Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afotu Pa a Wɔhwehwɛ

Afotu Pa a Wɔhwehwɛ

Afotu Pa a Wɔhwehwɛ

Mɛyɛ dɛn atumi ahwɛ m’apɔwmuden so yiye?

Dɛn na mɛyɛ na ama anigye aba m’abusua mu?

Dɛn na mɛyɛ na m’adwuma amfi me nsa?

SO WOABISA saa nsɛm yi bi pɛn? So wunyaa mmuae a mfaso wɔ so ankasa? Afe biara, wɔyɛ nhoma ahorow bɛyɛ 2,000 a ɛde saa nsɛm yi ne nsɛm foforo a ɛho hia ho afotu ma. Wɔ Britain nkutoo no, afe biara, nkurɔfo de sika bɛyɛ pɔn ɔpepem 80 (bɛyɛ U.S. dɔla ɔpepem 150) na ɛtɔ nhoma a ɛka sɛnea nkurɔfo betumi agyina asetra mu nsɛnnennen ano ho asɛm. Wɔ United States no, wɔtɔn asetra ho akwankyerɛ nhoma bɛyɛ dɔla ɔpepem 600 afe biara. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnyɛ wo nkutoo na worehwehwɛ afotu pa a ɛbɛboa wo ma woatumi agyina da biara da asetra mu nsɛm ano.

Nhoma kyerɛwfo bi kaa afotu a ɛwɔ saa nhoma ahorow yi mu ho asɛm sɛ: “Afotu a ɛwɔ hɔ dedaw no ara na nkurɔfo san kyerɛw wɔ nhoma foforo a wɔyɛ no mu.” Nokwarem no, afotu a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu dodow no ara fi afotu a nyansa wom a ɛwɔ nhoma a akyɛ sen biara wɔ wiase no biako mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa nhoma yi ne nhoma a wɔakyekyɛ wɔ wiase sen nhoma biara. Wɔakyerɛ nhoma mũ no anaa ne fã bi ase akɔ kasa bɛyɛ 2,400 mu. Ne nyinaa mu no, wɔatintim mmiako mmiako bɛboro ɔpepepem 4.6 wɔ wiase nyinaa. Nhoma a yɛreka ho asɛm yi ne Bible.

Bible ka no pefee sɛ: “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” (2 Timoteo 3:16) Nokwarem no, wɔankyerɛw Bible sɛ asetra ho akwankyerɛ nhoma. Botae titiriw nti a wɔkyerɛw Bible ne sɛ ɛbɛma adesamma ahu Onyankopɔn apɛde. Ɛwom sɛ saa na ɛte de, nanso nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛboa yɛn ma yetumi gyina nsɛnnennen a nnipa nyinaa hyia no ano, na ɛhyɛ bɔ sɛ wɔn a wobedi n’akwankyerɛ akyi nyinaa benya so mfaso. (Yesaia 48:17, 18) Obiara a ɔde Bible mu afotu yɛ adwuma no nya so mfaso, ɛmfa ho abusua ne ɔman a ofi mu, anaa ne nhomanim. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na wonkenkan asɛm a edi hɔ no na w’ankasa wunhu sɛ nea Bible ka fa nneɛma te sɛ apɔwmuden, abusua, ne adwuma ho no yɛ nea mfaso wɔ so anaa?