Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Anisɔ A Wowɔ Mu Nkɔ So Nyɛ Den

Ma Anisɔ A Wowɔ Mu Nkɔ So Nyɛ Den

Ma Anisɔ A Wowɔ Mu Nkɔ So Nyɛ Den

“Onyankopɔn, w’adwene bo yɛ me den dɛn ara! Ɛdɔɔso dɛn ara!”—DWOM 139:17.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ Onyankopɔn Asɛm no, na asɛm bɛn na odwontofo no ka de kyerɛe sɛ n’ani sɔ?

ADE a wohui no maa wɔn ani gyei. Bere a wɔresiesie Yehowa asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no, Ɔsɔfopɔn Hilkia huu “[Yehowa, NW] mmara nhoma a ɔnam Mose so de mae no.” Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ mmara a Onyankopɔn de maa Mose a na adi bɛyɛ mfe 800 no! So wubetumi de w’adwene abu sɛnea Ɔhene Yosia a osuro Onyankopɔn no ani gye fae bere a wɔde nhoma no brɛɛ no no? Nokwarem no, n’ani gyee ho yiye ma enti ntɛm ara na ɔmaa ne kyerɛwfo Safan kenkanee no den.—2 Beresosɛm 34:14-18.

2 Ɛnnɛ, nnipa ɔpepepem pii na wobetumi anya Onyankopɔn Asɛm no nyinaa anaa ne fã bi akenkan. So ɛno ma Kyerɛwnsɛm no bɛyɛ nea ɛnsom bo anaa ɛho nhia papa? Ɛnte saa koraa! Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ ade nyinaa so Tumfo no ankasa tirim asɛm na ɛwɔ mu, na ɔma wɔkyerɛwee sɛnea ɛbɛboa yɛn. (2 Timoteo 3:16) Bere a odwontofo Dawid rekyerɛ sɛnea n’ani sɔ Onyankopɔn Asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Me de, Onyankopɔn, w’adwene bo yɛ me den dɛn ara! Ɛdɔɔso dɛn ara!”—Dwom 139:17.

3. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Dawid ani sɔ abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn wɔ no?

3 Dawid amma anisɔ a ɔwɔ ma Yehowa, n’Asɛm, ne nhyehyɛe a wayɛ ma wɔde som no nokwarem no ano ammrɛ ase da. Nnwom bebree a ɛyɛ dɛ a Dawid hyehyɛe no ma yehu sɛnea na ɔte nka ankasa. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛwee wɔ Dwom 27:4 sɛ: “Ade biako na masrɛ [Yehowa, NW], ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtra [Yehowa, NW] fi, na mahwɛ [Yehowa, NW] animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.” Wɔ mfitiase Hebri nkyerɛwee mu no, nea asɛm “madwen me tirim” no kyerɛ ne sɛ wubegye bere asusuw biribi ho, ahwehwɛ mu yiye, sɛ́ wobɛkyerɛ biribi ho anisɔ anaa anigye. Ɛda adi pefee sɛ, na Dawid te abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no ase yiye, na na n’ani sɔ nhyehyɛe biara a Yehowa ayɛ a ebetumi ama ne gyidi ayɛ den no. Enti na ɔmmfa asɛm a Onyankopɔn aka biara nni agoru koraa. Ɛfata paa sɛ yesuasua sɛnea na Dawid kyerɛ Onyankopɔn Asɛm ho anisɔ no.—Dwom 19:7-11.

Ma W’ani Nsɔ Bible mu Nokware a Woanya No

4. Dɛn na ɛmaa Yesu ‘ani gyee mmoroso denam honhom kronkron so’?

4 Ɛnyɛ wiase nyansa anaa nhomanim a ɛtaa ma nkurɔfo yɛ ahantan no na ɛma yɛte Onyankopɔn Asɛm no ase. Na mmom, ɛyɛ Yehowa ayamye a ɔde dom nnipa ahobrɛasefo a wɔwɔ koma pa a Onyankopɔn som ho hia wɔn no. (Mateo 5:3; 1 Yohane 5:20) Bere a Yesu hui sɛ wɔakyerɛw nnipa bi a wɔnyɛ pɛ din wɔ soro no, “onyaa anigye mmoroso denam honhom kronkron so na ɔkae sɛ: ‘Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asuma anyansafo ne animdefo, na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.’”—Luka 10:17-21.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no kura Ahenni no ho nokwasɛm a wɔayi akyerɛ wɔn no mu denneennen?

5 Bere a Yesu fii ne komam bɔɔ saa mpae no wiei no, ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Anigye ne ani a ehu nneɛma a seesei muhu yi. Na mise mo sɛ, adiyifo ne ahemfo bebree pɛe sɛ wohu nneɛma a seesei muhu yi nanso wɔanhu, wɔpɛe sɛ wɔte nsɛm a mote yi nanso wɔante.” Yiw, Yesu hyɛɛ n’akyidifo anokwafo no nkuran sɛ, wonkura Ahenni no ho nokwasɛm a ɛsom bo a wɔayi no adi akyerɛ wɔn no mu denneennen. Wɔanyi saa nokwasɛm yi ankyerɛ Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no, na saa ara nso na wɔanyi ankyerɛ “anyansafo ne animdefo” a na wɔwɔ Yesu bere so no!—Luka 10:23, 24.

6, 7. (a) Dɛn nti na yɛn ani sɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokware? (b) Nsonsonoe bɛn na yehu wɔ nokware som ne atoro som mu nnɛ?

6 Ɛnnɛ, yɛwɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm ho anisɔ, efisɛ Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ama ne nkurɔfo anya n’Asɛm no mu ntease a ɛkɔ akyiri. (Mateo 24:45; Daniel 12:10) Odiyifo Daniel kyerɛw awiei bere no ho asɛm sɛ: “Nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.” (Daniel 12:4) So wunnye ntom sɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ “adɔɔso” nnɛ, na Yehowa asomfo anya honhom fam nnuan pii?

7 Hwɛ nsonsonoe kɛse ara a ɛda Onyankopɔn nkurɔfo ne Babilon Kɛse no mufo ntam! Bere a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ no, Babilon Kɛse no mufo adwene atu afra wɔ Onyankopɔn som ho. Ɛno nti, nnipa pii a wɔahu sɛ atoro som nni biribi pa biara ma wɔn anaa wɔn ani nnye ho bio no reba nokware som mu. Saa nnipa a wɔwɔ nguanten su yi ‘mpɛ sɛ wonya Babilon Kɛse no bɔne no mu kyɛfa’ anaa “ne haw no bi.” Yehowa ne n’asomfo to nsa frɛ nnipa a wɔte saa nyinaa sɛ wɔmmra nokware Kristofo asafo no mu.—Adiyisɛm 18:2-4; 22:17.

Nnipa a Wɔwɔ Anisɔ Ba Onyankopɔn Nkyɛn

8, 9. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Hagai 2:7 no renya mmamu nnɛ?

8 Yehowa kaa ne honhom fam asɔrefie no ho asɛm siei sɛ: “Mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma.” (Hagai 2:7) Nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye yi nyaa ne mmamu a edi kan wɔ Hagai bere so bere a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔsan baa wɔn asase so no besii Yerusalem asɔrefie no. Ɛnnɛ, Hagai asɛm no renya mmamu foforo wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no ho.

9 Nnipa ɔpepem pii aba sɛnkyerɛnne kwan so asɔrefie no mu dedaw resom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu,” na afe biara “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” no mu ɔpehaha pii kɔ so ba Onyankopɔn som mu. (Yohane 4:23, 24) Sɛ nhwɛso no, afe 2006 ɔsom afe no wiase nyinaa akontaabu kyerɛ sɛ nnipa 248,327 na wɔbɔɔ asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne maa Yehowa. Sɛ wɔkyekyɛm a, nnipa foforo 680 na wɔbɔ asu da biara da! Nokware no ho anigye a wɔanya ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa sɛ Ahenni adawurubɔfo no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na watwe wɔn ampa.—Yohane 6:44, 65.

10, 11. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛnea nkurɔfo anya Bible mu nokware no ho anisɔ ho asɛm.

10 Nea ɛmaa nnipa komapafo no mu pii baa nokware no mu ne sɛ wohuu “nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Malaki 3:18) Susuw Wayne ne Virginia a wɔyɛ awarefo a na wɔwɔ nsɛmmisa pii a na wonnya ho mmuae a na wɔkɔ Protestant asɔre bi no ho hwɛ. Ná wɔn ani nnye akodi ho, na bere a wohui sɛ asɔfo rehyira asraafo ne akode so no, ɛma wɔyɛɛ basaa. Ɛwom mpo sɛ na Virginia akyerɛ mmofra ade wɔ mmofra asɔre mu de, nanso bere a awarefo no renyin no, wohui sɛ na asɔre no mufo nka wɔn ho mma wɔn ho. Wɔkae sɛ: “Wɔn mu biara mmɛsra yɛn, na saa ara nso na sɛ yɛkɔ asɔre oo sɛ yɛankɔ asɔre oo, na ɛmfa obiara ho. Nea na asɔre no hia ara ne yɛn sika. Ná yenhu nea yɛnyɛ.” Wɔn adwene tu frae koraa bere a wɔn asɔre no penee so sɛ mmarima nware mmarima na mmea nso nware mmea no.

11 Saa bere no mu na Wyane ne Virginia banana bɛyɛɛ Yehowa Dansefo, na akyiri yi wɔn babea nso bɛyɛɛ Ɔdansefo. Ɛwom sɛ mfiase no eyi haw Wyane ne Virginia de, nanso akyiri yi wɔsesaa wɔn adwene, na wɔpenee so ma wɔne wɔn suaa Bible no. Wyane ka sɛ: “Asram abiɛsa pɛ mu no, yehuu Bible no mu nneɛma pii sen nea na yenim wɔ bɛboro mfe 70 a na atwam mu no! Ná yennim da sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, na saa ara nso na na yennim Ahenni no ne Paradise asase no ho hwee.” Ankyɛ koraa na awarefo a wɔwɔ koma pa yi fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam na wofii ase kɔɔ asɛnka. Virginia kae sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛka nokware no ho asɛm kyerɛ obiara.” Wɔbɔɔ awarefo baanu yi a na wɔn mu biara adi boro mfe 80 no asu wɔ afe 2005 mu. Wɔkae sɛ: “Afei, na yɛaba nokware Kristofo mu.”

Ma W’ani Nsɔ sɛ ‘Wɔasiesie Wo Ama Adwuma Pa Biara’

12. Dɛn na Yehowa yɛ ma n’asomfo bere nyinaa, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya so mfaso?

12 Yehowa boa n’asomfo ma wɔyɛ n’apɛde bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, wɔde sɛnea na Noa bɛyɛ adaka no ho akwankyerɛ pɔtee maa no. Ná ɔnyɛɛ adwuma a ɛte saa da, nanso na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no pɛpɛɛpɛ! Na saa ara na ɔyɛe. Ɛyɛɛ dɛn na otumi yɛe? Efisɛ Noa yɛɛ “sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” (Genesis 6:14-22) Ɛnnɛ nso, Yehowa siesie n’asomfo koraa ma wɔyɛ n’apɛde. Nokwarem no, yɛn adwuma titiriw ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni a ɔde asi hɔ no ho asɛmpa, na yɛaboa nnipa a wɔpɛ nkwa no ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo asuafo. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ osetie te sɛ Noa na ama yɛatumi ayɛ saa adwuma yi. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ osetie, na yedi akwankyerɛ a Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no akyi.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

13. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so tete yɛn?

13 Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa adwuma no, ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛde yɛn adwinnade titiriw a ɛne Onyankopɔn Asɛm a ‘eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na ama Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara’ no ‘di dwuma pɛpɛɛpɛ.’ (2 Timoteo 2:15; 3:16, 17) Yehowa nam Kristofo asafo no so ma yɛn ntetee a ɛfata te sɛ nea ɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu no. Ɛnnɛ, wɔ asafo ahorow 99,770 a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, wɔyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam dapɛn biara de boa yɛn wɔ ɔsom adwuma no mu. So wokɔ nhyiam a ɛho hia yi daa de nea wusua no bɔ wo bra de kyerɛ sɛ w’ani sɔ nhyehyɛe yi?—Hebrifo 10:24, 25.

14. Dɛn na Yehowa asomfo yɛ de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ hokwan a wɔanya de resom Onyankopɔn no? (Fa kyerɛwtohɔ a ɛwɔ kratafa 27-30 no mu nsɛm ka ho.)

14 Onyankopɔn nkurɔfo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no ayere wɔn ho denneennen wɔ ɔsom adwuma no mu de akyerɛ ntetee a wɔanya no ho anisɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 2006 ɔsom afe mu no, Ahenni adawurubɔfo 6,741,444 de nnɔnhwerew 1,333,966,199 yɛɛ ɔsom adwuma no afa nyinaa bi, na ebi ne ofie Bible adesua ahorow 6,286,618 a wɔyɛe no. Eyinom yɛ wiase nyinaa akontaabu a ɛhyɛ nkuran no mu kakraa bi pɛ. Gye bere kakra fa hwɛ akontaabu yi mu yiye na ama woanya amanneɛbɔ a ɛhyɛ nkuran yi so mfaso te sɛ nea anuanom a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu nyaa nkuranhyɛ pii fii asɛnka adwuma a ɛtrɛw saa bere no mu no.—Asomafo Nnwuma 1:15; 2:5-11, 41, 47; 4:4; 6:7.

15. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obiara abam bu bere a ofi ɔkra nyinaa mu som Yehowa no?

15 Ayeyi kɛse a Yehowa asomfo de ma Onyankopɔn afe biara no kyerɛ sɛ, wɔn ani asɔ hokwan a wɔanya sɛ wɔahu Yehowa na wɔredi no ho adanse kɛse no. (Yesaia 43:10) Nokwarem no, yebetumi de ayeyi afɔre a yɛn nuanom mmarima ne mmea bi a wɔn mfe akɔ anim, wɔyare, anaa wonni ahoɔden bɔ no atoto okunafo hiani no ntoboa a oyii no ho. Nanso, mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ Yehowa ne ne Ba no ani sɔ wɔn a wofi ɔkra nyinaa mu som Onyankopɔn bere a wɔyɛ nea wobetumi nyinaa no.—Luka 21:1-4; Galatifo 6:4.

16. Nhoma a yɛde kyerɛkyerɛ bɛn na Onyankopɔn ama yɛn nsa aka nnansa yi?

16 Wɔ ntetee a Yehowa de ma yɛn wɔ ɔsom adwuma no mu akyi no, ɔnam n’ahyehyɛde no so ma yɛn nhoma ahorow a ɛfata paa ma yɛde yɛ adwuma no. Mfe kakra a atwam ni no, wɔama yɛn nhoma bi te sɛ Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So, Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? a woyii no adi nnansa yi ara no. Wɔn a wɔn ani sɔ saa nhoma yi yiye no de yɛ dwuma paa wɔ asɛnka mu.

Fa Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Di Dwuma Yiye

17, 18. (a) Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no afã bɛn na w’ani gye ho sɛ wobɛka ho asɛm wɔ asɛnka mu? (b) Dɛn na ɔmansin sohwɛfo bi ka faa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ho?

17 Wɔde Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no a ɛwɔ ti ahorow 19, ne nkekaho a ɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu kɔ akyiri, na emu nsɛm ase te nyɛ den na emu da hɔ no reyɛ asɛnka adwuma no paa. Sɛ nhwɛso no, ti 12 no ka “W’abrabɔ a Wobɛma Asɔ Onyankopɔn Ani” ho asɛm. Saa ti yi ma osuani no hu sɛnea obetumi abɛyɛ Onyankopɔn adamfo, biribi a nnipa pii nnwenee ho da sɛ ebetumi ayɛ yiye. (Yakobo 2:23) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo rekyerɛ nhoma a wɔde sua Bible yi ho anigye?

18 Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Australia bɔ amanneɛ sɛ, Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no “yɛ fɛ ma enti nnipa ani gye ho ntɛm, na ɛno bue kwan ma yɛne wɔn bɔ mu nkɔmmɔ.” Ɔde ka ho sɛ, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wode nhoma no bɛyɛ adwuma ma enti “ama Ahenni adawurubɔfo pii anya anigye ne ahotoso foforo wɔ asɛnka adwuma no mu. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ebinom frɛ nhoma yi Sika Kɔkɔɔ!”

19-21. Ma osuahu ahorow bi a ɛkyerɛ sɛnea mfaso wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no so.

19 Bere a ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Guyana kɔɔ ɔbea bi sotɔɔ mu no, ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na asoma wo me nkyɛn.” Ná ɔbarima a ɔne ɔbea no te no guan gyaa ɔbea no ne ne mma nkumaa baanu nkyɛe. Ɔkwampaefo no buee Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti 1, na ɔkenkan nkyekyɛm 11 a ɛwɔ asɛmti ketewaa a ɛne “Onyankopɔn Te Nka Dɛn wɔ Nneɛma Bɔne a Ɛrekɔ so no Ho?” ase no kyerɛɛ no. Ɔkwampaefo no kae sɛ, “Emu nsɛm no kaa ɔbea no koma yiye. Nokwarem no, ɔbea no sɔre kɔɔ ne sotɔɔ no akyi kosui pii.” Ɔbea yi penee so maa onuawa bi ne no yɛɛ Bible adesua daa, na ɔrenya nkɔso ntɛmntɛm.

20 José a ɔte Spain no yere wui wɔ kar akwanhyia mu. Ɔnom nnubɔne de hwehwɛɛ awerɛkyekye, na ɔkɔhwehwɛɛ mmoa wɔ nnuruyɛfo hɔ nso. Nanso, nnuruyɛfo no antumi amma asɛm a ɛhaw José sen biara no ho mmuae. Ná obisa sɛ: “Dɛn nti na Onyankopɔn hwɛ maa me yere wui?” Da bi, José hyiaa Francesc a ɔne no yɛ adwuma wɔ adwumakuw biako mu. Francesc kae sɛ ɔmma ɔne no mmɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti 11 mu nkɔmmɔ. Ti 11 no asɛmti ne: “Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?” Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu ne mfatoho a ɛfa ɔkyerɛkyerɛfo bi ne sukuuni bi ho no kaa José koma yiye. Ofii ase suaa ade anibere so, na ɔkɔɔ ɔmansin nhyiam bi, na seesei ɔkɔ asafo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so.

21 Oguadini bi a wɔfrɛ no Roman a wadi mfe 40 a ɔwɔ Poland no yɛ obi a n’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho. Na esiane sɛ n’adwuma gye ne bere pii nti, na onnya bere nsua Bible no yiye. Nanso, ɔkɔɔ ɔmantam nhyiam bi na ne nsa kaa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bi. Ɛno akyi no, onyaa nkɔso pii. Ɔkae sɛ: “Ɛte sɛ nea wɔaboaboa Bible mu nkyerɛkyerɛ titiriw no nyinaa ano wɔ nhoma yi mu.” Seesei, Roman sua Bible no daa, na ɔrenya nkɔso ntɛmntɛm.

Ma Anisɔ a Wowɔ Mu Nkɔ So Nyɛ Den

22, 23. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so akyerɛ anidaso a yɛwɔ no ho anisɔ bere nyinaa?

22 Sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam ahorow a ɛyɛ anigye no ase no, nokware Kristofo hwɛ “daa ogye” a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ na ɔnam Yesu Kristo mogya a wohwie gui no so ma ɛyɛɛ yiye no kwan. Nea yebetumi ayɛ paa de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ anidaso a ɛsom bo yi ne sɛ, yɛbɛkɔ so ama yɛn ho atew afi “nnwuma funu ho na ama yɛasom Onyankopɔn teasefo no.”—Hebrifo 9:12, 14.

23 Yiw, ɛyɛ nwonwa paa sɛ yɛwɔ Ahenni adawurubɔfo anokwafo bɛboro ɔpepem asia a wɔde nokwaredi rekɔ so som Onyankopɔn wɔ wiase a pɛsɛmenkominya ahyɛ mu ma yi mu. Ɛno nso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa asomfo ani sɔ hokwan a wɔanya resom Onyankopɔn no kɛse, na ‘wonim sɛ wɔn brɛ renyɛ ɔkwa Awurade mu.’ Ɛmmra sɛ anisɔ a wowɔ no mu bɛkɔ so ayɛ den bere nyinaa!—1 Korintofo 15:58; Dwom 110:3.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yesua fi anisɔ a odwontofo no nya maa Onyankopɔn ne nhyehyɛe a ɔyɛ ma ɛhyɛɛ ne gyidi den no mu?

• Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Hagai 2:7 no renya mmamu nnɛ?

• Dɛn na Yehowa ayɛ ama n’asomfo a ɛboa wɔn ma wɔsom no yiye?

• Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wo no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 27-30]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 2006 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yehowa siesie yɛn koraa ma yɛyɛ n’apɛde