Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔmaa Gilead Adesuafo no Akwankyerɛ a Ɛka Koma

Wɔmaa Gilead Adesuafo no Akwankyerɛ a Ɛka Koma

Wɔmaa Gilead Adesuafo no Akwankyerɛ a Ɛka Koma

WƆ SEPTEMBER 9, 2006 no, wɔyɛɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 121 adesua awiei dwumadi no wɔ Watchtower Educational Center, wɔ Patterson, New York. Ná dwumadi no hyɛ nkuran yiye.

Geoffrey Jackson a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no maa adesuafo 56 a wɔawie wɔn adesua ne atiefo 6,366 a wofi aman horow so a wɔbae no akwaaba de fii dwumadi no ase. Ɔkaa Dwom 86:11 ho asɛm. Ɛhɔ ka sɛ: “[Yehowa, NW], kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din.” Onua Jackson sii nsɛntitiriw abiɛsa a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no so dua. Ɔkae sɛ: “Kasamu no fã a edi kan no si nkyerɛkyerɛ so dua; nea ɛto so abien no fa sɛnea yɛde nkyerɛkyerɛ no bɛyɛ adwuma ho; na nea ɛto so abiɛsa no ka nea ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛde yɛ adwuma no ho asɛm. Saa nneɛma abiɛsa yi ho hia titiriw ma mo asɛmpatrɛwfo a morekɔyɛ asɛmpatrɛwfo adwuma no.” Afei, ɔtwee adwene sii kasa ahorow ne nsɛm a na wobebisabisa afoforo a wɔde besi saa nsɛm abiɛsa yi so dua no so.

Akwankyerɛ a Ɛka Koma

William Malenfant a ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no kyerɛkyerɛɛ asɛmti a ɛne: “Asetra a Eye Sen Biara” mu. Ɔtwee adwene sii nhwɛso a Marta nuabea Maria yɛe no so. Bere bi a Yesu kɔsraa wɔn wɔ wɔn fie no, Maria kɔtraa Yesu nan ase tiee no, na ɔmaa ɛno yɛɛ ade a ɛho hia no titiriw wɔ n’asetra mu. Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ: “Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam.” (Luka 10:38-42) Ɔkasafo no kae sɛ: “Wode susuw ho hwɛ. Esiane sɛ Maria paw nea eye nti, ne werɛ remfi da sɛ ɔtraa Yesu nan ase ne no bɔɔ Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ anigye ho nkɔmmɔ tẽẽ.” Bere a ɔkasafo no kamfoo adesuafo no sɛ wɔapaw nea eye wɔ Onyankopɔn som mu wiei no, ɔkae sɛ: “Nea moapaw no ama moanya asetra a eye sen biara.”

Anthony Morris a ɔyɛ Sodikuw no muni no maa ɔkasa a edi hɔ a n’asɛmti ne “Monhyɛ Awurade Yesu Kristo.” Na ɔde ɔkasa no gyinaa Romafo 13:14 so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ Kristo? Onua Morris kae sɛ, ‘Awurade Yesu Kristo a yɛbɛhyɛ’ no no kyerɛ sɛ yebesuasua sɛnea Yesu yɛɛ n’ade. Eyi kyerɛ sɛ yebedi Yesu nhwɛso akyi, na yɛasuasua ne suban. Ɔkasafo no kae sɛ: “Yesu maa nkurɔfo a wɔbaa ne nkyɛn no nyaa abotɔyam, efisɛ na ɔkyerɛ wɔn ho anigye ankasa, na nkurɔfo no nso hui sɛ Yesu ani gye wɔn ho ampa.” Afei, ɔkasafo no kaa sɛnea na sukuufo no anya nimdeɛ pii wɔ Gilead adesua no mu sɛnea Efesofo 3:18 ka ho asɛm no. Ɛhɔ ka sɛ, na ‘moahu nokware no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ no yiye.’ Nanso, ɔtwee wɔn adwene sii nkyekyɛm 19 so. Ɛhɔ ka sɛ: “Na moahu Kristo dɔ a ɛkyɛn nimdeɛ no.” Onua Morris ka kyerɛɛ sukuufo no sɛ: “Sɛ mo ankasa moresua ade a, munsusuw sɛnea mubetumi asua na moanya ayamhyehye a Kristo fi ɔdɔ mu daa no adi no bi, na ama ‘moahyɛ Awurade Yesu Kristo ankasa.’”

Afotu a Gilead Akyerɛkyerɛfo ne Wɔn De Dii Nkra

Gilead kyerɛkyerɛfo Wallace Liverance na ɔmaa ɔkasa a edi hɔ no. Ná ne kasa no asɛmti gyina Mmebusɛm 4:7 so. Ɔkae sɛ ɛwom sɛ nyansa a Onyankopɔn de ma ne ade a ɛho hia paa de, nanso ɛsɛ sɛ ‘yenya nhumu’ nso. Nhumu kyerɛ nsɛm bi a wɔde toto nsɛm afoforo ho na ɛma wohu asɛm bi mu yiye. Ɔkasafo no kyerɛe sɛ sɛ yenya nhumu a ɛma yenya anigye. Sɛ nhwɛso no, wɔ Nehemia bere so no, Lewifo ‘kyerɛkyerɛɛ mmara no ase ma wɔtee ne kenkan no ase.’ Ɛno akyi no, nkurɔfo no ‘nyaa anigye kɛse pa, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.’ (Nehemia 8:7, 8, 12) Onua Liverance de ne kasa no baa awiei sɛ: “Sɛ wote Onyankopɔn Asɛm a ɔma wɔde ne honhom kyerɛwee no ase a, ɛma wunya anigye.”

Mark Noumair a ɔno nso yɛ Gilead ɔkyerɛkyerɛfo no na ɔmaa ɔkasa a n’asɛmti ne “Hena Ankasa Ne Wo Tamfo?” no. Ɔkae sɛ, wɔ ɔko mu no, asraafo a wɔwɔ ɔfã biako tumi kunkum wɔn ho wɔn ho. Obisae sɛ: “Na wɔ honhom fam ko a yɛreko no mu nso ɛ? Sɛ yɛanhwɛ yiye a yebetumi agyaw yɛn tamfo ankasa no hɔ, na yɛapirapira yɛn ho.” Ahoɔyaw betumi ama yɛn mu binom renhu nea ɔyɛ yɛn tamfo no. Ahoɔyaw maa Ɔhene Saul gyaw Filistifo a na wɔyɛ n’atamfo ankasa no hɔ de n’ani kosii Dawid a na ɔne no nyinaa som Yehowa no so sɛ obekum no. (1 Samuel 18:7-9; 23:27, 28) Afei ɔkasafo no toaa so sɛ: “Sɛ mo ne ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔbɔ mmɔden sen mo wɔ akwan pii so yɛ adwuma nso ɛ? So mobɛkasa atia no de apira no anaa mubegye atom sɛ ɛnyɛ dɛn ara a afoforo bɛbɔ mmɔden asen mo wɔ nneɛma pii mu, na ama asomdwoe atra mo ne no ntam? Sɛ yɛde yɛn adwene si afoforo mfomso so a, ɛremma yentumi nhu nea ɔyɛ yɛn tamfo no ankasa. Satan na ɔyɛ yɛn tamfo ankasa, na ɔno mmom na mo ne no nko.”

Osuahu a Ɛyɛ Anigye ne Nsɛm a Ɛhyɛ Nkuran a Wobisabisae

Gilead kyerɛkyerɛfo Lawrence Bowen na ɔmaa ɔkasa a edi hɔ a n’asɛmti ne “Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma” no. Obisabisaa nkurɔfo nsɛm, na ɔmaa afoforo nso kaa osuahu ahorow wɔ ɔkasa no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, nea 2 Timoteo 4:5 kyerɛ ankasa ne yɛ ‘asɛmpatrɛw’ adwuma. Ɔde kaa ho sɛ: “Eyi fata paa, efisɛ asɛmpatrɛwfo a wɔatete wɔn wɔ Gilead no adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛtrɛw asɛmpa no mu, na adesuafo yi ayɛ saa wɔ baabiara a wohyiaa nnipa no.” Wɔyɛɛ osuahu a ɛyɛ anigye a wonyae no bi ho ɔyɛkyerɛ.

Akasafo baanu a wɔn nyinaa fi Betel abusua no mu na wɔmaa ɔkasa abien a edi hɔ no. Michael Burnett na ɔmaa ɔfã a edi kan no, ɛnna Scott Shoffner maa nea edi hɔ no. Wobisabisaa Baa Boayikuw mufo a wofi Australia, Barbados, Korea, ne Uganda nsɛm. Nsɛm a baa boayikuw no mufo kae no ma ɛdaa adi sɛ wɔbɔ mmɔden kɛse ansa na wɔde asɛmpatrɛwfo no ahiade ama wɔn, na wɔn ahiade no bi ne dabere a ɛfata ne wɔn ayarehwɛ. Boayikuw no mufo sii so dua sɛ asɛmpatrɛwfo a wotumi yɛ wɔn adwuma no yiye ne wɔn a wɔyɛ nsakrae na wosua sɛnea ɔman a wɔkɔ mu no mufo yɛ wɔn ade no.

Ɔkasa a Emu Yɛ Hyew na Ɛka Koma a Wɔde Wiee Dwumadi No

Ná dwumadi no ho ɔkasa titiriw no asɛmti ne “Suro Onyankopɔn na Hyɛ no Anuonyam.” Onua John E. Barr a ɔde mfe pii asom wɔ Sodikuw no mu na ɔmae. Ná ne kasa no gyina Adiyisɛm 14:6, 7 so. Ɛhɔ ka sɛ: “Mihuu ɔbɔfo foforo a ɔnam wim a okura daa asɛmpa sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa, na ɔteɛɛm sɛ: ‘Munsuro Nyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ bere a ɔde bebu atɛn no adu.’”

Onua Barr ka kyerɛɛ sukuufo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn werɛ fi nsɛm abiɛsa a ɔbɔfo no kae no da. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no de kyerɛ sɛ seesei wɔde Ahenni no ahyɛ Kristo nsa koraa, na ɔredi tumi. Ɔkasafo no kae sɛ: “Yegye tom koraa sɛ wɔde Yesu sii agua so wɔ afe 1914 mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛka saa anigyesɛm yi wɔ wiase nyinaa.” Nea ɛto so abien no, ɔbɔfo no kae sɛ: “Munsuro Nyankopɔn.” Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛho hia sɛ sukuufo no boa wɔn Bible asuafo ma wosuro Onyankopɔn na wobu no kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ biribiara a n’ani nnye ho. Nea ɛto so abiɛsa no, ɔbɔfo no hyɛe sɛ: ‘Monhyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ Ɔkasafo no ka kyerɛɛ sukuufo no sɛ: “Wɔmmma wɔn werɛ mmfi da sɛ yɛnnhyɛ yɛn ankasa yɛn ho anuonyam, na mmom yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.” Afei, bere a Onua Barr rekyerɛkyerɛ ‘bere a wɔde bebu atɛn’ no mu no, ɔkae sɛ: “Bere a aka ma wɔde atemmu a etwa to aba no sua koraa. Nnipa pii da so ara wɔ yɛn asasesin no mu a ɛsɛ sɛ wɔte asɛmpa no ansa na aka akyi dodo.”

Bere a na saa asɛm yi wɔ adesuafo 56 a wɔawie sukuu no adwenem no, wɔde wɔn adansedi nkrataa maa wɔn, na wɔsomaa wɔn kɔɔ asase ano nohoa. Adesuafo a wɔawie sukuu no ne afoforo a wɔbaa dwumadi no ase nyinaa ani gyee afotu a ɛka koma a wɔde mae no ho kɛse wɔ saa anigye da no.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 6

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 25

Adesuafo no dodow: 56

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 35.1

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 18.3

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13.9

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 121 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Fox, Y.; Kunicki, D.; Wilkinson, S.; Kawamoto, S.; Consolandi, G.; Mayen, C. (2) Santiago, N.; Clancy, R.; Fischer, M.; de Abreu, L.; Davis, E. (3) Hwang, J.; Hoffman, D.; Wridgway, L.; Ibrahim, J.; Dabelstein, A.; Bakabak, M. (4) Peters, M.; Jones, C.; Ford, S.; Parra, S.; Rothrock, D.; Tatlot, M.; Perez, E. (5) de Abreu, F.; Kawamoto, S.; Ives, S.; Burdo, J.; Hwang, J.; Wilkinson, D. (6) Fox, A.; Bakabak, J.; Cichowski, P.; Forier, C.; Mayen, S.; Consolandi, E.; Wridgway, W. (7) Parra, B.; Perez, B.; Tatlot, P.; Santiago, M.; Ibrahim, Y.; Kunicki, C. (8) Burdo, C.; Cichowski, B.; Ives, K.; Ford, A.; Rothrock, J.; Hoffman, D.; Davis, M. (9) Peters, C.; Dabelstein, C.; Jones, K.; Clancy, S.; Fischer, J.; Forier, S.