Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yeremia Nhoma no mu Nsɛntitiriw

Yeremia Nhoma no mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Yeremia Nhoma no mu Nsɛntitiriw

HWƐ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɔsɛe ho asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ ɔno ara ne nkurɔfo no bɛma wɔn ho adwiriw wɔn afa! Ná wɔbɛsɛe asɔrefie fɛfɛ a na wɔasom wom bɛboro mfe 300 no pasaa. Ná Yerusalem kurow ne Yuda man no bɛdan amamfo, na wɔde emufo akɔ nkoasom mu. Eyi ne atemmusɛm afoforo wɔ Bible mu nhoma a ɛne Yeremia no mu. Wɔ Bible mu nhoma nyinaa mu no, Yeremia nhoma no ne nea ɛto so abien a emu nsɛm dɔɔso paa. Ɛsan ka nea Yeremia faa mu wɔ mfe 67 a ɔde nokwaredi somee sɛ odiyifo no ho asɛm. Wɔanhyehyɛ emu nsɛm no nnidiso nnidiso sɛnea esisii no, na mmom wogyinaa nsɛmti so na ɛhyehyɛe.

Dɛn nti na Bible mu nhoma a ɛne Yeremia no mu nsɛm hia yɛn? Emu nkɔmhyɛ a anya mmamu no hyɛ Yehowa mu gyidi a yɛwɔ sɛ ɔma ne bɔhyɛ ba mu no mu den. (Yesaia 55:10, 11) Yeremia adwuma a ɔyɛe sɛ odiyifo ne sɛnea nkurɔfo yɛɛ wɔn ade wɔ asɛm a ɔkae no ho no ne nea ɛnnɛ nkurɔfo yɛ wɔ asɛm no ho no di nsɛ. (1 Korintofo 10:11) Bio nso sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo dii no ma yehu ne su ahorow, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn kɛse.—Hebrifo 4:12.

“BƆNE ABIEN NA ME MAN AYƐ”

(Yeremia 1:1–20:18)

Wɔhyɛɛ Yeremia sɛ odiyifo wɔ Yuda hene Yosia ahenni afe a ɛto so 13 mu, bere a aka mfe 40 ma wɔasɛe Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. no. (Yeremia 1:1, 2) Yeremia paa Yuda bɔne ho ntama na ɔkaa atemmu a na Yehowa de bɛba wɔn so no fã kɛse no ara ho asɛm bere a na aka mfe 18 ma Yosia ahenni aba awiei no. Yehowa kae sɛ: “Mɛyɛ Yerusalem afabo akuwakuw, . . . [na] madan Yuda nkurow amamfõ a obi nte hɔ.” (Yeremia 9:11) Dɛn ntia? Ɔkae sɛ: “Bɔne abien na me man ayɛ.”—Yeremia 2:13.

Emu nsɛm no nso ka nkaefo a na wɔbɛsakra a wɔbɛsan ama wɔn aba wɔn asase so no ho asɛm. (Yeremia 3:14-18; 12:14, 15; 16:14-21) Nanso, wɔantie odiyifo no asɛm no yiye. “Ɔsɔfo a ɔyɛ [Yehowa, NW] fi so titiriw no” boroo Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam ma ade kyee.—Yeremia 20:1-3.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:11, 12—Dɛn nti na wɔde kanyan a Yehowa kanyan ne ho (anaa “hwɛ a ɔhwɛ” NW) ma n’asɛm ba mu no toto “ɔsonkoran . . . abaa” ho? Ɔsonkoran dua yɛ nnua a edi kan sow aba wɔ osutɔ bere mu no mu biako. Sɛnkyerɛnne kwan so no, ‘Yehowa tuaa ahema daa somaa n’adiyifo’ sɛ wɔnkɔbɔ ne nkurɔfo kɔkɔ wɔ atemmu a na ɔde reba wɔn so no ne ‘hwɛ a ɔbɛhwɛ’ ma aba mu no ho.—Yeremia 7:25.

2:10, 11—Dɛn na ɛmaa Israelfo a wɔanni nokware no nneyɛe yɛɛ nwonwa saa? Ná aman a wɔwɔ Kitim atɔe fam ne aman a wɔwɔ Kedar apuei fam a wɔsom abosom no tumi kɔfa anyame afoforo bɛka wɔn de ho, nanso Israelfo no de, anyame afoforo a wɔkɔfa besii wɔn de ananmu no yɛ biribi a na ɛso bi mmae da. Israelfo no gyaw Yehowa, na wɔde anuonyam a anka ɛsɛ sɛ wɔde ma Onyankopɔn teasefo no maa abosonhuhuw.

3:11-22; 11:10-12, 17—Ɛwom sɛ wɔsɛee Samaria wɔ 740 A.Y.B. de, nanso dɛn nti na Yeremia kaa mmusuakuw du ahemman no ho asɛm wɔ n’atemmusɛm no mu? Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yerusalem a wɔsɛee no wɔ afe 607 A.Y.B. no yɛ atemmu a Yehowa de baa Israel ɔman mũ no nyinaa so, na ɛnyɛ Yuda nko. (Hesekiel 9:9, 10) Bio nso, wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no sɛe akyi no, wɔammu ani angu wɔn so wɔ Yerusalem, efisɛ Onyankopɔn adiyifo kɔɔ so kaa Israelfo no ho asɛm.

4: 3, 4—Ahyɛde yi kyerɛ dɛn? Ná ɛho hia sɛ Yudafo a wɔanni nokware no siesie wɔn koma na wɔma emu tew. Ná ɛsɛ sɛ woyi wɔn “koma momonoto,” kyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ woyi adwene a ɛnteɛ, nkate, ne nsusuwii bɔne fi wɔn koma mu. (Yeremia 9:25, 26; Asomafo Nnwuma 7:51) Ná eyi hwehwɛ sɛ wɔsesa wɔn abrabɔ bɔne na wɔyɛ nea ɛbɛma wɔanya Onyankopɔn nhyira.

4:10; 15:18—Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii ne nkurɔfo atuatewfo no huammɔ? Wɔ Yeremia nna no mu no, na adiyifo a ‘wɔhyɛ nkɔntoro’ wɔ hɔ. (Yeremia 5:31; 20:6; 23:16, 17, 25-28, 32) Yehowa ansiw wɔn kwan wɔ nnaadaasɛm a na wɔreka no ho.

16:16—“Apofofo pii” ne “abɔmmɔfo pii” a Yehowa bɛma wɔakɔfa wɔn aba no kyerɛ dɛn? Eyi betumi akyerɛ atamfo dɔm a wɔbɛma wɔakɔhwehwɛ Yudafo a wɔanni nokware a Yehowa de atemmu bɛba wɔn so no. Nanso, esiane asɛm a ɛwɔ Yeremia 16:15 no nti, ebetumi aba sɛ asɛm yi nso fa Israelfo a wɔasakra a wɔbɛhwehwɛ wɔn no ho.

20:7—Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘tintim’ Yeremia so na ogyigyee no? Esiane anibiannaso a ɔmanfo yɛe, asɛm no a wɔpoe, ne ɔtaa a Yeremia hyiae bere a ɔreka Yehowa atemmusɛm akyerɛ wɔn no nti, ɛbɛyɛ sɛ Yeremia tee nka sɛ onni ahoɔden bio a ɔde bɛtoa n’adwuma no so. Nanso Yehowa de n’ahoɔden tintim Yeremia so anaasɛ ɔmaa no ahoɔden ma ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no. Yehowa nam saayɛ so gyigyee Yeremia ma ɔyɛɛ biribi a na odiyifo no ankasa susuw sɛ ontumi nyɛ.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:8. Ɛtɔ mmere bi a, Yehowa betumi agye ne nkurɔfo afi ɔtaa mu. Ebia ɔbɛfa atemmufo a wobu atɛntrenee so ayɛ saa, obetumi nso ama atumfoɔ a wɔte asɛm ase abesi wɔn a wɔn tirim yɛ den ananmu, anaasɛ ɔbɛma n’asomfo ahoɔden ma wɔde agyina mu.—1 Korintofo 10:13.

2:13, 18. Israelfo a wɔanni nokware no yɛɛ bɔne abien. Wogyaw Yehowa a ɔmaa wɔn nhyira, akwankyerɛ ne ahobammɔ no. Sɛ yɛbɛka a, wɔn ankasa kɔbɔree mmura denam Misraim ne Asiria asraafo a wɔne wɔn kɔyɛɛ apam no so. Wɔ yɛn bere yi mu nso no, nokware Nyankopɔn no a yebegyaw no akodi nnipa nyansapɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ ne wiase amanyɔsɛm akyi no bɛyɛ te sɛ nea yɛde “mmura a apaapae” resi “nkwa nsuti no” ananmu.

6:16. Yehowa tuu ne nkurɔfo atuatewfo no fo sɛ wonnye bere mfa nhwehwɛ wɔn ho mu nhwɛ, na wɔnsan nkɔfa “atempɔn no” a wɔn nananom anokwafo faa so no so. So ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu bere ne bere mu de hwɛ sɛ yɛnam kwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so no so anaa?

7:1-15. Asɔrefie no a Yudafo no de wɔn ho too so na wobuu no sɛ biribi a ahobammɔ wom no annye wɔn nkwa. Ɛsɛ sɛ yɛnantew gyidi mu, na ɛnyɛ nea yehu mu.—2 Korintofo 5:7.

15:16, 17. Yebetumi ako atia abasamtu te sɛ Yeremia. Yɛnam Bible a yebesua no anibere so, Yehowa din ho a yɛbɛtew wɔ asɛnka mu, ne fekubɔne a yɛbɛkwati so betumi ayɛ saa.

17:1, 2. Yudafo no bɔne amma Yehowa ani ansɔ wɔn afɔrebɔ. Sɛ yɛbɔ ɔbra bɔne a, Yehowa ani rensɔ yɛn ayeyi afɔre.

17:5-8. Sɛ nnipa ne ahyehyɛde ahorow yɛ Onyankopɔn apɛde na wɔde Bible akwankyerɛ yɛ adwuma nkutoo a na ɛfata sɛ yɛde yɛn ho to wɔn so. Ɛdefa nneɛma te sɛ nkwagye, asomdwoe ankasa ne ahobammɔ ho de, nyansa wom sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa nkutoo so.—Dwom 146:3.

20:8-11. Ɛnsɛ sɛ yɛma anibiannaso, ɔsɔretia, anaasɛ ɔtaa brɛ nsi a yɛde yɛ Ahenni asɛnka adwuma no ase.—Yakobo 5:10, 11.

“MOMFA MO KƆN NHYƐ BABEL [HENE] KƆNDUA ASE”

(Yeremia 21:1–51:64)

Yeremia kaa atemmu a ɛbɛba Yuda ahemfo baanan a wotwa to, atoro adiyifo, ahwɛfo bɔne, ne asɔfo a wɔn bra asɛe so ho asɛm. Bere a Yehowa reka nkaefo anokwafo no ho asɛm sɛ wɔyɛ mmorɔdɔma pa no, ɔkae sɛ: “Mede m’ani mɛhwɛ wɔn papa so.” (Yeremia 24:5, 6) Nkɔmhyɛ abiɛsa a ɛwɔ ti 25 mu no bɔ atemmusɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ ti a edidi so no mua.

Asɔfo no ne adiyifo no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Yeremia. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom Babilon hene. Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ: “Momfa mo kɔn nhyɛ Babel [hene] kɔndua ase.” (Yeremia 27:12) Nanso, “nea ɔbɔɔ Israel petẽe no reboa wɔn ano.” (Yeremia 31:10) Ntease pa bi nti, wɔhyɛɛ Rekabfo no bɔ. Wɔhyɛe ma “wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfo abangua mu.” (Yeremia 37:21) Wɔsɛee Yerusalem, na wɔde emufo dodow no ara kɔɔ nkoasom mu. Yeremia ne ne kyerɛwfo Baruk ka wɔn a wogyaw wɔn hɔ no ho. Ɛmfa ho kɔkɔbɔ a Yeremia de maa wɔn sɛ wɔnnkɔ Misraim no, wɔn a na ehu aka wɔn no kɔe. Yeremia kaa amanaman no ho asɛm wɔ ti 46 kosi 51.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

22:30—So ahyɛde yi twaa hokwan a Yesu Kristo wɔ sɛ ɔtra Dawid ahengua so no mu? (Mateo 1:1, 11) Dabida. Ahyɛde no amma Yehoiakin aseni biara kwan sɛ “ɔbɛtra Dawid ahengua so . . . [wɔ] Yuda.” Ná ɛnyɛ Yuda ahengua so na Yesu bɛtra adi ade, na mmom na obefi soro na adi ade.

31:33—Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛw Onyankopɔn mmara wɔ koma mu? Sɛ obi ani gye Onyankopɔn mmara ho araa ma enti ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde a, yebetumi aka sɛ wɔakyerɛw Onyankopɔn mmara wɔ ne koma mu.

32:10-15—Atirimpɔw bɛn nti na na wɔyɛ ɔtɔ nhoma abien? Ná wɔhwɛ ɔtɔ nhoma a ano da hɔ no mu de di dwuma bere biara. Ná wɔde ɔtɔ nhoma a wɔasɔw ano no sie na sɛ ɛho behia a wɔde atoto nea ano da hɔ no ho ahwɛ sɛ emu nsɛm yɛ pɛpɛɛpɛ anaa. Bere a Yeremia ne ne busuani ne ne yɔnko gyidini redi nsɛm no, wɔfaa mmara kwan so yɛɛ ho nhyehyɛe. Eyi yɛ nhwɛso ma yɛn.

33:23, 24—“Mmusua abien” bɛn na wɔka wɔn ho asɛm wɔ ha no? Emu biako ne adehye a wofi Ɔhene Dawid abusua mu, ɛnna foforo no yɛ asɔfo a wofi Aaron abusua mu no. Bere a wɔsɛee Yerusalem ne Yehowa asɔrefie no, na ɛte sɛ nea Yehowa apo mmusua abien yi. Ná ɛte sɛ nea ɔremma ne hene nni ade wɔ asase so bio, anaasɛ ɔremma wɔnnsan mfa ne som nsi hɔ.

46:22—Dɛn nti na wɔde Misraim nne toto ɔwɔ de ho? Eyi betumi akyerɛ animguase a ɛkaa wɔn ma woguanee te sɛ ɔwɔ a ehu aka no ma ɔreguan anaa esiane amanehunu a ɛbaa wɔn so nti na wɔnte wɔn nne bio no. Ntotoho no nso ma yehu sɛnea na mfaso biara nni so sɛ Misrifo Faraofo no bɛhyɛ abotiri a ɔwɔ a wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron da anim na wosusuw sɛ ɛbɛma wɔanya ahobammɔ afi ɔwɔ nyamewa Uatchit hɔ no.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

21:8, 9; 38:19. Aka kakraa bi ma wɔasɛe Yerusalem mpo no, Yehowa maa Yerusalemfo a wɔansakra ma enti na wɔfata sɛ wowu no ho kwan ma wɔpaw nea wɔpɛ. Ampa ara, “ne mmɔborohunu dɔɔso.”—2 Samuel 24:14; Dwom 119:156.

31:34. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa nkae wɔn a ɔde wɔn bɔne afiri wɔn no bɔne ntua wɔn so ka daakye!

38:7-13; 39:15-18. Yehowa werɛ mfi nokwaredi a yɛde som no, a ebi ne sɛ ‘yɛsom akronkronfo no.’—Hebrifo 6:10.

45:4, 5. Sɛnea na nneɛma te wɔ nna a edi akyiri no mu wɔ Yuda no, saa ara na wiase yi “nna a edi akyiri” no nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ “ade kɛse” te sɛ sika, dibea anaa ahonyade fa.—2 Timoteo 3:1; 1 Yohane 2:17.

WƆDE OGYA HYEW YERUSALEM

(Yeremia 52:1-34)

Ná ɛyɛ afe 607 A.Y.B., Sedekia ahenni afe a ɛto so 11 mu. Ná Babilon hene Nebukadnesar aka Yerusalem ahyɛ mu asram 18. Ɔsram a ɛto so anum da a ɛto so ason a ɛne Babel hene afe a ɛto so 19 mu no, ankɔbeahene Nebusaradan, Babel hene akoa “baa” Yerusalem. (2 Ahene 25:8) Ɛbɛyɛ sɛ Nebusaradan gyinaa ne nsraban a ɛwɔ kurow no akyi no mu hwɛɛ sɛnea kurow no te, na ɔhwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akɔtow ahyɛ wɔn so. Nnansa akyi, ɔsram no da a ɛto so du no, ‘ɔbaa’ Yerusalem. Ɔde ogya hyew kurow no.—Yeremia 52:12, 13.

Yeremia kaa Yerusalem sɛe ho nsɛm pii. Enti wogyinaa ne nsɛm a ɔkae no so twaa kwadwom. Nsɛm yi pue wɔ Bible mu nhoma a ɛne Kwadwom no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ná Yehowa atemmu a ɔde bɛba Yerusalem so no ka Yeremia atemmusɛm no ho

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘tintim’ Yeremia so?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

“Sɛ mmorɔdɔma pa yi te no, saa na mɛkari Yuda tukɔfo.”—Yeremia 24:5