Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubetumi Atrɛw Wo Dɔ Mu?

So Wubetumi Atrɛw Wo Dɔ Mu?

So Wubetumi Atrɛw Wo Dɔ Mu?

ƐSƐ sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsã sɛkyɛ a ekura po so hyɛn mu no yɛ den na atumi ama ɛhyɛn no agyina faako. Nanso, gye sɛ nnade a wɔde toatoa mu de yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu biara yɛ den. Anyɛ saa a, nkɔnsɔnkɔnsɔn no bɛtew.

Saa ara na Kristofo asafo no nso te. Sɛ asafo bi bɛyɛ den na anya nkɔso a, ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔwom no yɛ biako. Dɛn na ɛma wɔyɛ biako no? Ɛyɛ ɔdɔ. Ɔdɔ yɛ su pa a ɛsen biara a ɛde biakoyɛ ba. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ ma wɔn ho wɔn ho no sen obu ne ɔdɔ a ɛwɔ nnamfo ntam no koraa. Wonya ɔdɔ a ɛma wɔde wɔn ho bɔ afɔre ma wɔn ho wɔn ho.—Yohane 13:34, 35.

Ɛsɛ sɛ Yebu Yɛn Mfɛfo Gyidifo

Wɔ asafo ahorow pii mu no, ɛsono mfe a nnipa a wɔwom no mu biara adi, abusua ne ɔman a obiara fi mu, wɔn amammerɛ, kasa a wɔka, ne sɛnea wɔtetee wɔn mu biara. Ɛsono nea wɔn mu biara ani gye ho, nea wɔhwɛ kwan ne nneɛma a wosuro, na mpɛn pii no wɔn mu biara wɔ ne haw, sɛ́ ɛyɛ yare anaa ohia. Eyinom nyinaa betumi asɛe Kristofo biakoyɛ. Ɛnde, nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛatrɛw yɛn dɔ mu na yɛakɔ so ayɛ biako? Sɛ yebu asafo no mufo nyinaa ankasa a, ɛbɛboa yɛn ma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no mu ayɛ den.

Nanso, dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yebu obi? Sɛnea The New Shorter Oxford English Dictionary kyerɛ no, nea yɛyɛ de kyerɛ sɛ yebu obi ne sɛ “yɛbɛte no ase; yebebu no sɛ ɔyɛ obi a ɔsom bo; yɛakyerɛ sɛ yɛn ani sɔ no.” Sɛ yɛwɔ obu ma yɛn mfɛfo gyidifo a, yɛbɛma wɔn ahiasɛm ayɛ yɛn ahiasɛm, yɛn ani bɛsɔ wɔn, yɛn ani begye nneɛma a wotumi yɛ ho, na yɛn ani begye ho sɛ wɔne yɛn resom Onyankopɔn koro. Ɛno bɛma yɛanya ɔdɔ a emu yɛ den ama wɔn. Sɛ yesusuw krataa a Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Korinto wɔ afeha a edi kan mu no ho kakraa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yebetumi ada Kristofo dɔ adi yiye paa.

Ná Korintofo no ‘Nsen So’

Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan no kɔmaa Korintofo no wɔ afe 55 Y.B. mu, na annu afe na ɔkyerɛw ne krataa a ɛto so abien no. Nsɛm a ɔkae no kyerɛ sɛ na Korintofo no binom mmu wɔn mfɛfo gyidifo. Paulo kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu sɛ: “O Korintofo, yɛn anom abue ama mo, yɛn komam atrɛw. Ɛnyɛ yɛn mu na monsen, na mo ankasa yam na monsen.” (2 Korintofo 6:11, 12, Akuapem Twi Bible) Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ ‘wɔnsen so no’?

Ná nea ɔrekyerɛ ne sɛ wɔnnka wɔn ho nnkɔ afoforo ho, na wɔyɛ ayammɔnwene. Bible ho nhomanimfo bi te nka sɛ “adwene a ɛnteɛ a” na Korintofo no kura wɔ Paulo ho “sɛ ɔne wɔn anni no yiye no na amma” wɔanna ɔdɔ adi ankyerɛ no.

Hyɛ afotu a Paulo de mae no nsow: “Nea mo nso mobɛyɛ de atua ka no—mekasa kyerɛ mo sɛ mmofra—mo nso montrɛw mo komam.” (2 Korintofo 6:13) Paulo hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ wɔntrɛw wɔn dɔ mu mma ɛnka wɔn mfɛfo gyidifo. Sɛ wɔannya wɔn nuanom mu ahotoso na wɔamfa mfomso nketenkete a wɔyɛ tia wɔn no ankyɛ wɔn a, wɔrentumi nna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn da, gye sɛ wonya wɔn ho adwempa na wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn.

Sɛnea Yɛbɛtrɛw Yɛn Dɔ Mu Nnɛ

Sɛ yehu sɛnea Onyankopɔn nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ mmɔden kɛse trɛw wɔn dɔ mu ma wɔn ho wɔn ho no a, ɛma yɛn ani gye. Nokwarem no, egye mmɔdenbɔ na ama obi atrɛw ne dɔ mu. Ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde da ɔdɔ adi. Sɛ yebetumi atrɛw yɛn dɔ mu a, ɛnsɛ sɛ yesuasua nnipa a wɔmfa Bible mu asɛm mmɔ wɔn bra no. Nnipa a wɔte saa no ntaa nnwen afoforo ho. Wɔkasa kyerɛ nkurɔfo a wonnwen ho, wommu ade, na wodi afoforo ho fɛw. Enti, mommma yennsuasua subammɔne a ɛte saa no da. Ɛbɛyɛ awerɛhosɛm paa sɛ afoforo mu ahotoso a yenni te sɛ Korintofo no nti, yɛrenna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn! Sɛ ɛkɔ ba sɛ yebu yɛn ani gu nneɛma pa a yɛn nuanom Kristofo tumi yɛ so na yɛde yɛn adwene si wɔn mfomso ahorow so a, ɛremma yɛnna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn. Sɛ abusua a obi fi mu nti yɛne no nsen so a, yɛn nso yebetumi adi mfomso koro no ara.

Nanso, Onyankopɔn somfo a ɔwɔ obu a ɛfata ma ne mfɛfo gyidifo no trɛw ne dɔ mu. Obu wɔn papaapa, odi wɔn ni, na ɔma wɔn ahiasɛm yɛ n’ahiasɛm. Sɛ ade a ne nua ayɛ no no hyɛ no abufuw mpo a, ofi ne pɛ mu de kyɛ no, na ɔmfa nhyɛ ne mu. Mmom no, onya adwene sɛ ne nua renhyɛ da nyɛ no bɔne. Sɛ ɔyɛ obi a ofi ne komam da ayamye adi a, ɛboa no ma ɔda ɔdɔ a na Yesu reka ho asɛm no adi. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.

Hwehwɛ Nnamfo Foforo

Sɛ yɛwɔ ɔdɔ kann a, ɛbɛma yɛahwehwɛ nnamfo foforo aka nnamfo a yɛwɔ dedaw no ho, na yɛne wɔn a wɔwɔ asafo no mu a yɛne wɔn ntaa mmɔ no abɔ. Saa nnipa yi mu bi ne henanom? Wɔn mu bi ne yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea a wɔfɛre ade anaa biribi nti wonni nnamfo pii no. Ebia mfiase no, yɛbɛte nka sɛ ɔsom a yɛne wɔn wom akyi no, ɛsono yɛn na ɛsono wɔn koraa. Nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ nnipa bi a na ɛsono sɛnea wɔn mu biara te bɛyɛɛ nnamfo paa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu?

Sɛ nhwɛso no, na Rut ne Naomi nyɛ atipɛnfo, na ɛsono ɔman a wɔn mu biara fi mu ne n’amammerɛ, na na ɛsono kasa a wɔn mu biara ka mpo. Eyi nyinaa akyi no, wotumi yɛɛ nnamfo. Ná Yonatan yɛ ɔhene ba, ɛnna Dawid yɛ oguanhwɛfo. Ná Yonatan anyin sen Dawid koraa, nanso sɛ yɛreka nnipa a wɔfaa nnamfo paa a wɔaka ho asɛm wɔ Kyerɛw Kronkron no mu a, wɔka ho bi. Nnipa baanan yi adamfofa no maa wɔn ani gyei, na ɛboaa wɔn ma wɔsom Onyankopɔn yiye.—Rut 1:16; 4:15; 1 Samuel 18:3; 2 Samuel 1:26.

Ɛnnɛ mpo, nokware Kristofo a ɛsono mfe a wɔn mu biara adi anaa ɛsono wɔn asetram nsɛm koraa tumi bɛyɛ nnamfo paa. Sɛ nhwɛso no, susuw Regina a ɔyɛ ɛna a onni kunu a ɔwɔ mma baanu a wɔadu wɔn mpanyin afe so no ho hwɛ. * Esiane sɛ onni adagyew nti onnya bere mfa mmɔ fekuw. Harald ne Ute nso yɛ awarefo a wɔakɔ pɛnhyen a wonni mma. Sɛ wohwɛ mmusua abien yi a, ɛte sɛ nea ɛsono emu biara. Nanso, Harald ne Ute de Bible afotu a ɛka sɛ yɛntrɛw yɛn dɔ mu no yɛɛ adwuma. Wɔfaa Regina ne ne mma no nnamfo, na wɔne wɔn yɛɛ nneɛma pii, na wɔne wɔn bom kɔ asɛnka, na na wɔbom gye wɔn ani nso.

So yebetumi afa nnamfo foforo aka nea yɛwɔ dedaw no ho? Dɛn nti na wo ne mfɛfo gyidifo a ɛsono ɔman a wofi mu, wɔn amammerɛ, anaa mfe a wɔadi mfa nnamfo?

Boa Afoforo a Wohia Mmoa

Sɛ yɛn yam ye a, ɛbɛma yɛaboa afoforo a wohia mmoa. Mmoa bɛn saa? Fa w’ani fa Kristofo asafo no mu hwɛ. Mmofra wom a wohia akwankyerɛ, nkwakoraa ne mmerewa hia nkuranhyɛ, bere nyinaa asomfo hia nkamfo ne mmoa, ɛnna mfɛfo gyidifo a wɔahaw nso hia obi a obetie wɔn asɛm ama wɔn. Obiara hia mmoa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de boa.

Yɛn dɔ mu a yɛbɛtrɛw no nso kyerɛ sɛ yɛbɛte wɔn a wɔwɔ nsɛnnennen no ase. So wunim obi a yare bi a ne sa yɛ den ayɛ no, anaa ɔrehyia ɔhaw foforo bi wɔ n’asetra mu? Sɛ wowɔ ayamye na wotrɛw wo dɔ mu a, ɛbɛboa wo ma woate nnipa a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu no ase na woaboa wɔn.

Saa bere yi a ɛrenkyɛ na Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho anya mmamu no, ɛsɛ sɛ yɛma biakoyɛ a ɛbɛtra asafo no mu no ho hia yɛn kɛse koraa sen agyapade a yɛbɛboaboa ano, anaa nneɛma a yɛbɛpere anya. (1 Petro 4:7, 8) Yɛn mu biara nam ne dɔ mu a ɔbɛtrɛw ma aso ne mfɛfo gyidifo nyinaa so no so betumi aboa ama biakoyɛ a ɛwɔ n’ankasa asafo mu no mu ayɛ den. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn kɛse sɛ yɛde ne Ba Yesu Kristo asɛm a ɔkae no reyɛ adwuma. Yesu kae sɛ: “M’ahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.”—Yohane 15:12.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Sɛ yɛwɔ obu ma yɛn nuanom mmarima ne mmea a, yebebu wɔn papaapa, adi wɔn ni, na yɛama wɔn ahiasɛm ayɛ yɛn ahiasɛm