Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Mmoa a wɔn ho tew no mu biara ahe na Noa de wɔn kɔɔ adaka no mu—nea wɔn ho tew mu biara ason ason anaa anini ne abere mu biara ason ason?

Bere a Noa pam adaka no wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne wo fi nyinaa, monkɔ adaka no mu, efisɛ wo na mahu wo ɔtreneeni m’anim, awo ntoatoaso yi mu. Mmoa a wɔn ho tew nyinaa mu, fa ason ason, anini ne abere. Na mmoa a wɔn ho ntew mu, fa abien abien, onini ne ɔbere.” (Genesis 7:1, 2) Bible nkyerɛase ahorow bi te sɛ The New English Bible no kyerɛ mfitiase Hebri no ase sɛ “anini ne abere mu biara ason ason.”

Wɔ mfitiase Hebri kasa mu no, nea asɛmfua “ason” kyerɛ ankasa ne “ason ason.” (Genesis 7:2) Nanso sɛ wotĩ nɔma bi mu ka wɔ Hebri kasa mu a, na ɛnkyerɛ ankasa sɛ ɛsɛ sɛ wɔka nɔma no bom. Sɛ nhwɛso no, 2 Samuel 21:20 ka sɛ, “na ɔbarima tenten bi wɔ hɔ a ɔwɔ nsateaa ne nansoa asia asia.” Wɔ Hebri mu no, wotĩĩ nɔma “asia” no mu. Nanso eyi nkyerɛ sɛ na ɔbran no wɔ nsateaa 12 wɔ ne nsa biara so, ɛnna ɔwɔ nansoaa 12 wɔ ne nan biara so. Sɛnea Hebri kasa mmara kyerɛ no, nɔma a wotĩĩ mu kae no kyerɛ sɛ na nsateaa asia na ɛwɔ ne nsa biara so, ɛnna nansoaa asia wɔ ne nan biara so.

Enti “ason ason” a ɛwɔ Genesis 7:2 no nkyerɛ sɛ na mmoa no yɛ anini ne abere ason ason anaa 14, sɛnea “abien” a wotĩĩ mu kae wɔ Genesis 7:9, 15 no nso nkyerɛ sɛ na wɔyɛ anini ne abere abien abien anaa anan no. Enti bere a wɔde mmoa a wɔn ho tew “ason ason” kɔɔ adaka no mu no, wɔde mmoa a wɔn ho ntew no “abien abien” pɛ na ɛkɔɔ mu.

Nanso asɛm “anini ne abere” a edi “ason ason” no akyi pɛɛ wɔ Genesis 7:2 no nso ɛ? Ɛno ama ebinom anya adwene sɛ wɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa mmoa a wɔn ho tew anini ne abere mu biara ason ason nkɔ adaka no mu. Nanso ɛnyɛ mmoa a wɔn ho tew no ase a na ɛbɛtrɛw no titiriw nti na wɔkoraa wɔn so. Genesis 8:20 ma yehu sɛ bere a wofii adaka no mu no, “Noa sii afɔremuka maa [Yehowa, NW], na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho tew nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so.” Mmoa a wɔn ho tew mu biara nea ɔto so ason a na Noa wɔ no ma onyaa aboa biako a na ɔde bɛbɔ afɔre. Eyi ma ɛkaa anini ne abere abiɛsa abiɛsa a na wɔbɛwo ama wɔn ase atrɛw wɔ asase so.