Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Kristo Mmae no Bɛyɛ

Nea Kristo Mmae no Bɛyɛ

Nea Kristo Mmae no Bɛyɛ

“BASABASAYƐ WƆ SÃO PAULO.” Saa na Veja nsɛmma nhoma no kaa nnanan a nsɛmmɔnedifo “tow hyɛɛ” kurow kɛse paa a ɛwɔ Brazil a emufo di yiye paa so wɔ May 2006 mu no ho asɛm. Wokunkum polisifo, nsɛmmɔnedifo, ne ɔmanfo bɛyɛ 150 wɔ “bɛboro nnanan a basabasayɛ kɔɔ so no” mu.

Ɛkame ayɛ sɛ wɔka basabasayɛ ho asɛm wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu wɔ asase so baabiara. Ɛte sɛ nea aman mpanyimfo ntumi nsiw ano. Yɛ ara na wiase yi mu tra reyɛ hu. Ebia w’abam abu, efisɛ woto w’ani hwɛ baabiara a, wonte asɛm pa biara. Nanso, ɛrenkyɛ nsakrae bɛba.

Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ wɔ “asase so sɛnea ɛte wɔ soro” no. (Mateo 6:9, 10) Ahenni yi yɛ nniso a Onyankopɔn apaw Kristo Yesu sɛ ɛso Hene. Ahenni no beyi adesamma haw nyinaa afi hɔ. Nanso ansa na Onyankopɔn Ahenni de nsakrae bɛba asase so no, ɛsɛ sɛ Kristo nniso besi nnipa nniso ananmu. Saa pɛpɛɛpɛ na Kristo mmae no bɛyɛ.

So Nsakrae no Bɛba wɔ Asomdwoe Mu?

So amanaman no bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Kristo ase asomdwoe mu? Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu a ɛma yenya asɛmmisa yi ho mmuae. Yohane ka sɛ: “Mihuu akekaboa [wiase amammui ahyehyɛde] no ne asase so ahemfo ne wɔn asafodɔm a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne [Yesu,] nea ɔte pɔnkɔ no so no ne ne dɔm rebɛko.” (Adiyisɛm 19:19) Ebewie asase so ahemfo dɛn wɔ ɔko no mu? Bible ka sɛ Ɔhene a Yehowa asra no no de “dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.” (Dwom 2:9) Wɔbɛsɛe amammui ahyehyɛde no koraa. Onyankopɔn Ahenni ‘bebubu nnipa ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.’—Daniel 2:44.

Na wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn Ahenni no nso ɛ? “Wɔ Awurade Yesu ahoyi a efi soro no mu” no, wɔka Yesu ho asɛm sɛ “ɔne n’abɔfo a wɔwɔ tumi no, [bɛba] wɔ ogyaframa mu, na ɔde aweredi aba wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.” (2 Tesalonikafo 1:7, 8) Mmebusɛm 2:22 ka sɛ: “Wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.”

Bible ka Kristo mmae ho asɛm sɛ: “Hwɛ! Ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no.” (Adiyisɛm 1:7) Nnipa remfa wɔn aniwa ankasa nhu no. Efi bere a Yesu kɔɔ soro no, ɔyɛ honhom abɔde a “ɔte hann a wontumi mmɛn ho mu, nea onipa baako mpo nhuu no da na obiara ntumi nhu no no.”—1 Timoteo 6:16.

Ɛho nhia sɛ Yesu fa honam nipadua ansa na nnipa a wɔwɔ asase so ‘ahu’ no sɛnea na ɛho nhia sɛ Yehowa ma nnipa hu no bere a ɔde Ɔhaw Du baa Misrifo so wɔ Mose bere so no. Akyinnye biara nni ho sɛ na nkurɔfo a wɔwɔ hɔ saa bere no nim sɛ Yehowa na ɔde ɔhaw no bae, na Yehowa ma wohui sɛ ɔwɔ tumi. (Exodus 12:31) Saa ara na sɛ Kristo keka ne ho sɛ Onyankopɔn Brafo a, abɔnefo ‘behu’ sɛ Onyankopɔn nam Yesu so rebu wɔn atɛn. Wobehu eyi efisɛ ebedu saa bere no na wɔabɔ adesamma kɔkɔ dedaw. Nokwarem no, “aniwa nyinaa behu [Yesu], . . . na ne nti, asase so mmusuakuw nyinaa de awerɛhow bɛbobɔ wɔn kokom.”—Adiyisɛm 1:7.

Ɛho hia sɛ wɔsɛe abɔnefo na woyi nniso bɔne fi hɔ ansa na asomdwoe ankasa ne yiyedi asan aba asase so. Kristo na ɔbɛyɛ saa. Afei obedi asase nyinaa so tumi koraa, na nsakrae akɛseakɛse bedi akyi aba.

Yebenya Nneɛma a Wobesiesie no so Mfaso

Ɔsomafo Petro kaa “mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa a Onyankopɔn nam ne tete adiyifo kronkron no anom so aka no” ho asɛm. (Asomafo Nnwuma 3:21) Nsakrae a ɛbɛba asase so wɔ Kristo nniso ase no ka nneɛma a wobesiesie yi ho. Odiyifo Yesaia a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. no yɛ adiyifo a Onyankopɔn nam wɔn so kaa ‘nneɛma nyinaa a wobesiesie’ no ho asɛm no mu baako. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu Kristo, “Asomdwoe-hene” no de asomdwoe bɛba asase so. Yesaia nkɔmhyɛ no kaa Kristo nniso ho asɛm sɛ: “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.” (Yesaia 9:6, 7) Yesu bɛkyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ asase so ma wɔatra ase asomdwoe mu. Wɔn a wobenya asase no ‘begye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:11.

Wɔ Kristo nniso ase no, wɔbɛyɛ ohia ne ɔkɔm dɛn? Yesaia kae sɛ: “Asafo [Yehowa, NW] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.” (Yesaia 25:6) Odwontofo no too dwom sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Bio nso, yɛkenkan nnipa a wɔbɛtra asase so ho asɛm sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”—Yesaia 65:21, 22.

Yesaia kaa yare ne owu a ebefi hɔ nso ho asɛm. Onyankopɔn nam Yesaia so kae sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” (Yesaia 35:5, 6) Afei “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” anaa meyare. (Yesaia 33:24) Onyankopɔn ‘bɛmene owu akosi daa, na Yehowa bɛpopa ani nyinaa so nusu.’—Yesaia 25:8.

Na wɔn a wɔawuwu “a wɔwɔ nkae ada mu” nyinaa nso ɛ? (Yohane 5:28, 29) Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “W’awufo benya nkwa, m’afunu bɛsɔre.” (Yesaia 26:19) Nokwarem no, wɔde wɔn a wɔawuwu no bɛsan aba nkwa mu!

“Onyankopɔn Ne W’ahengua Daa”

Kristo mmae no de nsakrae a edi mu koraa bɛba asase so. Wɔbɛdan asase ma ayɛ paradise fɛfɛɛfɛ, na adesamma bɛyɛ biako asom nokware Nyankopɔn no. So yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu Kristo betumi ayi abɔnefosɛm afi asase so na ɔde tebea papa aba?

Susuw nea ɔde Yesu tumi ne n’ahoɔden maa no no ho hwɛ. Bible ka Ɔba no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahengua daa daa, na w’ahenni poma yɛ teeyɛ poma. Wodɔɔ trenee, na wukyii mmarato.” (Hebrifo 1:8, 9) Yesu nyaa ne dibea ne ne tumi a ɛno ne n’ahengua no fii Yehowa hɔ. Ɔhaw biara nni hɔ a Yesu rentumi nni ho dwuma.

Yesu wusɔre akyi no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ soro ne asase so.” (Mateo 28:18) Petro nhoma a edi kan ti 3:22 ka sɛ: “Wɔde abɔfo ne atumfoɔ ne tumidifo hyɛɛ n’ase.” Tumi biara nni hɔ a ebetumi ne Yesu adi asi. Biribiara ntumi nsiw nhyira a ɔde bɛbrɛ adesamma daa no kwan.

Kristo Mmae no Fa Nnipa Ho Dɛn?

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no mu sɛ: “Daa yɛkae adwuma a mode gyidi yɛ ne adwumaden a mufi ɔdɔ mu yɛ ne boasetɔ a yɛn Awurade Yesu Kristo mu anidaso nti moda no adi no, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.” (1 Tesalonikafo 1:3) Paulo de adwumaden ne boasetɔ bataa Yesu Kristo mu anidaso ho. Kristo mmae mu gyidi ne nneɛma a wobesiesie ama Kristo mmae no ka saa anidaso no ho. Anidaso a ɛte saa betumi awowaw nokware Kristofo anaa ama wɔakɔ so agyina tebea horow a ɛyɛ den paa ano.

Fa Carlos, a ɔte São Paulo, Brazil no asɛm sɛ nhwɛso. Wɔ August 2003 mu no, Carlos hui sɛ wanya kokoram. Efi saa bere no, wayɛ oprehyɛn ahorow awotwe, na ɛno nso de ɔhaw foforo a ɛyɛ den na ɛyɛ ahometew abrɛ no. Nanso wakɔ so ahyɛ afoforo nkuran. Sɛ nhwɛso no, bere bi a ɔreyɛ asɛnka adwuma no wɔ ayaresabea kɛse bi anim no, ohyiaa Yehowa Dansefo foforo bi a na ne kunu anya kokoram a wɔreyɛ no aduru. Esiane sɛ na Carlos nim ɔhaw a kokoram de ba nti, otumi hyɛɛ ɔbea no ne ne kunu nyinaa nkuran, na ɔkyekyee wɔn werɛ. Ɛno akyi no, wɔkae sɛ nkɔmmɔbɔ no ‘ahyɛ wɔn nkuran.’ Eyi maa Carlos hui sɛ Paulo nsɛm yi yɛ nokware: “[Onyankopɔn kyekye] yɛn werɛ yɛn ahohiahia nyinaa mu, nea ɛbɛyɛ na yɛn nso, esiane awerɛkyekye yi a yenya fi Nyankopɔn hɔ nti, yebetumi akyekye wɔn a wɔwɔ ahohiahia biara mu no werɛ.”—2 Korintofo 1:4.

Carlos yare nyinaa akyi no, dɛn na ɛboa no ma onya ahoɔden de kɔ so hyɛ afoforo nkuran? Kristo mmae ho anidaso ne nea ɛbɛyɛ nyinaa na ɛkanyan Carlos ma ɔmpa abaw wɔ “papayɛ” ho no.—Galatifo 6:9.

Susuw Samuel a wokum ne nuabarima too wɔn papa mfikyiri no nso ho hwɛ. Otuo aboba 10 na wɔtotow bobɔɔ ne nuabarima no. Ne funu daa kwankyɛn nnɔnhwerew awotwe bere a na polisifo rehwehwɛ asɛm no mu no. Samuel werɛ rentumi mfi asɛm a esii saa da no da. Nanso abɔnefosɛm a Kristo beyi afi asase so ne trenee nniso a ɛde nhyira bɛbrɛ adesamma ho anidaso a ɔwɔ no hyɛ no den. Samuel taa susuw sɛnea ɔreyɛ ne nuabarima a wanyan no afi awufo mu atuu wɔ asase so Paradise so no ho.—Asomafo Nnwuma 24:15.

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?

Kristo mmae ho anidaso ne nea ɛbɛyɛ betumi ama woanya awerɛkyekye pii. Yesu Kristo beyi nea ɛde nnipa haw ba ne nneɛma bɔne a ɛto yɛn no nyinaa afi hɔ ɔkwan biara so.

Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya nhyira a Kristo nniso de bɛbrɛ adesamma no bi? Sua Onyankopɔn Asɛm Bible no yiye. Yesu kae wɔ mpae bi a ɔbɔɔ n’Agya mu sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Fa yɛ wo botae sɛ wobɛhwehwɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no mu. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ eyi. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ wɔn anaa kyerɛw wɔn a wɔyɛɛ nsɛmma nhoma yi.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Adaka, mfonini a ɛwɔ akyi nkutoo: Rhino and Lion Park, Gauteng, South Africa

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Kristo mmae de nsakrae a edi mu koraa bɛba asase so