Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ade Titiriw a Wɔayɛ wɔ Afrika Kasa Bible Tintim Mu

Ade Titiriw a Wɔayɛ wɔ Afrika Kasa Bible Tintim Mu

Ade Titiriw a Wɔayɛ wɔ Afrika Kasa Bible Tintim Mu

BIBLE akenkanfo a wɔwɔ koma pa a wofi Europa ne Amerika Atifi fam fi bere tenten hui sɛ ehia sɛ Afrikafo tumi kenkan Onyankopɔn Asɛm wɔ wɔn kurom kasa mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔadu botae yi ho no, mmarima pii kɔɔ Afrika kosuaa Afrika kasa ahorow. Ebinom kyerɛw kasa ahorow no bi na wɔyɛɛ ho asekyerɛ nhoma. Ɛno akyi no, wofii ase kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Afrika kasa ahorow pii mu. Ná adwuma yi nna fam koraa. Nhoma bi a ɛfa Bible ho ka sɛ: “Ná ebetumi agye obi a ɔkyerɛ nsɛm ase kɔ kasa foforo mu no mfe pii ansa na wanya nsɛmfua a ɛfata a ɔde bɛkyerɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ atitiriw a asete nyɛ den no mpo ase.”—The Cambridge History of the Bible.

Wɔ afe 1857 mu no, nnipa a wɔka Tswana kasa na wodii kan nyaa Bible mũ no nyinaa a wɔakyerɛ ase. Tswana kasa yɛ Afrikafo kasa horow a bere bi na wɔnkyerɛw no mu biako. * Wotintim Bible no na wɔkyekyɛɛ mu afã ahorow, na wɔanyɛ no nhoma biako. Bere rekɔ so no, wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Afrika kasa afoforo mu. Onyankopɔn din Yehowa no puei wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm, anaa “Apam Dedaw,” ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm, anaa “Apam Foforo” a wodii kan kyerɛɛ ase wɔ Afrika kasa ahorow pii mu no mu. Nanso ankorankoro bi a na wommu Bible no Kyerɛwfo, Yehowa, no din sɛ ɛyɛ kronkron no yɛɛ nkyerɛase afoforo ne nsakrae ahorow bi. Nea wɔyɛe ne sɛ, wodii gyidihunu a na Yudafo kura mu no akyi, na wɔde abodin te sɛ Onyankopɔn ne Awurade sii Onyankopɔn din ananmu. Enti ɛho behiae sɛ Afrikafo a wɔdɔ Onyankopɔn no nya Bible nkyerɛase a wɔasan de Onyankopɔn din ahyem.

Efi 1980 mfe no reba no, Yehowa Adansefo Sodikuw no abɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛma wɔakyerɛ New World Translation of the Holy Scriptures no ase akɔ kasa atitiriw a wɔka wɔ Afrika no pii mu. Enti nnɛ, nnipa mpempem pii a wɔwɔ Afrika a wɔn ani gye Bible ho no tumi kenkan New World Translation no wɔ wɔn kurom kasa mu. Ɛde besi nnɛ no, wɔakyerɛ New World Translation no fã bi anaa ne nyinaa ase wɔ Afrika kasa 17 mu.

Wɔn a wɔkenkan Afrika kasa Bible yi ani agye sɛ wɔanya nkyerɛase a ɛde Onyankopɔn din kronkron, Yehowa no di dwuma. Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu sɔre gyinaa hɔ wɔ hyiadan a ɛwɔ Nasaret mu no, ɔkenkan Yesaia nhoma no fã bi a n’Agya din pue wɔ hɔ de daa adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no adi. (Yesaia 61:1, 2) Yesu kenkanee sɛnea wɔakyerɛ Luka Asɛmpa no ase wɔ New World Translation no mu no sɛ: “Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo, ɔsomaa me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifuraefo nhu ade, sɛ memma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho, na menka bere a ɛsɔ Yehowa ani nkyerɛ.”—Luka 4:18, 19.

Wɔ August 2005 mu no, wɔyɛɛ ade titiriw foforo wɔ Afrika kasa Bible tintim mu. Wɔ saa bosome no mu no, wotintim New World Translation no mfuamfua 76,000 wɔ Afrika kasa horow mu wɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ South Africa no. Ná Bible yi mu 30,000 wɔ Shona kasa mu. Woyii Bible yi adi wɔ Yehowa Adansefo “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ Zimbabwe no ase.

Wɔ saa August bosome no mu no, ahɔho a wɔkɔsraa Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ South Africa no ani gyei paa sɛ wohuu Bible foforo a wɔatintim wɔ Afrika kasa mu no. Nhlanhla a ɔka Betel abusua no ho a ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wotintim nhoma no kae sɛ: “M’ani gyei paa sɛ minyaa hokwan boae ma wotintim New World Translation no wɔ Shona ne Afrika kasa afoforo mu.” Nokwasɛm ne sɛ, asɛm a ɔkae yi ma yehu sɛnea wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ South Africa Betel no nyinaa te nka fa.

Seesei, nnipa a wɔwɔ Afrika no nsa betumi aka Bible foforo a ne bo nyɛ den ntɛm sen bere a na wotintim wɔ amannɔne ansa na wɔde amena no. Nea ehia paa no, ɛnnɛ Afrikafo wɔ Bible a wɔakyerɛ ase yiye a ɛde Bible no Kyerɛwfo kɛse, Yehowa Nyankopɔn din kronkron no di dwuma.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Ebeduu afe 1835 mu no, na wɔakyerɛ Bible no ase kɔ Madagascar kasa Malagasy mu. Na ebeduu afe 1840 no, na wɔakyerɛ ase kɔ Ethiopia kasa Amharic mu nso. Ná wɔakyerɛw kasa ahorow yi bere tenten ansa na wɔde rekyerɛ Bible no ase.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Onyankopɔn din a ɛwɔ Tswana Bible a wotintim no afe 1840 mu

[Asɛm Fibea]

Harold Strange Library of African Studies

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Ahɔho a wofi Swaziland rehwɛ Bible foforo a wɔretintim wɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ South Africa no