Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yɛbɛte asɛm a ɔsɛnkafo no kae sɛ mahu ‘ɔbarima biako wɔ apem mu’ nanso “ɔbea de, minhuu bi, eyinom nyinaa mu” no ase dɛn?—Ɔsɛnkafo 7:28.

Sɛ yɛbɛte Bible mu asɛm yi ase yiye a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu sɛnea Onyankopɔn bu mmea. Bible frɛ okunafo Naomi asew Rut sɛ “ɔbea pa.” (Rut 3:11) Mmebusɛm 31:10 ka ɔyere pa ho asɛm sɛ “ne bo yɛ den sen nhene pa koraa.” Ɛnde, dɛn na na tete Israel hene Salomo kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Mahu . . . ɔbarima a ɔteɛ biako wɔ apem mu, nanso ɔbea de, minhuu bi, eyinom nyinaa mu” no?—Moffatt.

Nsɛm a ɛfa ho no ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ na mmea a wɔwɔ Salomo bere so no bra asɛe. (Ɔsɛnkafo 7:26) Ɛbɛyɛ sɛ ananafo mmea a na wɔsom Baal no nkɛntɛnso titiriw na ɛma ɛbaa saa. Ɔhene Salomo mpo, ananafo mmea pii a ɔwaree wɔn no nyaa no so nkɛntɛnso. Bible ka sɛ, “Na ɔwɔ yerenom ahenemma ahanson ne yefam nso ahasa; na ne yerenom no kom ne koma” ma ɔkɔsom atoro anyame. (1 Ahene 11:1-4) Ná mmarima no nso bra asɛe, na na ɛyɛ den sɛ wobenya onipa trenee biako wɔ apem mu, ɛkame ayɛ sɛ na wonnya bi. Salomo de n’asɛm baa awiei sɛ, “Eyi nko na mihui sɛ: Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.” (Ɔsɛnkafo 7:29) Asɛm yi fa adesamma nyinaa ho, na ɛnyɛ sɛ na ɔde ɔbarima retoto ɔbea ho. Enti ɛsɛ sɛ yebu nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 7:28 no sɛ na ɛfa nnipa a na wɔwɔ Salomo bere so no abrabɔ ho.

Nanso, ebetumi aba sɛ nkyekyɛm yi kyerɛ biribi foforo. Ebetumi ayɛ nkɔmhyɛ nso, efisɛ ɔbea biara nyɛɛ osetie a edi mu koraa mma Yehowa da. Nanso ɔbarima bi ayɛ saa, ɔne Yesu Kristo.—Romafo 5:15-17.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

‘Ɔbarima biako wɔ apem mu’