Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Yɛ Onyankopɔn A Ɔnyɛ Bonniayɛ

Yehowa Yɛ Onyankopɔn A Ɔnyɛ Bonniayɛ

Yehowa Yɛ Onyankopɔn A Ɔnyɛ Bonniayɛ

“Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.”—HEBRIFO 6:10.

1. Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ n’ani sɔ Moabni Rut?

YEHOWA ani sɔ wɔn a wɔbɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no yiye, na otua wɔn ka pii. (Hebrifo 11:6) Ná ɔbarima nokwafo Boas nim Onyankopɔn su fɛfɛ yi ma enti ɔka kyerɛɛ Moabni Rut a na ofi ɔdɔ mu rehwɛ n’asebea kunafo no sɛ: “[Yehowa, NW] nhyɛ wo wo nneyɛe ananmu na nya akatua mũ fi [Yehowa, NW] Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam.” (Rut 2:12) So Onyankopɔn hyiraa Rut ampa? Yiw, ohyiraa no papaapa! Efisɛ, wɔakyerɛw ne ho nsɛm wɔ Bible mu! Bio nso, ɔwaree Boas, na ɔbɛyɛɛ Ɔhene Dawid ne Yesu Kristo nyinaa nenabea. (Rut 4:13, 17; Mateo 1:5, 6, 16) Eyi yɛ nhwɛso pii a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ani sɔ n’asomfo no mu biako pɛ.

2, 3. (a) Dɛn na ɛma sɛnea Yehowa kyerɛ nnipa ho anisɔ no yɛ nwonwa? (b) Dɛn na ɛma Yehowa tumi kyerɛ nea yɛyɛ ma no no ho anisɔ a edi mu? Ma mfatoho bi.

2 Sɛ Yehowa nkyerɛ nea yɛyɛ ma no no ho anisɔ a, obebu ne ho fɔ sɛ wayɛ nea ɛnteɛ. Efisɛ, Hebrifo 6:10 ka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho a ɛne sɛ moasom akronkronfo na moda so som wɔn no.” Nea ɛma asɛm yi yɛ nwonwa ne sɛ ɛwom sɛ nnipa a wɔsom Onyankopɔn no yɛ abɔnefo na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho de, nanso n’ani sɔ wɔn.—Romafo 3:23.

3 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yebetumi ate nka sɛ nea yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no sua dodo ma enti yɛmfata sɛ Onyankopɔn hyira yɛn. Nanso, Yehowa nim yɛn asetra mu nsɛm, na ɔte yɛn ase koraa, na n’ani sɔ sɛnea yefi yɛn kra nyinaa mu som no no paa. (Mateo 22:37) Mfatoho bi ni: Fa no sɛ ɛna bi hu kɔnmuade bi a ne bo nyɛ den a wɔde abɛkyɛ no sɛ egu ne pon so. Obetumi abu no sɛ ɛyɛ akyɛde a ɛho nhia biara na wapia ato nkyɛn. Nanso, sɛ maame no hu krataa a ɛka akyɛde no ho a ɛma ohu sɛ ɛyɛ ne babea kumaa na ɔde ne sika a ɔde asie nyinaa akɔtɔ abɛkyɛ no a, obebu no sɛ ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo. Ebia n’ani bɛtetɛ nusu na wayɛ ne ba no atuu, na wafi ne komam ada no ase.

4, 5. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ osuasua sɛnea Yehowa kyerɛ afoforo ho anisɔ no?

4 Esiane sɛ Yehowa nim yɛn nsusuwii, nea yebetumi ayɛ ne nea yentumi nyɛ nti, sɛ yɛyɛ nea yɛn ahoɔden betumi nyinaa a, sɛ́ esua anaa ɛdɔɔso no, n’ani sɔ. Yesu nso kyerɛ afoforo ho anisɔ te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ. Kae Bible mu asɛm a ɛfa okunafo hiani no ho no. “Na [Yesu maa] n’ani so no, ohui sɛ adefo no de wɔn akyɛde regu sika nnaka no mu. Afei ohui sɛ okunafo hiani bi de nkaprɛ mma abien a ɛnsom bo koraa abegu mu wɔ hɔ, na ɔkae sɛ: ‘Nokwarem mise mo sɛ, ɛwom sɛ okunafo yi yɛ hiani de, nanso nea ɔde agu mu no sen wɔn nyinaa de. Efisɛ akyɛde a eyinom nyinaa de abegu mu no fi nea wɔanya ma aboro so mu, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa abegu mu.’”—Luka 21:1-4.

5 Yiw, esiane sɛ na Yesu nim ɔbea no sɛ ɔyɛ okunafo hiani nti, ohui sɛ n’akyɛde no som bo ankasa, na ɛkaa no ma ɔkyerɛɛ ho anisɔ pii. Yebetumi aka sɛ saa ara na Yehowa nso te. (Yohane 14:9) So ɛnhyɛ nkuran sɛ wubehu sɛ ɛmfa ho sɛnea wote biara no, wubetumi anya yɛn Nyankopɔn ne ne Ba a wɔnyɛ bonniayɛfo no anim dom?

Yehowa Hyiraa Etiopiani Bi a Osuro Nyankopɔn

6, 7. Dɛn nti na Yehowa ani sɔɔ nea Ebed-Melek yɛe no, na dɛn na ɔyɛ de kyerɛɛ saa?

6 Wɔaka sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔyɛ n’apɛde no ho nsɛm pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Susuw sɛnea Yehowa ne Etiopiani Ebed-Melek a osuro Nyankopɔn a ɔtraa ase wɔ Yeremia bere so a na ɔsom wɔ Yuda Hene Sedekia a wanni nokware no ahemfie no dii nsɛm no ho hwɛ. Ebed-Melek hui sɛ Yuda asafohene atwa atoro ato odiyifo Yeremia so sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo ma wɔde no ato abura mu sɛ ɔkɔm nkum no. (Yeremia 38:1-7) Esiane sɛ na Ebed-Melek nim sɛ ɛyɛ asɛm a Yeremia reka no nti na nkurɔfo tan no denneennen no, ɔde ne nkwa too asiane mu kɔɔ ɔhene no anim kɔsrɛ maa Yeremia. Etiopiani no de akokoduru kae sɛ: “Me wura ɔhene, nea mmarima yi de ayɛ odiyifo Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔatow no akyene amoa mu sɛ ɔkɔm nkum no, nea ɔwɔ hɔ, efisɛ aduan bi nni kurom bio.” Ɔhene no hyɛe sɛ Ebed-Melek ne mmarima 30 nkoyi Onyankopɔn diyifo no.—Yeremia 38:8-13.

7 Yehowa hui sɛ na Ebed-Melek wɔ ne mu gyidi, na ɛno na ɛboaa no ma oyii onipa ho suro a ebia na ɔwɔ no fii hɔ. Enti, Yehowa ani sɔɔ Ebed-Melek, na ɔnam Yeremia so ka kyerɛɛ no sɛ: “Merema me nsɛm no aba mu kurow yi so, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yiye . . . ɛda no, meyi wo, . . . na wɔremfa wonhyɛ mmarima a wusuro wɔn anim no nsa. Na ofi na mɛma woafi mu afi, . . . ; na wo kra bɛdan wo asade, efisɛ wode wo ho too me so.” (Yeremia 39:16-18) Yiw, Yehowa gyee Ebed-Melek ne Yeremia fii Yuda asafohene no nsam, na akyiri yi, ɔyɛɛ saa ara bere a Babilonfo sɛee Yerusalem pasaa no. Dwom 97:10 ka sɛ: ‘Yehowa hwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam.’

“W’agya a Ɔhwɛ Kokoam no Betua Wo Ka”

8, 9. Sɛnea Yesu yɛɛ ho nhwɛso no, mpaebɔ bɛn na ɛsɔ Yehowa ani?

8 Nea Bible ka fa mpaebɔ ho no ma yetumi hu adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ani sɔ ɔsom a yɛde ma no no, na ɛsom bo ma no. Onyansafo no kae sɛ: “Abɔnefo afɔre yɛ [Onyankopɔn] akyide, na tẽefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde.” (Mmebusɛm 15:8) Wɔ Yesu bere so no, na nyamesom akannifo pii bɔ mpae wɔ baguam a na ɛnyɛ koma pa na wɔde yɛ saa, na mmom na wɔpɛ sɛ wɔsɔ nnipa ani ntia. Yesu kae sɛ: “Wɔanya wɔn akatua nyinaa awie.” Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Nanso wo de, sɛ worebɔ mpae a kɔ wo pia mu, na woato wo pon mu no, bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpae; ɛno na w’Agya a ɔhwɛ kokoam no betua wo ka.”—Mateo 6:5, 6.

9 Nanso, na ɛnyɛ sɛ Yesu rekasa atia mpae a wɔbɔ wɔ baguam, efisɛ bere bi ɔno ankasa bɔɔ mpae wɔ baguam. (Luka 9:16) Sɛ yefi koma pa mu bɔ Yehowa mpae, na ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ afoforo ani nti a, Yehowa ani sɔ kɛse. Nokwarem no, mpae a yɛbɔ wɔ kokoam no na ɛkyerɛ sɛnea yɛdɔ Onyankopɔn ankasa ne sɛnea yɛwɔ ne mu ahotoso fa. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ mpɛn pii no na Yesu hwehwɛ baabi na ɔno nkutoo kɔbɔ mpae wɔ hɔ. Bere bi, ɔkɔbɔɔ mpae “anɔpatutuutu a anim ntetewee.” Bere foforo nso, “ɔno nko ara kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae.” Ansa na Yesu repaw n’asomafo 12 no, ɔno nkutoo bɔɔ mpae anadwo mu no nyinaa.—Marko 1:35; Mateo 14:23; Luka 6:12, 13.

10. Ahotoso bɛn na yebetumi anya bere a yefi komam bɔ mpae na yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani no?

10 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yehowa yɛɛ aso tiee mpae a ne Ba no fii komam bɔe no! Nokwarem no, mmere bi wɔ hɔ a Yesu de “nteɛm a emu yɛ den ne nusu” bɔɔ mpae, “na ne nyamesuro nti, wotiee no.” (Hebrifo 5:7; Luka 22:41-44) Sɛ nea enti a yefi yɛn komam bɔ mpae a ɛte saa ne sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛnde yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn soro Agya no bɛyɛ aso atie yɛn, na n’ani asɔ. Yiw, “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a . . . wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.”—Dwom 145:18.

11. Yehowa te nka dɛn wɔ nneɛma a yɛyɛ wɔ kokoam no ho?

11 Sɛ yɛbɔ mpae kokoam na Yehowa ani sɔ a, ɛnde hwɛ sɛnea sɛ yɛyɛ ade a ɔpɛ wɔ kokoam a n’ani bɛsɔ kɛse! Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa hu nea yɛyɛ wɔ kokoam no ankasa. (1 Petro 3:12) Nokwarem no, sɛ yedi nokware na yɛyɛ nea Yehowa pɛ wɔ kokoam a, ɛnna ɛkyerɛ sɛ yɛde “koma mũ,” koma a emu tew na ɛpɛ adetrenee na ɛresom no. (1 Beresosɛm 28:9) Hwɛ sɛnea sɛ yɛbɔ yɛn bra saa a, ɛma Yehowa koma tɔ ne yam!—Mmebusɛm 27:11; 1 Yohane 3:22.

12, 13. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn adwene ne yɛn koma ho ban te sɛ osuani nokwafo Natanael?

12 Ɛno nti, nokware Kristofo hwɛ wɔn ho yiye wɔ bɔne a wɔyɛ wɔ kokoam a ɛsɛe adwene ne koma a ebi ne nguamansɛm ne basabasayɛ a wɔhwɛ ho. Ɛwom sɛ yebetumi ayɛ bɔne ahorow bi de asie nnipa de, nanso yenim pefee sɛ “abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim, na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.” (Hebrifo 4:13; Luka 8:17) Sɛ yɛbɔ mmɔden twe yɛn ho fi nneɛma a ɛnsɔ Yehowa ani ho a, yenya ahonim pa, na yɛn ani gye, efisɛ yenim sɛ Onyankopɔn ani sɔ yɛn. Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ani sɔ onipa a “ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware” no ankasa.—Dwom 15:1, 2.

13 Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛn adwene ne yɛn koma ho ban wɔ wiase a abɔnefosɛm ahyɛ mu ma yi mu? (Mmebusɛm 4:23; Efesofo 2:2) Bere a yɛde yɛn ho ahyɛ nhyehyɛe biara a Yehowa ayɛ ama yɛn a ɛhyɛ yɛn gyidi den mu akyi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paa nso sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi bɔne ho na yɛayɛ papa, na yɛayɛ ntɛm ayi akɔnnɔ bɔne biara a ɛbɛba yɛn komam afi hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrennye ntini wɔ yɛn mu mma yɛnkɔyɛ bɔne. (Yakobo 1:14, 15) Sɛ wo na Yesu kaa asɛm a ɔka kyerɛɛ Natanael yi kyerɛɛ wo a, hwɛ sɛnea anka w’ani begye afa. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, [ɔbarima] ankasa a nnaadaa nni ne mu ni.” (Yohane 1:47) Akyiri yi, Natanael a wɔsan frɛ no Bartolomeo no bɛyɛɛ Yesu asomafo 12 no mu biako.—Marko 3:16-19.

Ɔsɔfopɔn Mmɔborohunufo ne Ɔnokwafo’

14. Dɛn na Yesu yɛe bere a afoforo kasa tiaa nea Maria yɛe no?

14 Esiane sɛ Yesu yɛ Yehowa ‘Nyankopɔn a wonhu no no suban’ nti, bere nyinaa na osuasua n’Agya wɔ sɛnea na n’ani sɔ wɔn a wofi koma pa mu som Onyankopɔn no ho. (Kolosefo 1:15) Sɛ nhwɛso no, aka nnanum ama wɔakum Yesu no, wɔtoo nsa frɛɛ ɔne n’asuafo no bi kɔɔ Simon fie wɔ Betania. Eduu anwummere no, Maria a ɔyɛ Lasaro ne Marta nuabea no “faa ngo huamhuam, nardo ngohuam mapa, nkaribo biako a ne bo yɛ den” (bɛyɛ afe akatua), na ohwie guu Yesu tirim ne ne nan ho. (Yohane 12:3) Ebinom kae sɛ: “Adesɛe yi nso ɛ?” Nanso, Yesu de, wammu nea Maria yɛe no sɛ ɛyɛ adesɛe. Mmom no, obuu no sɛ ɛyɛ ayamye kɛse ne ade a ɛho hia yiye esiane ne wu ne ne sie a na abɛn no nti. Enti, sɛ́ anka Yesu bɛkasa atia Maria no, ɔkamfoo no mmom. Yesu kae sɛ: “Baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no, wɔbɛka nea ɔbea yi ayɛ nso de akae no.”—Mateo 26:6-13.

15, 16. Mfaso bɛn na yenya fi asase so a Yesu bae bɛsom Onyankopɔn sɛ onipa no so?

15 Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛanya Yesu a ɔkyerɛ anisɔ no sɛ yɛn Kannifo! Nokwarem no, ɔsoro a Yesu trae ansa na ɔrebɛyɛ onipa no siesiee no maa adwuma a na Yehowa de bɛma no no. Nea edi kan no, na ɔbɛyɛ Ɔsɔfopɔn ne Ɔhene wɔ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no so ne afei wiase nyinaa nso.—Kolosefo 1:13; Hebrifo 7:26; Adiyisɛm 11:15.

16 Ansa na Yesu reba asase so no, na n’ani gye adesamma ho kɛse, na na n’ani ka nnipa mu paa. (Mmebusɛm 8:31) Onipa a Yesu bɛyɛe no ma ɔtee sɔhwɛ ahorow a yɛfa mu de yɛ Onyankopɔn som adwuma no ase yiye. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ne saa nti ɛho behiae sɛ [Yesu yɛ] sɛ ne ‘nuanom’ ade nyinaa mu, na wayɛ sɔfopɔn mmɔborohunufo ne ɔnokwafo . . . Na esiane sɛ n’ankasa huu amane bere a wɔsɔɔ no hwɛe no nti, obetumi atwitwa agye wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.” Yesu betumi ‘ate yɛn mmerɛwyɛ ase,’ efisɛ “wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho.”—Hebrifo 2:17, 18; 4:15, 16.

17, 18. (a) Nsɛm bɛn na ɛwɔ nkrataa a wɔkyerɛw kɔmaa asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia Kumaa no mu a ɛma yehu sɛ Yesu wɔ anisɔ kɛse ma n’asuafo? (b) Adwuma bɛn na na wɔresiesie Kristofo a wɔasra wɔn no ma wɔayɛ?

17 Bere a wonyanee Yesu akyi no, ɔbɛtee sɔhwɛ ahorow a n’akyidifo fa mu no ase yiye. Susuw ne nkrataa a ɔmaa ɔsomafo Yohane kyerɛw asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia Kumaa no ho hwɛ. Yesu ka kyerɛɛ Smirna asafo no sɛ: “Minim w’ahohiahia ne wo hia.” Nea na Yesu reka ankasa ne sɛ, ‘Mete ɔhaw a worehyia no ase koraa; minim nsɛnnennen a worehyia no ankasa.’ Afei, esiane sɛ na Yesu ankasa afa amanehunu mu akodu owu mu nti, ofi ayamhyehye mu maa wɔn awerɛhyem paa sɛ: “Di nokware kosi owu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.”—Adiyisɛm 2:8-10.

18 Nsɛm pii wɔ nkrataa a wɔkyerɛw kɔmaa asafo ahorow ason no mu a ɛkyerɛ sɛ Yesu nim sɔhwɛ ahorow a n’asuafo rehyia, na n’ani sɔ sɛnea wɔredi nokware no ankasa. (Adiyisɛm 2:1–3:22) Kae sɛ, wɔn a na Yesu rekasa akyerɛ wɔn no yɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne no bedi hene wɔ soro no. Ná wɔresiesie wɔn nso te sɛ wɔn Wura no ama adwuma kɛse a ɛno ne sɛ wɔde ayamhyehye kɛse bɛboa adesamma a wɔyare no ma wɔanya Kristo agyede no so mfaso.—Adiyisɛm 5:9, 10; 22:1-5.

19, 20. Dɛn na “nnipakuw kɛse” no mufo yɛ de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ Yehowa ne ne Ba no?

19 Nokwarem no, Yesu dɔ n’akyidifo a wɔasra wɔn no. Saa ara nso na ɔdɔ ne “nguan foforo” anokwafo a wɔn mu ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no na wɔbɛyɛ “nnipakuw kɛse” ‘a wofi amanaman nyinaa mu,’ a wobenya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9, 14) Esiane sɛ nnipakuw kɛse yi ani sɔ Yesu agyede afɔrebɔ no na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa nti na wɔba Yesu nkyɛn. Dɛn na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔwɔ anisɔ? Nea wɔyɛ de kyerɛ saa ne sɛ, “wɔsom [Onyankopɔn] awia ne anadwo.”—Adiyisɛm 7:15-17.

20 Wɔahyehyɛ ɔsom adwuma a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa wɔ afe 2006 ɔsom afe mu no ho akontaabu wɔ kratafa 27 kosi 30. Eyi ma yehu pefee sɛ, saa asomfo anokwafo yi resom Yehowa “awia ne anadwo” ampa. Nokwarem no, wɔ saa afe no mu no, wɔne Kristofo a wɔasra wɔn kakraa bi a wɔda so wɔ asase so no de nnɔnhwerew 1,333,966,199 na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no—sɛ wɔde kɔ mfe mu a ɛbɛboro mfe 150,000!

Kɔ so Kyerɛ Anisɔ!

21, 22. (a) Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ wɔn ho yiye wɔ ho paa na ama wɔatumi akyerɛ nea Yehowa ayɛ ama wɔn no ho anisɔ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Yehowa ne ne Ba no ada anisɔ kɛse adi wɔ sɛnea wɔne nnipa a wɔnyɛ pɛ di nsɛm no mu ma ɛyɛ nwonwa ankasa. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ nnipa dodow no ara na wonsusuw Onyankopɔn ho, mmom no wɔde wɔn adwene si wɔn ankasa ahiade so. Bere a Paulo reka nnipa a wɔbɛtra ase wɔ “nna a edi akyiri mu” ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa bɛyɛ ahopɛ koraa, wɔn ani bɛbere sika, . . . Wɔbɛyɛ nnipa a wonni ayɛ koraa.” (2 Timoteo 3:1-5, Phillips) Hwɛ sɛnea ɛsono nokware Kristofo koraa wɔ nnipa a Paulo kaa wɔn ho asɛm no ho! Nokware Kristofo de, wofi wɔn komam bɔ mpae, fi wɔn pɛ mu yɛ osetie, na wofi wɔn kra nyinaa mu som Onyankopɔn de kyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama wɔn no nyinaa.—Dwom 62:8; Marko 12:30; 1 Yohane 5:3.

22 Yebesusuw nneɛma pii a Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ a ɛma yetumi som no no bi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu. Bere a yesusuw “akyɛde pa” yi nyinaa ho no, ɛmmra sɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu bɛyɛ den kɛse.—Yakobo 1:17.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔnyɛ bonniayɛ?

• Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa koma atɔ ne yam bere a yɛwɔ kokoam no?

• Akwan bɛn so na Yesu daa anisɔ adi?

• Ɔkwan bɛn so na asase so a Yesu bae sɛ onipa no boaa no ma ɔbɛyɛɛ sodifo a ɔwɔ ayamhyehye na ɔnyɛ bonniayɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Sɛnea ɛna bi ani gye ade ketewaa bi a ne ba yɛ ma no ho no, saa ara na sɛ yefi yɛn ahoɔden nyinaa mu som Yehowa a, n’ani sɔ