Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔreka Asɛm no wɔ “Abo Fie”

Wɔreka Asɛm no wɔ “Abo Fie”

Wɔreka Asɛm no wɔ “Abo Fie”

Afrika man yi din kyerɛ “Abo Fie.” Victoria Falls ne wuram mmoa ahorow a ɛwɔ hɔ no ama ɔman no din ahyeta. Wɔ Sahara anafo fam nyinaa no, ɛhɔ paa na tete adan akɛseakɛse wɔ. Nkoko a atifi tamaa akyɛ ɔman no mu abien. Esiane sɛ wim tebea a ɛwɔ nkoko yi so ye nti, asase no tumi bɔ aduan na ɛhɔ afifide nyin frɔmfrɔm. Ɔman a yɛreka ho asɛm yi ne Zimbabwe a emu nnipa bɛyɛ ɔpepem 12 no.

DƐN nti na wɔfrɛ ɔman yi Abo Fie? Wɔ afe 1867 mu no, Adam Renders a ɔyɛ ɔbɔmmɔfo na okyinkyin hwehwɛ mmeaemmeae no kohuu adan akɛse a wɔde abo asisi wɔ asase a ne kɛse boro ahama 1,800 so. Ná ɔnenam Afrika sare so, baabi a wɔtaa de dɔte ne nnua sisi adan na wɔde sare kuru so no. Ɛhɔ na okohuu kurow kɛse bi a wɔde abo asi a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Great Zimbabwe no amamfo.

Amamfo yi wɔ baabi a seesei wɔfrɛ hɔ Masvingo no anafo. Afasu no bi tenten boro anammɔn 30, na wɔde abo nkutoo na ataataa so ato. Aban bi a ne tenten bɛyɛ anammɔn 35, na ase no trɛw bɛyɛ anammɔn 20 si amamfo yi so. Ɛde besi nnɛ obiara nnim ade pɔtee a na wɔde aban yi yɛ. Wɔkyerɛ sɛ amamfo yi wɔ hɔ fi afeha a ɛto so awotwe, nanso adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nnipa traa hɔ mfehaha pii ansa na saa bere no reba.

Wɔ afe 1980 mu no, ɔman yi nyaa fahodi fii Britain nsam, na wɔsesaa Rhodesia a na ɛyɛ ɔman no din yɛɛ no Zimbabwe. Mmusuakuw atitiriw abien na ɛwɔ ɔman yi mu—Shonafo ne Ndebelefo, na Shonafo na wɔdɔɔso paa. Yehowa Adansefo ahyɛ no nsow wɔ afie afie asɛnka adwuma a wɔyɛ no mu sɛ nnipa no pɛ ahɔhoyɛ. Ɛtɔ mmere bi a, sɛ ɔhɔho bi bɔ pon mu a, wonnyaa nhuu n’anim mpo no ntɛm ara na wɔagye so sɛ, “Bra mu.” Sɛ ɔkɔ mu a, wɔka sɛ, “Mepa wo kyɛw tra ase.” Zimbabwefo dodow no ara wɔ obu kɛse ma Bible no, na sɛ wɔreka Bible mu asɛm akyerɛ wɔn a, wɔtaa hyɛ wɔn mma ma wɔtra ase tie bi.

Wɔreka Nkuranhyɛsɛm a Ɛma Awerɛkyekye

Sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo reka Zimbabwe ho asɛm a, wɔtaa ka “AIDS” ne “osu a ɛntaa ntɔ” ho asɛm. AIDS a atrɛw no adi nnipa a wɔwɔ aman a ɛwɔ Sahara anafo fam wɔ Afrika no nya paa, na asɛe wɔn sikasɛm nso. Nnipa a wogye wɔn to ayaresabea dodow no ara anya HIV yaremmoawa. Yare yi ama mmusua pii agyigya.

Yehowa Adansefo de nsi reboa Zimbabwefo ma wɔahu sɛ ɔkwan pa a ɛsen biara a obi betumi afa so abɔ ne bra ne sɛ ɔde Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Bible mu no bɛyɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ sɛ awarefo nkutoo na ɛsɛ sɛ wonya ɔbea ne ɔbarima ntam nna mu kyɛfa. Afei nso Onyankopɔn kyi ɔbarima a ɔne ɔbarima da, na Yehowa mmara bara mogya a obi begye ne nnubɔnenom. (Asomafo Nnwuma 15:28, 29; Romafo 1:24-27; 1 Korintofo 7:2-5; 2 Korintofo 7:1) Adansefo no ka anidaso nsɛm, na wɔka sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni beyi nyarewa nyinaa nso afi hɔ.—Yesaia 33:24.

Mmoa a Wɔde Ma wɔ Ahokyere Bere Mu

Osu a ɛntaa ntɔ wɔ Zimbabwe bɛboro mfe du a atwam ni no asɛe nneɛma wɔ hɔ paa. Ɔkɔm ne sukɔm akunkum wuram mmoa. Anantwi mpempem pii awuwu. Ogya ahyew wɔn kwae. Aduan pa a mmofra ne mpanyimfo pii nnya nni nti, wɔawuwu. Zambezi Asubɔnten no yowee araa ma anka ɛreyɛ aka anyinam ahoɔden a wonya no.

Yehowa Adansefo atew akuw awotwe a wɔde mmoa ma wɔ ɔman no afã ahorow mu na wɔde adi tebea no ho dwuma. Amansin so ahwɛfo kɔsrasraa asafo ahorow no de huu wɔn ahiade ankasa. Wɔmaa akuw a wɔatew sɛ wɔmfa mmoa mma no huu nea ehia anuanom. Ɔmansin sohwɛfo bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yɛde mfe anum a atwam no akyekyɛ aburow, mpataa a wɔahow, ne asɛdua bag pii. Yɛn nuanom no hataa afumduan a emu duru yɛ tɔn abien. Afei nso yɛde ntade pii ne sika kɔmaa wɔn.” Ɔmansin sohwɛfo foforo nso kae sɛ: “Sɛ midwen sɛnea ɛyɛɛ den maa yɛn ansa na yɛn nsa reka nkrataa a Zimbabwe ne South Africa atumfo hwehwɛ na yɛn nsa aka nneɛma yi, ne afei fango a na ɛho ayɛ den nanso yehia na ama yɛatumi de nneɛma a anuanom hia no denneennen no akɔma wɔn no ho a, mitumi hu sɛ nea ɛma yetumi yɛɛ eyinom nyinaa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛn soro Agya no nim yɛn ahiade nyinaa sɛnea Yesu kae no.”—Mateo 6:32.

Sɛ amansin so ahwɛfo resom wɔ mmeae a ahokyere wɔ yi a, dɛn na wɔyɛ? Ebinom de nnuan a wɔn ankasa ne mmusua a wɔbɛsoɛ wɔn no bedi kɔ. Wɔn mu baako kae sɛ, da bi na Kristofo mmea bi ntumi nhu sɛ ebia wonnyae asɛnkakɔ nkɔto santen ntwɛn aduan a wɔhwɛ kwan sɛ aban de bɛbrɛ wɔn no anaa. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so na wɔde wɔn adwene asi asɛnka adwuma no so ahwɛ nea ebesi. Saa da no, aban no amfa aduan biara amma.

Ná wɔbɛyɛ Kristofo nhyiam da a edi hɔ no, na na ɛsɛ sɛ anuanom mmea yi san si nea wɔbɛyɛ ho gyinae. So na wobɛkɔ nhyiam no anaa wɔbɛkɔ akɔtwɛn aduan a aban no de bɛba no? Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so mmom. (Mateo 6:33) Bere a wɔreto dwom a wɔde repɔn nhyiam no, wɔtee sɛ lɔre bi reba. Ná wɔn nuanom Kristofo a wɔhwɛ de mmoa ma na wɔde aduan rebrɛ wɔn wɔ hɔ yi! Adansefo anokwafo a wɔkɔɔ saa nhyiam no ani gyee mmoroso na wɔkyerɛɛ ho anisɔ paa.

Ɔdɔ Ma Nkɔso

Ayamye a wɔda no adi kyerɛ wɔn a wonni Kristofo asafo no mu no ma wonya hokwan di adanse. Bere a ɔmansin sohwɛfo a ɔsom wɔ Masvingo mpɔtam ne ɛhɔnom Adansefo binom reyɛ asɛnka adwuma no, ohui sɛ abeawa bi da kwan ho. Adansefo no hui sɛ ɔyare paa, efisɛ na ontumi nkasa yiye na na nne repopo. Ná abeawa no din de Hamunyari, a Shona kasa mu no ɛkyerɛ “So Ɛnyɛ Wo Aniwu?” Anuanom no hui sɛ na ɛyɛ n’asɔrefo a wɔrekɔyɛ asɔre wɔ bepɔw so no na wɔagyaw no ato hɔ. Adansefo no fi ɔdɔ mu boaa abeawa no de no kɔɔ akuraa bi a ɛbɛn hɔ ase.

Ná akuraa no asefo binom nim Hamunyari, enti wɔkraa n’abusuafo sɛ wɔmmɛfa no. Akuraa no asefo kaa Adansefo no ho asɛm sɛ: “Eyi ne ɔsom pa. Ɔdɔ a ɛsɛ sɛ Kristofo da no adi ni.” (Yohane 13:35) Ansa na anuanom no refi hɔ no wɔde So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? * kratawa no bi maa Hamunyari.

Nnawɔtwe a edi hɔ no, ɔmansin sohwɛfo no kɔsom asafo a ɛwɔ baabi a Hamunyari te no. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛ okoduu fie asomdwoe mu anaa. Abusua mũ no nyinaa ani gyei paa sɛ wohuu ɔmansin sohwɛfo no ne ɛhɔ anuanom no. Hamunyari awofo kae sɛ: “Mo na mo som no ye. Mugyee yɛn babea a wogyaw no kwan ho sɛ onwu no nkwa.” Ná wɔabisa Hamunyari asɔrefo no sɛ: “Sɛnea Hamunyari din kyerɛ no, so anyɛ mo aniwu sɛ mugyaw no sɛ onwu?” Adansefo no ne Hamunyari abusua bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ na wɔmaa wɔn Bible ho nhoma. Wɔka kyerɛɛ anuanom no sɛ wɔnsan mmra ne wɔn mmesua Bible no. Hamunyari abusua binom a na wɔmpɛ Adansefo no asɛm no sesaa wɔn adwene. Wɔn mu baako ne Hamunyari nuabea kunu a na ɔyɛ asɔre bi a ɛwɔ hɔ sɔfo no. Ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua.

Wɔresisi Adan a Wohyiam Som

Onyankopɔn honhom kaa anwensɛm kyerɛwfo bi a ɔtraa ase tete no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn, . . . wo ho sukɔm de me kra, . . . asase kesee a nsu nni so ma ɛtɔ piti so.” (Dwom 63:1) Nnipa pii a wɔwɔ Zimbabwe no ahu sɛnea asɛm yi yɛ nokware fa! Osu a ɛntɔ no ho asɛm nhaw wɔn pii, nanso Onyankopɔn ne ne papayɛ ho nsu de, wɔpere hwehwɛ. Wubetumi ahu eyi wɔ nea afi Yehowa Adansefo adwuma a wɔreyɛ no mu aba no mu. Bere a Zimbabwe nyaa fahodi wɔ afe 1980 mu no, na Adansefo bɛyɛ 10,000 na wɔwɔ asafo ahorow 476 mu. Seesei bɛyɛ mfe 27 akyi no, Adansefo no dodow abu abɔ ho abiɛsa, na ɛkame ayɛ sɛ asafo ahorow no nso abu abɔ ho.

Asafo ahorow yi mu kakraa bi na na wɔwɔ wɔn ankasa dan a wohyiam som. Wɔ January 2001 mu no, na asafo bɛboro 800 a ɛwɔ Zimbabwe no mu 98 pɛ na wɔwɔ dan—Ahenni Asa—a wohyiam som. Ná asafo no pii hyiam wɔ nnua ase anaa dɔte dan nketenkete a wɔde sare akuru so mu.

Esiane ntoboa a wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa fi wɔn pɛ mu yi ne atuhoama adwuma a wɔreyɛ nti, Adansefo a wɔwɔ Zimbabwe no ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma asafo pii anya Ahenni Asa ahorow a ɛfata. Adansefo pii a wofi amannɔne a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ Zimbabwe ne ɛhɔ anuanom a wɔatu wɔn ho ama no akɔyɛ adwuma. Adansefo a wɔwɔ hɔ no mu baako kyerɛwee sɛ: “Yɛda yɛn nuanom mmarima ne mmea a wofi aman pii so aba Zimbabwe rebɛboa ma yɛasisi Ahenni Asa fɛfɛɛfɛ no nyinaa ase paa. Yɛda mo a moaka no nso nyinaa ase sɛ muyi ntoboa gu Ahenni Asa Foto a ɛboa ma yetumi yɛ saa adwuma yi no.”

Wɔ ɔman no apuei fam no, anuanom hyiae wɔ dua kɛse bi ase mfe 50. Bere a wɔka kyerɛɛ asafo no mu mpanyimfo sɛ wɔrebesi baabi a wobehyiam asom ankasa ama wɔn no, wɔn mu bi sui. Wɔ asafo bi a ɛbɛn hɔ mu no, asafo mu panyin bi a wadi mfe 91 kae sɛ: “Mifi bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma yɛn biribi a ɛte saa akyɛ!”

Nnipa pii aka sɛnea wosisi adan fɛfɛ yi ntɛmntɛm no ho asɛm. Obi kae sɛ: “Musi ɔdan yi awia de, nanso edu anadwo a, ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn toa so!” Wohu biakoyɛ ne anigye a adwumayɛfo no de yɛ adwuma no nso. Besi nnɛ no, wɔasisi Ahenni Asa foforo bɛboro 350 wɔ ɔman no nyinaa mu. Eyi ama asafo ahorow 534 tumi hyiam wɔ Ahenni Asa a wɔde ntayaa asisi mu.

Wogu so reka asɛm no wɔ Zimbabwe. Sɛ yesusuw nea wɔatumi ayɛ ho a, ɛka yɛn ma yɛda Yehowa a ɔmaa eyinom nyinaa yɛɛ yiye no ase. Nokwarem no, “Sɛ [Yehowa, NW] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.”—Dwom 127:1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

ZIMBABWE

HARARE

Masvingo

Great Zimbabwe

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Aban

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ahenni Asa foforo, Concession Asafo

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Lyndale asafo mufo a wogyinagyina wɔn Ahenni Asa foforo anim

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]

Amamfo no atrapoe: ©Chris van der Merwe/AAI Fotostock/age fotostock; aban, nea ɛhyɛ adaka mu no: ©Ingrid van den Berg/AAI Fotostock/age fotostock