Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boa Afoforo Ma Wonni Nea Bible Kyerɛkyerɛ So

Boa Afoforo Ma Wonni Nea Bible Kyerɛkyerɛ So

Boa Afoforo Ma Wonni Nea Bible Kyerɛkyerɛ So

“Nea eguu asase pa mu no, eyi ne wɔn a sɛ wɔde koma pa tie asɛm no wie a, wɔkora so na wɔde boasetɔ sow aba.”—LUKA 8:15.

1, 2. (a) Dɛn nti na wɔyɛɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyira mmɔden a ne nkurɔfo abɔ sɛ wɔbɛyɛ asuafo no so nnansa yi?

“NHOMA no ye paa. Me Bible asuafo ani gye ho. Me nso m’ani gye ho. Nhoma yi tumi ma wo ne afoforo fi Bible adesua ase wɔ pon ano pɛɛ.” Eyi ne asɛm a Yehowa Dansefo bere nyinaa somfo anaa ɔkwampaefo bi ka faa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? * nhoma no ho. Onua bi a ne mfe akɔ anim nso kaa nhoma koro yi ara ho asɛm sɛ: “Wɔ mfe 50 a mede ayɛ asɛnka adwuma no mu no, manya hokwan aboa nnipa pii ma wɔabehu Yehowa. Nanso, ma menka, nhoma yi da nsow koraa. Mfatoho ne mfonini ahorow a ɛwom no yɛ anika.” So saa na wuhu Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no? Wɔayɛ nhoma a yɛde sua Bible yi sɛ ɛmmoa wo na woatumi adi Yesu ahyɛde yi so: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.

2 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa koma tɔ ne yam bere a ohu sɛ n’Adansefo bɛyɛ 6,600,000 fi wɔn pɛ mu di Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnyɛ asuafo no so no. (Mmebusɛm 27:11) Ɛda adi sɛ Yehowa rehyira wɔn mmɔdenbɔ so. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 2005 mu no, wɔkaa asɛmpa no wɔ nsase 235 so, na sɛ wɔkyem pɛpɛɛpɛ a, wɔyɛɛ Bible adesua bɛboro 6,061,500 ɔsram biara. Eyi maa nnipa pii ‘gyee Onyankopɔn asɛm a wɔtee no sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa, na mmom wɔannye no sɛ nnipa saɛm.’ (1 Tesalonikafo 2:13) Mfe abien a atwam no, asuafo foforo bɛboro 500,000 agye Yehowa gyinapɛn atom na wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn.

3. Nsɛmmisa a ɛfa sɛnea yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛyɛ adwuma ho bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 So wo ne obi ayɛ Bible adesua nnansa yi? Wɔ wiase nyinaa no, nnipa a “wɔde koma pa tie asɛm no” da so ara wɔ hɔ a sɛ wɔte Onyankopɔn asɛm no a, “wɔkora so na wɔde boasetɔ sow aba.” (Luka 8:11-15) Ma yensusuw sɛnea wubetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ayɛ asuafoyɛ adwuma no ho. Yebesusuw nsɛmmisa abiɛsa ho wɔ adesua yi mu: (1) Wobɛyɛ dɛn afi Bible adesua ase? (2) Akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ bɛn na etu mpɔn paa? (3) Wobɛyɛ dɛn aboa obi ma wabɛyɛ osuani na wasan abɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no kyerɛkyerɛfo?

Sɛnea Wubetumi Afi Bible Adesua Ase

4. Dɛn nti na ebia ebinom ani rennye ho sɛ wobesua Bible no, na wobɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔn ani abegye ho?

4 Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ huruw twa asubɔnten bi a, anhwɛ a worenyɛ. Nanso sɛ wɔde abo akɛse gugu nsu no mu a wubetumi atiatia so atwa a, ɛbɛhyɛ wo nkuran ma woabɔ mmɔden atwa. Saa ara na ebia obi a onni adagyew ani rennye ho sɛ obesua Bible no. Ebia ofiewura no besusuw sɛ ebegye bere ne mmɔdenbɔ pii ansa na wasua Bible no. Wobɛyɛ dɛn aboa no ma n’ani abegye ho? Sɛ wode Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no yɛ adesua a aba wom ntiantiaa ntoatoaso a, ebetumi ama onipa no asua Onyankopɔn Asɛm no daa. Sɛ wusiesie wo ho yiye a, bere biara a wobɛkɔ onipa no hɔ sankɔhwɛ no, ɛbɛboa no nkakrankakra ma ɔne Yehowa afa adamfo.

5. Dɛn nti na ehia sɛ wokenkan Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no?

5 Nanso ansa na wubetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no aboa obi no, ɛsɛ sɛ wuhu mu nsɛm yiye paa. Woakenkan nhoma no nyinaa awie? Bere a awarefo bi rekogye wɔn ahome wɔ baabi no, wɔde nhoma no kɔe, na wofii ase kenkanee bere a na wɔregye wɔn ahome wɔ mpoano no. Bere a ɔbea bi a ɔtɔn nneɛma wɔ hɔ baa wɔn nkyɛn no, ohuu nhoma no asɛmti, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Ɔbea no ka kyerɛɛ awarefo no sɛ, ɔbɔɔ saa asɛmmisa no ho mpae kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma no ho mmuae nkyɛe koraa. Awarefo no de nhoma no bi maa ɔbea no anigye so. So ‘woatɔ bere’ asan akenkan nhoma yi bere a woretwɛn obi, anaa woregye w’ahome wɔ adwuma mu anaa sukuu mu no? (Efesofo 5:15, 16) Sɛ woyɛ saa a, wubehu nhoma yi a yɛde sua Bible no mu nsɛm yiye na ebetumi ama woanya hokwan aka mu nsɛm akyerɛ afoforo nso.

6, 7. Wobɛyɛ dɛn atumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no afi Bible adesua ase?

6 Sɛ wode nhoma no rema wɔ asɛnka mu a, fa mfatoho, kyerɛw nsɛm, ne nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 4, 5, ne 6 no di dwuma yiye. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa asɛm yi de afi nkɔmmɔbɔ ase, “Sɛ wohwɛ ɔhaw pii a adesamma rehyia nnɛ no a, ɛhe na yebenya akwankyerɛ a yebetumi de yɛn ho ato so?” Bere a woatie ofiewura no mmuae awie no, kenkan 2 Timoteo 3:16, 17, na kyerɛkyerɛ mu sɛ Bible no ma yehu adesamma haw ano aduru ankasa. Afei twe ofiewura no adwene kɔ kratafa 4 ne 5 no so na bisa no sɛ: “Tebea a wɔaka ho asɛm wɔ nkratafa yi mu nea ɛwɔ he na ɛhaw wo paa?” Sɛ ofiewura no kyerɛ nea ɛhaw no a, ma onkura nhoma no bere a wokenkan kyerɛwsɛm a ɛka ho no wɔ wo Bible mu. Afei kenkan kratafa 6, na bisa ofiewura no sɛ, “Nsɛmmisa asia a ɛwɔ kratafa yi ase no mu nea ɛwɔ he na wopɛ sɛ wunya ho mmuae?” Sɛ ofiewura no kyerɛ nea ɔpɛ sɛ onya ho mmuae a, fa nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ne no abesusuw saa asɛmmisa no ho.

7 Asɛm a wobɛka de afi nkɔmmɔbɔ ase a yɛaka yi begye bɛyɛ simma anum. Nanso wubewie no, na woahu nea ɛhaw ofiewura no, akenkan kyerɛw nsɛm abien akyerɛkyerɛ mu, ayɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe. Ebetumi aba sɛ nkɔmmɔ tiawa a wo ne ofiewura no bɛbɔ no bɛhyɛ no nkuran na ɛbɛkyekye ne werɛ yiye, efisɛ ebia na ɔtee nsɛm a ɛte saa bi akyɛ. Eyi betumi ama obi a onni adagyew koraa ama wo kwan ma woasan akɔ ne nkyɛn ma wode bere kakra aboa no ma ɔde ne nan asi ‘ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu’ no so. (Mateo 7:14) Bere a ofiewura no anigye reyɛ kɛse no, ɛsɛ sɛ wode bere a mode yɛ adesua no bi ka ho. Sɛ woka kyerɛ ofiewura no ma motra ase de bere tenten kakra yɛ adesua no a, wubetumi ayɛ saa.

Akwan a Yɛfa so Kyerɛkyerɛ a Etu Mpɔn Paa

8, 9. (a) Wobɛyɛ dɛn aboa wo Bible suani ma watumi agyina akwanside ne sɔhwɛ ahorow a ebia obehyia no ano? (b) Ɛhefa na yebetumi anya nneɛma a ogya ntumi nhyew a yɛde bɛhyɛ osuani no gyidi den?

8 Sɛ obi fi ase de nea Bible kyerɛkyerɛ no yɛ adwuma a, obetumi ahyia ɔhaw a ebesiw ne nkɔso kwan. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde nyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn nso.” (2 Timoteo 3:12) Paulo de sɔhwɛ ahorow yi totoo ogya a ebetumi ahyew nneɛma a enni mũ a wɔde si dan nanso entumi nhyew nneɛma bi te sɛ sika, dwetɛ, ne aboɔden abo ho. (1 Korintofo 3:10-13; 1 Petro 1:6, 7) Sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛboa wo Bible suani ma wanya su ahorow a ebetumi ama wagyina sɔhwɛ ahorow a ebia obehyia ano no, ɛsɛ sɛ wode nneɛma a ogya ntumi nhyew boa no.

9 Odwontofo no de “[Yehowa, NW] nsɛm” toto “dwetɛ a wɔanan ananee a ɛsen fam a wɔayiyi mu mpɛn ason” ho. (Dwom 12:6) Nokwarem no, nneɛma a ɛsom bo a yebetumi de aboa afoforo ama wɔn gyidi ayɛ den wɔ Bible mu. (Dwom 19:7-11; Mmebusɛm 2:1-6) Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nso kyerɛ wo sɛnea wode Kyerɛwnsɛm no bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.

10. Wobɛyɛ dɛn atwe osuani no adwene asi Bible no so?

10 Sɛ moreyɛ adesua no a, twe osuani no adwene si kyerɛw nsɛm a ɛwɔ ti biara a moresusuw ho no mu so. Fa nsɛmmisa boa osuani no ma ɔnte kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛwom no ase na ɔmfa nyɛ adwuma. Hwɛ yiye na woansisi nneɛma ho gyinae amma no. Mmom no, suasua Yesu nhwɛso no. Bere a ɔbarima bi a onim Mmara no bisaa Yesu asɛm no, obuae sɛ: “Dɛn na wɔakyerɛw no Mmara no mu? Wokenkan no dɛn?” Ɔbarima no fii Kyerɛwnsɛm no mu maa no mmuae, na Yesu boaa no ma ohuu sɛnea ɔde nnyinasosɛm a ɛwom no bedi dwuma. Yesu nam mfatoho so boaa ɔbarima no ma ohuu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔde nea ɔrekyerɛkyerɛ no no yɛ adwuma. (Luka 10:25-37) Mfatoho a emu da hɔ a wubetumi de aboa osuani bi ma ɔde Bible nnyinasosɛm abɔ ne bra no pii wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu.

11. Nsɛm dodow ahe na ɛsɛ sɛ mususuw ho wɔ adesua biara mu?

11 Sɛnea Yesu bubuu nsɛm a emu yɛ den mu nketenkete no, saa ara na nsɛm a wɔde akyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu no nso asete nyɛ den. (Mateo 7:28, 29) Di Yesu nhwɛso akyi. Kyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye ma emu nna hɔ. Mfa adesua no ntu mmirika. Mmom no, ma nsɛm dodow a mubesusuw ho wɔ adesua biara mu no nnyina osuani no tebea ne ne mmɔdenbɔ so. Ná Yesu nim n’asuafo no ahoɔden ma enti wamfa nsɛm pii ampuapua wɔn saa bere no.—Yohane 16:12.

12. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde nkekaho no di dwuma?

12 Nkekaho a ɛkyerɛkyerɛ nsɛmti 14 mu wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu. Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo no, wo na ɛsɛ sɛ wugyina osuani no ahiade so hu sɛnea wode nkekaho yi mu nsɛm bɛboa no. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛyɛ den ma osuani bi sɛ ɔbɛte asɛm bi ase anaasɛ ɔwɔ nsɛm pɔtee bi ho nsɛmmisa esiane nea bere bi a atwam na ogye di nti a, ɛbɛyɛ papa sɛ wokyerɛ no nkekaho no fã a ɛkyerɛkyerɛ n’asɛm no mu no, na wugyaw ma no ma ɔno ara kenkan. Nanso ebia sɛnea osuani no tebea te nti, ebehia sɛ wo ne no susuw nkekaho no ho. Bible mu nsɛm a ɛho hia te sɛ “‘Ɔkra’ ne ‘Honhom’—Dɛn na Saa Nsɛmfua Yi Kyerɛ Ankasa?” ne “‘Babilon Kɛse’ no a Wubehu” wɔ nkekaho no mu. Wubetumi ne wo suani no asusuw nsɛmti yi ho. Esiane sɛ nsɛmmisa nka nsɛm a ɛwɔ nkekaho no mu ho nti, ɛho behia sɛ wuhu emu nsɛm yiye na woatumi abisa nsɛm a ɛtɔ asom.

13. Ɛbɛyɛ dɛn na mpaebɔ aboa osuani bi ma ne gyidi ayɛ den?

13 Dwom 127:1 ka sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.” Enti sɛ woresiesie wo ho akɔyɛ Bible adesua a, bɔ Yehowa mpae fa hwehwɛ mmoa. Ma mpae a wobɛbɔ afi adesua no ase ne nea wode bewie no nkyerɛ sɛ wo ne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Hyɛ osuani no nkuran ma ɔno nso mmɔ mpae nhwehwɛ nyansa ne ntease a ɔde bɛte Onyankopɔn Asɛm ase ne sɛnea obetumi de emu afotu ayɛ adwuma. (Yakobo 1:5) Sɛ osuani no yɛ saa a, ɛbɛhyɛ no den ma watumi agyina sɔhwɛ ano, na ne gyidi bɛkɔ so ayɛ den.

Boa Bible Asuafo Ma Wɔmmɛyɛ Akyerɛkyerɛfo

14. Nkɔso bɛn na ɛsɛ sɛ Bible asuafo nya?

14 Sɛ yɛn Bible asuafo bedi nea Yesu hyɛɛ n’asuafo no “nyinaa” so a, ehia sɛ wonya nkɔso ba bɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no akyerɛkyerɛfo. (Mateo 28:19, 20; Asomafo Nnwuma 1:6-8) Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa osuani bi ma wanya Onyankopɔn som mu nkɔso a ɛte saa?

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wohyɛ wo Bible suani nkuran ma ɔkɔ Kristofo nhyiam?

15 Da a edi kan a wo ne osuani no befi adesua ase no, to nsa frɛ no sɛ ɔne wo nkɔ asafo nhyiam. Ma onhu sɛ nhyiam no na ɛtete wo ma wutumi kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm. Gye bere kakra wɔ nnawɔtwe dodow bi mu fa kyerɛ no Bible nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe a wunya wɔ asafo nhyiam ne ɔmansin nhyiam ahorow ase no bere biara a wo ne no bɛyɛ Bible adesua awie no. Fa anigye ka sɛnea wunya nhyiam ahorow yi so mfaso no. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ osuani no fi ase kɔ nhyiam daa a, ɛda di sɛ ɔbɛba abɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛfo.

16, 17. Botae horow a Bible suani bi betumi de asi n’ani so na wadu ho no bi ne nea ɛwɔ he?

16 Boa Bible suani no ma ɔmfa botae a obetumi adu ho nsisi n’ani so. Sɛ nhwɛso no, hyɛ no nkuran ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ n’adamfo anaa ne busuani. Afei nso, hyɛ no nkuran sɛ ɔmfa nyɛ ne botae sɛ ɔbɛkenkan Bible no nyinaa. Sɛ woboa no ma ɔde yɛ ne su sɛ ɔbɛkenkan Bible daa a, ɛbɛboa no mfe pii wɔ n’asubɔ akyi. Bio nso, dɛn nti na wonhyɛ osuani no nkuran ma ɔmfa nyɛ ne botae sɛ anyɛ yiye koraa no, ɔbɛkae kyerɛwsɛm biako a ebua asɛntitiriw bi wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti biara mu? Ɔnam saayɛ so bɛba abɛyɛ “odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho, a okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 Timoteo 2:15.

17 Sɛ́ anka wobɛkyerɛ osuani no sɛ ɔnkyere kyerɛw nsɛm bi ngu ne tirim anaa ɔnka mu asɛm tiawa no, hyɛ no nkuran mmom ma ɔnkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wɔn a wobisa no ne gyidi ho asɛm no. Sɛ wugye bere kakra ne no bobɔ nsɛm so bere a woyɛ wo ho sɛ ne busuani anaa yɔnko dwumayɛni a obisa no ne gyidi ho asɛm a, ɛbɛboa no. Bere a osuani no de nea worekyerɛkyerɛ no no yɛ adwuma no, kyerɛ no sɛnea ɔde “odwo ne obu a emu dɔ” bebua asɛm.—1 Petro 3:15.

18. Sɛ Bible suani bi fata sɛ ɔbɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a, mmoa foforo bɛn na wubetumi de ama no?

18 Bere rekɔ so no, ebia osuani no bɛfata sɛ ɔkɔ asɛnka. Ma onhu sɛ ɛyɛ hokwan a wanya sɛ wɔbɛma wayɛ adwuma yi bi. (2 Korintofo 4:1, 7) Sɛ asafo mu mpanyimfo no nya ka sɛ osuani no fata sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a, boa no ma onsiesie asɛm tiawa a ɔbɛka wɔ asɛnka mu, na afei wo ne no mmom nkɔ asɛnka. Wo ne no ntaa nyɛ asɛnka adwuma no afã ahorow no nyinaa bi, na kyerɛ no sɛnea obesiesie ne ho akɔyɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn. Nhwɛso pa a w’ankasa wobɛyɛ no bɛboa no paa.—Luka 6:40.

“Wubegye Wo Ho ne Wɔn a Wotie Wo no Nkwa”

19, 20. Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so, na dɛn ntia?

19 Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ́ wobɛboa obi ma wabenya “nokware no ho nimdeɛ a edi mũ” no nyɛ adwuma a ɛda fam. (1 Timoteo 2:4) Nanso biribiara nni hɔ a wubetumi de atoto anigye a wubenya afi mmoa a wode bɛma obi ma wadi nea Bible kyerɛkyerɛ so no ho. (1 Tesalonikafo 2:19, 20) Nokwarem no, hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛyɛ “Nyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” wɔ nkyerɛkyerɛ adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no mu!—1 Korintofo 3:9.

20 Ɛrenkyɛ Yehowa nam Yesu Kristo ne abɔfo a wɔwɔ tumi no so bebu “wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no” atɛn. (2 Tesalonikafo 1:6-8) Nnipa nkwa da asiane mu. So wubetumi de ayɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wode Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no bɛyɛ ofie Bible adesua biako? Woanya hokwan sɛ “wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa” bere a woreyɛ adwuma yi no. (1 Timoteo 4:16) Ɛnnɛ ne bere a ehia sen biara sɛ yɛboa afoforo ma wodi nea Bible kyerɛkyerɛ no so.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 1 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn nti na wɔyɛɛ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no?

• Wobɛyɛ dɛn de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no afi Bible adesua ase?

• Akwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ bɛn na etu mpɔn paa?

• Wobɛyɛ dɛn aboa Bible suani bi ma wabɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛfo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wode nhoma yi redi dwuma yiye?

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Nkɔmmɔ tiawa a wo ne obi bɛbɔ no betumi ama n’ani abegye ho sɛ obenya Bible mu nimdeɛ

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Dɛn na wubetumi ayɛ de atwe osuani no adwene asi Bible no so?

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Boa Bible suani no ma onya nkɔso