Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɔsom Ko A Wobɛkɔ Mu Ho Hia?

So Ɔsom Ko A Wobɛkɔ Mu Ho Hia?

So Ɔsom Ko A Wobɛkɔ Mu Ho Hia?

SƐ YƐREKƆTOTƆ nneɛma a, yɛn mu dodow no ara ani gye ho sɛ yebenya nneɛma pii na yɛayiyi mu atɔ nea yɛpɛ. Sɛ nnuaba ne atosode ahorow wɔ gua so a, yetumi hwehwɛ mu tɔ nea ɛyɛ yɛn dɛ paa na eye ma yɛn abusua. Sɛ yɛkɔ sotɔɔ bi a ntade ahorow pii wom mu a, yetumi hwehwɛ mu tɔ nea ɛbɛfata yɛn paa. Yegyina nneɛma a yɛn ankasa ani gye ho so na yɛpaw nneɛma bi wɔ yɛn asetram. Nanso, nneɛma afoforo bi wɔ hɔ a sɛ yɛpaw a, ɛboa yɛn wɔ yɛn asetram. Ɛho nhwɛso bi ne aduan a ahoɔden wom a yebedi anaa nnamfo a wɔfata a yɛbɛpaw. Sɛ ɛte saa a, ɛnde, ɔsom a yɛbɛkɔ mu nso ɛ? So ɔsom a yɛn ani gye ho kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yɛkɔ mu? Anaasɛ ɔsom ko a yɛbɛkɔ mu no yɛ aniberesɛm a ɛfa nkwa a yebenya ho?

Ɔsom ahorow pii na ɛwɔ hɔ a yebetumi ahwehwɛ mu akɔ nea yɛpɛ mu. Seesei, aman pii na wɔma kwan ma obiara kɔ ɔsom biara a ɔpɛ mu, na ama nkurɔfo pii regyae ɔsom a wɔn awofo woo wɔn toom no. Wɔahu wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States mu sɛ, Amerikafo ɔha biara mu 80 na “wogye di sɛ ɛnyɛ ɔsom biako pɛ na obi kɔ mu a obenya nkwagye.” Wohui wɔ saa nhwehwɛmu koro no ara mu sɛ, “nnipa baanum biara a wobisaa wɔn nsɛm no mu biako kae sɛ, onyinii no wasesa ne som.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Brazil no daa no adi sɛ, Brazilfo nyinaa mu bɛyɛ ɔha mu aduonu anum na wɔasesa wɔn som.

Bere bi a atwam no, na nkurɔfo gye akyinnye denneennen wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛma wɔn som yɛ soronko wɔ ɔsom foforo ho no ho. Nanso, seesei, adwene a nnipa dodow no ara kura ne sɛ, ‘ɔsom biara ye.’ Nanso, ɛyɛ nokware? So ɔsom ko a wobɛkɔ mu no ho hia?

Sɛnea adetɔfo a wɔn ani da hɔ bisa baabi a wɔyɛɛ nneɛma a wɔpɛ sɛ wɔtɔ ho nsɛm no, saa ara na nyansa wom sɛ wubebisa sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na ɔsom ahorow yi nyinaa fii ase, na dɛn na ɛkɔfa bae?’ Nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ Bible no mu.

Dɛn na Ɛma Wofi Ɔsom Ahorow Ase?

Wɔ tete Israel no, Ɔhene Yerobeam fii ɔsom foforo bi ase bɛyɛ mfe apem ansa na Yesu reba asase so. Ná Yerobeam ne Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam a wɔtew wɔn ho no hene a odi kan. Ná ɛyɛ den ma no sɛ obenya nkurɔfo ma wɔadi n’akyi wɔ nea na ɔreyɛ no mu. Enti, “ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwi mma abien, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ, wo Nyankopɔn a ɔde wo fi Misraim bae ni.” (1 Ahene 12:28) Ɛda adi pefee sɛ, na ɔhene no pɛ sɛ ɔde nyamesom dan nkurɔfo no adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkɔ Yerusalem bio nkɔsom. Ɔsom a Yerobeam fii ase no dii mfe ɔhaha pii, na ɛma wokunkum nnipa ɔpepem pii, na wɔde bi nso kɔɔ nnommumfa mu bere a awiei koraa no, Onyankopɔn twee Israel man a na awae no aso no. Nnipa a na Yerobeam repɛ ma wɔadi n’akyi wɔ amanyɔsɛm mu nti na ofii ne som no ase. Saa ara na tumi a nkurɔfo pɛ wɔ amanyɔsɛm mu nti na wofii Ɔman som ahorow bi a atra hɔ abesi nnɛ no ase.

Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ adwene foforo a ɛma nkurɔfo fi ɔsom foforo ase. Ɔkae sɛ: “Minim sɛ me kɔ akyi no mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenyɛ nguankuw no brɛbrɛ, na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Asomafo Nnwuma 20:29, 30) Asɔre akannifo a wɔyɛ ahantan taa fi ɔsom foforo ase de pɛ din. Asɔre ahorow a wodi atoro ka sɛ wɔyɛ Kristofo no mufo mu akyekyɛ ayɛ akuwakuw pii.

Hena na Ɔsom Ahorow no Pɛ sɛ Wɔsɔ N’ani?

Nea nkurɔfo ani gye ho a nnipa bi pɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn no betumi ama wɔafi ɔsom foforo ase. Sɛ nhwɛso no, the Economist nsɛmma nhoma no kyerɛw asɛm bi faa ahonhonsɔre a ɛwɔ United States no ho. Wɔkae wɔ asɛm no mu sɛ, nea ama nnipa pii rekɔ saa asɔre ahorow yi ne sɛ, “wɔde nnyinasosɛm a nnwumakuw a enya nkɔso nyinaa de yɛ adwuma no ara na ɛyɛ adwuma: ɛno ne sɛ wobɛyɛ nea adetɔfo pɛ ama wɔn.” Ahonhonsɔre no bi “de anigyede te sɛ video ne drama a wɔyɛ, ne nnwom a aba so yɛ asɔre.” Asɔfo bi a wɔwɔ saa asɔre ahorow yi mu ka sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn asɔremma no sɛnea wobenya “sika, apɔwmuden, ne asetra a ɔhaw biara nni mu.” Wɔkae wɔ saa nhwehwɛmu no ara mu sɛ, ɛwom sɛ nkurɔfo kasa tia asɔre a ɛtete saa wɔ video, sini ne nnwom a wɔyɛ tɔn no ho, anaasɛ wɔne wɔn nyɛ adwene wɔ ka a wɔka sɛ wɔyɛ saa nneɛma no “de boa wɔn asɔre no” ho de, nanso “ɛyɛ nea asɔremma no pɛ ara na asɔre no yɛ ma wɔn.” Wɔde asɛm no baa awiei sɛ: “Aguadi a wɔde afrafra asɔre no anya nkɔso ma ɛyɛ nwonwa.”

Ɛwom sɛ ebia ɔsom afoforo nyɛ wɔn ade mma ɛnna adi pefee sɛnea wɔredi gua de, nanso asɔre ahorow no a “wɔyɛ nea wɔn asɔremma pɛ” no kae yɛn kɔkɔbɔ bi a Paulo de mae no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bere bi bɛba a wɔrentra nkyerɛkyerɛ pa no mu, na mmom wɔbɛboaboa akyerɛkyerɛfo ano afa ma wɔanunu wɔn asom, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te; na wobeyi wɔn asõ afi nokware no ho, na wɔadan akɔ atosɛm so.”—2 Timoteo 4:3, 4.

Tumi a nkurɔfo pɛ wɔ amanyɔsɛm mu, anuonyam, ne edin a wobɛgye nti na wɔtew ɔsom ahorow pii no. Na mmom ɛnyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani nti. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsom ahorow no yɛ nneɛma bɔne bi te sɛ mmofra a wɔto wɔn mmonnaa, apoobɔ, akodi anaa awudisɛm. Yɛtaa te sɛ nkurɔfo ka sɛ nyamesom yɛ nnaadaa. Dɛn na wubetumi ayɛ na wɔannaadaa wo?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Tumi a nkurɔfo pɛ wɔ amanyɔsɛm mu, anuonyam, ne edin a wobegye nti na wɔtew ɔsom ahorow pii, na mmom ɛnyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani