Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristo Mmae So Ɛsɛ sɛ Yesuro?

Kristo Mmae So Ɛsɛ sɛ Yesuro?

Kristo Mmae So Ɛsɛ sɛ Yesuro?

SƐ WOTE Yesu Kristo mmae ho asɛm a, dɛn na ɛba w’adwene mu? So wuhu no sɛ biribi a ɛde atemmu, ɔsɛe ne asotwe bɛba adesamma so? Anaasɛ wohwɛ kwan sɛ ɛde yɛn haw nyinaa bɛba awiei? So Kristo mmae no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesuro? Anaasɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan?

Bible ka Kristo mmae ho asɛm sɛ: “Hwɛ! Ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, . . . na ne nti, asase so mmusuakuw nyinaa de awerɛhow bɛbobɔ wɔn kokom.” (Adiyisɛm 1:7) Eyi fa ba a Yesu bɛba daakye abegye atreneefo na ɔde asotwe aba abɔnefo so no ho.

Sɛ́ anka ɔsomafo Yohane besuro no, ɔhwɛɛ Kristo mmae no kwan. Bere a Yohane nsa kaa Yesu mmae yi ne nea ɛde bɛba asase so ho adiyisɛm no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Awurade Yesu, bra.” (Adiyisɛm 22:20) Nanso dɛn nti na “asase so mmusuakuw nyinaa de awerɛhow bɛbobɔ wɔn kokom”? Ɔkwan bɛn so na “aniwa nyinaa” behu no? Dɛn na Kristo mmae no bɛyɛ? Sɛ yenya mu gyidi a, mfaso bɛn na yebenya nnɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae.