Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Meretwɛn Ahenni A ‘Emfi Wiase’

Meretwɛn Ahenni A ‘Emfi Wiase’

Asetram Nsɛm

Meretwɛn Ahenni A ‘Emfi Wiase’

Sɛnea Nikolai Gutsulyak Ka Kyerɛe

Mekaa nsensɛnmu wɔ atuatew bi a ɛkɔɔ so wɔ afiase bi mu nnafua 41 awia ne anadwo. Prɛko pɛ na atuo akɛse a na wɔretotow no ma mebɔɔ piriw sɔre fii nna mu. Asraafo ne akohyɛn bɔ wuraa afiase hɔ bɛtow hyɛɛ nneduafo no so. Ná me nkwa da asiane mu ankasa.

ƐYƐƐ dɛn na mebaa tebea a ɛte saa mu? Ma menkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo. Saa asɛm yi sii wɔ afe 1954 mu. Saa bere no, na madi mfe 30. Esiane sɛ mamfa me ho anhyɛ amanyɔsɛm mu, na mekaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm nti, wɔde me kɔtoo afiase te sɛ nea wɔyɛɛ Yehowa Adansefo pii a na wɔwɔ Soviet nniso ase no. Ná Adansefo kuw a wɔde yɛn agu afiase no dodow si mmarima 46 ne mmea 34. Wɔde yɛn koguu adwumayɛban mu wɔ Kazakhstan mfinimfini fam, baabi a ɛbɛn akuraa Kengir mu. Ná yɛne nneduafo afoforo mpempem pii na ɛwɔ hɔ.

Joseph Stalin a na ɔyɛ Soviet Union mampanyin no wui wɔ afe a na atwam no mu. Ná nneduafo no mu pii hwɛ kwan sɛ nniso foforo a ɛwɔ Moscow no betie wɔn asɛm a na wɔka fa afiase hɔ asetra a na ɛyɛ den no ho no. Awiei koraa no, nneduafo no abufuw no mu yɛɛ den ma wɔtew atua. Bere a na akameakame no mu reyɛ den no, na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Adansefo no ma atuatewfo a wɔn bo afuw no hu yɛn gyinabea, na yɛkyerɛkyerɛ nnipa ko a yɛyɛ mu kyerɛ asraafo a wɔyɛ awɛmfo wɔ afiase hɔ no nso. Ná ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrennyina ɔfã biara.

Atuatew no Fii Ase!

Nneduafo no fii ase tew atua May 16. Nnanu akyi no, nneduafo bɛboro 3,200 yɛe sɛ wɔrenkɔ adwuma, na wɔkae sɛ wɔpɛ sɛ wɔma wɔn asetra yɛ mmerɛw wɔ afiase hɔ, na wɔma wɔn a amanyɔsɛm nti wɔde wɔn abegu afiase hɔ no nya ahofadi bi. Nneɛma gyee nsam ntɛmntɛm. Nea edi kan no, atuatewfo no pamoo awɛmfo no fii afiase hɔ. Afei, wotwitwaa akwan too ɛban a wɔagye atwa afiase no ho ahyia no mu. Na wobubuu afasu a etwa mmarima ne mmea atrae mu no gui, na ɛno maa mmea ne mmarima nyinaa dii afra. Wɔ nna a edi hɔ a wɔfrɛɛ no anigye nna mu no, nneduafo no bi warewaree mpo, na asɔfo a na wɔn nso da afiase hɔ bi no hyiraa wɔn aware no so. Wɔ nneduaban abiɛsa a emu na atuatew no kɔɔ so mu no, nneduafo 14,000 a na wɔwɔ hɔ no mu dodow no ara de wɔn ho hyɛɛ atuatew no mu.

Atuatewfo no paw baguafo bi a wobedi wɔn anim ne asraafo no akodi nkitaho. Nanso, ankyɛ na akasakasa denneennen sɔree wɔ baguafo no mu, ma enti afiase hɔ hwɛ no bedii nneduafo a wɔn ani yɛ den paa no nsam. Tebea no mu bɛyɛɛ den kɛse. Wɔn a na wodi atuatew no anim no hyehyɛɛ ahobammɔ adwumayɛbea, asraafo adwumayɛbea, ne nsɛm ho amanneɛbɔ adwumayɛbea, sɛnea ɛbɛyɛ a “biribiara bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ.” Wɔn a na wodi atuatew no anim no faa akasam a ano yɛ den a na esisi adum a atwa nneduaban no ho ahyia no so kekaa nsɛm a emu yɛ den de maa atuatew honhom a na aba nneduafo no mu no mu yɛɛ den. Atuatewfo no hwɛe sɛ wɔremma nneduafo no mu biara nguan, na wɔtwee obiara a wantie wɔn asɛm no aso, na wɔkae sɛ sɛ obi anyɛ nea wɔka no a, wobekum no. Ɛyɛɛ huhuhuhu sɛ wɔakunkum nneduafo no bi mpo dedaw.

Esiane sɛ na atuatewfo no hwɛ kwan sɛ asraafo bɛtow ahyɛ wɔn so nti, wosiesiee wɔn ho yiye sɛ sɛ asraafo no ba a wɔne wɔn bɛko. Nea ɛbɛyɛ na nneduafo dodow no ara asiesie wɔn ho ako atia wɔn a wɔbɛtow ahyɛ wɔn so no, wɔn a wodi atuatew no anim no kae sɛ nneduafo no nyinaa mfa akode nhyehyɛ wɔn ho. Enti nneduafo no tutuu nnade a ɛhyehyɛ mpomma no mu de bɔɔ asekan ne akode afoforo de bɔɔ wɔn ho ban. Wotumi nyaa atuo ne atopae mpo.

Wɔhyɛɛ Yɛn sɛ Yɛmfa Yɛn Ho Nhyem

Saa bere no mu no, atuatewfo baanu bi baa me nkyɛn. Ná obiako kura sekan a wasew ano ma ayɛ nnam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye eyi! Wubehia de abɔ wo ho ban.” Mebɔɔ Yehowa mpae wɔ me tirim sɛ ɔmmoa me ma menyɛ komm. Meka kyerɛɛ no sɛ: “Meyɛ Kristoni, meyɛ Yehowa Dansefo. Nea enti a wɔde me ne Adansefo afoforo abegu afiase ha ne sɛ yɛankɔ ɔko. Yɛn de, yɛko tia ahonhom a aniwa nhu wɔn, na mmom ɛnyɛ nnipa. Yɛn akode a yɛde ko tia wɔn ne gyidi ne anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no.”—Efesofo 6:12.

Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ owura no bɔɔ ne ti nko de kyerɛe sɛ wate nea mereka no ase. Nanso, ɔbarima a na ɔka ne ho no bɔɔ me bɔtoro. Afei, wogyaw me hɔ kɔe. Atuatewfo no kyinkyinii afiase adan no mu bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Adansefo no ma wɔde wɔn ho ahyɛ atuatew no mu. Nanso, yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea no nyinaa amfa wɔn ho anhyem.

Atuatewfo no bagua no susuw Yehowa Adansefo ho a wɔmfa nhyɛɛ atuatew no mu ho wɔ wɔn nhyiam bi ase. Wɔkae sɛ: “Ɔsom ahorow mufo nyinaa—Pentekostfo, Adventistfo, Baptistfo, ne obiara de ne ho rehyɛ atuatew no mu bi. Yehowa Adansefo nkutoo na wɔmfaa wɔn ho nhyɛɛ mu! Dɛn na yɛbɛyɛ wɔn?” Obi de adwene bae sɛ wɔmfa Ɔdansefo biako nto afiase fononoo mu, na ɛno bɛma yɛabɔ hu. Nanso, ɔdeduani bi a na anka ɔyɛ sraani a afoforo bu no sɔre gyinae kae sɛ: “Nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ saa. Na mmom, ɛsɛ sɛ yɛde wɔn nyinaa gu ɔdan biako a ɛbɛn nneduaban no kwan ano pɛɛ mu. Sɛ yɛyɛ wɔn saa na sɛ asraafo no de wɔn akohyɛn no bɛtow hyɛ yɛn so a, ɛyɛ Adansefo no na wobedi kan atwiw afa wɔn so. Na ankɔyɛ sɛ yɛn na yɛakum wɔn.” Wɔn a wɔaka no nyinaa penee so.

Wɔde Yɛn Too Asiane Mu

Ankyɛ koraa na yɛtee sɛ nneduafo no nenam reteɛteɛm sɛ, “Yehowa Adansefo, mumpue mmra!” Afei, wɔkaa yɛn nyinaa a na yɛn dodow yɛ 80 no de yɛn kɔɔ ɔdan a esi nneduadan no pon ano no no ho. Wotutuu mpa a esisi ɔdan no mu nyinaa maa ɔkwan daa ɔdan no mu, afei wɔkaa yɛn guu mu. Saa ɔdan no bɛyɛɛ te sɛ nea na yɛda afiase wɔ afiase hɔ.

Nea ɛbɛyɛ na yɛanya kokoam baabi asiesie yɛn ho no, Kristofo mmea a na wɔwɔ yɛn mu no kekaa ntama sisii anim de twaa ɔdan no mu maa mmea no kɔɔ fã na mmarima no nso kɔɔ fã. (Akyiri yi, Ɔdansefo bi a ɔwɔ Russia yɛɛ ɔdan yi ho mfonini, na ɛno na ɛwɔ ase hɔ no.) Ɛwom sɛ na yɛkyere so wɔ ɔdan no mu de, nanso na yɛtaa bom bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn nyansa ne “tumi a ɛboro nnipa de so.”—2 Korintofo 4:7.

Saa bere no nyinaa na yɛaka nsensɛnmu wɔ atuatewfo no ne Soviet asraafo no ntam, na na yɛn nkwa da asiane mu. Ná yɛn mu biara nnim nea edi hɔ a akuw abien no mu biara bɛyɛ. Kristoni barima nokwafo bi a n’ani afi kae sɛ: “Mma mo mu biara mmɔ ne tirim nka biribi. Yehowa rennyaw yɛn.”

Yɛn nuanom Kristofo mmea—mpanyin ne mmofra nyinaa—daa gyidi a ɛyɛ nwonwa adi. Ná wɔn mu biako adi bɛyɛ mfe 80, na na ohia mmoa soronko. Ná afoforo nso yare, na na ehia sɛ yɛhwɛ wɔn yare. Saa bere no nyinaa na ɛsɛ sɛ yebue yɛn dan no ano to hɔ, na ama atuatewfo no atumi ahu nea ɛrekɔ so wɔ yɛn dan no mu bere nyinaa. Sɛ edu anadwo a, na nneduafo a wokurakura akode ba yɛn dan no mu. Ɛtɔ mmere bi a na yɛte sɛ wɔreka sɛ, “Onyankopɔn Ahenni no ada.” Sɛ ade kye a, na wɔma yɛn kwan ma yɛkɔ afiase hɔ adidibea, na yɛtra faako bere nyinaa bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmɔ yɛn ho ban mfi basabasayɛfo no ho.

Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa yɛn ho yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu wɔ afiase hɔ. Sɛ nhwɛso no, na onua bi taa ka Bible mu asɛm bi den sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nyinaa bɛte. Afei, na ɔde toto yɛn tebea no ho. Ná onua bi a n’ani afi taa ka Gideon asraafo no ho asɛm. Ɔkaee yɛn sɛ: “Mmarima 300 a wokurakura mmɛn wɔ wɔn nsam ne asraafo 135,000 a wokurakura akode koe. Na mmarima 300 no mu biara ho anka.” (Atemmufo 7:16, 22; 8:10) Osuahu yi ne Bible mu nhwɛso afoforo hyɛɛ yɛn gyidi den wɔ Onyankopɔn mu. Ná mebɛyɛɛ Ɔdansefo nkyɛe koraa, nanso gyidi a emu yɛ den a anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw daa no adi no hyɛɛ me nkuran kɛse. Mihui sɛ na Yehowa ka yɛn ho ampa.

Ɔko no Fii Ase

Adapɛn bi twaam, na tebea no mu yɛɛ den wɔ nneduaban no mu. Nkitahodi a ɛkɔɔ so wɔ atuatewfo no ne aban mpanyimfo no ntam no mu yɛɛ den kɛse. Wɔn a na wodi atuatew no anim no kaa no kyenkyenee sɛ aban mpanyimfo a wɔwɔ Moscow no ntu ananmusifo mmehyia wɔn. Aban mpanyimfo no nso kae sɛ atuatewfo no mfa wɔn akode ngu hɔ, na wɔnsan nkɔyɛ wɔn adwuma. Afanu no mu biara gyinaa nea ogyina. Saa bere yi nyinaa na asraafo atwa nneduaban no ho ahyia a na nea wɔretwɛn ara ne sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔntow nhyɛ nneduafo no so. Ná atuatewfo no nso awe ahinam so sɛ wɔbɛko, na na wɔasisi akoban aboaboa akode pii ano. Ná obiara hwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ koraa na asraafo no ne nneduafo no de asi ani.

Wɔ June 26 no, otuo bi a ano yɛ den a wɔtowee nyanee yɛn. Akohyɛn no twiw faa aban no so bɔ wuraa nneduaban no mu. Asraafo dii akyiri totow atuo guu nneduafo no so. Nneduafo no, mmarima ne mmea, tutuu mmirika kohyiaa akohyɛn no teɛteɛɛm sɛ, “Twoo boee!” na wɔtotow abo ne atopae ne biribiara a wɔn nsa kae bobɔɔ akohyɛn no mu. Wɔkoo denneennen, na na yɛn a yɛyɛ Adansefo no aka mfinimfini pɛɛ. So na Yehowa bebua mpae a yɛbɔ hwehwɛɛ mmoa no?

Mpofirim ara na asraafo bi bɔ wuraa yɛn dan no mu. Wɔteɛɛm sɛ: “Akronkronfo, mumpue! Monkɔ ɛban no akyi ntɛm!” Asraafo panyin no ka kyerɛɛ asraafo no sɛ mma wonkum yɛn, na mmom wɔntra yɛn nkyɛn na wɔmmɔ yɛn ho ban. Bere a na ɔko no rekɔ so no, wɔma yɛtratraa sare so wɔ nneduaban no akyi. Yɛtee atopae, atuo a wɔtotowee, nteɛteɛm, ne apinisi wɔ nneduaban no mu bɛyɛ nnɔnhwerew anan. Afei, ɛhɔ tɛm dinn. Ade kyee anɔpa no, yehui sɛ asraafo no soso nnipa a wɔawuwu fi nneduaban no mu reba. Yɛtee sɛ wɔapirapira nnipa ɔhaha pii, na pii nso awuwu.

Saa da no ara, asraafo panyin bi a na minim no baa yɛn nkyɛn. Obisaa yɛn asɛm bi de tuu ne ho sɛ: “Enti, Nikolai, wususuw sɛ hena na ogyee mo? Ɛyɛ yɛn anaasɛ mo Yehowa no?” Yɛdaa ɔsraani no ase papaapa sɛ ogyee yɛn, na yɛka kaa ho sɛ, “Yegye di sɛ yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo Yehowa no na ɔkanyan wo koma ma wokoraa yɛn so, sɛnea wakanyan afoforo ma wɔagye n’asomfo wɔ Bible mmere mu no.”—Esra 1:1, 2.

Ɔsraani koro no ara nso kaa nea ɛyɛe a asraafo no huu nnipa ko a yɛyɛ, ne baabi a na yɛwɔ no kyerɛɛ yɛn. Ɔkae sɛ, bere bi a na asraafo ne atuatewfo no redi nkitaho no, asraafo no bɔɔ atuatewfo no sobo sɛ wɔakunkum nneduafo a wɔne wɔn nyɛ adwene no. Bere a atuatewfo no reyi wɔn ho ano no, wɔkae sɛ Yehowa Adansefo amfa wɔn ho anhyɛ atuatew no mu, nanso wonkunkum wɔn. Mmom no, wɔde Adansefo no nyinaa akogu afiase dan bi mu de atwe wɔn aso. Asraafo no amma wɔn were amfi saa asɛm no.

Yegyinaa Ahenni no Akyi Pintinn

Russiani nhoma kyerɛwfo bi a wonim no yiye a wɔfrɛ no Aleksandr Solzhenitsyn kaa atuatew a yehui no ho asɛm wɔ ne nhoma The Gulag Archipelago no mu. Ɔkyerɛwee sɛ, nea ɛde saa atuatew no bae ne sɛ “na yɛpɛ ahofadi, . . . nanso hena na na obetumi ama yɛanya ahofadi no?” Ná yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo a yɛda afiase no nso pɛ ahofadi. Nanso, na ɛnyɛ ahofadi a yebenya afi afiase nkutoo na na yɛrehwehwɛ, na mmom ahofadi a Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ama yɛanya no. Bere a na yɛda afiase no, na yenim sɛ yehia Onyankopɔn ahoɔden na ama yɛatumi akɔ so agyina n’Ahenni no akyi pintinn. Na Yehowa maa yɛn biribiara a na yehia no. Na ɔma yedii nkonim a yɛantwe asekan anaa yɛantotow atopae.—2 Korintofo 10:3.

Yesu Kristo ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko.” (Yohane 18:36) Ɛno nti, yɛn a yɛyɛ Kristo akyidifo nso mfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu apereperedi mu. Yɛn ani gyei sɛ wɔ atuatew no mu ne ɛno akyi nyinaa no, afoforo huu nokwaredi a yɛde gyinaa Onyankopɔn Ahenni akyi no. Solzhenitsyn kyerɛwee nea yɛyɛe saa bere no ho asɛm sɛ: “Yehowa Adansefo ansuro sɛ wobekura wɔn som mu mmara mu denneennen, na wɔammoa amma wɔanhyehyɛ akoban, na saa ara nso na wɔanwɛn.”

Saa basabasayɛ no sii no, mfe 50 atwam. Nanso, mede anisɔ kaakae saa mmere no, efisɛ misuaa nneɛma bi a me were remfi da te sɛ sɛnea mɛtwɛn Yehowa na mede me ho ato n’ahoɔden so koraa. Yiw, mahu sɛ Yehowa ma ahofadi, ahobammɔ, na ogye wɔn a wɔtwɛn Ahenni a ‘emfi wiase’ no te sɛ nea ɔyɛ maa Adansefo afoforo pii a na wɔwɔ kan Soviet Union no.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Baabi a wɔde yɛn koguu nneduaban mu wɔ Kazakhstan no

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Afiase dan a na Adansefo no da mu ho mfonini, mmea no afã

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Me ne me nuanom Kristofo wɔ bere a woyii yɛn no mu