde Agya no din Yehowa ato wɔn so. Sɛ wonyan wɔn a, wɔma wɔn adwuma bi yɛ wɔ soro. Anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ soro hɔ saa no ma wɔn ani gye mmoro so.

So Owusɔre a Edi Kan no Rekɔ so Nnɛ?

9. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 12:7 ne 17:14 boa yɛn ma yɛde yɛn ani bu bere a owusɔre a edi kan no fi ase?

9 Bere bɛn na owusɔre a edi kan no fi ase? Yɛwɔ adanse paa wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛrekɔ so nnɛ. Sɛ nhwɛso no, fa Adiyisɛm nhoma no mu ti ahorow abien toto ho hwɛ. Nea edi kan no, hwɛ Adiyisɛm ti 12. Wɔaka wɔ hɔ sɛ Yesu Kristo a wɔde no asi agua so foforo no ne n’abɔfo kronkron ne Satan ne n’adaemone koe. (Adiyisɛm 12:7-9) Nsɛmma nhoma yi aka no mpɛn pii sɛ saa ɔko no fii ase wɔ afe 1914 mu. * Nanso, hyɛ no nsow sɛ wɔanka sɛ Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no mu biara ka Yesu ho wɔ ɔko a ɛkɔɔ so wɔ soro no mu. Afei, hwɛ Adiyisɛm ti 17 nso. Ɛhɔ ka sɛ bere a wɔasɛe “Babilon Kɛse” no awie no, oguammaa no bedi amanaman no so nkonim. Bio nso, ɛde ka ho sɛ: “Wɔn a . . . wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware no nso bedi nkonim.” (Adiyisɛm 17:5, 14) Sɛ wɔn a “wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware” no bɛka Yesu ho na wɔadi Satan wiase no so nkonim koraa a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ na wɔanyan wɔn dedaw. Enti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ wobenyan wɔn a wɔasra wɔn a wowu ansa na Harmagedon aba no wɔ afe 1914 ne bere a Harmagedon bɛba ntam hɔ.

10, 11. (a) Henanom ne mpanyimfo 24 no, na dɛn na wɔn mu biako maa Yohane hui? (b) Dɛn na eyi betumi aboa yɛn ma yɛahu?

10 So yebetumi akyerɛ bere pɔtee a owusɔre a edi kan no fi ase? Adanse bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu wɔ Adiyisɛm 7:9-15. Ɛhɔ na ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛɛ “nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn” ho anisoadehu bi a onyae mu. Mpanyimfo 24 no mu biako maa Yohane huu nnipa kõ a na saa nnipakuw kɛse no yɛ. Saa mpanyimfo 24 yi gyina hɔ ma 144,000 a wɔne Kristo bedi ade a wɔwɔ wɔn soro anuonyam mu no. * (Luka 22:28-30; Adiyisɛm 4:4) Ná Yohane ankasa wɔ anidaso sɛ ɔbɛkɔ soro, nanso esiane sɛ bere a ɔpanyin no ne no kasae na ɔda so ara yɛ onipa wɔ asase yi so nti, wɔ saa anisoadehu no mu no, na Yohane gyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wɔda wɔ asase so a wonnyaa wɔn soro akatua no.

11 Sɛ ɛyɛ mpanyimfo 24 no mu biako na ɔmaa Yohane huu nnipakuw kɛse no a, ɛnde dɛn na ɛno betumi aboa yɛn ma yɛahu? Ɛte sɛ nea mpanyimfo 24 a wɔanyan wɔn no ka ho bi na wɔboa yɛn ma yɛte Onyankopɔn asɛm mu nokware no ase. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛte saa asɛm yi ase? Efisɛ wɔmaa Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no huu nnipa ko ankasa a wɔne nnipakuw kɛse no wɔ afe 1935 mu. Sɛ ɛyɛ mpanyimfo 24 no mu biako na ɔma yehuu nokwasɛm a ɛho hia yi a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ na wɔanyan no ma ɔkɔ soro dedaw ansa na afe 1935 reba. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na owusɔre a edi kan no fii ase wɔ afe 1914 ne afe 1935 ntam hɔ. So yebetumi akyerɛ bere pɔtee a efii ase?

12. Kyerɛkyerɛ nea enti a yebetumi aka sɛ owusɔre a edi kan no fii ase wɔ afe 1918 mu wɔ osutɔ bere mu.

12 Ɛde besi ha no, ɛyɛ papa sɛ yesusuw Bible mu nsɛm a ɛne nea yɛaka ho asɛm yi hyia no ho. Wɔsraa Yesu Kristo sɛ obi a obedi Onyankopɔn Ahenni no so Hene wɔ otwabere mu wɔ afe 29 Y.B. mu. Wɔ mfe abiɛsa ne fã akyi no, wonyanee Yesu sɛ honhom mu nipa a ɔwɔ tumi wɔ afe 33 Y.B. mu, wɔ osutɔ bere mu. Ɛnde, so yebetumi aka sɛ esiane sɛ wɔde Yesu sii agua so wɔ afe 1914 mu wɔ otwa bere mu nti, mfe abiɛsa ne fã akyi na wofii ase nyanee n’akyidifo anokwafo a wɔasra wɔn no wɔ afe 1918 mu wɔ osutɔ bere mu? Ebetumi aba saa. Ɛwom sɛ yenni Bible mu asɛm pɔtee a yebetumi de asi so dua de, nanso ɛne kyerɛw nsɛm afoforo a ɛkyerɛ sɛ owusɔre a edi kan no hyɛɛ ase wɔ bere a wɔde Kristo sii agua so no akyi bere tiaa bi no hyia.

13. Ɔkwan bɛn so na 1 Tesalonikafo 4:15-17 no ma yehu sɛ bere a Kristo bae anaa wɔde no sii agua so no ankyɛ na owusɔre a edi kan no fii ase?

13 Sɛ nhwɛso no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Ateasefo a yɛbɛtra ase akosi Awurade mmae [ɛnyɛ ne mmae no awiei] mu no renni wɔn a wɔawuwu no anim; efisɛ Awurade ankasa de nteɛm a emu yɛ den, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto besian afi soro, na wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bedi kan asɔre. Ɛno akyi no, wɔbɛfa yɛn, ateasefo a yɛaka no ne wɔn nyinaa mununkum mu akohyia Awurade wɔ wim; na saa na yɛne Awurade bɛtra daa.” (1 Tesalonikafo 4:15-17) Enti, wonyanee Kristofo a wɔasra wɔn a wowuwui ansa na wɔde Kristo resi agua so no ma wodii kan kɔɔ soro gyaw wɔn a wɔda so ara te ase wɔ asase so no wɔ bere a Kristo redi tumi no mu no. Eyi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔde Kristo sii agua so no, ankyɛ na owusɔre a edi kan no fii ase, na ɛrekɔ so wɔ Kristo “mmae mu.” (1 Korintofo 15:23) Sɛ́ anka wobenyan wɔn nyinaa prɛko no, wonyan wɔn nkakrankakra mmom wɔ bere bi mu.

“Wɔmaa Wɔn Mu Biara Atade Tenten Fitaa”

14. (a) Bere bɛn na anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm ti 6 no nya mmamu? (b) Dɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 6:9?

14 Susuw adanse a ɛwɔ Adiyisɛm ti 6 no nso ho hwɛ. Ɛhɔ no, yehu sɛ Yesu te pɔnkɔ so sɛ Ɔhene a ɔredi nkonim. (Adiyisɛm 6:2) Amanaman no redi ako akɛse. (Adiyisɛm 6:4) Aduankɔm kɛse aba. (Adiyisɛm 6:5, 6) Owuyare rekunkum adesamma. (Adiyisɛm 6:8) Ɛda adi pefee sɛ saa nkɔmhyɛ yi nyinaa abam fi afe 1914. Nanso, ohuu biribi foforo. Wɔdan yɛn adwene kɔ afɔremuka bi so. Wohuu “wɔn a esiane Onyankopɔn asɛm ne adansedi adwuma a na wɔyɛ nti wokunkum wɔn no akra” wɔ afɔremuka no ase. (Adiyisɛm 6:9) Esiane sɛ “ɔhonam kra [anaa nkwa] wɔ mogya no mu” nti, nea ade a wohui sɛ egu afɔremuka no ase gyina hɔ ma ankasa ne Yesu nkoa anokwafo a esiane akokoduru ne nsi a wɔde di adanse nti wokunkum wɔn no mogya.—Leviticus 17:11.

15, 16. Kyerɛkyerɛ nea enti a Adiyisɛm 6:10, 11 fa owusɔre a edi kan ho no mu.

15 Saa Kristofo a wowuu mogyadansefo wu no mogya reteɛm rehwehwɛ atɛntrenee te sɛ nea ɔtreneeni Habel mogya yɛe no ara pɛ. (Genesis 4:10) Wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Amansan Hene, ɔkronkronni ne ɔnokwafo, wobɛtwentwɛn wo nan ase akosi da bɛn na woabu atɛn atua asase sofo ka yɛn mogya ho?” Dɛn na wɔyɛ maa wɔn? “Wɔmaa wɔn mu biara atade tenten fitaa; na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome kakra nkosi sɛ wɔn mfɛfo asomfo ne wɔn nuanom a wɔrebekunkum wɔn sɛnea wokum wɔn no bɛba abɛka ho ama wɔn dodow awie du.”—Adiyisɛm 6:10, 11.

16 So wɔde saa ntade fitaa yi nuu mogya a na ɛwɔ afɔremuka no ase mu? Dabida! Mmom no, wɔde ntade no maa ankorankoro a wokunkum wɔn te sɛ nea wokunkum wɔn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka no so no. Wɔde wɔn nkwa bɔɔ afɔre wɔ Yesu din mu, na saa bere no, na wɔanyan wɔn ama wɔabɛyɛ honhom mu nnipa. Yɛyɛ dɛn hu sɛ saa na ɛte? Yɛkenkanee wɔ Adiyisɛm nhoma no mfiase sɛ: “Nea odi nkonim no wɔde ntade nguguso fitaa bɛhyɛ no; na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu da.” Kae nso sɛ, na mpanyimfo 24 no ‘hyehyɛ ntade nguguso fitafitaa tete nhengua so, na sika abotiri bobɔ wɔn ti.’ (Adiyisɛm 3:5; 4:4) Enti ɛyɛ bere a ɔko, aduankɔm, ne ɔyaredɔm fii ase sɛe asase no na wonyan 144,000 no mufo a na wɔawuwu a wɔde mogya a ɛwɔ afɔremuka ase no yɛɛ wɔn ho mfonini no ma wɔkɔɔ soro, na wɔhyɛɛ wɔn sɛnkyerɛnne kwan so ntade fitaa no.

17. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔma wɔn ntade fitaa no ‘home’?

17 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔanyan wɔn foforo no ‘home,’ na wonya ntoboase twɛn kosi Onyankopɔn aweredi da no. Efisɛ wɔn “mfɛfo asomfo” a wɔne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no nnya nnii nokware nkoduu awiei. Sɛ Onyankopɔn atemmu bere no du a, wɔn ‘home’ no bɛba awiei. (Adiyisɛm 7:3) Saa bere no, wɔn a wɔanyan wɔn no bɛka Awurade Yesu Kristo ho na wɔasɛe abɔnefo, na wɔn a wɔbɛsɛe wɔn no bi ne wɔn a wokunkum Kristofo a wɔnyɛɛ bɔne biara no.—2 Tesalonikafo 1:7-10.

Nea Ɛkyerɛ Ma Yɛn

18, 19. (a) Dɛn so na wubetumi agyina aka sɛ owusɔre a edi kan no rekɔ so nnɛ? (b) Owusɔre a edi kan no ho ntease a woanya no ama wote nka dɛn?

18 Onyankopɔn Asɛm nkyerɛ da pɔtee a owusɔre a edi kan no fi ase, na mmom ɛkyerɛ sɛ ebesi wɔ bere bi mu, bere a Kristo aba anaa wɔde no asi agua so no. Kristofo a wɔasra wɔn a wowuwui ansa na wɔde Kristo resi agua so no na wobedi kan anyan wɔn. Bere a Kristo gu so redi ade no, sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no wie wɔn asase so som adwuma nokwaredi mu na wowu a, wɔsakra wɔn “anibu mu” ma wɔbɛyɛ honhom abɔde a wɔwɔ tumi. (1 Korintofo 15:52) So wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa benya wɔn soro akatua no ansa na Harmagedon ko no aba? Ɛno de, yennim. Na nea yenim ne sɛ, wɔ Onyankopɔn bere a ɛfata mu no, 144,000 no nyinaa bɛkɔ akogyina ɔsoro Bepɔw Sion so.

19 Yenim nso sɛ 144,000 no mufo dodow no ara akɔka Kristo ho wɔ soro dedaw. Wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔda so wɔ asase so. Hwɛ sɛnea eyi yɛ adanse a emu yɛ den sɛ ɛrenkyɛ koraa na bere a Onyankopɔn de bebu atɛn no adu! Ɛrenkyɛ, wɔbɛsɛe Satan wiase no nyinaa afi hɔ. Wɔde Satan ankasa bɛto amoa donkudonku mu. Afei, wobefi ase anyan wɔn a wɔbɛtra asase so no, na wobegyina Yesu agyede afɔre no so ama nnipa anokwafo akɔ pɛyɛ a ɛte sɛ nea Adam ma ɛyerae no mu. Nkɔm a Yehowa hyɛe wɔ Genesis 3:15 no renya mmamu ma ɛyɛ nwonwa. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye paa sɛ yɛte ase saa bere yi!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ adanse a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu a ɛkyerɛ sɛ wɔde Kristo sii agua so wɔ afe 1914 mu a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 215-18.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ nsɛm pii a ɛma yehu sɛ mpanyimfo 24 no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ wɔn soro dibea mu a, hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 77.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

Ɔkwan bɛn so na kyerɛw nsɛm a edidi so yi boa yɛn ma yehu bere a “owusɔre a edi kan” no fii ase?

Adiyisɛm 12:7; 17:14

Adiyisɛm 7:13, 14

1 Korintofo 15:23; 1 Tesalonikafo 4:15-17

Adiyisɛm 6:2, 9-11

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Owusɔre ahorow bɛn na ɛkɔ so ansa na wɔanyan nnipa a wɔbɛtra asase so no?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɔkwan bɛn so na wɔde ntade fitaa ma nnipa bi a na wɔadeda wɔ owu mu no?