Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbarima ne Ɔbea—Obiara wɔ Asɛyɛde a Ɛfata

Ɔbarima ne Ɔbea—Obiara wɔ Asɛyɛde a Ɛfata

Ɔbarima ne Ɔbea—Obiara wɔ Asɛyɛde a Ɛfata

YEHOWA NYANKOPƆN dii kan bɔɔ Adam, ɛno akyi na ɔbɔɔ Hawa. Ansa na wɔrebɔ Hawa mpo no, na Adam anya asetra mu suahu. Saa bere yi, Yehowa maa no akwankyerɛ ahorow bi. (Genesis 2:15-20) Sɛ́ Onyankopɔn kasamafo no, na ɛsɛ sɛ Adam ma ne yere no hu akwankyerɛ ahorow yi. Enti ntease wom sɛ na Adam na obedi anim wɔ biribiara a ɛfa ɔsom ho mu.

Nhyehyɛe a ɛte saa ara wɔ Kristofo asafo no mu, na sɛ yɛhwehwɛ mu a, yebenya so mfaso pii. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Memma ɔbea kwan sɛ . . . onni ɔbarima so tumi, na mmom sɛ ɔnyɛ komm. Efisɛ Adam na wodii kan bɔɔ no ansa na Hawa reba.” (1 Timoteo 2:12, 13) Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbea kasa koraa wɔ Kristofo asafo nhyiam ase. Komm a ɛsɛ sɛ ɔyɛ no kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔne ɔbarima gye akyinnye, obu ne dibea animtiaa, anaa ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ asafo no. Mmarima na wɔde asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ asafo no so na wɔnkyerɛkyerɛ, nanso mmea nso yɛ nneɛma pii de boa ma Kristofo nhyiam ahorow tu mpɔn.

Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛkyerɛ dibea a Onyankopɔn de ama mmarima ne mmea wɔ ne som mu mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔbarima mfi ɔbea mu, ɔbea mmom na ofi ɔbarima mu . . . Nea ɛka ho bio no, Awurade mu no, ɔbarima ntumi nkwati ɔbea, na ɔbea nso ntumi nkwati ɔbarima [obiara dan ne yɔnko]. Na sɛnea ɔbea fi ɔbarima mu no, saa ara na ɔbarima nso nam ɔbea so na ɛbae; nanso nneɛma nyinaa fi Nyankopɔn mu.”—1 Korintofo 11:8-12.

Mmea wɔ Hokwan a Ɛsom Bo

Wɔ Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no mu no, na mmea wɔ hokwan pii, na na wobetumi afi wɔn pɛ mu ayɛ ade. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 31:10-31 ka “ɔyepa” a ɔtɔ ntama de yɛ ntade pa ma ne fiefo ho asɛm. Hwɛ, “Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn”! (Nkyekyɛm 13, 21-24) Ɔbea pa yi ‘te sɛ oguadini ahyɛn’ a sɛ aduan pa wɔ akyirikyiri mpo a, ɔkɔhwehwɛ. (Nkyekyɛm 14) “Odwen afuw ho na ɔtɔ,” na ‘ɔyɛ bobeturo.’ (Nkyekyɛm 16) Esiane sɛ “ɔte ne dwumadi mu dɛw” nti, onya so mfaso. (Nkyekyɛm18) Mmɔdenbɔfo a osuro Yehowa yi fi ne pɛ mu boa afoforo, na “ɔhwɛ ne fifo kɔree ne bae” nso. (Nkyekyɛm 20, 27) Ɛnyɛ nwonwa sɛ woyi no ayɛ!—Nkyekyɛm 31.

Yehowa Mmara a ɔnam Mose so de mae no maa mmea nyaa hokwan a ɛbɛma wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Yosua 8:35 sɛ: “Nea Mose hyɛe no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan Israel guabɔ nyinaa ne mmea ne mmofra ne ɔhɔho a ɔnam wɔn mu no anim.” Bible ka ɔsɔfo Esra ho asɛm sɛ: “[Ɔde] mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan. Na ɔkenkanee wɔ mprae a ɛwɔ nsu pon anim no so fi anɔpa kosii owigyinae, mmarima ne mmea ne wɔn a wobetumi ate ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ asõ tiee mmara nhoma no mu nsɛm no.” (Nehemia 8:2, 3) Mmea nso nyaa Mmara no a wɔkenkanee no so mfaso. Ná wonya ɔsom mu afahyɛ ahorow nso mu kyɛfa. (Deuteronomium 12:12, 18; 16:11, 14) Nea ehia sen biara no, na tete Israelfo mmea tumi ne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ pa, na na wɔn mu biara tumi bɔ no mpae.—1 Samuel 1:10.

Wɔ Yesu bere so no, mmea a na wosuro Onyankopɔn nyaa hokwan som Yesu. (Luka 8:1-3) Ɔbea bi hwiee ngohuam guu Yesu tirim de bi sraa ne nan ho wɔ pon bi a wɔtow maa Yesu wɔ Betania no ase. (Mateo 26:6-13; Yohane 12:1-7) Mmea ka wɔn a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn bere a wonyan no fii owu mu no ho. (Mateo 28:1-10; Yohane 20:1-18) Yesu kɔɔ soro akyi no, na “mmea bi ne Yesu maame Maria” ka nnipa 120 a na wɔahyia wɔ abansoro dan bi mu no ho. (Asomafo Nnwuma 1:3-15) Akyinnye biara nni ho sɛ bere a wohwiee honhom kronkron guu Yesu asuafo so ma wɔkaa kasa horow pii anwonwakwan so no, na mmea yi mu pii anaa wɔn nyinaa wɔ abansoro dan no mu wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu.—Asomafo Nnwuma 2:1-12.

Ná mmarima ne mmea nyinaa ka wɔn a Yoel 2:28, 29 nyaa mmamu wɔ wɔn so no ho sɛnea ɔsomafo Petro kaa ho asɛm wɔ Pentekoste da no: “[Me Yehowa] mehwie me honhom no bi agu ɔhonam nyinaa so, na mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm . . . Na mehwie me honhom no bi agu me nkoa ne me mfenaa mpo so wɔ saa nna no mu.” (Asomafo Nnwuma 2:13-18) Wɔ Pentekoste 33 Y.B. akyi no, Kristofo mmea nyaa honhom kronkron akyɛde no bi kosii bere bi. Wɔkaa kasa afoforo na wɔhyɛɛ nkɔm, a ɛnyɛ sɛ na wɔreka nsɛm a ɛbɛba daakye, na mmom, wɔkaa Bible mu nokwasɛm kyerɛe.

Paulo kamfoo “yɛn nuabea Foibe” kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Roma no wɔ krataa a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn no mu. Afei ɔkaa Trifaina ne Trifosa ho asɛm sɛ “mmea a wɔreyɛ adwumaden wɔ Awurade mu.” (Romafo 16:1, 2, 12) Ɛwom sɛ na mmea yi nyɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo wɔ tete Kristofo asafo no mu de, nanso wɔne mmea afoforo pii nyaa hokwan ma Onyankopɔn paw wɔn sɛ wɔne ne Ba, Yesu Kristo, nkodi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu.—Romafo 8:16, 17; Galatifo 3:28, 29.

Hwɛ hokwan soronko ara a mmea a wosuro Onyankopɔn wɔ nnɛ! Dwom 68:11 ka sɛ, “[Yehowa, NW] bɛka n’anom asɛm,—mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo sõ.” Mmea a wɔte saa no fata nkamfo. Sɛ nhwɛso no, ahokokwaw a wɔde yɛ ofie Bible adesua no ama nnipa pii regye nokware nkyerɛkyerɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani no atom. Kristofo mmea awarefo a wɔboa wɔn mmofra ma wɔbɛyɛ gyidifo, na wɔboa wɔn kununom a asɛyɛde pii hyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no nso fata nkamfo. (Mmebusɛm 31:10-12, 28) Mmea a wɔnwaree nso wɔ dibea a ɛfata wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu, na wotu Kristofo mmarima fo sɛ ‘wɔne mmea mpanyimfo nni sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, ahotew nyinaa mu.’—1 Timoteo 5:1, 2.

Ɔbarima Asɛyɛde Ahorow

Onyankopɔn de asɛyɛde ahyɛ Kristoni barima nsa, na ɔhwɛ kwan sɛ obedi ho dwuma. Paulo kae sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Nyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Ɔbarima nso wɔ ti—ɔne Kristo. Nokwarem no, ɔbarima bebu ne nneyɛe ho akontaa akyerɛ Kristo ne Onyankopɔn. Enti Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ ɔbarima bedi ne tiyɛ ho dwuma wɔ ɔdɔ mu. (Efesofo 5:25) Eyi te saa fi bere a wɔbɔɔ nnipa too asase yi so.

Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn maa ɔbarima dwumadi a ɛne ne dibea sɛ abusua ti no hyia. Sɛ nhwɛso no, Yehowa maa Noa pam adaka a na ɔde begye nnipa nkwa wɔ Nsuyiri no mu. (Genesis 6:9–7:24) Wɔhyɛɛ Abraham bɔ sɛ wɔnam n’aseni so behyira asase so mmusua ne aman nyinaa. Saa aseni no mu otitiriw ne Kristo Yesu. (Genesis 12:3; 22:18; Galatifo 3:8-16) Onyankopɔn paw Mose ma odii Israelfo no anim yii wɔn fii Misraim. (Exodus 3:9, 10, 12, 18) Mose so na Yehowa nam de mmara a na wɔfrɛ no Mmara apam anaasɛ Mose Mmara no mae. (Exodus 24:1-18) Ná Bible akyerɛwfo no nyinaa nso yɛ mmarima.

Sɛ́ Kristofo asafo no Ti no, Yesu de “nnipa mae sɛ akyɛde.” (Efesofo 1:22; 4:7-13) Bere a Paulo reka su a wɔhwehwɛ wɔ ahwɛfo ho no, na nea ɔreka no fa mmarima ho. (1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9) Enti mmarima na wɔyɛ ahwɛfo anaa asafo mu mpanyimfo ne asomfo wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu. (Filipifo 1:1, 2; 1 Timoteo 3:8-10, 12) Mmarima nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom sɛ ahwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu. (1 Petro 5:1-4) Nanso, sɛnea yɛahu no, Onyankopɔn ama mmea nso asɛyɛde a nidi wom.

Wɔn Ani Gye Wɔn Asɛyɛde Ho

Sɛ mmarima ne mmea di asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma a, ɛma wɔn ani gye. Sɛ okununom ne ɔyerenom suasua Kristo ne asafo no nhwɛso a, wonya anigye wɔ wɔn aware mu. Paulo kyerɛwee sɛ, “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ mae no . . . Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere te sɛ ne ho.” (Efesofo 5:25-33) Enti wɔhwɛ kwan sɛ okununom bedi wɔn tiyɛ ho dwuma wɔ ɔdɔ so, na ɛnyɛ atirimɔden so. Nnipa a wɔnyɛ pɛ na wɔwɔ Kristo asafo no mu. Nanso Yesu dɔ asafo no na ɔhwɛ so. Saa ara na ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni dɔ ne yere na ɔhwɛ no.

Ɛsɛ sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni ‘nya obu kɛse ma ne kunu.’ (Efesofo 5:33) Obetumi asuasua asafo no wɔ eyi yɛ mu. Efesofo 5:21-24 ka sɛ: “Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ Kristo suro mu. Momma ɔyerenom mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom te sɛ nea wɔreyɛ ama Awurade, efisɛ okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua yi agyenkwa. Nokwarem no, sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na momma ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom wɔ biribiara mu.” Ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a, ebetumi ayɛ den ama ɔyere sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu de, nanso “ɛfata Awurade mu.” (Kolosefo 3:18) Sɛ ɔkae sɛ ne ho ase a ɔbɛbrɛ ama ne kunu no sɔ Awurade Yesu Kristo ani a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no.

Sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni kunu nyɛ gyidini mpo a, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ ne tiyɛ ase. Ɔsomafo Petro ka sɛ: “Saa ara na mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a wɔnkasa, efisɛ wɔn ankasa bedi mo abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.” (1 Petro 3:1, 2) Sara a na obu ne kunu Abraham no nyaa hokwan woo Isak, na ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo nenabea. (Hebrifo 11:11, 12; 1 Petro 3:5, 6) Onyankopɔn behyira ɔyerenom a wɔbɔ wɔn bra sɛ Sara no.

Sɛ mmarima ne mmea di asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma a, ɛma wɔde asomdwoe ne biakoyɛ tra ase. Eyi ma wonya anigye ne akomatɔyam. Bio nso, Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a wodi so no ma wonya nidi a ɛfata hokwan a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu no.

[Adaka wɔ kratafa 7]

Sɛnea Wɔte Nka wɔ Asɛyɛde a Onyankopɔn De Ama Wɔn no Ho

Susan ka sɛ: “Me kunu de ɔdɔ ne ayamye na edi ne tiyɛ ho dwuma. Yɛtaa susuw nneɛma ho, na sɛ osi nea yɛbɛyɛ anaa nea yɛrenyɛ ho gyinae a, minim sɛ ɛyɛ yɛn yiyedi nti. Nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ama Kristofo ɔyerenom no ma m’ani gye ankasa na ɛma yɛn aware sɔ. Yɛdodɔ yɛn ho na yebom yɛ adwuma de du yɛn som mu botae ahorow ho.”

Ɔbea bi a wɔfrɛ no Mindy ka sɛ: “Asɛyɛde a Yehowa de ahyɛ n’asomfo a wɔyɛ mmea nsa no ma yenya awerɛhyem sɛ ɔdɔ yɛn. Mete nka sɛ me kunu a medi no ni, na mabu no, na maboa no wɔ asɛyɛde a ɔwɔ wɔ asafo no mu no ho yɛ ɔkwan a mefa so kyerɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ yi ho anisɔ.”

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Onyankopɔn maa Noa, Abraham, ne Mose dwumadi ahorow ma ɛne ɔbarima dibea a ɔwɔ sɛ abusua ti no hyiae

[Mfonini wɔ kratafa 7]

“Mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo sõ”