Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Afoforo Nhu Nea Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa

Ma Afoforo Nhu Nea Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa

Ma Afoforo Nhu Nea Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa

“Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn.”—MATEO 28:19, 20.

1. Dɛn na yebetumi aka afa Bible no ho?

YEHOWA ASƐM, Kyerɛw Kronkron Bible no yɛ nhoma ahorow a akyɛ na wɔakyekyɛ wɔ wiase sen biara no mu biako. Anyɛ yiye koraa no, wɔakyerɛ Bible no fã bi ase akɔ kasa bɛboro 2,300 mu. Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa bɛboro ɔha mu nkyem 90 betumi anya bi wɔ wɔn ankasa kasa mu.

2, 3. (a) Dɛn nti na nnipa pii adwene nhyia wɔ Bible nkyerɛkyerɛ ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Nnipa ɔpepem pii kenkan Bible fã bi da biara. Ebinom akenkan Bible mũ no nyinaa mpɛn pii. Nyamesom akuw mpempem pii kyerɛ sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Bible so, nanso, wɔn adwene nhyia wɔ nea Bible kyerɛkyerɛ no ho. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne ɔsom biako mufo a wɔn adwene nhyia koraa wɔ nea Bible kyerɛkyerɛ ho no. Ebinom adwene yɛ wɔn nãã wɔ Bible no, nea ɔma wɔkyerɛwee, ne mfaso a ɛwɔ so no ho. Nnipa pii bu Bible sɛ nhoma kronkron bi kɛkɛ a wɔde ka ntam wɔ asɛnnibea de kyerɛ sɛ wɔbɛka asɛm bi mu nokware.

3 Nokwasɛm ne sɛ, Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ma adesamma a tumi wom. (Hebrifo 4:12) Enti, sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu nea Bible kyerɛkyerɛ. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛyɛ adwuma a Yesu de hyɛɛ n’akyidifo nsa no bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn.” (Mateo 28:19, 20) Wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu no, yehyia nnipa komapafo a wɔn adwene atu afra esiane basabasayɛ pii a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no nti. Wɔpɛ sɛ wohu yɛn Bɔfo no ho nokwasɛm, na wɔpɛ sɛ wohu nea Bible kyerɛkyerɛ fa asetra atirimpɔw ho. Ma yensusuw nsɛmmisa abiɛsa a ɛhaw nnipa pii no ho nhwɛ. Wɔ emu biara mu no, yɛbɛhyɛ nea nyamesom akannifo di mfomso ka fa ho no nsow, na afei yɛasusuw nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa fa ho no ho. Nsɛmmisa no ne: (1) So Onyankopɔn dwen yɛn ho? (2) Dɛn nti na yɛwɔ ha? (3) Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ?

So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho?

4, 5. Dɛn nti na nkurɔfo susuw sɛ Onyankopɔn nnwen yɛn ho?

4 Ma yenni kan nsusuw asɛmmisa, So Onyankopɔn dwen yɛn ho? no ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii susuw sɛ saa asɛmmisa no ho mmuae yɛ dabi. Dɛn nti na wosusuw saa? Ade biako ne sɛ, wohu sɛ akodi, nitan, ne amanehunu ahyɛ wiase mu ma. Enti, wɔka sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn dwen nnipa ho ankasa a, anka ɔrenhwɛ mma nneɛma bɔne a ɛtete saa nkɔ so.’

5 Ade foforo nti a nnipa susuw sɛ Onyankopɔn nnwen yɛn ho ne sɛ, nyamesom akannifo na ama wɔanya adwene a ɛte saa. Sɛ asiane bi si a, dɛn na asɔfo no taa ka? Bere a ɔbea bi hweree ne mma nkumaa baanu wɔ kar akwanhyia bi mu no, ne sɔfo ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ. Ná Onyankopɔn hia abɔfo foforo baanu.” Sɛ asɔfo keka nsɛm a ɛte saa a, na wɔrebɔ Onyankopɔn sobo sɛ ɔno na ɔma nneɛma bɔne ba. Nanso osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Efisɛ wontumi mfa nnebɔne nsɔ Nyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13 ) Ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔma nneɛma bɔne a ɛkɔ so no ba da. Nokwarem no, “Ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne.”—Hiob 34:10.

6. Hena na ɔma abɔnefosɛm ne amanehunu kɔ so wɔ wiase yi mu?

6 Ɛnde, dɛn nti na abɔnefosɛm ne amanehunu abu so saa? Ade biako ne sɛ, nnipa dodow no ara apo Onyankopɔn sɛ Sodifo, na wɔmpɛ sɛ wodi ne trenee mmara ne ne nnyinasosɛm so. Nnipa de wɔn ho akɔhyɛ Onyankopɔn Tamfo, Satan, ase a wonnim efisɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Saa asɛm yi boa yɛn ma yehu nea enti a nneɛma bɔne kɔ so. Satan yɛ ɔbɔnefo, ɔtamfo, ɔdaadaafo, ne otirimɔdenfo. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wiase no bɛyɛ n’ade te sɛ ne sodifo no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ abɔnefosɛm abu so saa!

7. Nneɛma a ɛma yehu amane no bi ne dɛn?

7 Ade foforo a ɛma yehu amane ne nnipa sintɔ. Nnipa abɔnefo pere hwehwɛ tumidi, na saa apereperedi no taa de akodi, nhyɛso, ne amanehunu ba. Ɔsɛnkafo 8:9 ka ma ɛfata sɛ: ‘Onipa adi onipa so tumi ama adan no bɔne.’ Ade foforo nso a ɛde amanehunu ba ne ‘asiane.’ (Ɔsɛnkafo 9:11) Nnipa taa hu amane esiane akwanhyia nti.

8, 9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa dwen yɛn ho ankasa?

8 Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔde amanehunu ba. Nanso, so Onyankopɔn dwen nea ɛrekɔ so wɔ yɛn asetra mu no ho ampa? Anigyesɛm ne sɛ, mmuae no yɛ yiw! Yenim sɛ Yehowa dwen yɛn ho efisɛ ɔnam n’Asɛm so akyerɛ yɛn nea enti a wama kwan ama nnipa afa kwammɔne so no. Nsɛm abien bi nti na Onyankopɔn ayɛ saa: ne tumidi ne nokware a nnipa bedi ama no. Esiane sɛ Yehowa yɛ ade nyinaa Bɔfo nti, ɛnyɛ nhyɛ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nea enti a wama amanehunu ho kwan no mu akyerɛ yɛn. Nanso, ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ yɛn, efisɛ odwen yɛn ho.

9 Susuw adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho no ho hwɛ. Bere a bɔne dɔɔso pii asase so wɔ Noa bere so no, “ɛyɛɛ no yaw ne komam.” (Genesis 6:5, 6) So Onyankopɔn nte nka saa ara nnɛ? Ɔte nka saa, efisɛ ɔnsakra. (Malaki 3:6) Okyi atɛnkyea, na n’ani nnye ho sɛ obehu sɛ nnipa rehu amane. Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn besiesie ɔhaw a nnipa nniso ne Ɔbonsam nkɛntɛnso de aba nyinaa nnansa yi ara. So eyi nyɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho?

10. Yehowa te nka dɛn wɔ nnipa amanehunu ho?

10 Sɛ nyamesom akannifo ka sɛ asiane a yehyia wɔ yɛn asetram no yɛ Onyankopɔn pɛ a, na ɛyɛ asɛm na wɔreka ato no so. Mmom no, nea Yehowa pɛ ne sɛ ɔbɛma nnipa amanehunu nyinaa aba awiei. Petro nhoma a edi kan 5:7 ka sɛ: “Ɔdwene mo ho.” Ɛno ne nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa!

Dɛn Nti na Yɛwɔ Ha?

11. Dɛn na nyamesom akuw a ɛwɔ wiase no taa ka fa nnipa asetra wɔ asase so ho?

11 Ma yensusuw asɛmmisa a ɛto so abien a nnipa pii nte ase a ɛne, Dɛn nti na yɛwɔ ha? no ho nhwɛ. Nyamesom akuw a ɛwɔ wiase no taa bua sɛ nnipa yɛ ahɔho wɔ asase so. Wobu asase sɛ ɛyɛ baabi a obi ba bɛsoɛ gye n’ahome kakra, na afei ɔtoa n’akwantu so kɔtra baabi foforo. Asɔfo binom kyerɛkyerɛ sɛ da bi bɛba a Onyankopɔn bɛsɛe asase yi. Esiane saa atoro nkyerɛkyerɛ yi nti, nnipa pii ayɛ wɔn adwene sɛ wobegye wɔn ani sɛnea wobetumi biara efisɛ owu da hɔ ma wɔn. Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ ankasa fa nea enti a yɛwɔ ha ho?

12-14. Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ne nnipa ho?

12 Onyankopɔn wɔ atirimpɔw a ɛyɛ anigye ma asase ne adesamma. “Wammɔ [asase] no hunu” na mmom “ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Bio nso, Yehowa de “asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.” (Dwom 104:5) Sɛ yehu atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ ma asase ne adesamma a, ebetumi aboa yɛn ma yɛate nea enti a yɛwɔ ha no ase.

13 Genesis ti 1 ne ti 2 no ma yehu sɛ Yehowa gyee bere siesiee asase no sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa betumi atra so. Bere a ɔbɔɔ yɛn asase yi wiei no, ohui sɛ ne nyinaa ‘ye.’ (Genesis 1:31) Onyankopɔn de ɔbarima ne ɔbea a wodi kan, Adam ne Hawa, traa Eden turo fɛfɛ a nnuan pa ayɛ mu ma mu. Ɔka kyerɛɛ nnipa baanu a wodi kan no sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” Ná wɔbɛwo mma a wɔyɛ pɛ, atrɛw wɔn fie a ɛyɛ turo no mu akɔ asase so nyinaa, na wɔadi mmoa no so wɔ ɔdɔ mu.—Genesis 1:26-28.

14 Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma nnipa a wɔyɛ pɛ atra asase so daa. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Nokwarem no, wɔbɔɔ nnipa sɛ wɔntra Paradise wɔ asase so daa. Ɛno ne Onyankopɔn atirimpɔw, na ɛno na Bible kyerɛkyerɛ ankasa!

Sɛ Yewu a, Ɛhe na Yɛkɔ?

15. Dɛn na wiase no mu nyamesom dodow no ara kyerɛkyerɛ fa baabi a sɛ yewu a yɛkɔ ho?

15 Afei ma yensusuw asɛmmisa a ɛto so abiɛsa a ɛhaw nnipa pii a ɛne sɛ: Sɛ yewu a ɛhe na yɛkɔ? no ho nhwɛ. Wiase no mu nyamesom dodow no ara kyerɛkyerɛ sɛ biribi hyɛ onipa mu a ɛkɔ so tra ase bere a nipadua no awu no. Nyamesom akuw bi da so ara kura adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn de abɔnefo gu hellgya mu daa de twe wɔn aso mu. So ɛyɛ nokware? Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ ankasa fa owu ho?

16, 17. Bible kyerɛ sɛ tebea bɛn na awufo wom?

16 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio.” Esiane sɛ awufo ‘nnim biribiara’ nti, wontumi nte asɛm, wonhu ade, wontumi nkasa, wonni atenka, na wonnwen. Wonnye akatua biara bio. Wɔbɛyɛ dɛn atumi agye akatua? Wontumi nyɛ adwuma biara! Bio nso, “wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ wonni nkate biara bio.—Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10.

17 Nea Bible ka fa asɛm yi ho no mu da hɔ fann, onipa wu a ɔnkɔtra baabiara. Biribiara nni hɔ a efi yɛn nipadua no mu a ɛkɔ so tra ase bere a yɛawu no. Wɔrentumi nsan nwo onipa a wawu no wɔ nipadua foforo mu, sɛnea wɔn a wogye di sɛ sɛ onipa wu a wɔsan wo no bio kyerɛ no. Yebetumi de mfatoho akyerɛkyerɛ mu wɔ saa kwan yi so: Yɛn nkwa te sɛ kyɛnerɛ gyaframa. Sɛ wodum ogyaframa no a, ɛnkɔ baabiara. Edum koraa.

18. Sɛ Bible suani bi hu sɛ awufo nnim biribiara a, ntease bɛn na ɛsɛ sɛ onya?

18 Wode susuw nea nokwasɛm biako a asete nyɛ den nanso tumi wom yi betumi de aba no ho hwɛ. Sɛ Bible suani bi behu sɛ awufo nnim biribiara a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw ma no koraa sɛ obetumi ate ase sɛ, ɛmfa ho abufuw biara a ne nananom a wɔawuwu nyae wɔ ne ho bere a na wɔte ase no, wontumi nhaw no bere a wɔawuwu no. Ɛsɛ sɛ ɔte ase ntɛm nso sɛ n’adɔfo a wɔawuwu no ntumi nte asɛm, nhu ade, nkasa, nte nka, anaasɛ wonnwen. Enti, ɛnyɛ nokware sɛ wɔn nkutoo bɛkɔ akɔda baabi a wɔfrɛ hɔ ahodwiragya mu anaasɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade wɔ ogya bi a ɛredɛw mu. Efisɛ Bible kyerɛkyerɛ sɛ, awufo a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no benya owusɔre. Anidaso nwonwaso bɛn ara ni!—Yohane 5:28, 29.

Nhoma Foforo a Yɛde Bedi Dwuma

19, 20. Sɛ́ Kristofo no, asɛyɛde bɛn na yɛwɔ, na nhoma bɛn na yɛde sua Bible a wɔahyɛ da ayɛ sɛ yɛmfa nyɛ asɛnka adwuma no?

19 Yɛasusuw nsɛmmisa a nnipa pii nte ase no mu abiɛsa pɛ ho. Emu biara mu no, nea Bible kyerɛkyerɛ no mu da hɔ na ɛyɛ tẽẽ. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛka nokwasɛm a ɛtete saa akyerɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wohu nea Bible kyerɛkyerɛ no! Nanso nsɛmmisa foforo pii wɔ hɔ a nnipa komapafo hia ho mmuae a ɛtɔ asom. Sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔanya nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae.

20 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ Bible mu nokwasɛm mu ma emu ada hɔ, na aka nkurɔfo koma nso. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛadi asɛnnennen yi ho dwuma no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ nhoma foforo bi a yɛde bɛyɛ asɛnka adwuma no. (Mateo 24:45-47) Wɔato nhoma a ekura nkratafa 224 yi din sɛ, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?

21, 22. Nneɛma atitiriw a ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mu bi ne dɛn?

21 Nneɛma atitiriw bi wɔ nhoma a woyii no adi wɔ “Osetie Ma Nyankopɔn” Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam ase wɔ afe 2005 ne 2006 mu no mu. Sɛ nhwɛso no, nhoma foforo yi nnianim nsɛm a ɛyɛ nkratafa anum no reboa nkurɔfo paa ma wɔafi ofie Bible adesua ahorow ase. Ɛda adi sɛ ɛrenyɛ den sɛ wo ne obi besusuw mfonini ne kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nnianim nsɛm no mu no ho. Wubetumi nso de nsɛm a ɛwɔ ɔfã ha yi akyerɛ asuafo sɛnea wobebue Bible ti ahorow ne ne nkyekyɛm.

22 Nhoma yi mu nsɛm asete nyɛ den na emu da hɔ. Wɔabɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛma osuani no nso aka bi na atumi aka ne koma. Nsɛmmisa bi wɔ ti biara mfiase, na adaka bi wɔ ti biara awiei a wɔato din sɛ, “Nea Bible Kyerɛkyerɛ.” Nsɛmmisa a ɛwɔ ti no mfiase no ho mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so wɔ saa adaka yi mu. Mfonini fɛfɛ ne mfatoho ahorow a ɛwɔ nhoma yi mu no bɛboa osuani no ma wate nsɛm foforo ase. Ɛwom sɛ nhoma yi mu nsɛm nyɛ den de, nanso sɛ osuani no pɛ nsɛm foforo aka ho a, wɔayɛ nkekaho a ɛbɛboa wo ma moasusuw nsɛm atitiriw 14 ho akɔ akyiri.

23. Nyansahyɛ bɛn na wɔde ama wɔ sɛnea yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bedi dwuma wɔ Bible adesuayɛ mu?

23 Wɔayɛ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma yi na aboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ nnipa a ɛsono wɔn nhomanim ne ɔsom a wɔwom. Sɛ osuani bi nni Bible no ho nimdeɛ biara a, ebia morentumi ntra ase pɛnkoro nsua ti biako nwie. Mfa adesua no ntu mmirika, mmom bɔ mmɔden sɛ wobɛma osuani no ate ase. Sɛ ɔnte mfatoho bi a ɛwɔ nhoma no mu ase a, kyerɛkyerɛ no mu anaa fa mfatoho foforo kyerɛkyerɛ mu. Siesie wo ho yiye, yɛ nea wubetumi biara sɛ wode nhoma no bedi dwuma yiye, na bɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa wo ma wuntumi ‘nkura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’—2 Timoteo 2:15.

Ma W’ani Nsɔ Hokwan a Ɛsom Bo a Wowɔ No

24, 25. Hokwan a ɛsom bo bɛn na Yehowa de ama ne nkurɔfo?

24 Yehowa ama ne nkurɔfo hokwan a ɛsom bo. Wama yɛahu ne ho nokwasɛm. Ɛnsɛ sɛ yɛtoto saa hokwan yi ase da! Nokwarem no, Nyankopɔn ama ahobrɛasefo ahu n’atirimpɔw, na ɔde ahintaw ahantanfo. Eyi nti, Yesu kae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asuma anyansafo ne animdefo na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.” (Mateo 11:25) Ɛyɛ nidi kɛse sɛ wɔbɛkan wo afra ahobrɛasefo a wɔsom Amansan Hene, Yehowa no.

25 Afei nso, Onyankopɔn ama yɛanya hokwan de reka ne ho asɛm akyerɛ afoforo. Kae sɛ wɔatoto Yehowa ano denam atosɛm a wɔka fa no ho so. Enti nnipa pii nni Yehowa ho adwene a ɛfata koraa, na wosusuw sɛ ɔyɛ obi a onnwen nnipa ho na ne tirim yɛ den. So wopɛ, na wo ho pere wo mpo sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nokwasɛm no mu akyerɛ afoforo? So wopɛ sɛ nnipa anokwafo a wɔwɔ mmaa nyinaa hu Nyankopɔn ho nokwasɛm? Sɛ ɛte saa a, ɛnde fa wo ho hyɛ asɛnka adwuma no mu na kyerɛkyerɛ afoforo ma wonhu nea Kyerɛwnsɛm no ka fa nsɛm a ɛho hia ho fa kyerɛ sɛ woyɛ osetie ma Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no hu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa.

Wubebua Dɛn?

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho?

• Dɛn nti na yɛwɔ asase so ha?

• Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ?

• Nneɛma bɛn na ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu a w’ani gye ho paa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm Fibea]

Atifi, nifa so, abeawa: © Bruno Morandi/age fotostock; benkum, ɔbea: AP Photo/Gemunu Amarasinghe; asehɔ, aguanfo: © Sven Torfinn/Panos Pictures

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Bible kyerɛkyerɛ sɛ amanehunu to betwa

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Atreneefo bɛtra ase daa wɔ Paradise