Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Okununom—Munsuasua Kristo Tiyɛ No

Okununom—Munsuasua Kristo Tiyɛ No

Okununom—Munsuasua Kristo Tiyɛ No

“Ɔbarima biara ti ne Kristo.”—1 KORINTOFO 11:3.

1, 2. (a) Dɛn na yebetumi de ahu sɛ obi yɛ okunu pa? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware?

DƐN na wode behu sɛ obi yɛ okunu pa? Ne nimdeɛ anaa n’ahoɔden? Sɛnea otumi pɛ sika ba fie? Anaasɛ ne titiriw no, ɔkwan a ɔfa so da ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛ ne yere ne ne mma? Esiane sɛ wiase no su ne nnipa nsusuwii anya mmarima pii so nkɛntɛnso nti, wɔtɔ sin wɔ sɛnea wɔda ɔdɔ ne ayamye adi kyerɛ wɔn yerenom ne wɔn mma no mu. Dɛn na ama aba saa? Ne titiriw ne sɛ, wonnye nea ɔhyehyɛɛ aware a ɔde “mparow a oyi fii onipa mu no yɛɛ ɔbea, na ɔde no brɛɛ onipa no” akwankyerɛ ntom, na wɔmfa nyɛ adwuma nso.—Genesis 2:21-24.

2 Yesu Kristo sii Bible mu asɛm a ɛfa sɛnea Onyankopɔn hyehyɛɛ aware no so dua bere a ɔka kyerɛɛ ne bere so akasatiafo no sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase, na ɔkae sɛ, ‘Eyi nti na onipa begyaw ne papa ne ne maame na wakɔbata ne yere ho, na baanu no ayɛ honam biako’? Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam biako. Enti nea Onyankopɔn aka abom [wɔ aware mu] no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mateo 19:4-6) Nokwasɛm ni, ade a ɛbɛma yɛn aware asɔ ne sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware, na sɛ ebesi yɛn yiye a, gye sɛ yɛde akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no yɛ adwuma.

Nea Ɛma Obi Yɛ Okunu Pa

3, 4. (a) Dɛn nti na Yesu nim aware ho nsɛm pii? (b) Hena ne Yesu sɛnkyerɛnne kwan so yere no, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okununom ne wɔn yerenom di nsɛm?

3 Nea ɛbɛboa obi ma wayɛ okunu pa ne sɛ obesusuw nea Yesu kae no ho na wasuasua nea ɔyɛe. Ɔwɔ aware ho nimdeɛ pii efisɛ bere a wɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan na wɔkaa wɔn boom sɛ awarefo no, na ɔwɔ hɔ. Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso.’ (Genesis 1:26) Nokwarem no, na Onyankopɔn rekasa akyerɛ Onii a Ɔbɔɔ no ansa na ɔrebɔ obiara anaa biribiara, bere a na ‘ɔwɔ ne nkyɛn sɛ ne dɔba’ anaa odwumayɛni a ne ho akokwaw no. (Mmebusɛm 8:22-30) Oyi ne “abɔde nyinaa mu abakan.” Ɔno ne “Onyankopɔn adebɔ mfiase,” na na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ amansan yi mpo.—Kolosefo 1:15; Adiyisɛm 3:14.

4 Wɔfrɛ Yesu “Onyankopɔn Guammaa,” na sɛnkyerɛnne kwan so no wɔka ne ho asɛm sɛ okunu. Bere bi ɔbɔfo bi kae sɛ: “Bra na menkyerɛ wo ayeforo no, Oguammaa no yere no.” (Yohane 1:29; Adiyisɛm 21:9) Ɛnde, hena ne saa ayeforo no anaa ne yere no? Kristo akyidifo anokwafo a wɔasra wɔn a wɔne no bedi ade wɔ ne soro ahenni no mu no na wɔka bom yɛ “Oguammaa no yere no.” (Adiyisɛm 14:1, 3) Enti sɛ okununom ne wɔn yerenom redi nsɛm a, ɛsɛ sɛ wosuasua sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii nsɛm bere a na ɔne wɔn wɔ asase so no.

5. Yesu yɛ nhwɛso ma henanom?

5 Nokwarem no, wɔka Yesu ho asɛm wɔ Bible mu sɛ ɔyɛ nhwɛso ma n’akyidifo nyinaa. Yɛkenkan sɛ: “Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso a mode bedi n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Petro 2:21) Nanso ɔyɛ nhwɛso ma mmarima titiriw. Bible ka sɛ: “Ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Nyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Esiane sɛ ɔbarima ti ne Kristo nti, ehia sɛ okununom suasua no. Enti sɛ ebesi abusua no yiye na wɔanya anigye a, ɛsɛ sɛ wɔde tiyɛ ho nhyehyɛe no yɛ adwuma. Eyi nti, ɛsɛ sɛ okununom ne wɔn yerenom di no ɔdɔ kwan so sɛnea Yesu ne ne sɛnkyerɛnne kwan so yere, n’akyidifo a wɔasra wɔn no di no.

Sɛnea Wobedi Aware mu Nsɛnnennen Ho Dwuma

6. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okununom ne wɔn yerenom tra?

6 Wɔ wiase a ɛnnɛ ɔhaw ahyɛ mu ma mu no, ɛsɛ sɛ okununom titiriw suasua Yesu boasetɔ, ɔdɔ, ne sɛnea osi pi wɔ adetreneeyɛ ho no. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛdefa nhwɛso a Yesu gyaw yɛn ho no, yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ: “Mo okununom, monkɔ so ne [mo yerenom] ntra saa ara wɔ nimdeɛ mu.” (1 Petro 3:7) Nokwarem no, ehia sɛ okununom de nimdeɛ di aware mu nsɛnnennen ho dwuma sɛnea Yesu hyiaa nsɛnnennen a ɔyɛe no ara pɛ. Ohyiaa sɔhwɛ pii sen onipa biara, nanso na onim sɛ ne nyinaa fi Satan, n’adaemone, ne wiase bɔne yi. (Yohane 14:30; Efesofo 6:12) Sɔhwɛ a Yesu hyiae no mu biara anyɛ no nwonwa da, enti sɛ awarefo ho ‘hiahia wɔn ɔhonam mu’ a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wɔn nwonwa. Bible bɔ kɔkɔ sɛ wɔn a wɔware no betumi ahyia sɔhwɛ a ɛte saa.—1 Korintofo 7:28.

7, 8. (a) Nimdeɛ mu a ɛsɛ sɛ okununom ne wɔn yerenom tra no kyerɛ dɛn? (b) Dɛn nti na ɛfata sɛ wodi ɔyerenom ni?

7 Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ okununom ne wɔn yerenom tra ‘wɔ nimdeɛ mu, na wodi ɔbea no ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw.’ (1 Petro 3:7) Sɛ́ anka okunu bedi ne yere so wɔ atirimɔden so sɛnea Bible kae sɛ mmarima dodow no ara bɛyɛ no, ɛsɛ sɛ okunu a ɔpɛ sɛ onya Onyankopɔn anim dom no di ne yere ni. (Genesis 3:16) Ɛsɛ sɛ obu no sɛ ade a ɛsom bo, na ɛnsɛ sɛ ɔde n’ahoɔden sisi no. Mmom no, obesusuw ne nkate ho, na bere nyinaa ɔne no adi wɔ obu ne nidi mu.

8 Dɛn nti na ɛfata sɛ okununom di wɔn yerenom ni? Bible bua sɛ: “Efisɛ mo ne wɔn nyinaa yɛ nkwa a wɔde adom mo no adedifo, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7) Ɛsɛ sɛ okununom hu sɛ Yehowa mmu ɔbarima a ɔsom No no sɛ ɔkorɔn sen ɔbea a ɔno nso som no no ɔkwan biara so. Mmea a wɔwɔ Onyankopɔn anim dom no ne mmarima nyinaa benya daa nkwa sɛ akatua—wɔn mu pii mpo benya ɔsoro asetra, baabi a “ɔbarima nni hɔ na ɔbea nni hɔ.” (Galatifo 3:28) Enti ɛsɛ sɛ okununom kae sɛ ɛyɛ nokwaredi na ɛma obi som bo Onyankopɔn anim, na ɛnyɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima, ɔbea anaa mpo abofra nti.—1 Korintofo 4:2.

9. (a) Sɛnea Petro kyerɛ no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ okununom di wɔn yerenom ni? (b) Dɛn na Yesu yɛe de dii mmea ni?

9 Ɔsomafo Petro nsɛm, “na mo mpaebɔ kwan ansiw” a ɔde wiee 1 Petro 3:7 no si hia a ehia sɛ okunu di ne yere ni no so dua. Hwɛ aniberesɛm a eyi betumi ayɛ! Ebetumi ama okunu bi mpaebɔ ho kwan asiw sɛnea ɛtoo Onyankopɔn asomfo binom a wɔantie no tete no. (Kwadwom 3:43, 44) Nyansa wom sɛ Kristofo mmarima a wɔaware ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no nyinaa sua sɛnea Yesu ne mmea dii nsɛm wɔ nidi mu no. Ɔde wɔn kaa kuw a ɔne wɔn yɛɛ asɛnka adwuma no ho, na ɔne wɔn dii no ayamye ne obu so. Bere bi mpo, Yesu dii kan daa nokwasɛm bi a ɛyɛ nwonwa adi kyerɛɛ mmea, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ mmarima no!—Mateo 28:1, 8-10; Luka 8:1-3.

Ɔyɛ Nhwɛso Ma Okununom Titiriw

10, 11. (a) Dɛn nti na ehia sɛ okununom titiriw suasua Yesu nhwɛso? (b) Dɛn na okununom betumi ayɛ de ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn yerenom?

10 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Bible de okunu ne ne yere ntam abusuabɔ toto Kristo ne ‘n’ayeforo,’ a ɛyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no ho. Bible ka sɛ: “Okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no.” (Efesofo 5:23) Ɛsɛ sɛ nsɛm yi hyɛ okununom nkuran ma wɔhwehwɛ sɛnea Kristo dii n’akyidifo no so no mu. Saa nhwehwɛmu a okununom bɛyɛ yi nkutoo na ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi adi Yesu nhwɛso akyi, na wɔde akwankyerɛ ama wɔn yerenom, ne wɔn adi wɔ ɔdɔ mu, na wɔahwɛ wɔn so sɛnea Yesu yɛɛ n’asafo no.

11 Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ mae no.” (Efesofo 5:25) Wɔfrɛ “asafo no” “Kristo nipadua” wɔ Efesofo ti 4. Sɛnkyerɛnne kwan so nipadua yi wɔ nkwaa bebree a wɔyɛ mmea ne mmarima, na wɔn nyinaa boa ma nipadua no yɛ adwuma yiye. Yesu ne “nipadua no, asafo no, ti.”—Efesofo 4:12; Kolosefo 1:18; 1 Korintofo 12:12, 13, 27.

12. Dɛn na Yesu yɛe de daa ɔdɔ adi kyerɛɛ ne sɛnkyerɛnne kwan so nipadua no?

12 Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ ne sɛnkyerɛnne kwan so nipadua, “asafo no,” ne titiriw no, denam sɛnea ɔhwɛ dii wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ n’asafo mufo no ahiade ho dwuma so no. Sɛ nhwɛso no, bere a na n’asuafo no abrɛ no, ɔkae sɛ: “Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.” (Marko 6:31) Yesu asomafo no mu baako reka nea Yesu yɛe bere a aka bere tiaa bi ma wɔakum no no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yesu a na ɔdɔ n’ankasa ne de [ne sɛnkyerɛnne kwan so nipadua nkwaa no] . . . , dɔɔ wɔn kosii awiei.” (Yohane 13:1) Nhwɛso pa a Yesu yɛ maa okununom wɔ sɛnea wɔne wɔn yerenom bedi nsɛm bɛn ara ni!

13. Ɔkwan bɛn so na wotu okununom fo sɛ wɔnnɔ wɔn yerenom?

13 Ɔsomafo Paulo kɔɔ so de nhwɛso a Yesu yɛ maa okununom no tuu wɔn fo sɛ: “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, na onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔhwɛ so ma n’ani kũ ho sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.” Paulo de kaa ho sɛ: “Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere te sɛ ne ho.”—Efesofo 5:28, 29, 33.

14. Dɛn na okunu yɛ n’ankasa ne nipadua a ɛtɔ sin no, na dɛn na eyi kyerɛ no wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne yere ho?

14 Wode susuw Paulo nsɛm no ho hwɛ. So obi a n’adwenem da hɔ ahyɛ da apira ne ho pɛn? Sɛ obi hintiw a, so ne bo fuw ne nansoaa? Dabida! Okunu bɛn na ogu ne ho anim ase anaa ɔsopa ne ho kyerɛ ne nnamfo? Ebi nsii da! Ɛnde dɛn nti na sɛ ne yere di mfomso a, obetwa no adapaa anaa ɔbɛhwe no? Ɛnsɛ sɛ okununom susuw wɔn nkutoo ho, na mmom ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn yerenom nso ho bi.—1 Korintofo 10:24; 13:5.

15. (a) Dɛn na Yesu yɛe bere a n’asuafo no daa mmerɛwyɛ adi no? (b) Dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu?

15 Susuw sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii nsɛm bere a wɔdaa mmerɛwyɛ adi anadwo a na ɔrebewu no ho hwɛ. Ɛmfa ho sɛ ɔka kyerɛɛ wɔn mpɛn pii sɛ wɔmmɔ mpae no, wɔdedae ma onyanee wɔn mprɛnsa wɔ Getsemane turo no mu. Mpofirim ara na mmarima a wokurakura akode betwaa wɔn ho hyiae. Yesu bisaa mmarima no sɛ: “Hena na morehwehwɛ no?” Bere a wobuae sɛ: “Yesu, Nasareni no,” ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene no.” Esiane sɛ na onim sɛ ‘dɔn adu’ sɛ wokum no no nti, ɔkae sɛ: “Sɛ me na morehwehwɛ me a, momma eyinom nkɔ.” Yesu ammu n’ani angu n’asuafo, a wɔn nso ka ne sɛnkyerɛnne kwan so ayeforo no ho no yiyedi so da, na ɔhwehwɛɛ ɔkwan a n’asuafo no bɛfa so aguan maa wɔn. Sɛ okununom sua sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii nsɛm no a, wobehu nnyinasosɛm pii a ɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne wɔn yerenom di nsɛm fa.—Yohane 18:1-9; Marko 14:34-37, 41.

Yesu Dɔ Nnyina Nkate So

16. Ná Yesu ne Marta ntam te dɛn, nanso ɔkwan bɛn na ɔfaa so teɛɛ no so?

16 Bible no ka sɛ: “Na Yesu dɔ Marta ne ne nuabea ne Lasaro” a na wɔtaa to nsa frɛ no ba wɔn fie no. (Yohane 11:5) Nanso bere a Marta de n’adwene nyinaa sii aduan a na ɔreyɛ so ma enti wannya bere pii amma honhom fam nkyerɛkyerɛ a na Yesu de rema no, Yesu tuu no fo sɛ: “Marta, Marta, wodwennwene bebree na wode nneɛma bebree haw wo ho. Nanso, nneɛma kakraa bi na ehia, anaasɛ biako pɛ.” (Luka 10:41, 42) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔdɔ a na ɔwɔ ma Marta no ma ɛyɛɛ mmerɛw maa Marta sɛ obegye n’afotu no atom. Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom kasa kyerɛ wɔn yerenom wɔ ɔdɔ ne ayamye kwan so. Nanso sɛ ehia sɛ wɔteɛ wɔn so a, ɛfata sɛ wɔka nsɛm pefee kyerɛ wɔn sɛnea Yesu yɛe no.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na Petro kaa Yesu anim, na dɛn nti na na ehia sɛ wɔteɛ Petro so? (b) Asɛyɛde bɛn na okunu wɔ?

17 Bere foforo nso, Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ etwa sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii “mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no nsam na wokum no, na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.” Eyi maa Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim sɛ: “Awurade, ka asɛm pa ma wo ho; eyi remma wo so koraa.” Ɛda adi pefee sɛ nkate mu a Petro fi yɛɛ ade no amma wansusuw asɛm no ho yiye. Enti na ehia sɛ Yesu teɛ no so. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi m’ani so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wonnwene Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”—Mateo 16:21-23.

18 Nea na Onyankopɔn pɛ sɛ Yesu yɛ na Yesu kae no—sɛ́ obehu amane pii na wɔakum no. (Dwom 16:10; Yesaia 53:12) Enti Petro dii mfomso sɛ ɔkaa Yesu anim. Nokwarem no, na Petro hia nkaanim a emu yɛ den sɛnea ɛtɔ da bi a, yɛn nyinaa yehia no. Sɛ́ abusua ti no, okunu wɔ tumi na ɛyɛ n’adwuma sɛ ɔde nteɛso ma n’abusua mufo, a ne yere nso ka ho. Ebehia sɛ ɔde ne nan si fam de, nanso ɛsɛ sɛ ɔde nteɛso ma wɔ ɔdɔ ne ayamye kwan so. Enti sɛnea Yesu boaa Petro ma ɔteɛɛ ne nsusuwii no, ɛtɔ mmere bi a, ebehia sɛ okununom ne wɔn yerenom di nsɛm saa ara. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔyere bi ntadehyɛ anaa agude a ɔde siesie ne ho reyɛ aman afi nea ɛfata a Kyerɛwnsɛm no hyɛ ho nkuran no ho a, ebia ebehia sɛ ne kunu fi ayamye mu ma ohu nea enti a ehia sɛ ɔyɛ nsakrae.—1 Petro 3:3-5.

Mfaso wɔ so sɛ Okununom Nya Abotare

19, 20. (a) Asɛm bɛn na esii wɔ Yesu asomafo no ntam, na dɛn na Yesu yɛe wɔ ho? (b) Mmɔden a Yesu bɔe no kowiee dɛn?

19 Sɛ mfomso bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosiesie na okununom fi wɔn komam nyinaa boa ɔyerenom sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie a, ɛnsɛ sɛ okununom hwɛ kwan sɛ wobedi ho dwuma ntɛm ara. Egyee bere ne mmɔdenbɔ pii ansa na Yesu reteɛteɛ n’asomafo no suban ahorow. Sɛ nhwɛso no, akasakasa bi sɔree wɔ wɔn ntam, na bere a Yesu de ne som adwuma reba awiei no, ɛsan yii ne ti. Wogyee nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn ntam no ho akyinnye. (Marko 9:33-37; 10:35-45) Bere a ɛto so abien a wɔyɛɛ saa ma Yesu tuu wɔn fo akyi no, ankyɛ koraa na Yesu yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne wɔn bedi ne Twam a etwa to koraa wɔ kokoam. Saa bere no, wɔn mu biara ampɛ sɛ ɔbɛyɛ adwuma a ɛba fam a na wɔtaa yɛ a ɛne sɛ wɔbɛhohoro afoforo nan ho no. Enti Yesu yɛe. Na afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Magyaw mo nhwɛsode.”—Yohane 13:2-15.

20 Ɛda adi sɛ okununom a wɔbrɛ wɔn ho ase sɛ Yesu no yerenom ne wɔn bɛyɛ biako na wɔaboa wɔn. Nanso ehia sɛ wonya abotare. Anadwo no ara a wodii Twam no akyi no, asomafo no san gyee nea ɔyɛ wɔn mu kɛse no ho akyinnye. (Luka 22:24) Mpɛn pii no, egye bere na yɛatumi asesa yɛn suban. Nanso sɛ yetumi yɛ nsakrae sɛnea asomafo no yɛe no a, hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa!

21. Sɛ awarefo hyia nsɛnnennen nnɛ a, dɛn na wɔhyɛ okununom nkuran sɛ wɔnkae na wɔnyɛ?

21 Ɛnnɛ, awarefo rehyia nsɛnnennen sen bere biara. Wɔn mu pii mfa wɔn aware ntam no aniberesɛm bio. Enti ɛsɛ sɛ okununom susuw baabi a aware fi bae ho. Kae sɛ yɛn Nyankopɔn, Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no na ɔhyehyɛɛ aware. Ɔde ne Ba, Yesu mae sɛ Agyede anaa yɛn Agyenkwa, na ɔsan de no mae sɛ okununom nhwɛ no nsuasua no.—Mateo 20:28; Yohane 3:29; 1 Petro 2:21.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu nea ɛyɛe a aware bae?

• Akwan bɛn so na wɔhyɛ okununom nkuran sɛ wɔnnɔ wɔn yerenom?

• Sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii nsɛm ho nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ okunu suasua Kristo tiyɛ no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ okununom suasua sɛnea Yesu ne mmea dii nsɛm no?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Bere a na Yesu asuafo no abrɛbrɛ no, ɔma wɔhomee

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɛsɛ sɛ okununom fi ɔdɔ ne ayamye mu de afotu ma wɔn yerenom