Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Mmofra Hɔ?

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Mmofra Hɔ?

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Mmofra Hɔ?

“WOREYƐ w’ade te sɛ abofra!” Sɛ wɔka saa asɛm yi kyerɛ yɛn a, ɛda adi sɛ yɛn bo befuw. Ɛwom sɛ mmofra nkumaa ho yɛ anika de, nanso wɔn ho nkokwawee, wonni osuahu ne nyansa a mpanyimfo wɔ no bi.—Hiob 12:12.

Nanso, bere bi Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, sɛ moannan anyɛ sɛ mmofra nkumaa a, morenhyɛn ɔsoro ahenni mu da.” (Mateo 18:3) Dɛn na na Yesu repɛ akyerɛ? Su ahorow bɛn na mmofra wɔ a ɛsɛ sɛ mpanyimfo suasua?

Brɛ Wo Ho Ase Te sɛ Abofra

Susuw nea esii a enti ɛmaa Yesu kaa saa asɛm no ho hwɛ. Bere a Yesu ne n’asuafo twaa kwantenten koduu Kapernaum no, Yesu bisaa wɔn sɛ: “Dɛn na na moregye ho akyinnye wɔ kwan so no?” Asuafo a na wɔn ani awu no yɛɛ komm, efisɛ na wɔregye wɔn ho akyinnye wɔ nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho. Awiei koraa no, wonyaa akokoduru bisaa Yesu sɛ: “Hena na ɔyɛ kɛse ankasa wɔ ɔsoro ahenni mu?”—Marko 9:33, 34; Mateo 18:1.

Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ bɛyɛ mfe abiɛsa a na asuafo no ne Yesu anantew nyinaa akyi no, na wɔda so ara repere dibea anaa tumidi ho. Ɛnyɛ nwonwa, efisɛ wɔtetee wɔn wɔ Yudasom a na dibea ho hia emufo kɛse no mu. Ɛda adi sɛ, ɔsom a na anka asuafo no wom ne nnipa sintɔ na ɛma wɔyɛɛ saa.

Yesu traa ase, na ɔfrɛɛ asuafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi kan a, ɛsɛ sɛ odi akyi na ɔsom mo nyinaa.” (Marko 9:35) Ɛbɛyɛ sɛ nsɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn. Hwɛ sɛnea ɛsono Yesu adwene koraa wɔ adwene a na Yudafo no kura wɔ kɛseyɛ anaa tumidi ho! Afei, Yesu frɛɛ abofra kumaa bi begyinaa ne nkyɛn. Ɔkaa abofra no fam ne ho, na ɔmaa wɔn huu nea na ɔrepɛ akyerɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, sɛ moannan anyɛ sɛ mmofra nkumaa a, morenhyɛn ɔsoro ahenni mu da. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abofra kumaa yi ne nea ɔyɛ kɛse ɔsoro ahenni no mu.”—Mateo 18:3, 4.

Ahobrɛase ho asuade a tumi wom bɛn ara ni! Yɛ ho mfonini hwɛ. Hwɛ abofra kumaa bi a ogyina mmarima mpanyimfo dodow bi mfinimfini. Mmarima no hwɛ abofra no komm. Hwɛ sɛnea abofra no gyina hɔ dinn a onsuro sɛ wɔbɛyɛ no bɔne bi. Hwɛ sɛnea ahoɔyaw ne nitan biara nni ne mu! Ɔbrɛ ne ho ase na ɔmpɛ ne ho asɛm! Yiw, abofra kumaa no yɛ su pa a ɛne ahobrɛase ho nhwɛso a ɛfata paa.

Yesu asɛm no mu da hɔ fann. Sɛ yebenya Onyankopɔn Ahenni no a, gye sɛ yɛn nyinaa brɛ yɛn ho ase te sɛ abofra. Ɛnsɛ sɛ yesi akan anaasɛ yɛyɛ ahantan wɔ Yehowa som mu. (Galatifo 5:26) Nokwarem no, saa su ahorow yi na ɛmaa Satan Ɔbonsam tew atua tiaa Onyankopɔn no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa kyi saa su ahorow yi!—Mmebusɛm 8:13.

Nea nokware Kristofo pɛ ne sɛ wɔbɛsom afoforo, na ɛnyɛ sɛ wobedi wɔn so tumi. Sɛ yɛn ani nnye adwuma bi a wɔde ama yɛn ho anaasɛ sɛ onipa a yɛresom no no nyɛ onipa titiriw bi mpo a, ahobrɛase ankasa a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛsom afoforo. Yenya ahobrɛase a ɛte saa a yɛde som no so akatua pii. Yesu kae sɛ: “Obiara a obegye mmofra nkumaa yi mu bi me din mu no, na wagye me; na obiara a obegye me no nnye me nko, na mmom nea ɔsomaa me bae no nso.” (Marko 9:37) Sɛ yɛda ayamye adi na yɛbrɛ yɛn ho ase te sɛ mmofra a, ɛbɛma yɛne Yehowa ne ne Ba no ayɛ biako. (Yohane 17:20, 21; 1 Petro 5:5) Yebenya ɔma mu anigye. (Asomafo Nnwuma 20:35) Na yɛn ani gye sɛ yɛboa ma asomdwoe ne biakoyɛ kɔ so tra Onyankopɔn nkurɔfo mu.—Efesofo 4:1-3.

Wogye Nea Wɔkyerɛkyerɛ Wɔn Biara Tom

Yesu san sii biribi foforo a mpanyimfo betumi asua afi mmofra hɔ so dua. Ɔkae sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra kumaa no renkɔ mu ɔkwan biara so.” (Marko 10:15) Ɛnyɛ ahobrɛase nko na mmofra wɔ; na wokyerɛkyerɛ wɔn nso a ɛnyɛ den. Ɛna bi kae sɛ: “Mmofra adwene kyere ade ntɛmntɛm te sɛ sapɔw a wɔde bɔ nsu mu.”

Enti, sɛ yebenya Onyankopɔn Ahenni no a, ɛsɛ sɛ yetie Ahenni asɛm no na yɛde yɛ adwuma. (1 Tesalonikafo 2:13) Te sɛ nkokoaa no, ɛsɛ sɛ yenya ‘akɔnnɔ ma asɛm no mu nufusu a wɔmfraa mu no, na yɛnam so anyin akɔ nkwagye mu.’ (1 Petro 2:2) Na sɛ ɛte sɛ nea yɛnte Bible nkyerɛkyerɛ bi ase nso ɛ? Obi a ɔhwɛ mmofra so kae sɛ: “Mmofra kɔ so bisa sɛ ‘Dɛn ntia?’ kosi sɛ wobenya wɔn nsɛmmisa ho mmuae a wɔpɛ.” Ɛyɛ papa sɛ yesuasua wɔn. Enti, kɔ so sua ade. Wo ne Kristofo a wɔn ho akokwaw mmɔ nkɔmmɔ. Srɛ Yehowa na ɔmma wo nyansa. (Yakobo 1:5) Akyinnye biara nni ho sɛ wobebua mpae a wokɔ so bɔ no.—Mateo 7:7-11.

Nanso, ebia ebinom bebisa sɛ, ‘So ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛdaadaa nnipa a wogye nea wɔbɛka akyerɛ wɔn biara tom no?’ Sɛ wonya akwankyerɛ fi baabi pa a, ɛremma saa da. Sɛ nhwɛso no, mmofra fi awosu mu hwehwɛ akwankyerɛ fi wɔn awofo hɔ. Agya bi kae sɛ: “Awofo nam wɔn mma ho ban a wɔbɔ ne wɔn da biara da ahiade a wɔde ma wɔn no so ma wonya wɔn mu ahotoso a ɛte saa.” Saa ara na yɛn nso yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yenya Yehowa a ɔyɛ yɛn soro Agya no mu ahotoso. (Yakobo 1:17; 1 Yohane 4:9, 10) Yehowa nam n’Asɛm a wɔakyerɛw no so ma yɛn akwankyerɛ a edi mu. Ne honhom kronkron no ne n’ahyehyɛde no nso ma yenya mmoa ne awerɛkyekye. (Mateo 24:45-47; Yohane 14:26) Sɛ yɛde yɛn ho to saa nsiesiei yi so a, biribiara nni hɔ a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ.—Dwom 91:1-16.

Sɛ yenya Onyankopɔn mu ahotoso te sɛ mmofra a, ɛno nso ma yenya asomdwoe. Bible ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Sɛ yɛyɛ mmofra a, yefi akwantu ase a yenni sika a yɛde betua akwantu no ho ka, na yennim nea ɛbɛyɛ a yebedu baabi a yɛrekɔ no, na saa ara nso na yenya ahotoso koraa sɛ yɛn awofo betumi de yɛn akodu dwoodwoo.” So yɛn nso yɛwɔ Yehowa mu ahotoso saa ara sɛ ɔbɛhwɛ yɛn so wɔ yɛn asetra mu?—Yesaia 41:10.

Onyankopɔn mu ahotoso koraa a yebenya no boa yɛn ma yɛkwati suban ne nneyɛe a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no. Na ɛma yenya ahotoso koraa wɔ asɛm a Yesu kae sɛ, yɛn soro Agya no nim yɛn ahiade, na sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan a, Onyankopɔn bɛhwɛ yɛn no mu. Eyi bɛboa yɛn ma yɛagyae honam fam nneɛma ho adwennwen na yɛde yɛn adwene asi Onyankopɔn som adwuma so.—Mateo 6:19-34.

‘Monyɛ Nkokoaa Wɔ Bɔne Mu’

Ɛwom sɛ bere a wɔbɛwo yɛn no na yɛnyɛ pɛ de, nanso mmofra nkumaa adwene ne wɔn koma mu tew. Eyi nti, Bible ka kyerɛ Kristofo sɛ: “Monyɛ bɔne mu nkokoaa.”—1 Korintofo 14:20.

Susuw Monique a wadi mfe anum no ho hwɛ. Monique de anigye ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “M’adamfo foforo Sarah ti nhwi abobɔw te sɛ me de no ara!” Monique anka sɛnea Sarah honam ani hwɛbea te, sɛ ebia ɔyɛ oburoni anaa obibini no ho asɛm. Ɔwofo bi kae sɛ: “Sɛ́ obi yɛ obibini anaa oburoni no mfa mmofra ho. Wonnim nnipa mu nyiyim, na wonni afoforo ho adwemmɔne.” Hwɛ sɛnea mmofra da yɛn Nyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim a ɔdɔ nnipa a wofi aman nyinaa mu no su adi ma ɛyɛ fɛ wɔ saa asɛm yi mu.—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

Mmofra tumi de bɔne kyɛ nso ma ɛyɛ nwonwa. Ɔwofo bi ka sɛ: “Sɛ abofra kumaa Jack ne Levi ko a, yɛka kyerɛ wɔn sɛ obiara mpa ne yɔnko kyɛw, na ɛnkyɛ na wɔde anigye redi agoru bio. Wɔmma nsɛm nhaw wɔn nkyɛ, wɔnkaakae nsɛm a atwam, na saa ara na wɔnka sɛ afoforo nyɛ biribi ansa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. Ɛnkyɛ koraa na wɔabom redi agoru.” Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ mpanyimfo suasua wɔn!—Kolosefo 3:13.

Bio nso, ɛnyɛ den koraa sɛ mmofra nkumaa begye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (Hebrifo 11:6) Esiane sɛ mmofra mfa wɔn asɛm nsie nti, wɔtaa di afoforo adanse akokoduru so. (2 Ahene 5:2, 3) Wɔn mpaebɔ ntiantiaa no tumi ka atirimɔdenfo mpo koma. Na sɛ wohyia sɔhwɛ a, wotumi yɛ ade a ɛfata ma ɛyɛ nwonwa. Hwɛ sɛnea mmofra yɛ akyɛde a wɔsom bo!—Dwom 127:3, 4.

Yebetumi Asan Anya Su Pa Te sɛ Mmofra

Ebia wobɛka sɛ, ‘So mpanyimfo betumi asan anya su pa a na wɔwɔ wɔ wɔn mmofraase no bio?’ Yiw, wobetumi anya ankasa! Nokwarem no, asɛm a Yesu kae sɛ ‘yɛnnan nyɛ sɛ mmofra nkumaa’ no ma yehu sɛ ebetumi ayɛ yiye.—Mateo 18:3.

Mfatoho bi ni: Mfoniniyɛfo dodow bi betumi abom asiesie mfonini a ɛyɛ fɛ na ne bo yɛ den. Wofi ase twerɛtwerɛw efĩ a ɛwɔ mfonini no so, na wosiesie mfomso biara a mfoniniyɛfo bi a wonnim adwuma no mu yiye yɛe wɔ so no. Bere a wɔde ntoboase pii ayɛ ho adwuma no, mfonini no bɛyɛ te sɛ nea na ɛte mfitiase no ma obiara hu sɛnea ɛyɛ fɛ fa. Saa ara na sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden a, ɛdenam Yehowa honhom kronkron no mmoa ne mmoa a Kristofo asafo no mufo fi ɔdɔ mu de ma yɛn so no, yebetumi asan anya su pa a na yɛwɔ wɔ yɛn mmofraase no bio.—Efesofo 5:1.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Mmofra brɛ wɔn ho ase

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Mmofra mfa afoforo ho adwemmɔne nhyɛ wɔn mu, na ɛnkyɛ na wɔde bɔne akyɛ