Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛmmom Mma Yehowa Din So

Momma Yɛmmom Mma Yehowa Din So

Momma Yɛmmom Mma Yehowa Din So

“Mo ne me nkamfo [Yehowa, NW] kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so.”—DWOM 34:3.

1. Nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛe bere a na ɔreyɛ ɔsom adwuma wɔ asase so no?

WƆ NISAN 14, 33 Y.B. mu anadwo no, Yesu ne n’asomafo no boom too Yehowa ayeyi dwom wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem. (Mateo 26:30) Ná ɛno ne nea etwa to koraa a na Yesu ne n’asomafo no rebom ato dwom ayi Yehowa ayɛ. Nanso, ɛfata sɛ wɔtoo Yehowa ayeyi dwom de wiee wɔn nhyiam no. Yesu yii Yehowa ayɛ, na ɔde nsi daa n’Agya din adi kyerɛɛ nkurɔfo fi bere a ɔbaa asase so kosii bere a owiee ne som adwuma wɔ asase so. (Mateo 4:10; 6:9; 22:37, 38; Yohane 12:28; 17:6) Ɔnam saa a ɔyɛe so tii asɛm a odwontofo no kae no mu de too nsa frɛɛ afoforo sɛ: “Mo ne me nkamfo [Yehowa, NW] kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so.” (Dwom 34:3) Nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua bɛn ara ni!

2, 3. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Dwom 34 yɛ nkɔmhyɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu?

2 Bere a asomafo no ne Yesu boom too dwom no wiei no, ankyɛ koraa na ɔsomafo Yohane huu asɛm foforo bi a esii. Ohui sɛ wɔakum ne Wura ne nsɛmmɔnedifo baanu bi wɔ asɛndua so. Roma asraafo no bubuu nsɛmmɔnedifo baanu no nan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobewu ntɛm. Nanso, Yohane bɔɔ amanneɛ sɛ Yesu de wɔammubu ne nan mu. Efisɛ, bere a asraafo no duu Yesu nkyɛn no, na wawu dedaw. Wɔ Asɛmpa a Yohane kyerɛwee mu no, Yohane kae sɛ, Yesu nan mu a wɔammubu no maa Dwom 34 no fã bi nyaa mmamu sɛ: ‘Wɔremmu ne dompe biako mpo mu.’—Yohane 19:32-36; Dwom 34:20.

3 Nsɛm foforo pii wɔ Dwom 34 mu a ɛsɛ sɛ Kristofo susuw ho. Enti, wɔ adesua yi ne nea edi hɔ mu no, yebesusuw nea ɛmaa Dawid kyerɛw saa dwom yi ho, na ɛno akyi no, yɛasusuw nkuranhyɛ nsɛm a ɛwom no nso ho.

Dawid Guan Fii Saul Anim

4. (a) Dɛn nti na wɔsraa Dawid sɛ Israel hene a odi hɔ? (b) Dɛn na ɛmaa Saul ‘bɛdɔɔ’ Dawid paa?

4 Bere a Dawid yɛ abofra no, na Saul na ɔyɛ ɔhene wɔ Israel. Nanso, Saul yɛɛ asoɔden ma enti ɔhweree Yehowa anim dom. Ɛno nti, odiyifo Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Osuane na [Yehowa, NW] asuane Israel ahenni afi wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a oye sen wo.” (1 Samuel 15:28) Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnkɔsra Dawid a ɔyɛ Yisai mma no mu akumaa koraa no sɛ Israel hene a odi hɔ. Nanso, esiane sɛ na Onyankopɔn ayi ne honhom afi Ɔhene Saul so nti, ɛma onyaa adwenemhaw. Enti, wɔkɔfaa Dawid a na onim dwom to yiye no baa Gibea sɛ ɔmmɛbɔ nnwom mma ɔhene no. Dawid nnwom no maa Saul ho tɔɔ no ma enti, Saul “dɔɔ no sɛ.”—1 Samuel 16:11, 13, 21, 23.

5. Dɛn na ɛmaa Saul tan Dawid, na ɛno maa Dawid yɛɛ dɛn?

5 Bere kɔɔ so no, Yehowa dii Dawid akyi. Yehowa boaa Dawid ma odii Filistini Goliat so nkonim, na ogyinaa Dawid akyi ma ogyee din wɔ Israel sɛ ɔsraani kokodurufo. Nanso, esiane sɛ Yehowa hyiraa Dawid nti, Saul ani beree Dawid, na ɔtan no kɛse. Ɔhene Saul bɔɔ mmɔden mprenu sɛ ɔbɛtow peaw awɔ Dawid bere a na Dawid rebɔ ne sanku no. Ne mprenu nyinaa so no, Dawid twee ne ho na peaw no anka no. Bere a Saul yɛe sɛ obekum Dawid ne mprɛnsa so no, Dawid a na ɔbɛyɛ Israel hene daakye no hui sɛ ɛsɛ sɛ oguan pere ne nkwa. Awiei koraa no, esiane sɛ Saul bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyere Dawid akum no nti, Dawid guan fii Israel asase so kɔhwehwɛɛ ahobammɔ wɔ ɔman foforo so.—1 Samuel 18:11; 19:9, 10.

6. Dɛn nti na Saul ma wokunkum Nobfo?

6 Bere a Dawid reyɛ adu Israel hye so no, ɔman kɔɔ Nob kurow a na Yehowa ntamadan si mu no mu. Ɛda adi sɛ, bere a Dawid reguan no na mmerante bi ka no ho, na Dawid ne wɔn nyinaa kɔpɛɛ biribi dii wɔ hɔ. Saul tee sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ hɔ no ama Dawid ne ne mmarima no aduan adi, na ɔde peaw a Dawid yi fii Goliat ho bere a okum no no ama Dawid. Asɛm yi hyɛɛ Saul abufuw yiye ma enti ɔma wokunkum kurow no mufo nyinaa a na asɔfo 85 ka ho.—1 Samuel 21:1, 2; 22:12, 13, 18, 19; Mateo 12:3, 4.

Dawid Nyaa Ne Ti Didii Mu Bio

7. Dɛn nti na na Gat nyɛ baabi pa a na ɛsɛ sɛ Dawid de ne ho kosie?

7 Bere a Dawid fii Nob no, oguan de n’ani kyerɛɛ benkum fam twaa kwan bɛyɛ kilomita 40 kɔɔ Filistifo asase so kɔpɛɛ guankɔbea wɔ Ɔhene Akis nkyɛn wɔ Gat a ɛyɛ Goliat kurom no. Ebia Dawid nyaa adwene sɛ, Gat de, Saul renso dae sɛ ɔbɛba hɔ abɛhwehwɛ no da. Nanso, ankyɛ koraa na Gat hene no nkoa hui sɛ ɛyɛ Dawid na waba wɔn kurom hɔ no. Bere a Dawid tee sɛ nkurɔfo no ahu no no, “osuroo Gat hene Akis anim sɛ.”—1 Samuel 21:10-12.

8. (a) Dɛn na Dwom 56 ma yehu fa nea ɛtoo Dawid wɔ Gat no ho? (b) Na ɛyɛɛ dɛn na Dawid nyaa ne ti didii mu bio?

8 Filistifo no kyeree Dawid. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere yi na Dawid hyehyɛɛ dwom a ɛka koma a ɔde srɛɛ Yehowa sɛ: “Fa me nusu gu wo kotoku mu” no. (Dwom 56:8 ne atifi asɛm) Ɔnam saa asɛm yi a ɔkae no so kyerɛe sɛ ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa werɛ remfi n’amanehunu, na mmom ofi ɔdɔ mu bɛhwɛ no so na wabɔ no ho ban. Dawid faa adwene sɛ ɔbɛfa ɔkwan bi so adaadaa Filistifo hene no. Ɔyɛɛ ne ho te sɛ nea wabɔ dam no. Bere a Ɔhene Akis huu no no, ɔkaa ne nkoa no anim sɛ wɔde “ɔbɔdamfo” aba n’anim. Ɛda adi pefee sɛ Yehowa boaa Dawid wɔ adwene a ɔfae no ho. Wɔpamoo Dawid fii kurow no mu, na ɔsan nyaa ne ti didii mu bio.—1 Samuel 21:13-15.

9, 10. Dɛn na ɛmaa Dawid kyerɛw Dwom 34, na ɛbɛyɛ sɛ henanom ho asɛm na na ɛwɔ Dawid adwenem bere a na ɔrehyehyɛ dwom no?

9 Bible nka sɛ ebia wɔn a na wɔne Dawid nam no ne no guan kɔɔ Gat, anaasɛ wɔkaa Israel nkuraa a ɛbemmɛn Gat no ase a na wɔrewɛn de abɔ Dawid ho ban. Sɛnea ɛte biara no, ɛbɛyɛ sɛ bere a Dawid ne wɔn hyiaam na ɔkaa sɛnea na Yehowa asan agye no no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no, wɔn ani gyee pii. Sɛnea dwom no atifi asɛm kyerɛ no, saa asɛm yi na ɛmaa ɔhyehyɛɛ Dwom 34 no. Wɔ Dwom 34 nkyekyɛm ason a edi kan mu no, Dawid yii Onyankopɔn ayɛ sɛ wagye no, na ɔfrɛɛ n’aboafo no sɛ wɔmmɛka no ho na wɔmma Yehowa so sɛ Ogyefo Kɛse a ogye Ne nkurɔfo.—Dwom 34:3, 4, 7.

10 Dawid ne ne mmarima no kɔhyɛɛ ɔbodan bi mu wɔ Adulam wɔ Israel mmepɔw a ɛwɔ Gat apuei fam bɛyɛ kilomita dunum no mu. Israelfo a na wɔn ani nnye ɔkwan a Ɔhene Saul fa so di tumi ho no kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ hɔ. (1 Samuel 22:1, 2) Bere a Dawid hyehyɛɛ Dwom 34:8-22 mu nsɛm no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔkaa no ho no ho asɛm na na ɛwɔ n’adwenem. Nkaesɛm a ɛwɔ saa dwom yi mu no ho hia yɛn nso nnɛ, na sɛ yesusuw dwom a ɛyɛ dɛ yi mu nsɛm ho kɔ akyiri a, yebenya so mfaso.

Dɛn na Ɛyɛ W’ahiasɛm Titiriw Te sɛ Dawid?

11, 12. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ daa?

11 “Mehyira [Yehowa, NW] nna nyinaa, n’ayeyi wɔ m’anom daa yi.” (Dwom 34:1) Esiane sɛ na wɔapam Dawid afi ne man mu na onni baabi te nti, ɛbɛyɛ sɛ na ohia honam fam nneɛma pii, nanso sɛnea ne nsɛm yi kyerɛ no, wamma nneɛma a na ohia no anka ne bo a na wasi sɛ obeyi Yehowa ayɛ no anhyɛ. Eyi yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua bere a yɛakɔ ahokyere mu no! Sɛ́ yɛwɔ sukuu mu, adwumam, yɛne yɛn mfɛfo Kristofo rebɔ fekuw, anaasɛ yɛwɔ asɛnka mu no, nea ehia yɛn titiriw ne sɛ yebeyi Yehowa ayɛ. Wo de, susuw nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa no ho hwɛ! Sɛ nhwɛso no, yentumi nhwehwɛ Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa no mu nwie, na saa ara nso na ɛho anigye a yenya no nso rensa da. San susuw nea ɔnam n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so ayɛ no ho hwɛ! Ɛwom sɛ nnipa a wɔwɔ ahyehyɛde no mu nyɛ pɛ de, nanso Yehowa de nnipa anokwafo yi ayɛ nnwuma akɛse wɔ yɛn bere yi mu. Sɛ wode nnwuma a Onyankopɔn ayɛ no toto nea nnipa a wiase no hoahoa wɔn no ayɛ no ho a, ɛte dɛn? So wo ne Dawid a ɔkyerɛwee sɛ: “Obiara nte sɛ wo anyame mu, [Yehowa, NW], na biribiara nte sɛ wo nnwuma” no nyɛ adwene?—Dwom 86:8.

12 Esiane nnwuma a ɛso bi nni a Yehowa ayɛ nti, ɛsɛ sɛ yeyi no ayɛ daa sɛnea Dawid yɛe no. Bio nso, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ seesei wɔde Onyankopɔn Ahenni no ama Yesu Kristo a obedi Dawid ade daa no. (Adiyisɛm 11:15) Eyi kyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ na wiase yi akɔ n’awiei. Daa nkwa a nnipa bɛboro ɔpepepem asia benya no da asiane mu. Ɛnnɛ ne bere a ɛho hia paa sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni no ne nea ɛbɛyɛ ama nnipa nnansa yi ara no ho asɛm kyerɛ afoforo, na yɛboa wɔn ma wɔn nso ne yɛn beyi Yehowa ayɛ. Nokwarem no, nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn ahiasɛm wɔ yɛn asetram ne sɛ, yɛde hokwan biara a yebenya bɛhyɛ afoforo nkuran ama wɔagye “asɛmpa” yi atom ansa na aka akyiri dodo.—Mateo 24:14.

13. (a) Hena mu na Dawid hoahoaa ne ho, na nnipa bɛn na ɛno kaa wɔn ma wɔbaa Yehowa nkyɛn? (b) Dɛn na ɛma nnipa a wodwo ba Kristofo asafo no mu nnɛ?

13 [Yehowa, NW] mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefo bɛte, na wɔn ani agye.” (Dwom 34:2) Ɛnyɛ nneɛma a na Dawid atumi ayɛ no na ɔde hoahoaa ne ho wɔ kyerɛwsɛm yi mu. Sɛ nhwɛso no, wamfa sɛnea otumi daadaa Gat hene no antu no ho. Ohui sɛ Yehowa na ɔbɔɔ ne ho ban wɔ Gat, na ɛyɛ Yehowa na ɔboaa no ma onyaa ne ti didii mu. (Mmebusɛm 21:1) Enti, Dawid hoahoaa ne ho wɔ Yehowa mu, na ɛnyɛ nneɛma a n’ankasa atumi ayɛ ho. Esiane sɛ Yehowa na Dawid hyɛɛ no anuonyam nti, ɛmaa ahobrɛasefo baa Yehowa nkyɛn. Yesu nso hyɛɛ Yehowa din anuonyam, na ɛmaa nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔkyerɛkyerɛ wɔn a ɛyɛ yiye no baa Yehowa nkyɛn. Ɛnnɛ nso, nnipa a wodwo a wofi aman nyinaa mu aba Kristofo a wɔasra wɔn no asafo a ɛwɔ wiase nyinaa a Yesu yɛ Ti no mu. (Kolosefo 1:18) Sɛ saa nnipa a wodwo yi te sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase no rehyɛ Yehowa din anuonyam, na wɔsan te sɛ wɔreka Bible mu asɛm a Onyankopɔn honhom kronkron boa wɔn ma wɔte ase no a, ɛka wɔn koma.—Yohane 6:44; Asomafo Nnwuma 16:14.

Kristofo Asafo Nhyiam Hyɛ Yɛn Gyidi Den

14. (a) So kokoam nkutoo na na Dawid yi Yehowa ayɛ? (b) Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa yɛn wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ de som Onyankopɔn no ho?

14 “Mo ne me nkamfo [Yehowa, NW] kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so.” (Dwom 34:3) Ɛnyɛ kokoam nkutoo na Dawid yii Yehowa ayɛ. Ofi ɔdɔ mu frɛɛ ne mfɛfo sɛ wɔmmɛka no ho mma wommom mma Onyankopɔn din so. Saa ara na na Yesu Kristo, Dawid Ɔkɛse no ani gye ho sɛ obeyi Yehowa ayɛ wɔ baguam—wɔ hyiadan mu, afahyɛ ase wɔ Yerusalem asɔrefie, ne bere a na ɔne n’akyidifo nam no. (Luka 2:49; 4:16-19; 10:21; Yohane 18:20) Hwɛ hokwan a ɛyɛ anigye a yɛanya sɛ yebedi Yesu nhwɛso akyi, na yɛne yɛn mfɛfo gyidifo de hokwan biara a yebenya ayi Yehowa ayɛ, titiriw bere a yehu sɛ “ɛda no rebɛn no”!—Hebrifo 10:24, 25.

15. (a) Dawid asɛm no kaa ne mmarima no dɛn? (b) Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam ase a, mfaso bɛn na yenya?

15 “Mahwehwɛ [Yehowa, NW], na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu.” (Dwom 34:4) Ná saa asɛm yi ho hia Dawid. Enti, ɔtoaa so kae sɛ: “Ohiani yi teɛɛm, na [Yehowa, NW] tiee no, na ogyee no n’ahohia nyinaa mu.” (Dwom 34:6) Sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo hyiam a, yenya hokwan pii ka osuahu a ɛhyɛ nkuran a ɛfa sɛnea Yehowa boaa yɛn ma yegyinaa nsɛnnennen bi ano ho asɛm. Nsɛm a ɛte saa hyɛ yɛn mfɛfo gyidifo gyidi den te sɛ nea Dawid nsɛm no hyɛɛ n’akyitaafo gyidi den no ara pɛ. Wɔ Dawid asɛm no mu no, ne mfɛfo no ‘hwɛɛ Yehowa, na wɔn anim tewee, na wɔn anim angu ase.’ (Dwom 34:5) Ɛwom sɛ na wɔreguan afi Ɔhene Saul anim de, nanso anyɛ wɔn aniwu. Na wɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn taa Dawid akyi, na ɛno maa wɔn anim tewee. Saa ara nso na nnipa a wɔaba Kristofo asafo no mu foforo ne wɔn a wɔatra mu akyɛ nyinaa hwehwɛ Yehowa mmoa. Esiane sɛ Yehowa asomfo anya Yehowa mmoa nti, wɔn anim a ɛtew no da no adi sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so adi nokware.

Kyerɛ Abɔfo Mmoa Ho Anisɔ

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama n’abɔfo agye yɛn afi ɔhaw mu?

16 [Yehowa, NW] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.” (Dwom 34:7) Dawid ammu ne ho sɛ ɔno nkutoo ne obi a obetumi anya ogye a ɛte saa afi Yehowa hɔ. Nokwarem no, na Dawid yɛ obi a Yehowa asra no sɛ ɔbɛyɛ Israel hene daakye; nanso na Dawid nim sɛ Yehowa ma n’abɔfo hwɛ n’asomfo anokwafo nyinaa so, ɛmfa ho sɛ wɔagye din anaa wonnyee din. Ɛnnɛ nso, nokware asomfo nso te nka sɛ Yehowa bɔ wɔn ho ban. Wɔ Nasi Germany ne afei Angola, Malawi, Mozambique, ne aman foforo pii so no, nniso ahorow abɔ mmɔden sɛ wobegu Yehowa Adansefo som. Nanso, wontumi nguu Yehowa som ase. Mmom no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman a ɛte saa so no redɔɔso, na wɔbom ma Onyankopɔn din so. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ Yehowa ma n’abɔfo kronkron no bɔ ne nkurɔfo ho ban, na wɔkyerɛ wɔn kwan.—Hebrifo 1:14.

17. Akwan bɛn so na Onyankopɔn abɔfo boa yɛn?

17 Afei nso, Yehowa abɔfo betumi de wɔn ho agye nsɛm mu ama wɔayi obiara a ɔto afoforo hintidua afi Yehowa nkurɔfo mu. (Mateo 13:41; 18:6, 10) Ɛwom mpo sɛ ebia yenhu nneɛma bi a abɔfo yɛ ma yɛn de, nanso woyi akwanside ahorow bi a anka ebetumi asɛe ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no fi yɛn akwan mu, na wɔbɔ yɛn ho ban fi nneɛma bi a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam no ho. Nea ɛho hia sen biara no, wɔkyerɛ yɛn kwan wɔ “daa asɛmpa” a yɛka kyerɛ nnipa nyinaa no mu, a mmeae a ɛyɛ hu sɛ yɛbɛka asɛm no wɔ hɔ mpo ka ho. (Adiyisɛm 14:6) Wɔtaa ka adanse a ɛkyerɛ sɛ abɔfo boa yɛn no ho asɛm wɔ Bible ho nhoma a Yehowa Adansefo tintim no mu. * Osuahu a ɛtete saa no asisi mpɛn pii ma enti yentumi nka sɛ ɛyɛ asɛm na ɛne asɛm hyiae ara kwa.

18. (a) Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛanya abɔfo mmoa? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya abɔfo mmoa ne wɔn akwankyerɛ no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma Yehowa din so wɔ bere mpo a yɛrehyia ɔsɔretia no. Kae sɛ, ɛyɛ “wɔn a wosuro” Yehowa no nkutoo na Onyankopɔn abɔfo bɔ wɔn “ho nsra hyia.” Dɛn na ɛno kyerɛ? Dɛn ne Onyankopɔn suro, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuro no? Dɛn nti na Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ yesuro no? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no kratafa 550; 2005 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 53-4; Ɔwɛn-Aban, March 1, 2000, kratafa 5-6; January 1, 1991, kratafa 27; ne February 15, 1991, kratafa 26.

Wubebua Dɛn?

• Sɔhwɛ ahorow bɛn na Dawid hyiae bere a na ɔyɛ aberante no?

• Dɛn na ɛyɛ yɛn ahiasɛm titiriw te sɛ Dawid?

• Yebu Kristofo nhyiam ahorow dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma n’abɔfo boa yɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini wɔ kratafa 21]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Rama

Gat

Siklag

Gibea

Nob

Yerusalem

Betlehem

Adulam

Keila

Hebron

Sif

Hores

Karmel

Maon

En-Gedi

Nkyene Po

[Asɛm Fibea]

Asase mfonini: Based on maps copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Dawid maa Yehowa din so bere mpo a na ɔyɛ oguanfo no

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Sɛ yɛte osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran wɔ Kristofo nhyiam ase a, ɛhyɛ yɛn gyidi den