Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Samuel Maa Nokware Som Nyaa Nkɔso

Samuel Maa Nokware Som Nyaa Nkɔso

Samuel Maa Nokware Som Nyaa Nkɔso

ODIYIFO bi kaa mfɛfo gyidifo bi a wɔkae sɛ wɔpɛ onipa ma wadi wɔn so hene anim, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wontie Onyankopɔn. Nea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn diyifo no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔprannaa mpae na osu ntɔ na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne mma wɔn. Ná osu ntaa ntɔ wɔ Israel wɔ saa bere a na wotwa awi yi mu. Nanso Onyankopɔn maa ɔprannaa ne osu bae. Eyi nti, nkurɔfo no suroo Yehowa ne ne diyifo, Samuel yiye.—1 Samuel 12:11-19.

Ná odiyifo Samuel yɛ ɔkyerɛwfo nso. Ne nsɛm a ɔkyerɛwee no fa nsɛm a esisii wɔ Israel bɛyɛ mfe 330 mu ho. Ebi nso fa Israel Atemmufo no nnwuma akɛse a wɔyɛe ho. Sɛ nhwɛso no, nkurɔfo de Samson, ɔhoɔdenfo a ɔsen biara a watra ase pɛn no ho nsɛm ayɛ anwensɛm ne sini ne agodi afoforo nso. (Atemmufo, ti 13–16) Samuel kyerɛw Rut ne Rut asebea, Naomi, a na wɔn baanu nyinaa yɛ akunafo ne ahiafo no nso ho asɛm. Saa asɛm yi a n’awiei yɛ anigye no nso yɛ anika saa ara.—Rut, ti 1–4.

Dɛn na yebetumi asua afi nsɛm a Samuel kyerɛwee ne n’asetra mu? Ɔkwan bɛn so na ɔmaa nokware som nyaa nkɔso?

Ne Mmofraase

Ná Samuel papa, Elkana, yɛ Yehowa somfo ne okunu pa. Ná Elkana yere Hana nso yɛ ɔbea a ɔyɛ den wɔ Onyankopɔn som mu. Hana a na ɔyɛ obonin no kɔɔ Yehowa fie wɔ Silo fii ne komam bɔɔ mpae, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Asafo [Yehowa, NW] sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnde mede no mɛma [Yehowa, NW] ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti.” (1 Samuel 1:1-11) Eyi kyerɛ sɛ na ɔde abofra no bɛma Yehowa ma wasom no.

Hana bɔɔ Yehowa mpae wɔ ne tirim. Bible no ka sɛ: “N’ano nko na ɔbesebese.” Ɔsɔfopanyin Eli dii mfomso susuwii sɛ na wabow nsa ma enti ɔkaa n’anim. Nanso Hana fi obu mu kyerɛkyerɛɛ ne tebea no mu, na Eli kae sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn bɛma wo w’ade a wosrɛɛ no hɔ no.” Yehowa yɛɛ saa, efisɛ Bible no toa so ka sɛ: “Na afe redu no, na Hana anyinsɛn awo babarima, na ɔtoo no din Samuel [ase ne: Onyankopɔn ate], na ɔkae sɛ: [Yehowa, NW] hɔ na mesrɛɛ no.”—1 Samuel 1:12-20.

Wɔtetee Samuel wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Bere a Hana twaa Samuel nufu ara pɛ, ɔde no kɔɔ Onyankopɔn fie wɔ Silo de no kɔmaa Ɔsɔfopanyin Eli. Abarimaa no traa Eli nkyɛn ‘som Yehowa.’ Nsɛm a ɛka koma a Hana ka de daa Yehowa ase a akyiri yi Samuel ankasa kyerɛwee no ma yehu sɛnea Hana ani gye fae.—1 Samuel 2:1-11.

Sɛ woyɛ ɔwofo a, so worehyɛ wo mma nkuran ma wɔde Yehowa som ayɛ wɔn adwuma daakye? Nokware som a obi de ne ho bɛhyɛ mu no yɛ ɔkwan pa a ɛsen biara a obetumi afa so de n’ahoɔden asom Yehowa.

Samuel tumi traa asɔrefie hɔ som Onyankopɔn yiye. Samuel ‘nyinii Yehowa anim, na na oye Yehowa ne nnipa anim.’ Ɔdaa suban pa adi maa afoforo ani gyee ne ho.—1 Samuel 2:21, 26.

Nanso na Eli mmahuhufo Hofni ne Pinehas a ‘wonnim Yehowa’ no nte saa. Wɔde wɔn ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu na wɔfaa afɔrebɔde a nkurɔfo de baa asɔrefie hɔ no mu nea ɛyɛ akɔnnɔ paa. Ná Onyankopɔn adi kan asoma odiyifo bi sɛ ɔnkɔka asotwe a ɛbɛba Eli so nkyerɛ no. Ɔka kaa ho sɛ ne mma baanu no nso bewuwu. (1 Samuel 2:12, 15-17, 22-25, 27, 30-34) Ná Yehowa bɛsan ama Samuel akɔka atemmusɛm foforo.

Samuel Som sɛ Odiyifo

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Maka makyerɛ [Eli] sɛ merebu ne fi atɛn akosi daa, amumɔyɛ no nti, efisɛ onim sɛ ne mma retwetwe mmusu, na wanka wɔn anim.” Ná ɛnyɛ asɛm a ne ka yɛ mmerɛw, nanso Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ mma ɔmfa biribiara nsie no. Enti Samuel kaa nea Yehowa kae nyinaa kyerɛɛ no. Ná egye akokoduru!—1 Samuel 3:10-18.

Bere a Samuel nyinii no, Israelfo nyinaa behui sɛ ɔyɛ Onyankopɔn diyifo. (1 Samuel 3:19, 20) Atemmusɛm a Samuel kaa ho asɛm no fii ase bere a Israelfo dii nkogu koraa wɔ Filistifo nsam no. Hofni ne Pinehas wui wɔ ɔko no mu, na Filistifo no faa Yehowa apam adaka no. Bere a Eli tee sɛ ne mma no awu, na wɔafa Apam Adaka no kɔ no, ofii n’agua so tew faa n’akyi hwee fam, na ne kɔn mu bui ma owui.—1 Samuel 4:1-18.

Mfe 20 akyi no, Samuel ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonnyae atoro som. Wotiei, na wɔtow wɔn ahoni gui, yɛɛ akɔnkyen, na wɔkaa wɔn bɔne. Samuel bɔɔ mpae maa wɔn, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre nso maa wɔn. Dɛn na efi mu bae? Bere a Filistifo bɛtow hyɛɛ Israel so no, Onyankopɔn maa Filistifo no adwene tu frae ma Israel tow hyɛɛ wɔn so sɛee wɔn pasaa. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, nneɛma kɔɔ yiye maa Israelfo, na wɔn nsa san kaa nsase a Filistifo gye fii wɔn nsam no.—1 Samuel 7:3-14.

Akyinnye biara nni ho sɛ Samuel maa nokware som nyaa nkɔso. Sɛ nhwɛso no, ɔhwɛ ma wɔde akodi mu asade no bi siesiee ahyiae ntamadan no. Ɔboa ma wɔyɛɛ Twam afahyɛ ho nhyehyɛe na wosisii Lewifo aponanohwɛfo. (1 Beresosɛm 9:22; 26:27, 28; 2 Beresosɛm 35:18) Afe biara na Samuel fi ne fie a ɛwɔ Rama tu kwan kɔ nkurow afoforo mu kobu atɛn. Onyaa din pa sɛ obi a ɔka nokware na ɔnhwɛ nnipa anim. Esiane sɛ na nkurɔfo bu Samuel nti, otumi boaa wɔn ma wɔsom Onyankopɔn yiye. (1 Samuel 7:15-17; 9:6-14; 12:2-5) Akyinnye biara nni ho sɛ ne nokwaredi ne ne nyamesuro kaa nnipa pii ma wosuasuaa no. So sɛnea Samuel bɔɔ ne bra no ka wo saa?

Israel Hwehwɛɛ Ɔhene

Samuel bɔɔ akwakoraa no, ɔmaa ne mmabarima, Yoel ne Abia yɛɛ atemmufo. ‘Wɔamfa n’akwan so, na wɔmãn kodii mfaso akyi, na wogyigyee adanmude, na wobubuu ntɛnkyew.’ Wɔn nneyɛe maa Israelfo mpanyimfo pɛe sɛ wonya ɔhene. (1 Samuel 8:1-5) Ná eyi nteɛ wɔ Samuel ani so. Nanso bere a ɔbɔɔ ho mpae no, Yehowa kae sɛ: “Ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene.” (1 Samuel 8:6, 7) Onyankopɔn ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnyɛ nkurɔfo no apɛde mma wɔn, na ɔmmɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɔhene a wɔrehwehwɛ no bɛma wɔahwere hokwan ahorow bi. Bere a nkurɔfo no hyɛɛ Samuel no, Yehowa ma ɔpaw Saul sɛ onni wɔn so hene.—1 Samuel 8:6-22; 9:15-17; 10:1.

Ɛmfa ho sɛ na Samuel ani nnye saa nhyehyɛe no ho no, ɔpenee so. Bere a Israelfo dii Amonfo so nkonim akyi no, ɔmaa Israelfo no hyiae wɔ Gilgal, na osii Saul hene. (1 Samuel 10:17-24; 11:11-15) Samuel kaa Israel abakɔsɛm ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na otuu ɔhene no ne ɔmanfo no fo sɛ wontie Yehowa. Onyankopɔn nam ɔprannaa a ɛboboom ne osu a ɛtɔe wɔ awitwa bere mu sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no so tiee Samuel mpaebɔ no. Osu a ɛtɔe ne ɔprannaa no maa nkurɔfo no gyee wɔn mfomso toom sɛ wɔapa Yehowa. Bere a wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔmmɔ mpae mma wɔn no, obuae sɛ: “Ɛmpare me sɛ megyae mo ho mpaebɔ de ayɛ [Yehowa, NW] bɔne; na mɛkyerɛ mo ɔkwan pa a ɛteɛ no.” Yehowa ne ne nkurɔfo ho dɔ ho nhwɛso bɛn ara ni! (1 Samuel 12:6-24) So wo nso, wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛboa teokrase nhyehyɛe na woabɔ mpae ama wo mfɛfo gyidifo?

Israel Ahemfo Baanu a Wodi Kan

Ná Saul yɛ ɔbarima a ɔbrɛ ne ho ase a ɔwɔ Onyankopɔn anim dom. (1 Samuel 9:21; 11:6) Nanso bere bi akyi no, wantie Onyankopɔn akwankyerɛ. Sɛ nhwɛso no, Samuel kaa Saul anim sɛ ɔperee ne ho bɔɔ afɔre na wantwɛn, sɛnea na wɔahyɛ no no. (1 Samuel 13:10-14) Bere a Saul yɛɛ asoɔden na wankum Amalekfo hene Agag no, Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Osuane na [Yehowa, NW] asuane Israel ahenni afi wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a oye sen wo.” Samuel ankasa kum Agag na ogyam Saul.—1 Samuel 15:1-35.

Awiei koraa no, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onni Israel so hene.” Yehowa kaa saa no, ɔsomaa Samuel kɔɔ Betlehem sɛ ɔnkɔsra Yisai babarima bi sɛ ɔhene. Samuel hwɛɛ Yisai mmabarima no mmaako mmaako kosii sɛ Yehowa paw Dawid a osua koraa no sɛ wɔnsraa no sɛ ɔhene. Saa da no, Samuel suaa biribi titiriw bi: “[Onyankopɔn nhwɛ] nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.”—1 Samuel 16:1-13.

Esiane sɛ asoɔden a Saul yɛe no yɛɛ Samuel yaw nti, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ne werɛ howee bere a Saul nyaa Dawid ho tan sɛ obekum no no! Sɔhwɛ a ɛte saa nyinaa akyi no, Samuel kɔɔ so yɛɛ nea obetumi biara wɔ Yehowa som mu wɔ ne nkwakoraabere mu.—1 Samuel 19:18-20.

Samuel Nhwɛso a Ɔyɛ Maa Yɛn

Bere a Samuel wui no, Israelfo gyam odiyifo ɔhobrɛasefo ne ɔkokodurufo yi a ne nhwɛso nyaa afoforo so nkɛntɛnso no. (1 Samuel 25:1) Ná Samuel nyɛ pɛ, ɛtɔ mmere bi a na odi mfomso wɔ atemmu mu. Ne sintɔ nyinaa akyi no, Samuel de ɔsom kronn maa Yehowa, na obirii ne mogya ani boaa afoforo ma wɔn nso yɛɛ saa ara.

Ɛnnɛ, nneɛma nte sɛ Samuel bere so de koraa, nanso yebetumi asua biribi pa afi n’abrabɔ mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, Samuel som Yehowa nokware mu na ɔmaa nokware som nyaa nkɔso. So saa na woreyɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

SUSUW SAMUEL ABRABƆ HO

• Tete wo mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” sɛnea Samuel awofo de Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛɛ no no.—Efesofo 6:4.

• Hyɛ wo mma nkuran ma wɔmfa Yehowa som nyɛ wɔn adwuma sɛnea Samuel yɛe no.

• Suban pa a Samuel daa no adi no maa afoforo ani gyee no ho ma enti wayɛ nhwɛso pa ama yɛn.

• Samuel yɛɛ nea obetumi biara maa nokware som nyaa nkɔso, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Samuel maa nokware som nyaa nkɔso na ofi ne pɛ mu boaa afoforo ma wɔsom Onyankopɔn