Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Bible no nka kuruwa a nsa wom a wɔma so de srɛ nhyira ma obi no ho asɛm a, dɛn nti na Yehowa Adansefo nnyɛ saa?

Ɛwom sɛ kuruwa a nsa wom a wɔma so de srɛ nhyira ma obi no yɛ adeyɛ a akyɛ na ɛkɔ so wɔ aman pii mu de, nanso ebia ɛsono sɛnea wɔyɛ no wɔ ɔman biara mu. Ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wɔyɛ saa no ma wɔn nkuruwa a nsa wom no so de bobom. Onipa a ɔresrɛ nhyira ama obi no taa srɛ anigye, ahoɔden, nkwatenten ne nea ɛtete saa ma no. Afoforo a wɔahyiam wɔ hɔ no betumi abɔ agye so anaa wɔama wɔn nkuruwa a nsa wom no so de akyerɛ sɛ wɔpene so ansa na wɔanom nsa no. Wɔ nnipa pii fam no, wɔfa no sɛ asɛm biara nni amanne yi ho, anaa wobu no sɛ adeyɛ bi a ɛkyerɛ sɛ obi ani abue, nanso Yehowa Adansefo wɔ nnyinaso pa a enti wɔnyɛ saa.

Ɛnyɛ sɛ Kristofo mpɛ sɛ obi benya anigye anaa ebesi no yiye. Wɔ krataa a sodikuw no kyerɛw kɔmaa asafo ahorow wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔde asɛm a ebetumi akyerɛ “asomdwoe nka mo,” anaa “ensi mo yiye” na ewiee krataa no. (Asomafo Nnwuma 15:29) Onyankopɔn asomfo anokwafo binom ka kyerɛɛ wɔn ahemfo sɛ: “Me wura . . . nnya nkwa daa!” anaa “Ɔhene tiri nkwa nkosi daa!”—1 Ahene 1:31; Nehemia 2:3.

Ɛnde kuruwa a nsa wom a wɔma so de srɛ nhyira ma obi no fi he na ɛbae? January 1, 1968, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no faa nhoma bi mu asɛm kae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ nsa a wɔnom de srɛ nhyira ma obi no fi tete nyamesom amanne a na wɔnom nsa de di anyame ne awufo ni no mu. Sɛ Helafo ne Romafo redidi a, na wogu nsa ma wɔn anyame, na sɛ wɔtow pon wɔ afahyɛ bere mu nso a, na wɔnom nsa de di anyame ne awufo no ni.” Nhoma no toaa so sɛ: “Ná wɔnom nsa de srɛ nhyira ma ateasefo nso de ka nsa a wɔnom de di anyame ne awufo ni no ho.”—The Encyclopædia Britannica (1910), Po 13, kratafa 121.

So wɔda so ara yɛ? Nhoma foforo bi a wɔkyerɛw no 1995 ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ [kuruwa a nsa wom a wɔma so de srɛ nhyira ma obi no] yɛ tete amanne a wɔnam so de nsa anaa mogya ma anyame de hwehwɛ biribi fi wɔn nkyɛn. Ná eyi yɛ mpae tiaa a wɔka nsɛm te sɛ ‘nkwatenten!’ anaa ‘mo nkwa so!’ wom.”—International Handbook on Alcohol and Culture.

Nokwarem no, sɛ ade bi, biribi, anaa adeyɛ bi fi tete atorosom mu anaa ɛne no di nsɛ a, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ sɛ nokware somfo ntumi mfa nni dwuma. Susuw aduaba bi a ɛte sɛ ateaa no ho hwɛ. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu kɔ akyiri ka sɛ: “Ɛte sɛ nea na aduaba a ɛte sɛ ateaa no yɛ abosonsom mu sɛnkyerɛnnede.” Nanso Onyankopɔn ma wɔde asaawa yɛɛ ateaa sɛso twaa ɔsɔfo panyin no atade ano hyiae, na wɔyɛɛ bi nso guu Salomo asɔrefie kɔbere dum no ho. (Exodus 28:33; 2 Ahene 25:17) Bio nso, bere bi a atwam no na wobu kawa a ayeforo ne ne kunu hyɛ no sɛ ɔsom mu adeyɛ. Nanso ɛnnɛ nnipa pii nnim no saa, wobu ayeforo kawa sɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ obi aware ara kwa.

Na nsa a wɔde di dwuma wɔ nyamesom mu nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, bere bi Baal asomfo a wofi Sekem ‘kɔɔ wɔn anyame fi, na wodidi nomee, na wɔdomee Abimelek,’ Gideon ba no. (Atemmufo 9:22-28) Wususuw sɛ na obi a odi Yehowa nokware ne wɔn bɛbom anom nsa wɔ saa kwan no so, na ebia wasrɛ wɔn anyame no sɛ wɔnnome Abimelek? Amos reka bere a Israelfo pii tew Yehowa so atua ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔda . . . afɔrebukyia nyinaa nkyɛnmu, na wɔnonnom wɔn a wɔabɔ wɔn ka nsã, wɔn anyame fie.” (Amos 2:8, Asante Twi) Sɛ́ ebia woguu nsa maa wɔn anyame anaa wɔnom de dii wɔn ni no, so anka nokware asomfo de wɔn ho bɛhyɛ ade a ɛte saa mu? (Yeremia 7:18) Anaasɛ so nokware somfo bɛma kuruwa a nsa wom so na wasrɛ anyame sɛ wonhyira obi anaa ensi no yiye daakye?

Ɛtɔ mmere bi a na Yehowa asomfo ma wɔn nsa so de hwehwɛ nhyira. Wɔmaa wɔn nsa so kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no. Yɛkenkan sɛ: “Na Salomo gyinaa [Yehowa, NW] afɔremuka no anim, . . . na ɔtrɛw ne nsam kɔɔ ɔsoro kae sɛ: [Yehowa, NW] Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro . . . sɛ wo . . . Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotɔsrɛ a wɔde rebɔ mpae akyerɛ ha yi, na wo de, tie wɔ wo trabea ɔsoro, na wote a, fa firi!” (1 Ahene 8:22, 23, 30) Saa ara na “Esra hyiraa [Yehowa, NW] . . . Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! na wɔmomaa wɔn nsa so; na wɔkotow sɔree [Yehowa, NW].” (Nehemia 8:6; 1 Timoteo 2:8) Ɛda adi sɛ saa anokwafo no ammoma wɔn nsa so ankɔ soro amfa anhwehwɛ nhyira amfi siade nyame bi hɔ.—Yesaia 65:11.

Ɛnnɛ, ebia nnipa pii a wɔma nkuruwa a nsa wom so de srɛ nhyira ma obi no nni adwene sɛ wɔrehwehwɛ biribi anaa nhyira afi onyame bi hɔ de, nanso wontumi nkyerɛ nea enti a wɔmoma wɔn nkuruwa a nsa wom no so kɔ soro no nso ase. Ne nyinaa akyi no, asɛm yi a saafo no nsusuw ho yiye no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo suasua nea wɔyɛ no.

Yehowa Adansefo nim sɛ nneɛma bi wɔ hɔ nso a nnipa dodow no ara yɛ a ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyem. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii di ɔman agyiraehyɛde ni anaasɛ wokyia frankaa; na wommu eyi sɛ ɔsom mu adeyɛ. Nokware Kristofo nsiw nnipa a wɔyɛ saa no kwan, nanso wɔn ankasa mfa wɔn ho nhyem. Esiane sɛ Adansefo pii nim bere a adeyɛ a ɛte saa betumi akɔ so nti, wɔnkɔ hɔ koraa mpo na ahaw afoforo. Sɛnea ɛte biara no, wɔasi wɔn bo sɛ wɔrenyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔde redi ɔman no ni a ɛne Bible no nhyia. (Exodus 20:4, 5; 1 Yohane 5:21) Ɛnnɛ, ebia nnipa pii mmu kuruwa a nsa wom a wɔma so de srɛ nhyira ma obi no sɛ ɛne nyamesom wɔ biribi yɛ. Nanso Kristofo wɔ nnyinaso pa a enti wɔmfa wɔn ho nhyɛ adeyɛ a ɛte saa a efi nyamesom mu a ɛnnɛ mpo wobu no sɛ nea wɔrebisa “ɔsoro” de ahwehwɛ nhyira, te sɛ nea wɔrehwehwɛ mmoa afi tumi bi a ɛboro nnipa de so hɔ.—Exodus 23:2.