Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abɔfo—Sɛnea Wɔn Adwuma Ka Adesamma

Abɔfo—Sɛnea Wɔn Adwuma Ka Adesamma

Abɔfo—Sɛnea Wɔn Adwuma Ka Adesamma

“Eyinom akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro resian a ɔwɔ tumi kɛse; . . . Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: ‘Wahwe ase! Babilon Kɛse no ahwe ase!’”—ADIYISƐM 18:1, 2.

1, 2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa de abɔfo di dwuma ma n’atirimpɔw ba mu?

BERE a na Yohane a wabɔ akwakoraa no wɔ Patmo supɔw so no, onyaa nsɛm a ebesisi daakye ho anisoadehu. Ɔbaa “Awurade da no” mu wɔ “honhom mu,” na ohuu nneɛma a ɛyɛ nwonwa. Saa da no fi ase bere a wɔde Yesu Kristo si ade so sɛ ɔhene wɔ afe 1914 mu, na ɛtoa so ara kosi ne Mfirihyia Apem Ahenni no awiei.—Adiyisɛm 1:10.

2 Yehowa Nyankopɔn amfa adiyisɛm yi amma Yohane tẽẽ. Ɔde faa obi so. Adiyisɛm 1:1 ka sɛ: “Yesu Kristo adiyisɛm a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm. Na ɔsomaa ne bɔfo ma ɔnam nsɛnkyerɛnne so de maa n’akoa Yohane.” Yehowa nam Yesu so ma ɔbɔfo bi kaa nsɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛfa “Awurade da no” ho kyerɛɛ Yohane. Bere bi nso, Yohane huu “ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro resian a ɔwɔ tumi kɛse.” Ná adwuma bɛn na ɔbɔfo yi bɛyɛ? “Ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: ‘Wahwe ase! Babilon Kɛse no ahwe ase!’” (Adiyisɛm 18:1, 2) Ɔbɔfo a ɔwɔ tumi yi nyaa hokwan kaa Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no asehwe ho asɛm. Enti akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa de abɔfo di dwuma wɔ ɔkwan titiriw so de di n’atirimpɔw ho dwuma. Ansa na yebesusuw dwuma a abɔfo di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu ne sɛnea wɔn adwuma ka yɛn ho no, momma yensusuw sɛnea honhom abɔde yi bae ho.

Ɛyɛɛ Dɛn na Abɔfo Bae?

3. Adwene a ɛnteɛ bɛn na nnipa pii kura wɔ abɔfo ho?

3 Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii gye di sɛ abɔfo wɔ hɔ. Nanso adwene a wɔn mu pii kura wɔ abɔfo ho ne nea ɛyɛe a wɔbae ho no nteɛ. Sɛ nhwɛso no, nyamesomfo binom susuw sɛ, sɛ wɔn dɔfo bi wu a, Onyankopɔn frɛ onii no kɔ soro ma ɔkɔyɛ ɔbɔfo. So saa na Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ fa abɔfo a wɔbɔɔ wɔn ne nea enti a wɔbɔɔ wɔn no ho?

4. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa nea ɛyɛe a abɔfo bae no ho kyerɛ yɛn?

4 Ɔbɔfo a ɔwɔ tumi sen abɔfo a wɔaka no nyinaa ne ɔbɔfo panyin Mikael. (Yuda 9) Ɔnyɛ obiara sɛ Yesu Kristo. (1 Tesalonikafo 4:16) Mfe ɔpepem pii a atwam ni, bere a Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛbɔ ade no, n’abɔde mu nea odi kan koraa a ɔbɔe ne ne Ba yi a ɔyɛ ɔbɔfo no. (Adiyisɛm 3:14) Akyiri yi, Yehowa nam n’abakan yi so bɔɔ honhom abɔde a wɔaka nyinaa. (Kolosefo 1:15-17) Bere a Yehowa reka abɔfo yi ho asɛm sɛ ne mma no, obisaa tete agya Hiob sɛ: “Ɛhe na wowɔ, bere a mehyɛɛ asase ase no? Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ! . . . Hena na ɔde ne twea bo toe, bere a adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose no?” (Hiob 38:4, 6, 7) Ɛda adi pefee sɛ abɔfo no yɛ Onyankopɔn abɔde, na odii kan bɔɔ wɔn bere tenteenten ansa na ɔrebɔ nnipa.

5. Wɔahyehyɛ abɔfo no dɛn?

5 Korintofo nhoma a edi kan ti 14:33 ka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe de.” Enti Yehowa akyekyɛ ne honhom mu mma no mu akuw abiɛsa: (1) serafim a wɔsom wɔ Onyankopɔn ahengua anim no ka ne kronkronyɛ kyerɛ na wɔhwɛ ma n’asomfo ho tew wɔ ne som mu; (2) kerubim a wɔka Yehowa kɛseyɛ kyerɛ; ne (3) abɔfo afoforo a wodi n’atirimpɔw ho dwuma. (Dwom 103:20; Yesaia 6:1-3; Hesekiel 10:3-5; Daniel 7:10) Nnwuma a abɔfodɔm yi yɛ a ɛka nnipa no mu bi ne nea ɛwɔ he?—Adiyisɛm 5:11.

Dwuma Bɛn na Abɔfo Di?

6. Dwuma bɛn na Yehowa de kerubim no dii wɔ Eden turo no mu?

6 Baabi a edi kan koraa a wɔbɔɔ abɔfo din ne Genesis 3:24. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “[Yehowa pam] onipa no, na ɔde Kerubim ne ogyaframa afoa a edi ahim besii Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔnwɛn nkwa dua no ho kwan.” Kerubim yi amma Adam ne Hawa kwan ma wɔansan ankɔ Eden turo no mu. Eyi sii wɔ nnipa asetra mfiase pɛɛ. Dwuma bɛn na abɔfo adi fi saa bere no?

7. Dɛn na mfitiase kasa a ɛkyerɛ “ɔbɔfo” no ma yehu fa dwuma a abɔfo di no mu biako ho?

7 Wɔbɔ abɔfo din bɛyɛ mpɛn 400 wɔ Bible mu. Wobetumi akyerɛ Hebri ne Hela nsɛmfua a ɛkyerɛ “ɔbɔfo” no nso ase sɛ “ɔsomafo.” Enti Onyankopɔn nam abɔfo so ne adesamma adi nkitaho. Sɛnea yehui wɔ nkyekyɛm biako ne abien no mu no, Yehowa nam ɔbɔfo so de n’asɛm maa ɔsomafo Yohane.

8, 9. (a) Ɔbɔfo a ɔbaa Manoa ne ne yere hɔ no nsrahwɛ no kaa wɔn dɛn? (b) Dɛn na awofo betumi asua afi Onyankopɔn bɔfo a ɔbɛsraa Manoa no hɔ?

8 Wɔma abɔfo nso boa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so san hyɛ wɔn nkuran. Sɛ nhwɛso no, wɔ Atemmufo no bere so wɔ Israel no, na Manoa ne ne yere a ɔyɛ obonin no hia ɔba denneennen. Yehowa somaa ne bɔfo ma ɔkɔka kyerɛɛ Manoa yere sɛ ɔbɛwo ɔbabarima. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam.”—Atemmufo 13:1-5.

9 Awiei koraa no, Manoa yere woo ɔbabarima, Samson, na obegyee din wɔ Bible abakɔsɛm mu. (Atemmufo 13:24) Ansa na wɔrewo abofra no, Manoa srɛe sɛ ɔbɔfo no nsan mmra mmɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛtete abofra no. Manoa bisae sɛ: “Ɛdɛn ne abofra no ahyɛde, na dɛn na ɔnyɛ?” Yehowa bɔfo no tĩĩ akwankyerɛ a ɔde maa Manoa yere no mu kyerɛɛ no. (Atemmufo 13:6-14) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ eyi hyɛɛ Manoa nkuran! Ɛnnɛ, abɔfo nsra ankorankoro wɔ saa kwan no so, nanso awofo betumi abisa Yehowa akwankyerɛ de atete wɔn mma sɛnea Manoa yɛe no.—Efesofo 6:4.

10, 11. (a) Elisa ne ne somfo no tee nka dɛn wɔ Siria asraafodɔm a wobetwaa kurow no ho hyiae no ho? (b) Sɛ yesusuw asɛm yi ho a, mfaso bɛn na yebetumi anya afi mu?

10 Yehu mmoa a abɔfo de mae ho nhwɛso a ɛda nsow wɔ odiyifo Elisa bere so. Ná Elisa te Dotan, kurow bi a na ɛwɔ Israel. Da bi, bere a Elisa somfo sɔree anɔpatutuutu na ɔtoo n’ani hwɛɛ abɔnten no, ohui sɛ apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa kurow no ho ahyia. Ná Siria hene no asoma asraafodɔm kɛse sɛ wɔnkɔkyere Elisa. Dɛn na Elisa somfo no yɛe? Ehu nti, ɔteɛɛm sɛ: “Ao, me wura, yɛbɛyɛ dɛn?” Ɔno de, na n’anidaso nyinaa asa. Nanso Elisa buae sɛ: “Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no.” Ná ɔrepɛ akyerɛ dɛn?—2 Ahene 6:11-16.

11 Ná Elisa nim sɛ abɔfodɔm wɔ hɔ a wɔbɛboa no. Nanso na ne somfo no nhu hwee. Enti “Elisa bɔɔ mpae sɛ: [Yehowa, NW], bue n’ani na onhu. Na [Yehowa, NW] buee aberante no aniwa, na ohui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔw no so ma atwa Elisa ho ahyia.” (2 Ahene 6:17) Afei ne somfo no tumi huu abɔfodɔm no. Sɛ yenya Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ a, yɛn nso yebetumi ahu sɛ abɔfo a wɔhyɛ Yehowa ne Kristo akwankyerɛ ase a wɔboa Yehowa nkurɔfo san bɔ wɔn ho ban no wɔ hɔ.

Mmoa a Abɔfo de Mae wɔ Kristo Bere So

12. Mmoa bɛn na ɔbɔfo Gabriel de maa Maria?

12 Susuw mmoa a Yudani ɔbaabun Maria nyae bere a ɔtee asɛm yi no ho hwɛ: “Wobɛfa yafunu na woawo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu.” Ansa na ɔbɔfo Gabriel a Onyankopɔn somaa no no reka anwonwasɛm yi akyerɛ Maria no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro Maria, na woanya Onyankopɔn anim dom.” (Luka 1:26, 27, 30, 31) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ nsɛm yi a ɛmaa Maria awerɛhyem sɛ wanya Onyankopɔn anim dom no hyɛɛ no nkuran na ɛhyɛɛ no den!

13. Mmoa bɛn na abɔfo de maa Yesu?

13 Yehu abɔfo mmoa ho nhwɛso foforo bere a Yesu ko tiaa sɔhwɛ abiɛsa a Satan de baa No so wɔ sare so akyi no. Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ, sɔhwɛ no akyi no, “Ɔbonsam gyaw no hɔ, na hwɛ! abɔfo bae, na wofii ase som no.” (Mateo 4:1-11) Biribi a ɛte saa nso sii anadwo a na Yesu rebewu no. Ahoyeraw nti, Yesu buu nkotodwe bɔɔ mpae sɛ: “‘Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi fi me so. Nanso, ɛnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ nyɛ.’ Ɛnna ɔbɔfo bi fii soro yii ne ho adi kyerɛɛ no hyɛɛ no den.” (Luka 22:42, 43) Nanso mmoa bɛn na abɔfo de ma yɛn nnɛ?

Mmoa a Abɔfo de Ma Nnɛ

14. Ɔtaa bɛn na Yehowa Adansefo agyina ano nnɛ, na dɛn na afi mu aba?

14 Sɛ yesusuw asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ nnɛ no ho a, so yenhu sɛ abɔfo na wɔreboa wɔn? Sɛ nhwɛso no, ansa na Wiase Ko II (1939-1945) reba ne bere a na ɔko no rekɔ so mu no, Yehowa nkurɔfo tumi gyinaa Nasi nhyɛso ano wɔ Germany ne Europa Atɔe fam. Wogyinaa ɔtaa a Katolek Katabaako nniso a ɛwɔ Italy, Spain, ne Portugal de baa wɔn so no ano bere tenteenten. Na wogyinaa ɔtaa a kan Soviet Union ne aman a na ɛhyɛ wɔn ase no de baa wɔn so no nso ano mfe pii. Nhwɛso foforo ne ɔtaa a Adansefo no agyina ano wɔ Afrika aman bi mu no. * Nnansa yi, Yehowa asomfo ahyia ɔtaa a ano yɛ den paa wɔ Georgia man no mu. Satan ayɛ nea obetumi biara sɛ obegu Yehowa Adansefo adwuma no. Nanso, sɛ́ ahyehyɛde no, wɔatumi agyina ɔsɔretia a ɛte saa ano na wɔanya nkɔso mpo. Abɔfo mmoa a wɔde ma ka ho bi na ama wɔatumi ayɛ saa.—Dwom 34:7; Daniel 3:28; 6:22.

15, 16. Mmoa bɛn na abɔfo no de ma Yehowa Adansefo wɔ asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no mu?

15 Yehowa Adansefo bu ahyɛde a wɔde ama wɔn sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ asase so nyinaa na wɔmfa Bible mu nokware nkyerɛkyerɛ nnipa a wɔn ani gye ho wɔ baabiara na wɔnyɛ wɔn asuafo no aniberesɛm. (Mateo 28:19, 20) Nanso wonim yiye sɛ sɛ abɔfo no ammoa wɔn a, wɔrentumi nni ahyɛde yi so. Enti asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 14:6, 7 no hyɛ wɔn nkuran bere nyinaa. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “[Me ɔsomafo Yohane] mihuu ɔbɔfo foforo a ɔnam wim a okura daa asɛmpa sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa, na ɔteɛɛm sɛ: ‘Munsuro Nyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ bere a ɔde bebu atɛn no adu, enti monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsuti no.’”

16 Nsɛm yi ma ɛda adi pefee sɛ abɔfo boa asɛnka adwuma kɛse a Yehowa Adansefo reyɛ wɔ wiase nyinaa no, na wɔkyerɛ wɔn kwan. Yehowa nam n’abɔfo so kyerɛ nnipa komapafo kwan kɔ n’Adansefo hɔ. Abɔfo no nso kyerɛ Adansefo no kwan kɔ wɔn a wɔfata no nkyɛn. Eyi ma yehu nea enti a mpɛn pii no sɛ obi rehyia nsɛnnennen na ohia Onyankopɔn mmoa a, wobɛhwɛ na Yehowa Dansefo bi akopue hɔ saa bere no ara mu no. Esiane sɛ eyi taa si nti, yɛrentumi nka sɛ ɛyɛ asɛm na ɛne asɛm hyia ara kwa.

Abɔfo Bedi Dwuma Titiriw Bi Nnansa Yi Ara

17. Dɛn na ɛtoo Asiriafo no bere a ɔbɔfo baako pɛ tow hyɛɛ wɔn so no?

17 Abɔfo no di atirimpɔw foforo ho dwuma ka adwuma a wɔyɛ sɛ asomafo ne Yehowa asomfo a wɔhyɛ wɔn den no ho. Mmere a atwam no, na wodi Yehowa atemmusɛm ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, Asiria asraafodɔm kohunahunaa Yerusalemfo. Dɛn na Yehowa yɛe wɔ ho? Ɔkae sɛ: “Na mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid ntia!” Bible ka nea esii kyerɛ yɛn: “Anadwo no ara [Yehowa, NW] bɔfo fi kokum Asiria nsra mu nnipa peha aduɔwɔtwe anum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.” (2 Ahene 19:34, 35) Sɛ yɛde ɔbɔfo baako pɛ ahoɔden toto nnipa asraafodɔm ho a, yehu sɛ wɔyɛ nkyene a, na wɔayera mu!

18, 19. Dwuma titiriw bɛn na abɔfo bedi nnansa yi ara, na ɛbɛka adesamma dɛn?

18 Abɔfo bedi dwuma sɛ Onyankopɔn abrafo nnansa yi ara. Ɛrenkyɛ koraa, Yesu “ne n’abɔfo a wɔwɔ tumi no” bɛba “wɔ ogyaframa mu.” Dwuma a wobedi ne sɛ wɔde ‘aweredi bɛba wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.’ (2 Tesalonikafo 1:7, 8) Hwɛ sɛnea dwuma a wobedi yi bɛka adesamma! Wɔbɛsɛe wɔn a wontie Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a seesei wɔreka wɔ asase so nyinaa no. Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa, na wɔhwehwɛ trenee, ne ahobrɛase nkutoo na ‘wɔbɛkora wɔn so, Yehowa abufuw da no,’ na bɔne bi rento wɔn.—Sefania 2:3.

19 Yebetumi ada Yehowa ase sɛ ɔde n’abɔfo a wɔwɔ tumi no boa n’asomfo a wɔwɔ asase so san hyɛ wɔn nkuran. Dwuma a abɔfo di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu a yenim no ma yenya awerɛkyekye efisɛ abɔfo no bi atew atua atia Yehowa na wɔakɔhyɛ Satan ase. Yebesusuw nneɛma a nokware Kristofo betumi ayɛ de abɔ wɔn ho ban afi Satan Ɔbonsam ne n’adaemone tumi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Sɛ wopɛ ɔtaa yi ho nsɛm a, hwɛ Yearbook of Jehovah’s Witnesses a ɛbae 1983 (Angola), 1972 (Czechoslovakia), 2000 (Czech Republic), 1992 (Ethiopia), 1974 ne 1999 (Germany), 1982 (Italy), 1999 (Malawi), 2004 (Moldova), 1996 (Mozambique), 1994 (Poland), 1983 (Portugal), 1978 (Spain), 2002 (Ukraine), ne 2006 (Zambia).

Dɛn na Wusuae?

• Ɛyɛɛ dɛn na abɔfo bae?

• Ɔkwan bɛn so na wɔde abɔfo dii dwuma wɔ Bible mmere mu?

• Dɛn na Adiyisɛm 14:6, 7 ma yehu wɔ abɔfo dwumadi ho nnɛ?

• Dwuma titiriw bɛn na abɔfo bedi nnansa yi ara?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Ɔbɔfo bi hyɛɛ Manoa ne ne yere nkuran

[Mfonini wɔ kratafa 23]

“Wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no”