Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Wo Ba Tew Atua a, Mpa Abaw

Sɛ Wo Ba Tew Atua a, Mpa Abaw

Sɛ Wo Ba Tew Atua a, Mpa Abaw

KRISTONI bea bi a yɛbɛfrɛ no Joy, bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtete ne babarima ma wadɔ Yehowa Nyankopɔn. Nanso bere a ne ba no reyɛ adi mfe 20 no, ɔtew atua na ofii fie. Joy ka sɛ, “Asɛm nyɛɛ me yaw saa da. Metee nka sɛ wadi me huammɔ, midii awerɛhow, na meyɛɛ basaa. M’adwene sɛee koraa.”

Ebia wo nso woabɔ mmɔden sɛ wobɛtete wo mma ma wɔadɔ Onyankopɔn na wɔasom no, nanso akyiri yi wɔn mu baako anaa nea ɛboro saa dan wɔn akyi kyerɛɛ Onyankopɔn. Wobɛyɛ dɛn atumi agyina awerɛhosɛm a ɛte saa ano? Dɛn na ɛbɛboa wo na woampa abaw wɔ Yehowa som mu?

Bere a Yehowa Mma Tew Atua

Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ wuhu ne sɛ Yehowa nim sɛnea wote nka nyinaa. Yɛkenkan wɔ Yesaia 49:15 sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho? Sɛ eyinom werɛ befi po a, me de, me werɛ remfi wo.” Nokwarem no, Yehowa te nka wɔ nneɛma ho te sɛ agyanom ne ɛnanom ara. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei bere a na abɔfo a ɔbɔɔ wɔn no nyinaa reyi no ayɛ na wɔresom no no. Bere a Yehowa ‘fi ahum mu’ buaa tete agya Hiob no, ɔkaa mmere pa a ɔne ne honhom abɔde a wɔyɛ biako no nyae ho asɛm sɛ: “Ɛhe na wowɔ, bere a mehyɛɛ asase ase no? . . . Bere a adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose no?”—Hiob 38:1, 4, 7.

Bere bi akyi no, nokware Nyankopɔn abɔfo a wɔyɛ pɛ no mu baako tew atua tiaa no na ɔbɛyɛɛ Satan, a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo.” Afei nso onipa a odi kan a Yehowa bɔɔ no Adam, ne ne yere a ɔyɛ pɛ, Hawa, nso tew atua. (Genesis 3:1-6; Adiyisɛm 12:9) Akyiri yi, abɔfo afoforo ‘gyaw wɔn ankasa trabea a ɛsɛ no,’ na wɔtew atua tiaa Onyankopɔn.—Yuda 6.

Kyerɛwnsɛm no nka sɛnea Yehowa tee nka bere a ne mma a wɔyɛ pɛ no binom tew atua no nkyerɛ yɛn. Nanso Bible ka no pefee sɛ: “[Yehowa, NW] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. Na [Yehowa, NW] nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam.” (Genesis 6:5, 6) Bere a Yehowa nkurɔfo a wɔapaw wɔn, Israel, tew atua no, ɛno nso maa ne ‘werɛ howee’ na ɛyɛɛ no yaw.—Dwom 78:40, 41.

Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa te nka ma awofo a wɔn mma atuatewfo ma wodi yaw no. Ɔde afotu ne nkuranhyɛsɛm a ɛbɛboa awofo a wɔte saa no ma wɔagyina wɔn tebea ano no ama wɔ n’Asɛm Bible mu. Onyankopɔn tu wɔn fo sɛ wɔntow wɔn dadwen ngu no so, wɔmmrɛ wɔn ho ase, na wɔne Satan Ɔbonsam nni asi. Ma yɛnhwɛ sɛnea afotu yi a wode bedi dwuma no betumi aboa wo ma woagyina pintinn bere a wo ba atew atua no.

Fa Wo Dadwen To Yehowa So

Yehowa nim sɛ sɛ awofo hu sɛ wɔn mma reyɛ ade a ebepira wɔn anaasɛ afoforo reyɛ wɔn ade a ɛde wɔn nkwa bɛto asiane mu a, ɛhaw wɔn paa. Ɔsomafo Petro ma yehu ɔkwan biako a yebetumi afa so agyina eyi ne ɔhaw afoforo ano. Ɔkyerɛwee sɛ: “Montow mo dadwen nyinaa ngu [Yehowa] so, efisɛ ɔdwene mo ho.” (1 Petro 5:7) Adɛn nti na awerɛhyem nsɛm yi fa awofo a wɔn ba atew atua no ho titiriw?

Bere a wo ba nnyinii no, womaa w’ani kuu no ho bɔɔ ne ho ban fii asiane ahorow ho, na ɛbɛyɛ sɛ otiee akwankyerɛ a wufi ɔdɔ mu de maa no no. Nanso bere a onyinii no, ebia womaa no nneɛma hokwan kakra, nanso ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛbɔ ne ho ban no so antew. Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛbɔ ne ho ban no yɛɛ kɛse mpo.

Ɛno nti, sɛ wo ba tew atua na ɔne Onyankopɔn ntam sɛe, ohu amane wɔ nkate fam, anaa honam fam a, anhwɛ a wubebu wo ho fɔ. Joy a yɛadi kan aka ne ho asɛm no tee nka saa ara. Ɔka sɛ: “Ná mete nka da biara sɛ manyɛ m’adwuma yiye, na mekɔɔ so kaakae nsɛm a atwam.” Wɔ mmere a ɛte saa mu titiriw no na Yehowa pɛ sɛ ‘wotow wo dadwen nyinaa gu no so.’ Sɛ woyɛ saa a, ɔbɛboa wo. Odwontofo no kae sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Joy nyaa awerɛkyekye a ɛte saa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Yehowa. Memaa ohuu sɛnea mete nka nyinaa, na ɛmaa me ho tɔɔ me paa.”

Sɛ́ ɔwofo a wonyɛ pɛ no, ebia bere a woretete wo ba no wudii mfomso. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si ɛno so? Ɛda adi sɛ Yehowa nyɛ saa, efisɛ odwontofo no too dwom sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW] hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Sɛ wotetee wo ba no yiye mpo a, ebetumi aba sɛ anka ɔbɛtew atua. Enti ka sɛnea wote nka kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu, na ɔbɛboa wo ma woagyina ano. Nanso sɛ w’ankasa betumi agyina pintinn asom Yehowa na Satan annya wo a, ɛnde na ɛsɛ sɛ woyere wo ho.

Brɛ Wo Ho Ase

Petro kyerɛwee sɛ: “Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Nyankopɔn nsa a tumi wom no ase na wɔama mo so bere a ɛsɛ mu.” (1 Petro 5:6) Dɛn nti na sɛ wo ba tew atua a, ehia sɛ wobrɛ wo ho ase? Afobu ne yaw nka a wobɛte wɔ wo ba a ɔyɛ otuatewfo ho akyi no, ebetumi ahyɛ wo aniwu nso kakra. Ebia ɛbɛhaw wo sɛ wo ba no nneyɛe asɛe din pa a w’abusua no wɔ no, titiriw sɛ wotuu no fii Kristofo asafo no mu a. Aniwu ne animguase betumi ama Kristofo nhyiam a wobɛkɔ no ayɛ wo den.

Sɛ wuhyia tebea a ɛte saa a, ehia sɛ woyɛ w’ade nyansam. Mmebusɛm 18:1 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.” W’awerɛhow nyinaa akyi no, sɛ wokɔ Kristofo nhyiam daa a, wubetumi anya nkuranhyɛ ne akwankyerɛ pa. Joy ka sɛ, “mfiase no na mempɛ sɛ mehu obiara. Nanso mekaee sɛ ɔsom a mede ma Onyankopɔn no ho hia. Afei nso, sɛ metraa fie a anka mɛdwennwen me haw no ho dodo. Nhyiam ahorow no boaa me ma mede m’adwene sii Onyankopɔn som so. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ mantew me ho amma mmoa a minya fii me nuanom adɔfo hɔ no ammɔ me.”—Hebrifo 10:24, 25.

Kae nso sɛ, obiara a ɔwɔ abusua no mu no “bɛsoa n’ankasa adesoa” sɛ Kristoni. (Galatifo 6:5) Yehowa hwɛ kwan sɛ awofo bɛdɔ wɔn mma na wɔateɛ wɔn so. Ɔhwɛ kwan nso sɛ mmofra betie wɔn awofo na wɔadi wɔn ni. Sɛ awofo yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔde “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ” bɛtete wɔn mma a, awofo no ankasa benya din pa wɔ Onyankopɔn anim. (Efesofo 6:1-4) Sɛ abofra tew atua tia nteɛso a awofo fi ɔdɔ mu de ma a, ɔno ara na obegye dimmɔne. Mmebusɛm 20:11 ka sɛ: “Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ateɛ.” Akyinnye biara nni ho sɛ Satan atuatew no ansɛe din pa a Yehowa wɔ wɔ wɔn a wonim atuatew no ho asɛm no anim.

Wo ne Ɔbonsam Nni Asi

Petro bɔ kɔkɔ sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn. Mo tamfo Bonsam nenam te sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” (1 Petro 5:8) Ɔbonsam yɛ n’ade te sɛ gyata, na ɔtaa de n’ani si mmofra ne wɔn a wonni suahu pii so. Tete no, na agyata a wɔnenam Israel no tumi kyere nyɛmmoa. Sɛ oguammaa bi tew ne ho fi nguankuw no ho a, gyata bɛkyere no ntɛm ara. Oguammere betumi de ne nkwa ato asiane mu abɔ ne ba no ho ban. Nanso oguan a wanyin mpo rentumi nnyina gyata anim. Enti, ná ehia sɛ nguanhwɛfo a wɔwɔ akokoduru bɔ nguankuw no ho ban.—1 Samuel 17:34, 35.

Nea ɛbɛyɛ a Yehowa bɛbɔ ne nguan ho ban afi “gyata a ɔbobom” ho no, wayɛ nhyehyɛe wɔ ne som mu sɛ ahwɛfo nhwɛ nguankuw no so wɔ “oguanhwɛfo panyin,” Yesu Kristo ase. (1 Petro 5:4) Petro de afotu a edi so yi ma mmarima a wɔte saa a wɔapaw wɔn no: “Monhwɛ Nyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom mumfi mo pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so.” (1 Petro 5:1, 2) Sɛ́ awofo no, sɛ moboa nguanhwɛfo yi a, wobetumi aboa abofra bi ma wasiesie ɔne Onyankopɔn ntam.

Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo de afotu ma wo ba a watew atua a, anhwɛ a worempɛ sɛ wɔde nteɛso no bɛma no. Nanso ɛbɛyɛ mfomso kɛse sɛ wobɛyɛ saa. Petro ka sɛ: ‘Wo ne Ɔbonsam nni asi,’ na ɛnyɛ Kristofo ahwɛfo no.—1 Petro 5:9.

Bere a Wɔde Nteɛso a Emu Yɛ Den Ma

Sɛ wo ba no yɛ Kristoni a wabɔ asu na sɛ wannu ne ho a, ebia wɔbɛma no nteɛso a emu yɛ den paa—wobetu no afi asafo no mu. Afei baabi a wo ne no bɛbɔ akodu no begyina ne mfe ne tebea afoforo so.

Sɛ abofra no nnyinii na sɛ ɔne wo na ɛte a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛkɔ so ahwɛ no. Obehia ntetee pa ne nteɛso nso, na ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wode ma no. (Mmebusɛm 1:8-18; 6:20-22; 29:17) Ebia wo ne no bɛyɛ Bible adesua, na wo ne no asusuw nsɛm ho. Wubetumi atwe n’adwene asi kyerɛw nsɛm ne nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ so. (Mateo 24:45) Wubetumi nso ne abofra no akɔ Kristofo nhyiam na wo ne no atra faako. Nea enti a woyɛ eyi nyinaa ne sɛ ebia obetie Kyerɛwnsɛm mu afotu no.

Nanso ɛsono sɛnea wo ne wo ba a wanyin a wɔatu no afi asafo no mu a ɔne wo nte no bedi nsɛm. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto no fo sɛ: “Mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo anaa ɔpoobɔfo mmmɔ, na mo ne saa nipa no nnnidi mpo.” (1 Korintofo 5:11) Ɛwom sɛ ebia wo ne nea wɔatu no no bedi nkitaho bi bere a moreyɛ biribi a ɛfa abusua no ho de, nanso sɛ́ ɔwofo a woyɛ Kristoni no, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na wo ne no ammɔ sɛnea ɛnsɛ.

Sɛ Kristofo ahwɛfo de nteɛso ma abofra a wadi mfomso a, ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wobɛpo anaa wobɛkasa atia nteɛso a egyina Bible so a wɔde ama no no. Sɛ wugyina wo ba otuatewfo no akyi a, ɛremmɔ ne ho ban biara mfi Ɔbonsam ho. Nokwarem no, sɛ woyɛ saa a, na woresɛe wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Nanso sɛ wugyina ahwɛfo no akyi a, ɛbɛma ‘woagyina pintinn wɔ gyidi’ no mu, na woatumi aboa wo ba no yiye.—1 Petro 5:9.

Yehowa Bɛboa Wo

Sɛ ɛba sɛ wo ba tew atua a, kae sɛ ɛnyɛ wo nko na eyi ato wo. Biribi a ɛte saa ato Kristofo afoforo a wɔyɛ awofo nso. Ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a yehyia no, Yehowa betumi aboa yɛn.—Dwom 68:19.

Fa wo ho to Yehowa so wɔ mpaebɔ mu. Wo ne Kristofo asafo no mmɔ bere nyinaa. Wo ne ahwɛfo a wɔapaw wɔn no nyɛ biako bere a wɔde nteɛso ma no. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi agyina pintinn. Nhwɛso pa a wobɛyɛ no betumi aboa wo ba no ma watie Yehowa asɛm asan aba ne nkyɛn.—Malaki 3:6, 7.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ma mpaebɔ ne Kristofo asafo no nhyɛ wo den