Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesaia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

Yesaia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Yesaia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

YESAIA de nokwaredi reyɛ n’adwuma sɛ odiyifo. Atemmusɛm a ɔka tiaa Israel musuakuw du ahemman no abam dedaw. Seesei de ɔrebɛka asɛm foforo a ɛbɛba Yerusalem so daakye.

Ná wɔbɛsɛe Yerusalem, na wɔde emufo akɔ nkoasom mu. Nanso na ɛrenyɛ amamfõ daa. Bere bi akyi no, na wɔbɛsan de nokware som asi hɔ. Eyi ne nsɛntitiriw a ɛda adi wɔ Yesaia 36:1–66:24 mu. * Sɛ yesusuw nsɛm a wɔaka wɔ ti ahorow yi mu ho a, yebenya so mfaso efisɛ nkɔmhyɛ a ɛwom no pii renya ne mmamu kɛse nnɛ anaa ɛrenkyɛ na aba mu. Mesia no ho nkɔmhyɛ nso wɔ Yesaia nhoma no fã yi mu.

“HWƐ, NNA BI REBA”

(Yesaia 36:1–39:8)

Wɔ Ɔhene Hesekia ahenni afe a ɛto so 14 mu no (732 A.Y.B.), Asiriafo bɛtow hyɛɛ Yuda so. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ Yerusalem ho ban. Bere a Yehowa maa ne bɔfo baako kum Asiriafo asraafo 185,000 no, wogyaee wɔn ahunahuna no.

Yare bɔɔ Hesekia. Yehowa tiee ne mpaebɔ na ɔsaa no yare, na ɔde mfe 15 kaa ne nkwa nna ho. Bere a Babilon hene somaa n’ananmusifo ma wobekyiaa Hesekia no, odii mfomso de n’akorade nyinaa kyerɛɛ wɔn. Yesaia kaa Yehowa asɛm kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa nea ɛwɔ wo fi nyinaa ne nea w’agyanom akora de abedu nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka.” (Yesaia 39:5, 6) Bɛyɛ mfe 100 ne kakra akyi no, nkɔmhyɛ no baa mu.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

38:8—Wɔmaa owia dɔn so sunsuma no san n’akyi wɔ dɛn so? Esiane sɛ na wɔde owia dɔn di dwuma wɔ Misraim ne Babilon nyinaa wɔ afeha a ɛtɔ so awotwe A.Y.B. mu nti, ebetumi aba sɛ na owia dɔn a wɔreka ho asɛm wɔ ha yi yɛ Hesekia papa Ahas dea. Anaasɛ esiane sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “owia dɔn” no kyerɛ atrapoe nti, ebetumi aba sɛ na ɛyɛ atrapoe a ɛwɔ ahemfie hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ, sɛ odum a na esi atrapoe no ho no sunsuma tɔ atrapoe no so a, na wotumi de hu dɔn a abɔ.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

36:2, 3, 22. Ɛwom sɛ wɔamma Sebna ankɔ so ansom sɛ ofiepanyin de, nanso wɔmaa no kwan ma ɔkɔɔ so som nea obesii ɔno Sebna ananmu no sɛ ne kyerɛwfo wɔ ahemfie hɔ. (Yesaia 22:15, 19) Sɛ biribi nti, wogye hokwan bi a yɛwɔ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu fi yɛn nsam a, so ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so de hokwan biara a Onyankopɔn de bɛma yɛn no som no?

37:1, 14, 15; 38:1, 2. Sɛ yɛkɔ ahohia mu a, nyansa wom sɛ yɛbɛkɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu na yɛde yɛn ho to no so koraa.

37:15-20; 38:2, 3. Bere a Asiriafo no behunahunaa Yerusalemfo no, ade a na ehia Hesekia paa ne sɛnea sɛ wɔsɛe kurow no a, na ebegu Yehowa din ho fĩ no. Bere a Hesekia tee sɛ ne yare no bekum no no, wannwen ne yare no ho. Mmom, nea na ɛhaw no paa ne sɛ obewu a onnya obi a ofi Dawid fie a obedi n’ade. Ná odwen nea na obedi ne manfo anim ne Asiriafo akɔko no nso ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma Yehowa din a ɛho bɛtew ne n’atirimpɔw a ɛbɛba mu no ho hia yɛn kɛse sen yɛn ankasa nkwagye te sɛ Hesekia.

38:9-20. Hesekia dwom yi kyerɛ yɛn sɛ Yehowa a yebeyi no ayɛ no ho hia sen biribiara wɔ asetram.

‘WƆBƐSAN AKYEKYE YERUSALEM’

(Yesaia 40:1–59:21)

Bere a Yesaia kaa Yerusalem sɛe ne nkoasom mu a wɔbɛkɔ wɔ Babilon ho asɛm wiei ara pɛ na ɔkaa wɔn sanba ho asɛm. (Yesaia 40:1, 2) Yesaia 44:28 ka sɛ: “Waka Yerusalem ho sɛ: Wɔnkyekye!” Ná wɔbɛsoa Babilon anyame no ahoni akɔ te sɛ “nnosoa.” (Yesaia 46:1) Ná wɔbɛsɛe Babilon. Mfe 200 akyi no, nsɛm yi nyinaa baa mu.

Ná Yehowa bɛma ne somfo ayɛ “amanaman hann.” (Yesaia 49:6) Ná Babilon sodifo a wogyina hɔ ma “ɔsoro” no “bɛyera sɛ owusiw” na nnipa a wodi wɔn so no “awuwu sɛ nwansena”; nanso ‘Sion babea a wɔafa no dommum bɛsansãn ne kɔn mu nkyehama.’ (Yesaia 51:6; 52:2) Yehowa ka kyerɛɛ wɔn a wɔbaa ne nkyɛn na wotiee n’asɛm no sɛ: “Me ne mo bɛpam daa apam: Dawid adɔeyɛde a esi hɔ pintinn no.” (Yesaia 55:3) Sɛ yɛde Onyankopɔn trenee gyinapɛn bɔ yɛn bra a, ‘yɛn ani begye Yehowa ho.’ (Yesaia 58:14) Nanso nkurɔfo no amumɔyɛ maa wɔne ‘Nyankopɔn ntam panee.’—Yesaia 59:2.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

40:27, 28—Dɛn nti na Israel kae sɛ: “Me kwan ahintaw [Yehowa, NW] na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmu so”? Ɛbɛyɛ sɛ na Yudafo binom a wɔwɔ Babilon no susuw sɛ Yehowa nhu amane a wɔrehu no. Wɔkaee wɔn sɛ na asase Bɔfo no a ɔmmrɛ anaa ɔmpa abaw no hu nea ɛrekɔ so wɔ Babilon no nyinaa.

43:18-21—Dɛn nti na wɔka kyerɛɛ wɔn a na wofi nkoasom mu reba no sɛ ‘mma wonnnwen atetede’? Ná eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi Yehowa nnwuma a ɔyɛe de gyee wɔn tete no. Mmom no na Yehowa pɛ sɛ wogyina “ade foforo” a wɔn ankasa behu, te sɛ ebia kwantiaa a wɔbɛfa so abedu Yerusalem dwoodwoo no so yi no ayɛ. “Nnipakuw kɛse” a wobetwa “ahohiahia kɛse no” nso benya biribi foforo a wobegyina so ahyɛ Yehowa anuonyam.—Adiyisɛm 7:9, 14.

49:6—Ɔkwan bɛn so na Mesia no yɛ “amanaman hann” ɛmfa ho mpo sɛ ɔyɛɛ n’asase so som adwuma wɔ Israelfo mu nkutoo no? Eyi te saa esiane nea esii wɔ Yesu wu akyi no nti. Bible mu asɛm a ɛwɔ Yesaia 49:6 no fa n’asuafo no ho. (Asomafo Nnwuma 13:46, 47) Ɛnnɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ne nnipakuw kɛse a wɔreboa wɔn no som sɛ “amanaman hann,” na wɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfo “akodu asase ano.”—Mateo 24:14; 28:19, 20.

53:10—Ɔkwan bɛn so na ɛsɔɔ Yehowa ani sɛ ɔdwerɛw ne Ba no? Ɛbɛyɛ Yehowa a ɔyɛ ayamhyehye ne tema Nyankopɔn no yaw bere a ohui sɛ ne Dɔba no rehu amane no. Ɛno mpo no, Yehowa ani gyee osetie a Yesu fi ne pɛ mu yɛe ne nea na ebefi n’amanehunu ne ne wu mu aba nyinaa no ho.—Mmebusɛm 27:11; Yesaia 63:9.

53:11—Nimdeɛ bɛn na Mesia no begyina so de “trenee ama nnipa pii”? Eyi ne nimdeɛ a Yesu nyae bere a ɔbaa asase so bɛyɛɛ onipa, na ohuu amane wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so kosii owu mu no. (Hebrifo 4:15) Ɔnam so de agyede a na ehia a wɔde bɛboa Kristofo a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse no ma wɔanya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim no mae.—Romafo 5:19; Yakobo 2:23, 25.

56:6—Henanom ne “ananafo” no, na akwan bɛn so na “wokura [Yehowa apam] mu”? “Ananafo” no ne Yesu “nguan foforo” no. (Yohane 10:16) Wokura apam foforo no mu a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wodi mmara a ɛfa apam no ho so, wɔboa nhyehyɛe ahorow a wɔnam apam no so yɛe, wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no di honhom fam aduan koro, na wɔboa wɔn wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

40:10-14, 26, 28. Yehowa ho yɛ den na odwo, ɔyɛ tumi ne nyansa nyinaa wura, na ɔte nneɛma ase sen sɛnea yenim no koraa.

40:17, 23; 41:29; 44:9; 59:4. Amammui apam ne ahoni yɛ “adehunu.” Mfaso biara nni so sɛ yɛde yɛn ho bɛto wɔn so.

42:18, 19; 43:8. Sɛ́ yebebu yɛn ani agu Onyankopɔn Asɛm so na yɛasisiw yɛn aso wɔ akwankyerɛ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma ho no bɛyɛ te sɛ nea yɛn ani afura anaasɛ yɛn aso asiw wɔ honhom mu.—Mateo 24:45.

43:25. Yehowa din nti na ɔpopa mmarato. Gye a wobegye yɛn afi bɔne ne owu mu no ho nhia kɛse sɛ Yehowa din ho a wɔbɛtew.

44:8. Yehowa a otim hɔ pintinn te sɛ ɔbotan no taa yɛn akyi. Ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yebedi ne Nyamesu ho adanse da!—2 Samuel 22:31, 32.

44:18-20. Abosonsom yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi koma asɛe. Ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara tra baabi a ɛfata sɛ Yehowa tra wɔ yɛn komam no.

46:10, 11. Yehowa ‘tirimpɔw a ɔma egyina,’ kyerɛ sɛ, n’atirimpɔw a ɔma ɛbam no yɛ adanse a edi mu a ɛma yehu Yehowa Nyamesu.

48:17, 18; 57:19-21. Sɛ yɛhwehwɛ nkwagye fi Yehowa hɔ, yɛbɛn no, na yedi ne mmara so a, yɛn asomdwoe bɛdɔɔso te sɛ asubɔnten na adetrenee a yɛyɛ no abu so te sɛ po asorɔkye. Wɔn a wontie Onyankopɔn Asɛm no te sɛ “ɛpo a ehuru kutukutu.” Wonni asomdwoe.

52:5, 6. Babilonfo no dii mfomso kae sɛ nokware Nyankopɔn no nni tumi. Wɔanhu sɛ ɛyɛ Yehowa bo a na afuw Israelfo no nti na ɔma wɔkɔɔ nkoasom mu. Sɛ afoforo hu amane a, nyansa nnim sɛ yɛbɛpere yɛn ho akyerɛ nea enti a aba saa.

52:7-9; 55:12, 13. Anyɛ yiye koraa no, yɛwɔ nneɛma abiɛsa a enti yɛde anigye yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. Yɛn anan yɛ fɛ ma ahobrɛasefo a Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn no. Yɛn “ani tua” Yehowa, anaasɛ yɛne no wɔ abusuabɔ pa. Yedi yiye nso wɔ Onyankopɔn som mu.

52:11, 12. Sɛ yɛbɛfata sɛ yɛsoa “[Yehowa, NW] nnwinne” a ɛyɛ ne nsiesie a wayɛ ama ɔsom kronn no a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ honhom fam ne abrabɔ fam.

58:1-14. Sɛ yɛyɛ nyaatwom wɔ yɛn som mu na yɛyɛ yɛn ho sɛ atreneefo a, ɛyɛ ɔkwa. Ɛsɛ sɛ nokware asomfo bɔ nyamesom pa ho mmɔden na wɔda onuadɔ ankasa adi.—Yohane 13:35; 2 Petro 3:11.

59:15b-19. Yehowa hu nnipa nneyɛe na ɔde ne ho gye mu wɔ ne bere a ɛsɛ mu.

‘ƆBƐYƐ AHOKEKA ABOTIRI’

(Yesaia 60:1–66:24)

Bere a Yesaia 60:1 reka nokware som a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ tete bere mu ne yɛn bere mu ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Sɔre haran, na wo hann reba, na [Yehowa, NW] anuonyam apue wo so.” Ná Sion ‘bɛyɛ ahokeka abotiri, Yehowa nsa so.’—Yesaia 62:3.

Yesaia bɔɔ Yehowa mpae maa ne nkurɔfo a wɔbɛsakra wɔn adwene bere a wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon no. (Yesaia 63:15–64:12) Bere a odiyifo no ma yehuu nsonsonoe a ɛda nokware asomfo ne atoro asomfo ntam akyi no, ɔkyerɛɛ sɛnea Yehowa behyira wɔn a wɔsom No no.—Yesaia 65:1–66:24.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

61:8, 9—Dɛn ne “daa apam” no, na henanom ne “asefo” no? Eyi yɛ apam foforo a Yehowa ne Kristofo a wɔasra wɔn no ayɛ. “Asefo” no ne “nguan foforo” a wobetie asɛm a wɔreka no.—Yohane 10:16.

63:5—Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn abufuhyew boa no? Onyankopɔn abufuhyew nyɛ nkate a ontumi nni so. Abufuhyew yi yɛ ne kwan so de. N’abufuhyew yi boa no na ɛkanyan no ma obu atɛn trenee mu.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

64:6. Nnipa a wɔtɔ sin rentumi nnye wɔn ho nkwa. Ɛdefa wɔn bɔne ho mpata ho no, adetrenee a wɔyɛ nyinaa te sɛ ntamagow afiafĩ.—Romafo 3:23, 24.

65:13, 14. Yehowa hyira n’asomfo anokwafo, na ɔma wɔn nsa ka wɔn honhom fam ahiade ma ɛboro so.

66: 3-5. Yehowa kyi nyaatwom.

“Momma Mo Ho Nsɛpɛw Mo”

Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon a wɔbɛsan aba wɔn asase so no ma wonyaa awerɛkyekye! Yehowa kae sɛ: “Momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti: na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw.”—Yesaia 65:18.

Yɛn nso yɛte bere a esum akata asase so, na sum kabii akata aman so no mu. (Yesaia 60:2) “Mmere a emu yɛ den” mu na yɛwɔ yi. (2 Timoteo 3:1) Enti Yehowa nkwagye asɛm a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Yesaia mu no hyɛ yɛn nkuran kɛse.—Hebrifo 4:12.

[Ase hɔ asɛm]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Wunim ade titiriw nti a Hesekia bɔɔ mpae sɛ wonnye wɔn mfi Asiriafo nsam no?

[Mfonini wɔ kratafa 11]

“Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara!”