Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Ebetumi Asi Wo Yiye

Sɛnea Ebetumi Asi Wo Yiye

Sɛnea Ebetumi Asi Wo Yiye

SƐNEA awofo dwen wɔn mma ho na wɔpɛ sɛ esi wɔn yiye no, saa ara na yɛn soro Agya no nso dwen yɛn ho na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. Ɔnam nea yɛyɛ a ebesi yɛn yiye ne nea yɛyɛ a ɛrensi yɛn yiye ho asɛm a ɔka kyerɛ yɛn no so da no adi sɛ ɔdɔ yɛn. Nokwarem no, bere a Bible reka obi a ɔyɛ osetie ma Onyankopɔn ho asɛm no, ɛkaa no pefee sɛ: “Nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.”—Dwom 1:3.

Sɛ saa na ɛte a, ɛnde dɛn nti na ensii nnipa pii yiye, na wonni anigye ne abotɔyam wɔ wɔn asetra mu? Sɛ yesusuw saa dwom yi ho yiye a, ɛbɛma yɛanya mmuae no, na ɛbɛma yɛahu nea sɛ yɛn nso yɛyɛ a ebesi yɛn yiye.

“Nnebɔneyɛfo Kwan”

Odwontofo no bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ “nnebɔneyɛfo kwan so” a yɛbɛnantew no ho. (Dwom 1:1) Satan Ɔbonsam ne “ɔbɔnefo” kɛse no. (Mateo 6:13) Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ ɔno ne “wiase sodifo no,” na wiase no nyinaa “da ɔbɔnefo no tumi mu.” (Yohane 16:11; 1 Yohane 5:19) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ afotu a yɛte wɔ wiase no mu fã kɛse no ara da saa ɔbɔnefo no nsusuwii adi.

Afotu bɛn na abɔnefo de ma? Abɔnefo mmu Onyankopɔn. (Dwom 10:13) Yɛte wɔn afotu a ɛne Onyankopɔn asɛm nhyia anaasɛ ebu no animtiaa no wɔ baabiara. Nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ hyɛ “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” ho nkuran. (1 Yohane 2:16) Nsɛm ho amanneɛbɔfo ka sɛnea “ɛsɛ sɛ yenya asetra mu nneɛma nyinaa bi” ho nsɛm pii kyerɛ yɛn. Wɔ wiase nyinaa no, nnwumakuw bɔ ka bɛboro (U.S.) dɔla ɔpepepem 500 afe biara de bɔ wɔn aguade ho dawuru de hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔntɔ nneɛma a wɔyɛ no, sɛ́ wohia anaasɛ wonhia. Na saa aguade ho dawurubɔ yi ma nkurɔfo tɔ nneɛma a wonhia ankasa. Na ama wiase no anya adwene a ɛnteɛ wɔ nea wogyina so hu sɛ asi obi yiye no ho.

Ɛno nti, ɛwom sɛ nnipa pii wɔ nneɛma a mfe bi a atwam no na nnipa nnwenee ho da sɛ wobetumi anya no bi nnɛ de, nanso wɔda so ara repɛ nneɛma foforo pii aka nea wɔwɔ no ho. Wɔte nka sɛ sɛ woannya saa nneɛma yi bi a, w’ani ntumi nnye anaasɛ na ensii wo yiye. Saa nsusuwii yi nteɛ na “emfi Agya no, na mmom efi wiase.”—1 Yohane 2:16.

Yɛn Bɔfo no na onim nea ɛbɛma asi yɛn yiye ankasa. Ɛsono Onyankopɔn kwan ne “nnebɔneyɛfo kwan” koraa. Enti sɛ obi pɛ sɛ onya Onyankopɔn anim dom na bere koro no ara ɔfa wiase no kwan a wɔnam so di yiye no so a, na ɛte sɛ nea ɔrebɔ mmɔden anantew akwan abien so wɔ bere koro no ara mu. Ɛrentumi nyɛ yiye saa. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Mommfa wiase yi akwan so”!—Romafo 12:2, Today’s English Version.

Mma Wiase no Nkyerɛ Wo Kwan

Satan wiase no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛyɛ biribi ama yɛagye adi sɛ edwen yɛn yiyedi ho. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Kae sɛ, Satan ankasa yiyedi nti na ɔdaadaa Hawa, ɔbea a odi kan no. Afei, ɔnam Hawa so maa Adam yɛɛ bɔne. Ɛnnɛ nso, Satan nam nnipa so na ɛde n’afotu bɔne no ma.

Sɛ nhwɛso no, na David a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no adwumakuw no hwehwɛ sɛ ɔde nnɔnhwerew pii yɛ adwuma, na otutu akwan nso kɔyɛ adwuma. David kae sɛ: “Ná mifi fie Dwoda anɔpatutuutu, na maba fie Yawda anwummere.” David nnamfo a wokura adwempa, n’abusuafo, ne ne mfɛfo adwumayɛfo a wohui sɛ ɛsɛ sɛ David yɛ saa na ama atumi asi no yiye wɔ wiase yi mu no ka kyerɛɛ no sɛ: “W’abusua nti, kɔ so yɛ saa adwuma no.” Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ bere pii a ɔde yɛ adwuma no bɛkɔ so mfe kakraa bi pɛ kosi sɛ nneɛma bɛtotɔ yiye ama no. David kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wonyaa adwene sɛ sɛ mekɔ so yɛ adwuma yi a, m’abusua no benya so mfaso efisɛ menya sika pii aba fie, na ebesi me yiye paa. Ɛwom sɛ na me ne m’abusua no nte faako de, nanso me nnamfo no ma metee nka sɛ mereboa m’abusua no yiye ankasa.” Nnipa pii a wɔte sɛ David no reyɛ adwuma denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de nea wɔn abusua hia biara ama wɔn. Nanso, so saa afotu yi a wode bɛyɛ adwuma no bɛma asi wo yiye? Dɛn ne ade a abusua hia ankasa?

David huu ade a n’abusua hia ankasa bere a na ɔretu kwan akɔyɛ adwuma bi no. David kae sɛ: “Bere a na me ne me babea Angelica rekasa wɔ telefon so no, ɔkae sɛ, ‘Paapa, adɛn nti na wompɛ sɛ wo ne yɛn tra fie?’ Saa asɛm yi haw me yiye.” Asɛm a David babea no kae no hyɛɛ ne tirim a na wabɔ sɛ obegyae adwuma no mu den. David hui sɛ na nea n’abusua hia ankasa ne sɛ obenya bere ne wɔn atra fie, na ɔyɛɛ saa.

Sɛ Wode Onyankopɔn Afotu Yɛ Adwuma a Ebesi Wo Yiye

Wobɛyɛ dɛn atumi agyina nnaadaasɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no ano? Odwontofo no ma yehu sɛ onipa a ɔwɔ anigye na asi no yiye ne nea “[Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo.”—Dwom 1:2.

Bere a Onyankopɔn paw Yosua sɛ Israel man no kannifo no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “[Kenkan Onyankopɔn Asɛm] awia ne anadwo.” Yiw, na ɛho hia sɛ Yosua kenkan Onyankopɔn Asɛm na odwennwen ho, nanso na ɛsɛ sɛ ‘ɔhwɛ yɛ sɛ nea na wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no.’ Nokwarem no, Bible a wobɛkenkan no nkutoo remma ensi wo yiye. Ɛsɛ sɛ wode nea wokenkan no yɛ adwuma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.”—Yosua 1:8.

Yɛ abofra bi a osi ne papa a ɔdɔ no nan so na ɔne no rekenkan asɛm bi a wɔn ani gye ho paa ho mfonini hwɛ. Ɛwom sɛ wɔakenkan saa asɛm no mpɛn pii de, nanso bere biara a wɔbɛkenkan no, wɔn ani gye. Saa ara na obi a ɔdɔ Onyankopɔn no ani gye Bible a ɔkenkan no daa no ho, na ɔfa saa bere no sɛ ɛyɛ anigye bere a ɔne ne soro Agya no de bɔ nkɔmmɔ. Sɛ onipa a ɔte saa de Yehowa afotu ne n’akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɔbɛyɛ sɛ “dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.”—Dwom 1:3.

Ɛnyɛ dua a ɛno ankasa fifii na na odwontofo no reka ho asɛm. Ɛyɛ dua a okuafo no hyɛɛ da tɛw no nsu ho na ɔhwɛɛ so. Saa ara na yɛn soro Agya no nam afotu a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu so teɛteɛ yɛn nsusuwii. Ɛno nti, yenya nkɔso na yɛsow aba pa.

Nanso, “abɔnefo de, wɔnte sa.” Ɛwom sɛ ebetumi ayɛ te sɛ nea wodi yiye kakra de, nanso awiei koraa no, nea ɛto wɔn no yɛ awerɛhow. Abɔnefo “rennyina atemmu mu,” na mmom “abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.”—Dwom 1:4-6.

Enti, mma wiase no nkyerɛ wo botae ne nneɛma a mfaso wɔ so a ɛsɛ sɛ wode sisi w’anim. Ebia na wowɔ ɔdom akyɛde bi a ebetumi ama asi wo yiye wɔ wiase yi mu de, nanso hwɛ yiye wɔ sɛnea wode wo dom akyɛde no bedi dwuma anaa sɛnea wobɛma wiase no de wo ayɛ adwuma no ho. Ahonyade a mfaso nni so betumi ama obi ‘apo,’ anaa wasɛe koraa. Nanso, sɛ wo ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa a, ebesi wo yiye, na woanya anigye ankasa.

Nea Wobɛyɛ Ma Asi Wo Yiye

Dɛn nti na sɛ obi de Onyankopɔn afotu yɛ adwuma a biribiara a ɔyɛ besi no yiye? Ná ɛnyɛ wiase yi mu yiyedi ho asɛm na odwontofo no reka. Nea ɛma esi obi a osuro Onyankopɔn yiye ne Onyankopɔn apɛde a ɔyɛ, na esi obi a ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no yiye bere nyinaa. Ma yɛnhwɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm a wode bɛyɛ adwuma no betumi ama asi wo yiye.

Abusua: Kyerɛwnsɛm no tu okununom fo sɛ ‘wɔnnɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua,’ na ɛka kyerɛ Kristoni a ɔyɛ ɔyere sɛ “onnya obu kɛse mma ne kunu.” (Efesofo 5:28, 33) Wɔhyɛ awofo nkuran sɛ wonnya bere mma wɔn mma, wɔne wɔn nserew na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn nneɛma a ɛho hia wɔ abrabɔ mu. (Deuteronomium 6:6, 7; Ɔsɛnkafo 3:4) Onyankopɔn Asɛm san tu awofo fo sɛ: ‘Wɔnnhyɛ wɔn mma ahometew.’ Sɛ awofo de saa afotu yi yɛ adwuma a, ɛyɛ mmerɛw ma mmofra no sɛ ‘wobetie wɔn awofo asɛm,’ na ‘wɔadi wɔn papa ne wɔn maame ni.’ (Efesofo 6:1-4) Sɛ wɔde Onyankopɔn afotu yi yɛ adwuma a, ebetumi asi wɔn abusua no yiye.

Nnamfo: Nnipa dodow no ara na wɔpɛ sɛ wonya nnamfo. Yetumi da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo, na yɛn ani gye ho nso sɛ afoforo bɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnnodɔ wɔn ho.’ (Yohane 13:34, 35) Yesu akyidifo mu na yenya nnamfo a yebetumi adɔ wɔn na yɛanya wɔn mu ahotoso na yɛaka yɛn tirim ne yɛn koma mu asɛm mpo akyerɛ wɔn. (Mmebusɛm 18:24) Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ yɛde Bible mu nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛma yetumi ‘bɛn Onyankopɔn’ te sɛ Abraham, na wɔbɛfrɛ yɛn “Yehowa adamfo” mpo.—Yakobo 2:23; 4:8.

Nea Enti a Yɛte Ase: Wɔn a asi wɔn yiye ankasa no abrabɔ nyɛ basabasa, mmom no wonim nea enti a wɔte ase. Wɔmfa wɔn ani nto nneɛma nhyehyɛe yi a enni gyina no so. Esiane sɛ wɔde wɔn adwene si nea enti a yɛte ase so nti, botae ahorow a wɔde sisi wɔn ani so no ma wonya abotɔyam a ɛtra hɔ daa. Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ onim nea enti a ɔte ase? “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.

Anidaso: Sɛ yɛfa Onyankopɔn Adamfo a ɛno nso ma yenya anidaso. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo sɛ “wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom wɔmfa nto Nyankopɔn” so. Sɛ wɔyɛ saa a, na ‘wɔreto fapem pa asie yiye ama daakye, na ama wɔatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen.’ (1 Timoteo 6:17-19) Saa nkwa ankasa yi bɛba nnansa yi ara bere a Onyankopɔn soro Ahenni ama asase yi adan Paradise no.—Luka 23:43.

Sɛ wode Bible nnyinasosɛm bɔ wo bra a, ɛno nkyerɛ sɛ worenhyia ɔhaw biara, na mmom ɛremma wonyɛ nneɛma bi a ɛde yaw ne awerɛhow pii bɛba wo so sɛnea abɔnefo yɛ no. David a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ne nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ ɔno ahu mfaso a ɛwɔ Bible nnyinasosɛm a wɔde bɔɔ wɔn bra no so. Bere a David nyaa adwuma bi a na ennye ne bere pii yɛe no, ɔkae sɛ: “M’ani gye sɛnea me ne me yere ne me mma bɔ no ho, ne afei hokwan a manya sɛ meresom Yehowa Nyankopɔn sɛ asafo mu panyin no.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no kaa onipa a otie Onyankopɔn afotu ho asɛm sɛ: “Nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye”!

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 6]

NNEƐMA ANUM A ƐMA ESI OBI YIYE

1 Mma wiase yi nkyerɛ w’abrabɔ kwan.

Dwom 1:1; Romafo 12:2

2 Kenkan Onyankopɔn Asɛm na dwennwen ho daa.

Dwom 1:2, 3

3 Fa Bible afotu yɛ adwuma wɔ w’abrabɔ mu.

Yosua 1:7-9

4 Fa Onyankopɔn adamfo.

Yakobo 2:23; 4:8

5 Suro nokware Nyankopɔn no na di ne mmara nsɛm so.

Ɔsɛnkafo 12:13

[Mfonini wɔ kratafa 7]

So woreyɛ nneɛma a ɛbɛma asi wo yiye no?