Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Anigye sɛ Yɛbɛtwɛn Yehowa

Ɛyɛ Anigye sɛ Yɛbɛtwɛn Yehowa

Ɛyɛ Anigye sɛ Yɛbɛtwɛn Yehowa

SO WOADI aduaba bi a ɛmmeree da? Akyinnye biara nni ho sɛ anyɛ wo dɛ. Egye bere ansa na aduaba abere, na sɛ wutumi twɛn ma ɛbere a, wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wotwɛn ma ɛberee. Mfaso wɔ so sɛ yɛtwɛn wɔ nneɛma afoforo mu nso. Bible ka sɛ: “Eye sɛ wɔyɛ komm twɛn [Yehowa, NW] nkwagye.” (Kwadwom 3:26; Tito 2:13) Nneɛma bɛn mu na ɛsɛ sɛ Kristofo twɛn Yehowa? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Yehowa a yɛbɛtwɛn no no so mfaso?

Nneɛma Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ De Twɛn Onyankopɔn?

Sɛ́ Kristofo no, ‘yɛretwɛn, na yɛma Yehowa da no ba yɛ ntɛm wɔ yɛn adwenem.’ Yɛhwɛ kwan sɛ sɛ ‘wɔsɛe amumɔyɛfo’ a, yɛn ho bɛtɔ yɛn. (2 Petro 3:7, 12) Yehowa ankasa ani gye ho sɛ obeyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ, nanso ɔretɔ ne bo ase sɛnea ɛbɛyɛ a obegye Kristofo nkwa wɔ ɔkwan a ɛbɛhyɛ ne din anuonyam so. Bible ka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ Nyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumi no, sɛ ɔde abodwokyɛre bebree maa abufuw anwenne a wɔasiesie ama ɔsɛe no traa hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda n’anuonyam ahonyade adi wɔ mmɔborohunu anwenne a wasiesie ato hɔ ama anuonyam.” (Romafo 9:22, 23) Yehowa nim bere pa a ɛsɛ sɛ ogye ne nkurɔfo nnɛ, sɛnea ɔyɛe wɔ Noa bere so no. (1 Petro 3:20) Enti, nea yɛyɛ de twɛn Onyankopɔn no bi ne sɛ yɛbɛtwɛn ama bere a ɔde begye yɛn no adu.

Bere a yɛretwɛn Yehowa da no, ɛtɔ mmere bi na sɛ yehu sɛnea nnipa a wɔwɔ wiase no abrabɔ resɛe kɔ akyiri no a, yɛn abam betumi abu. Sɛ yɛn abam bu saa a, ɛyɛ papa sɛ yebesusuw Onyankopɔn diyifo Mika asɛm a ɛhyɛ nkuran yi ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa pa ayera afi asase so; tẽefo nni nnipa mu.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Me de, [Yehowa, NW] na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.” (Mika 7:2, 7) Dɛn ne ntoboase a wɔde ‘twɛn’ a ɛsɛ sɛ yenya no? Esiane sɛ ɛtaa haw adwene sɛ yɛbɛtwɛn biribi nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya anigye bere a yɛretwɛn Onyankopɔn no?

Ma W’ani Nnye Bere a Woretwɛn No

Yebetumi asua sɛnea yɛde anigye twɛn biribi no afi Yehowa hɔ. “Anigye Nyankopɔn” no ani gye bere nyinaa. (1 Timoteo 1:11) Yehowa ani gye bere a ogu so retwɛn no, efisɛ ɔkɔ so yɛ adwuma de ma n’atirimpɔw bam sɛnea ɔde nnipa a ɔdɔ wɔn no bɛkɔ pɛyɛ mu sɛnea na anka ɔpɛ sɛ nnipa yɛ bere a ɔbɔɔ wɔn no. (Romafo 5:12; 6:23) Yehowa hu mfaso a efi n’adwuma mu ba no, na ɛno ne nnipa ɔpepem pii a wɔaba nokware som mu no. Yesu kae sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.” (Yohane 5:17) Ɛho hia sɛ yɛyɛ nneɛma ma afoforo na ama yɛn ani agye. (Asomafo Nnwuma 20:35) Saa ara na nokware Kristofo nso nte hɔ kwa bere a wɔretwɛn no. Mmom no, wɔkɔ so yɛ adwuma de boa afoforo ma wosua nea Onyankopɔn bɛyɛ ama nnipa no ho ade.

Wɔn a wodi nokware no ani gye ho bere nyinaa sɛ wobeyi Onyankopɔn ayɛ bere a wɔretwɛn ma wabegye wɔn no. Sɛ nhwɛso no, susuw odwontofo Dawid ho hwɛ. Ɔhene Saulo taa Dawid, Dawid adamfo paa yii no mae, na ne ba nso sɔre tiaa no. Wɔ nea ɛtoo Dawid yi mu biara mu no, so na Dawid ani begye bere a na ɔretwɛn sɛ Yehowa bere bedu ma wagye no no? Dwom 71 no a ɛda adi sɛ Dawid na ɔkyerɛwee no ka sɛ: “Me de, mɛtwɛn ara daa yi, na mede bi maka w’ayeyi nyinaa ho. M’ano bɛka wo trenee ne wo nkwagye daa adesae.” (Dwom 71:14, 15) Sɛ́ anka Dawid bɛteetee bere a ɔretwɛn no, n’ani gyei mmom, efisɛ na wayere ne ho reyi Yehowa ayɛ, na na ɔrehyɛ afoforo den wɔ nokware som mu nso.—Dwom 71:23.

Sɛ yɛretwɛn Yehowa a, yɛn ho nyeraw yɛn te sɛ nea yɛretwɛn bɔs bi a ɛmma ntɛm no. Mmom no, ɛte sɛ anigye a awofo de twɛn bere a wɔn ba renyin abɛyɛ ɔpanyin a wobetumi de no ahoahoa wɔn ho no. Wɔyɛ nneɛma pii bere a abofra no renyin no, na ebi ne ntetee, nkyerɛkyerɛ ne nteɛso a wɔde ma no no, a nea enti a wɔyɛ eyinom nyinaa ne sɛ, ɛbɛma abofra no anyin abɛyɛ ɔpanyin pa. Saa ara na sɛ yɛn a yɛretwɛn Yehowa no boa afoforo ma wɔbɛn Onyankopɔn a, yenya anigye. Yɛn nso yɛpɛ sɛ yenya Onyankopɔn anim dom, na awiei koraa no yenya nkwagye.

Mpa Abaw

Yehowa a yɛbɛtwɛn no no kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ so adɔ no na yɛasom no a yɛrempa abaw. Eyi betumi ayɛ den. Onyankopɔn asomfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no tete mmeae bi a nkurɔfo di obiara a ɔde n’ani to Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so no ho fɛw. Nanso, susuw Israelfo anokwafo a wɔkɔɔ so kuraa wɔn anidaso mu bere a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon mfe 70 mu no ho hwɛ. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wokuraa wɔn anidaso mu? Akyinnye biara nni ho sɛ Nnwom nhoma no a wɔkenkanee no na ɛhyɛɛ wɔn den. Dwom biako a ɛhyɛ nkuran a ɛbɛyɛ sɛ wɔkyerɛw no saa bere no ka sɛ: “N’asɛm so na m’ani da. Me kra twɛn [Yehowa, NW] sen awɛmfo a wɔtwɛn adekyee,—sen awɛmfo a wɔtwɛn adekyee. Israel, ma w’ani nna [Yehowa, NW] so.”—Dwom 130:5-7.

Wotuaa Yudafo a wɔkenkanee wɔn anidaso ho ade, na wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo de kuraa wɔn anidaso mu no ka, bere a awiei koraa no wɔsɛee Babilon no. Yudafo anokwafo mpempem pii de wɔn ani kyerɛɛ Yerusalem ntɛm ara. Wɔkyerɛw saa bere no ho asɛm sɛ: “Bere a [Yehowa, NW] de Sion nnommum san bae no . . . ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma.” (Dwom 126:1, 2) Saa Yudafo no ampa abaw, na mmom wɔkɔɔ so hyɛɛ wɔn gyidi den. Na wɔannyae Yehowa ayeyi dwom to da.

Saa ara na nokware Kristofo a wɔretwɛn Onyankopɔn wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu no bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wobekura wɔn gyidi mu. Wosua Onyankopɔn Asɛm, wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran, na wɔka Ahenni no ho asɛmpa de yi Yehowa ayɛ bere nyinaa.—Mateo 24:3, 14.

Twɛn na Nya Nteɛso so Mfaso

Onyankopɔn diyifo Yeremia kyerɛwee sɛ: “Eye sɛ wɔyɛ komm twɛn [Yehowa, NW] nkwagye.” (Kwadwom 3:26) Ná nea Yeremia reka ne sɛ, ɛyɛ papa sɛ Onyankopɔn nkurɔfo rennwiinwii wɔ ɔkwan a na Yehowa afa so ateɛ wɔn so no ho bere a ɔma wɔsɛee Yerusalem no. Mmom no, nea ɛbɛyɛ na wobenya nteɛso a wɔde maa wɔn no so mfaso no, na ɛsɛ sɛ wosusuw asoɔden a wɔyɛe, ne hia a na ehia sɛ wɔsesa wɔn suban no ho.—Kwadwom 3:40, 42.

Yebetumi de mfaso a yenya fi nteɛso a Yehowa de ma yɛn mu no atoto sɛnea aduaba nyin na ɛbere no ho. Bible ka nteɛso a Onyankopɔn de ma no ho asɛm sɛ: “Ɛsow asomdwoe aba a ɛne trenee.” (Hebrifo 12:11) Sɛnea egye bere a ansa na aduaba abere no, saa ara na egye bere na ama yɛn nso yɛasesa yɛn suban na yɛagye ntetee a Onyankopɔn de ma yɛn no atom. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛn nneyɛe bɔne bi ma wogye ɔsom hokwan bi a yɛwɔ wɔ asafo no mu fi yɛn nsam a, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtwɛn Onyankopɔn no remma yɛn abam mmu, na yɛrempa abaw. Dawid nsɛm a ɛhyɛ nkuran a Onyankopɔn ma ɔkyerɛwee no bɛhyɛ yɛn den wɔ tebea a ɛte saa mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn abufuw] kyɛ kakraa bi, na n’adɔe de, ɛtra hɔ sɛ nkwa bere. Osũ bɛsoɛ anadwofa,—na ade kye a, na anigye aba.” (Dwom 30:5) Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase twɛn na yɛde afotu a Onyankopɔn Asɛm ne n’ahyehyɛde no de ma yɛn no yɛ adwuma a, yɛn “anigye” bere bɛba.

Egye Bere na Ama Yɛn Ho Akokwaw

Sɛ woyɛ ɔbabun anaa wobɔɔ asu nkyɛe a, ebia w’ani begye ho sɛ wɔbɛma wo asɛyɛde bi wɔ Kristofo asafo no mu. Nanso, egye bere na ama yɛn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu ma wɔde asɛyɛde a ɛte saa ahyɛ yɛn nsa. Ɛno nti, fa bere a wode renyin no tete wo ho ma wo ho nkokwaw wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ nhwɛso no, mmabunbere yɛ bere pa a wubetumi de akenkan Bible mũ no nyinaa, na ama woanya Kristofo su pa na wo ho akokwaw wɔ asuafoyɛ adwuma no mu. (Ɔsɛnkafo 12:1) Sɛ wufi ahobrɛase mu twɛn a, bere a ɛfata mu no, Yehowa de asɛyɛde a emu yɛ duru bɛhyɛ wo nsa.

Asuafoyɛ adwuma no nso hwehwɛ sɛ yenya boasetɔ. Sɛnea ɛho hia sɛ okuafo kɔ so gugu nea wadua so nsu kosi sɛ Onyankopɔn bɛma anyin no, saa ara na asuafoyɛ adwuma no nso te. (1 Korintofo 3:7; Yakobo 5:7) Egye asram anaa mfe pii mpo na ama yɛatumi de ntoboase atete yɛn Bible suani ma wanya Yehowa mu gyidi ne ne ho anisɔ. Mfiase no, sɛ yɛn asuafo no mfa nea yɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyɛ adwuma mpo a, Yehowa a yɛbɛtwɛn no no hwehwɛ sɛ yɛkɔ so boa wɔn. Sɛ wɔkyerɛ anisɔ kakra mpo wɔ nea wɔresua no ho a, ɛno betumi akyerɛ sɛ Yehowa honhom reboa wɔn. Sɛ wunya ntoboase a, w’ani begye bere a wuhu sɛ Yehowa reboa wo suani no ma ɔno nso abɛyɛ Kristo suani no.—Mateo 28:20.

Da Ɔdɔ Adi Bere a Woretwɛn No

Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛ yebetumi de bere a yɛde twɛn no ada ɔdɔ ne ahotoso adi no, susuw asɛm bi a ɛfa Ɔdansefo bea bi a ne mfe akɔ anim a ɔwɔ Andes anhweatam a ɛwɔ Amerika Anafo fam no ho hwɛ. Ɔno ne Ɔdansefo bea bi nkutoo na wɔyɛ Yehowa Adansefo wɔ wɔn akuraa no ase. So wubetumi de w’adwene abu sɛnea wɔn ani gyina sɛ wɔn mfɛfo Kristofo bɛba abɛsra wɔn no? Bere bi a ɔhwɛfo kwantufo bi yɛe sɛ ɔrekɔsra wɔn bere a edi kan no, ɔyerae. Ná ɛsɛ sɛ ɔsan n’akyi kɔ baabi a ofi bae no ansa na ɔrehu kwan no asan akɔ, na ɛno amma wannu hɔ ntɛm. Awiei koraa no, ɔdasum na ohuu akuraa no wɔ akyirikyiri. Esiane sɛ na anyinam nkanea nni akuraa no ase nti, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohui sɛ na kanea bi rehyerɛn wɔ hɔ. Bere a ɔrehyɛn akuraa no ase no, n’ani gyei kɛse sɛ ohui sɛ ɛyɛ onuawa a ne mfe akɔ anim no na na wasɔ krasin kanea de asɛn hɔ no! Ná onuawa no nim sɛ ɛnyɛ dɛn ara a ɔhwɛfo kwantufo no bɛba, enti na ɔretwɛn.

Yɛn nso yɛn ani gye sɛ yɛde boasetɔ retwɛn Yehowa te sɛ nea onuawa no yɛe no. Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ so. Na sɛnea ɔhwɛfo kwantufo no ani gyee nea onuawa no yɛe ho no, saa ara na yɛn nso ani gye wɔn a wofi ɔdɔ mu twɛn yɛn no ho. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn nso ani gye wɔn a wɔtwɛn no no ho. Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] ani sɔ . . . wɔn a wɔn ani da n’adɔe so” no.—Dwom 147:11.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wɔn a wɔayere wɔn ho reyi Onyankopɔn ayɛ no nya anigye bere a wɔretwɛn Yehowa no