Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubehu Nokware Som

Sɛnea Wubehu Nokware Som

Sɛnea Wubehu Nokware Som

ƆSOM dodow no ara ka sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ fi Onyankopɔn hɔ. Enti, ɛsɛ sɛ yetie Yesu somafo Yohane asɛm yi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Adɔfo, munnnye honhom mu nsɛm nyinaa nnni, na mmom monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Nyankopɔn anaa, efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.” (1 Yohane 4:1) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asɔ biribi ahwɛ ahu sɛ efi Onyankopɔn hɔ?

Biribiara a efi Onyankopɔn hɔ no da ne nipasu adi, titiriw ne su a ɛkyɛn so a ɛne ɔdɔ no. Sɛ nhwɛso no, yɛn hwene ma yetumi te nhabamma, nhwiren, ne paanoohyew hua, na ne nyinaa ma yehu Onyankopɔn dɔ. Yɛn ani a yɛde hu owia a ɛrekɔtɔ, afofantɔ, anaa abofra a ɔreserew nso ma yehu sɛnea Onyankopɔn dɔ yɛn. Saa ara na yɛn aso a yɛde te dwom a ɛyɛ dɛ, anomaa su, anaa yɛn dɔfo bi nkɔmmɔdɛ nso te. Yɛn nipasu a ɛnyɛ pɛ no mpo da Onyankopɔn dɔ adi. Ɛno nti na yɛtaa hu sɛ Yesu asɛm yi yɛ nokware no: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Sɛ yɛda ɔdɔ adi a, ɛma yɛn ani gye, efisɛ wɔbɔɔ yɛn “Onyankopɔn suban so.” (Genesis 1:27) Ɛwom sɛ Yehowa wɔ su afoforo pii de, nanso ɔdɔ na ɛyɛ ne nipasu titiriw.

Ɛsɛ sɛ nhoma a efi Onyankopɔn hɔ no da ne dɔ adi. Ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no wɔ tete nhoma pii, nanso saa nhoma ahorow no ka Onyankopɔn dɔ ho asɛm kodu he?

Nokwasɛm ne sɛ, tete nyamesom nhoma dodow no ara nka hwee mfa sɛnea Onyankopɔn dɔ yɛn, anaa nea yɛn nso yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn no ho asɛm. Enti, nnipa ɔpepem pii nnya mmuae biara bere a wobisa sɛ, “Dɛn nti na nneɛma a Onyankopɔn abɔ da no adi sɛ ɔwɔ ɔdɔ, nanso amanehunu ne bɔne rekɔ so saa?” Nanso, Bible ne tete nyamesom nhoma koro pɛ a ɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn dɔ mu kosi ase. Ɛsan nso kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛda ɔdɔ adi.

Nhoma a Ɛka Ɔdɔ Ho Asɛm

Onyankopɔn Asɛm, Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ ‘ɔdɔ Nyankopɔn.’ (2 Korintofo 13:11) Bible ka sɛnea ɔdɔ kaa Yehowa ma ɔmaa nnipa baanu a wodi kan no nyaa asetra a yare ne owu nnim ho asɛm. Nanso, atua a adesamma tew tiaa Onyankopɔn tumidi no na ɛde amanehunu baa wɔn so. (Deuteronomium 32:4, 5; Romafo 5:12) Yehowa yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma adesamma asan anya nea ɛyerae no. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na obiara a ogye no di no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Kyerɛw Kronkron no kyerɛkyerɛ Onyankopɔn dɔ mu kɔ akyiri bere a ɛka sɛnea Onyankopɔn de nniso a ɛyɛ pɛ ahyɛ Yesu nsa sɛ ɔmfa asomdwoe mmrɛ adesamma a wɔn aso yɛ mmerɛw no.—Daniel 7:13, 14; 2 Petro 3:13.

Bible ka nnipa asɛyɛde ho asɛm tiawa sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen biara ne nea edi kan. Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Ahyɛde abien yi so na Mmara no nyinaa ne Adiyifo no sɛn.” (Mateo 22:37-40) Bible ka sɛ emu nsɛm no fi Onyankopɔn hɔ. Esiane sɛ emu nsɛm no da Onyankopɔn nipasu adi nti, yebetumi anya ahotoso sɛ efi ‘ɔdɔ Nyankopɔn’ no hɔ.—2 Timoteo 3:16.

Sɛ yegyina saa su biako yi so yɛ nhwehwɛmu a, ebetumi ama yɛahu tete nhoma a efi Onyankopɔn hɔ ankasa no. Ɔdɔ nso ma yehu wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokwarem no, efisɛ wosuasua sɛnea Onyankopɔn da ɔdɔ adi no.

Sɛnea Yebehu Wɔn a Wɔdɔ Onyankopɔn

Wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokwarem no da nsow, titiriw wɔ saa bere yi a yɛte bere a Bible frɛ no “nna a edi akyiri” mu no. Nnipa pii na wɔreyɛ “ahopɛ, sikanibere, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.”—2 Timoteo 3:1-4.

Wobɛyɛ dɛn atumi ahu wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no? Bible ka sɛ: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3) Ɔdɔ a nkurɔfo wɔ ma Onyankopɔn no ka wɔn ma wonya obu ma abrabɔ ho mmara a ɛwɔ Bible mu no. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima ne ɔbea nna ne aware ho mmara wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ awarefo nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wɔda, na ɛnsɛ sɛ wogyae aware. (Mateo 19:9; Hebrifo 13:4) Bere a ɔbea bi a ɔwɔ Spain a wakɔ asɔfodi sukuu kɔɔ baabi a Yehowa Adansefo de anigye resua abrabɔ ho mmara a ɛwɔ Bible mu ho ade no, ɔkae sɛ: “Merefi hɔ no, na manya nkuranhyɛ pii. Ɛnyɛ ɔkasa ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so no nko na ɛhyɛɛ me nkuran, na mmom biakoyɛ a ɛwɔ saa nkurɔfo no mu, wɔn abrabɔ pa, ne suban pa a wɔda no adi no nso.”

Ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ ma Onyankopɔn akyi no, ade foforo a wɔde hu wɔn ntɛm ne sɛnea wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn afipamfo no. Wɔn adwuma titiriw paa ne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ nkurɔfo sɛ ɛno ne adesamma anidaso koro pɛ. (Mateo 24:14) Biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ ama wɔn afipamfo a wobenya so mfaso sen sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔanya Onyankopɔn ho nimdeɛ. (Yohane 17:3) Nokware Kristofo da ɔdɔ adi wɔ akwan foforo so nso. Wɔboa nnipa a wɔrehu amane. Sɛ nhwɛso no, bere a asasewosow bi sɛee nneɛma wɔ Italy no, ɛhɔnom atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ, Yehowa Adansefo “yɛ ade de boa wɔn a wɔrehu amane a wonnwen ɔsom a saa nkurɔfo no wom no ho.”

Ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nipa akyi no, wɔdodɔ wɔn ho nso. Yesu kae sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.

So ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ ma wɔn ho wɔn ho no yɛ soronko koraa? Afenaa bi a wɔfrɛ no Ema ka sɛ ɛte saa. Ɔyɛ adwuma wɔ La Paz, Bolivia. Ɛhɔ no, mmusua mu nyiyim taa ma nsonsonoe ba asikafo ne ahiafo ntam. Afenaa no kae sɛ: “Bere a edi kan a mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase no, mihuu ɔbarima bi a wasiesie no ho kama sɛ ɔne Indiani bea bi te hɔ rebɔ nkɔmmɔ. Ná minhuu biribi a ɛte saa da. Saa bere no ara na mihui sɛ eyinom ne Onyankopɔn nkurɔfo.” Saa ara na Brazilni ababaa bi a wɔfrɛ no Miriam kae sɛ: “Ná m’ani nnyee wɔ m’asetram da, mpo wɔ m’abusua mu. Yehowa Adansefo mu na midii kan huu sɛnea ɔdɔ te ankasa.” Wɔ United States no, ɔpanyin bi a ɔhwɛ television adwumakuw bi nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea so kyerɛwee sɛ: “Sɛ nnipa pii bɔ wɔn bra te sɛ mo som no mufo a, anka ɔman yi nte sɛ nea ɛte yi. Meyɛ ɔsɛnkyerɛwfo, na minim sɛ ɔdɔ wɔ mo som no mu, na mowɔ Ɔbɔadeɛ no mu gyidi a ɛyɛ den nso.”

Hwehwɛ Nokware Som

Ɔdɔ yɛ ade titiriw a ɛma wohu nokware som. Yesu kae sɛ, sɛ obi hu nokware som a, ɛte sɛ nea wahu ɔkwan pa na ɔrenantew so. Ɛno nkutoo ne ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu. Ɔkae sɛ: “Momfa ɔpon teateaa no mu; efisɛ ɔkwan a ɛsõ na ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na nnipa bebree na wɔnam so rekɔ mu; nanso ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.” (Mateo 7:13, 14) Nokware Kristofo kuw biako pɛ na wɔde biakoyɛ resom Onyankopɔn nokwarem. Enti, ɔsom a wobɛkɔ mu ho hia. Sɛ wuhu saa kwan no na wonantew so a, na woanya asetra a eye sen biara, efisɛ ɛyɛ ɔdɔ kwan.—Efesofo 4:1-4.

Hwɛ anigye a wubenya sɛ wowɔ nokware som mu! Ɛte sɛ nea wo ne Onyankopɔn na ɛrenantew. Wubetumi asua nyansa ne ɔdɔ afi Onyankopɔn nkyɛn na ama woatumi ne afoforo ntam ayɛ papa. Wubetumi asua nea enti a yɛwɔ wiase afi Onyankopɔn nkyɛn, na wubetumi ate Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ase na ama woanya nea ɛbɛba daakye ho anidaso. Worennu wo ho da sɛ wohwehwɛɛ nokware som.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Wɔ tete nyamesom nhoma nyinaa mu no, Bible nkutoo na ɛka Onyankopɔn dɔ ho asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɛnyɛ den sɛ wobehu nokware Kristofo, efisɛ wɔda ɔdɔ adi